Hesekiel
31 Afe a ɛto so 11, bosome a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Egypt hene Farao ne ne dɔm+ sɛ,
‘Hena na wosɛ no wɔ wo kɛseyɛ mu?
3 Wote sɛ Asiriani, na wote sɛ sida dua a ɛwɔ Lebanon;
Ne nkorabata yɛ fɛ na eyiyi ahaban kusuu a ɛma onwini; ɛyɛ dua a ɛkorɔn.
Ne nkɔnmu kodu omununkum mu.
4 Nsu ma ɛyɛɛ kɛse, subun ma enyin kɔɔ soro.
Na nsuten twaa baabi a esi nyinaa ho hyiae.
Ne nsuka kɔɔ asaase no so nnua nyinaa ho.
5 Ɛno nti na enyin kokuroo kɔɔ soro sen asaase no so nnua a aka nyinaa no.
Nsu pii a ɛwɔ n’asuten mu nti,
Ne mmaa bɛyɛɛ bebree na ne nkorabata yɛɛ atenten.
6 Wim nnomaa nyinaa bɛyɛɛ wɔn mmerebuw wɔ ne mmaa so,
Wuram mmoa nyinaa bɛwoo wɔn mma wɔ ne nkorabata ase,
Aman akɛse nyinaa tenaa ne nwini ase.
7 Ne ntini kɔɔ fam ma enyaa nsu bebree,
Enti ɛbɛyɛɛ dupɔn a ɛyɛ fɛ maa ne nkorabata yɛɛ atenten.
8 Sida dua biara nni Onyankopɔn turom+ a na ɛte sɛ ɛno.
Ɔpopaw dua biara nni hɔ a na ne mmaa te sɛ ɛno,
Na kyɛnkyɛn dua biara nni hɔ a na ɛwɔ nkorabata te sɛ ɛno.
Dua biara nni Onyankopɔn turom a na ɛyɛ fɛ te sɛ ɛno.
9 Memaa ne nhaban yɛɛ kusuu maa ne ho yɛɛ fɛ,
Na Eden nnua a ɛwɔ nokware Nyankopɔn no turom nyinaa ani beree no.’
10 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Esiane sɛ ɔbɛyɛɛ* tenten kokuroo maa ne nkɔnmu duu omununkum mu na ne tenten maa ne koma maa ne ho so nti, 11 mede no bɛhyɛ otumfo a odi amanaman so no nsa.+ Na ɔne no bedi no nwenweenwene. Ne bɔne nti mɛpo no. 12 Na ahɔho, atirimɔdenfo a wɔhyɛ aman so betwa ato fam, na wobegyaw no mmepɔw so. Ne nhaban bɛtetew agu subon nyinaa mu, na ne mmaa bebubu agu asaase so nsubɔnten nyinaa mu.+ Asaase so nnipa nyinaa befi ne nwini ase na wɔagyaw no hɔ. 13 Wim nnomaa nyinaa bɛba abesisi ne dua a ɛda fam no so, na wuram mmoa nyinaa bɛba ne nkorabata so.+ 14 Eyi baa saa sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ho dua biara renyɛ tenten kokuroo bio anaa ne nkɔnmu rennu omununkum mu bio, na dua biara a enya nsu pii rentwe ne mu tenteenten nkodu hɔ bio. Efisɛ wɔn nyinaa bewuwu te sɛ adasamma a wɔkɔ asaase ase tɔnn anaa amoa* mu.’
15 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Da a ɛbɛkɔ Ɔdamoa* mu no, mɛma awerɛhow aba. Enti mɛkata subun no so, na mɛtwe ne nsuwansuwa no asan na nsu bebree no ansen. Ne nti mɛma Lebanon adan sum kabii na wuram nnua nyinaa akisa. 16 Sɛ mede no ka wɔn a wɔrekɔ amoa mu no nyinaa ho kɔ Ɔdamoa* mu tɔnn, na aman te sɛ wahwe ase a, mɛma wɔn ho awosow. Na Eden nnua nyinaa,+ Lebanon nnua papa a ɛyɛ fɛ nyinaa, nnua a enya nsu nyinaa bɛkyekye wɔn werɛ wɔ asaase ase tɔnn. 17 Wɔne no* kɔ Ɔdamoa* mu kɔka wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ho,+ wɔne wɔn a na wɔtaa n’akyi* a wɔtenaa ne nwini ase wɔ amanaman mu no.’+
18 “‘Eden dua bɛn na ɛte sɛ wo wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu?+ Nanso wɔde wo bɛka Eden nnua ho akɔ asaase ase tɔnn. Na wo ne momonotofo* bɛda faako; wo ne wɔn a wɔde sekan akunkum wɔn no. Eyi na ɛbɛto Farao ne ne dɔm nyinaa,’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”