2 Beresosɛm
21 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no kaa n’agyanom ho+ wɔ Dawid Kurow mu, na ne ba Yehoram+ bedii n’ade. 2 Ná ɔwɔ nuabarimanom a wɔyɛ Yehosafat mma: Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia; eyinom nyinaa yɛ Israel* hene Yehosafat mma. 3 Na wɔn papa kyɛɛ+ wɔn dwetɛ ne sika nneɛma ne nneɛma a ɛsom bo pii ne nkurow a ɛyɛ den wɔ Yuda;+ ahenni no de, ɔde maa Yehoram+ efisɛ ɔno ne abakan.+
4 Bere a Yehoram bɛtenaa ne papa ahengua so no, ɔmaa ne tumi yɛɛ den, na ɔde nkrante kunkum ne nuanom+ no nyinaa ne Israel mmapɔmma no bi. 5 Yehoram bedii ade no, na wadi mfe aduasa abien, na odii hene+ mfe awotwe wɔ Yerusalem. 6 Na ɔfaa Israel ahene akwan so+ sɛnea Ahab fiefo yɛe no; Ahab babea na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ 7 Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie,+ efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam,+ na waka sɛ ɔbɛma ɔno+ ne ne mma anya kanea daa.+
8 Ne nna mu no, Edom+ tew atua fii Yuda nsa ase,+ na wosii wɔn so hene.+ 9 Enti Yehoram ne n’asahene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no. 10 Ne nyinaa akyi no, Edom tew atua fii Yuda nsa ase de besi nnɛ. Saa bere no ara, Libnafo+ nso tew atua fii ne nsa ase, efisɛ na wagyaw Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no.+ 11 Afei nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ wɔ Yuda mmepɔw so sɛ ɔde rema Yerusalemfo abɔ aguaman+ na ɔde apam Yuda.+
12 Akyiri yi onyaa krataa+ fii odiyifo Elia+ hɔ sɛ: “Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni, ‘Esiane sɛ woannantew wo papa Yehosafat+ ne Yuda hene Asa+ akwan so, 13 na woafa Israel ahene akwan so+ na woama Yuda ne Yerusalemfo abɔ aguaman+ sɛnea Ahab fiefo maa ebinom bɔɔ aguaman,+ na wo nuanom, wo papa fiefo a woye sen wo mpo, woakunkum wɔn+ nti, 14 hwɛ! Yehowa de ɔhaw kɛse+ bɛba wo man+ ne wo mma+ ne wo yerenom ne nea wowɔ nyinaa so. 15 Wobɛyareyare;+ wobɛyare wo nsono daa akosi sɛ wo yare no beyi wo nsono apue.’”+
16 Ɛnna Yehowa hwanyan Filistifo+ ne Arabiafo+ a wɔbɛn Etiopiafo+ no honhom+ ma wɔsɔre baa Yehoram so. 17 Enti wɔbaa Yuda bɛbɔ wuraa kurow no mu, na wɔfow ɔhene no fie hɔ nneɛma a wohui nyinaa,+ na wɔfaa ne mma ne ne yerenom+ nso kɔe, na wɔannyaw ɔbabarima biara amma no sɛ ne ba kumaa Yehoahas+ nkutoo. 18 Eyinom nyinaa akyi no, Yehowa de nsono mu yare a enni sabea+ bɔɔ no. 19 Na ɛbae sɛ mfe abien bɛsen kɔe no, ne nsono+ puei ne yare no mu, na nkakrankakra, ɔyare bɔne no kum no; ne manfo anhyew+ biribiara amma no sɛnea wɔyɛ maa n’agyanom no. 20 Obedii ade no, na wadi mfe aduasa abien, na odii hene mfe awotwe wɔ Yerusalem. Ɔkɔe a anyɛ obiara yaw.+ Wosiee no Dawid Kurow+ mu, nanso ɛnyɛ ahene no amusiei na wosiee no.+