15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
24 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne atade ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mmabarima ne ne mmabea ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan ne ne ntamadan ne biribiara a ɔwɔ baa Akor bon+ mu.
25 Nanso Ester baa ɔhene anim na ɔhene ma wɔkyerɛwee+ sɛ: “Ma pɔw bɔne+ a wabɔ wɔ Yudafo no ho no nnan mmɔ n’ankasa ti so.”+ Afei wɔsɛn ɔne ne mma wɔ dua so.+
4 ‘Me na mama afi adi, na ɛbɛkɔ ɔkorɔmfo ne nea ɔde me din ka ntanhunu no fie;+ na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no, emu nnua ne abo nyinaa,’+ Asafo Yehowa asɛm ni.”