-
Exodus 34:6, 7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehye,*+ nea ne bo mfuw ntɛm,+ nea ne dɔ a enni huammɔ+ nni ano, na ne nokwaredi+ dɔɔso. 7 Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.”+
-