-
Romafo 5:3-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ yɛwɔ amanehunu mu+ a, momma yenni ahurusi,* efisɛ yenim sɛ amanehunu de animia ba;+ 4 animia nso de Onyankopɔn mpeneso ba;+ Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba,+ 5 na anidaso no nni huammɔ;+ efisɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn+ no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu.
-