Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 24
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yehoas ahenni (1-3)

      • Yehoas siesiee asɔrefi no (4-14)

      • Yehoas bɛyɛɛ ɔwaefo (15-22)

      • Wokum Yehoas (23-27)

2 Beresosɛm 24:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:21
  • +Ge 21:14; 2Sa 3:10; 2Ah 12:1

2 Beresosɛm 24:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:2

2 Beresosɛm 24:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 22:3-5

2 Beresosɛm 24:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:4, 5; 2Be 29:1, 3; 34:9, 10
  • +2Ah 12:6

2 Beresosɛm 24:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:7
  • +Ex 30:12-16
  • +Nu 1:50

2 Beresosɛm 24:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 22:2, 3
  • +2Be 28:24

2 Beresosɛm 24:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 12:41
  • +2Ah 12:9

2 Beresosɛm 24:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 30:12-16; Ne 10:32; Mt 17:24

2 Beresosɛm 24:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “kosii sɛ obiara de ne de bae.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:9

2 Beresosɛm 24:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:10

2 Beresosɛm 24:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:11, 12; 2Be 34:10, 11

2 Beresosɛm 24:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 37:16; Nu 7:84
  • +Nu 28:3

2 Beresosɛm 24:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:10
  • +2Be 23:1

2 Beresosɛm 24:18

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Nt., “Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so.”

2 Beresosɛm 24:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 17:13, 14; 2Be 36:15, 16; Yer 7:25, 26

2 Beresosɛm 24:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “kataa.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 23:11
  • +De 29:24, 25; 1Be 28:9; 2Be 15:2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Onipa a Ɔsen Biara, ti 110

2 Beresosɛm 24:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 11:19
  • +Mt 23:35; Lu 11:51

2 Beresosɛm 24:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Sakaria papa.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:5; Dw 94:1; Yer 11:20; Heb 10:30

2 Beresosɛm 24:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Afe no soe.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:17
  • +2Be 24:17, 18

2 Beresosɛm 24:24

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Siriafo.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:17, 37; De 32:30

2 Beresosɛm 24:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔagyaw no nyarewa pii.”

  • *

    Anaa “ ɔba.” Ebetumi aba sɛ dodow kabea a wɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ nidi.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:20, 21
  • +2Ah 12:20
  • +2Sa 5:9; 1Ah 2:10
  • +2Be 21:16, 20; 28:27

2 Beresosɛm 24:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:21

2 Beresosɛm 24:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 24:20
  • +2Be 24:13

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 24:12Ah 11:21
2 Be. 24:1Ge 21:14; 2Sa 3:10; 2Ah 12:1
2 Be. 24:22Ah 12:2
2 Be. 24:42Ah 22:3-5
2 Be. 24:52Ah 12:4, 5; 2Be 29:1, 3; 34:9, 10
2 Be. 24:52Ah 12:6
2 Be. 24:62Ah 12:7
2 Be. 24:6Ex 30:12-16
2 Be. 24:6Nu 1:50
2 Be. 24:72Be 22:2, 3
2 Be. 24:72Be 28:24
2 Be. 24:8Mr 12:41
2 Be. 24:82Ah 12:9
2 Be. 24:9Ex 30:12-16; Ne 10:32; Mt 17:24
2 Be. 24:101Be 29:9
2 Be. 24:112Ah 12:10
2 Be. 24:122Ah 12:11, 12; 2Be 34:10, 11
2 Be. 24:14Ex 37:16; Nu 7:84
2 Be. 24:14Nu 28:3
2 Be. 24:161Ah 2:10
2 Be. 24:162Be 23:1
2 Be. 24:192Ah 17:13, 14; 2Be 36:15, 16; Yer 7:25, 26
2 Be. 24:202Be 23:11
2 Be. 24:20De 29:24, 25; 1Be 28:9; 2Be 15:2
2 Be. 24:21Yer 11:19
2 Be. 24:21Mt 23:35; Lu 11:51
2 Be. 24:22Ge 9:5; Dw 94:1; Yer 11:20; Heb 10:30
2 Be. 24:232Ah 12:17
2 Be. 24:232Be 24:17, 18
2 Be. 24:24Le 26:17, 37; De 32:30
2 Be. 24:252Be 24:20, 21
2 Be. 24:252Ah 12:20
2 Be. 24:252Sa 5:9; 1Ah 2:10
2 Be. 24:252Be 21:16, 20; 28:27
2 Be. 24:262Ah 12:21
2 Be. 24:272Be 24:20
2 Be. 24:272Be 24:13
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 24:1-27

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

24 Yehoas bedii ade no, na wadi mfe ason,+ na odii ade mfe 40 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya, na na ofi Beer-Seba.+ 2 Ɔsɔfo Yehoiada nna nyinaa mu no, Yehoas yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so.+ 3 Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

4 Akyiri yi, ɛbaa Yehoas komam sɛ obesiesie Yehowa fi no.+ 5 Enti ɔboaboaa asɔfo ne Lewifo no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afe biara, monkɔ Yuda nkurow mu nkogyigye sika wɔ Israel nyinaa mfa nsiesie mo Nyankopɔn fi no;+ munni asɛm yi ho dwuma ntɛm.” Nanso Lewifo no anyɛ no ntɛm.+ 6 Enti ɔhene frɛɛ ɔpanyin Yehoiada, na obisaa no sɛ:+ “Tow kronkron a Yehowa akoa Mose kae sɛ Israel asafo ntua+ wɔ Adanse ntamadan+ no ho no, dɛn nti na wonhwɛ mmaa Lewifo no nnyigye mfii Yuda ne Yerusalem mmae? 7 Hwɛ, ɔbea omumɔyɛfo Atalia mma+ abɔ awura nokware Nyankopɔn no fi hɔ,+ na nneɛma kronkron a ɛwɔ Yehowa fi no, wɔasesaw ne nyinaa de akɔsom Baal anyame.” 8 Ɛnna ɔhene ka ma wɔyɛɛ adaka+ de sii Yehowa fi kwan ano.+ 9 Ɛno akyi no, wɔde too gua wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ obiara mmetua Yehowa tow kronkron+ a nokware Nyankopɔn akoa Mose kae wɔ sare so sɛ Israelfo ntua no. 10 Mpanyimfo ne ɔman no nyinaa dii ahurusi,+ na wɔde tow no beguu adaka no mu kosii sɛ ɛyɛɛ ma.*

11 Bere biara a Lewifo no de adaka no bɛhyɛ ɔhene nsa a wobehu sɛ sika pii aba mu no, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin boafo no ba behwie adaka no mu sika+ na wɔma so san de kosi nea esi. Saa na wɔyɛe daa, na wonyaa sika bebree. 12 Afei ɔhene ne Yehoiada nso de ma wɔn a wɔhwɛ Yehowa fi adwuma so no, na wɔde bɔ abopaefo ne adwumfo paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fi no.+ Ná wɔde bi nso bɔ dade ne kɔbere adwumfo paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fi no. 13 Na wɔn a wɔhwɛ adwuma no so no fii ase, na dan no siesie nyaa nkɔso wɔ wɔn nsam, na wɔmaa nokware Nyankopɔn no fi no yɛɛ kama sɛnea ɛsɛ, na enyaa ahoɔden. 14 Wowiee adwuma no ara na wɔde sika a ɛkae no brɛɛ ɔhene ne Yehoiada, na wɔde yeyɛɛ Yehowa fi nneɛma, ɔsom ne afɔre ho nneɛma ne nkuruwa ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma.+ Na Yehoiada nna nyinaa mu no, wɔbɔɔ ɔhyew afɔre+ wɔ Yehowa fi hɔ daa.

15 Bere a Yehoiada bɔɔ akwakoraa na odii nna mee no, owui; owui no, na wadi mfe 130. 16 Wosiee no wɔ Dawid Kurow mu kaa ahemfo no ho,+ efisɛ ɔyɛɛ adepa wɔ Israel;+ ɔmaa nokware Nyankopɔn no som ne ne fi ho hiaa no.

17 Yehoiada wui no, Yuda mpanyimfo baa ɔhene anim bɛkotow no, na ɔhene tiee wɔn. 18 Wogyaw wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fi, na wofii ase som abosonnua* ne ahoni, na wɔn asodi no nti, Onyankopɔn bo fuw Yuda ne Yerusalem.* 19 Yehowa somaa adiyifo baa wɔn hɔ mpɛn pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn* daa, nanso wɔantie.+

20 Onyankopɔn honhom baa* ɔsɔfo Yehoiada+ ba Sakaria so na okogyinaa soro baabi wɔ ɔman no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea nokware Nyankopɔn no aka ni, ‘Dɛn nti na mubu Yehowa mmara nsɛm so? Ɛrensi mo yiye! Moagyaw Yehowa, enti ɔno nso begyaw mo.’”+ 21 Ɛnna wɔbɔɔ ne ho pɔw,+ na ɔhene ma wosiw no abo wɔ Yehowa fi adiwo.+ 22 Enti ɔdɔ a enni huammɔ a ne papa* Yehoiada daa no adi kyerɛɛ Ɔhene Yehoas no, wankae, na okum ne ba no. Bere a ɔrewu no, asɛm a ɔkae ne sɛ: “Yehowa nhwɛ na ontua wo so ka.”+

23 Afe no mfiase* no, Siria asraafodɔm baa Yehoas so. Wɔbɛtow hyɛɛ Yuda ne Yerusalem so+ kunkum ɔman no mu mpanyimfo nyinaa,+ na wɔde nneɛma a wonyae wɔ ɔko no mu nyinaa kɔmaa Damasko hene. 24 Asraafo kakraa bi na Siriafo de wɔn bae, nanso Yehowa de asraafodɔm kɛse hyɛɛ wɔn nsa+ efisɛ na ɔman no agyaw wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa. Wɔde* atemmu baa Yehoas so. 25 Bere a wofi ne nkyɛn kɔe no (ná wɔapira no paa*), ɔsɔfo Yehoiada mma* no mogya a ohwie gui nti,+ ɔno ara ne nkoa bɔɔ ne ho pɔw na wokum no wɔ ne mpa so.+ Owui no, wosiee no wɔ Dawid Kurow mu,+ nanso wɔansie no ahemfo amusiei hɔ.+

26 Wɔn a wɔbɔɔ ne ho pɔw ni:+ Ammonni bea Simat ba Sabad ne Moabni bea Simrit ba Yehosabad. 27 Nsɛm a ɛfa ne mma ho ne nsɛm pii a wɔka tiaa no,+ ne nokware Nyankopɔn no fi ho adwuma a ɔyɛ de siesiei nyinaa,+ wɔakyerɛw wɔ Ahemfo Nhoma no mu. Na ne ba Amasia bedii n’ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena