Dawid dwom.
א [Aleph]
25 O Yehowa, wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu.
ב [Beth]
2 Me Nyankopɔn, mede me ho ato wo so;+
Mma m’anim nngu ase.+
Mma m’atamfo nnni me ho ahurusi.+
ג [Gimel]
3 Ampa, wɔn a wɔn ani da wo so no, wɔn mu biara ani renwu.+
Nanso nnipa a wotwa wɔn yɔnko nkontompo kwa no, wɔn anim begu ase.+
ד [Daleth]
4 O Yehowa, ma minhu w’akwan;+
Kyerɛ me w’atempɔn.+
ה [He]
5 Ma mennantew wo nokware mu na kyerɛkyerɛ me,+
Efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn.
ו [Waw]
Wo na m’ani da wo so daa nyinaa.
ז [Zayin]
6 O Yehowa, kae wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ a enni huammɔ;+
Efi tete na woada no adi.+
ח [Heth]
7 Nkae bɔne a meyɛe wɔ me mmofraase ne me mmarato.
O Yehowa, wo papayɛ nti,+
Kae me sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no te.+
ט [Teth]
8 Yehowa ye, na ɔteɛ.+
Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛ abɔnefo ɔkwan a wɔmfa so no.+
י [Yod]
9 Ɔbɛma ahobrɛasefo ahu trenee kwan,+
Na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ne kwan.+
כ [Kaph]
10 Ɔdɔ a enni huammɔ ne nokwaredi na ɛwɔ Yehowa atempɔn so
Ma wɔn a wodi n’apam+ ne ne nkaesɛm so.+
ל [Lamed]
11 O Yehowa, me mfomso so,
Nanso wo din nti,+ fa kyɛ me.
מ [Mem]
12 Hena na osuro Yehowa Nyankopɔn?+
Onyankopɔn bɛkyerɛ no ɔkwan a ɔmfa so.+
נ [Nun]
13 Ne nsa bɛka nneɛma pa,+
Na n’asefo benya asaase no so atena.+
ס [Samekh]
14 Wɔn a wosuro Yehowa na wɔyɛ ne nnamfo paa,+
Na ɔma wohu n’apam.+
ע [Ayin]
15 M’ani da Yehowa so daa;+
Ɔno na obeyi me nan afi asau mu.+
פ [Pe]
16 Twa w’ani bɛhwɛ me na dom me,
Efisɛ mayɛ ankonam, na mayɛ mmɔbɔ.
צ [Tsade]
17 Me koma mu ahohia adɔɔso;+
Gye me fi m’adwinnwen mu.
ר [Resh]
18 Hwɛ m’amanehunu ne me haw,+
Na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.+
19 Hwɛ sɛnea m’atamfo adɔɔso;
Wokyi me kɔkɔkɔkɔ, enti wɔrepɛ me adi me bɔne.
ש [Shin]
20 Hwɛ me nkwa so na gye me.+
Mma m’anim nngu ase, efisɛ mede wo ayɛ me guankɔbea.
ת [Taw]
21 Ma abrabɔ a edi mu ne trenee mmɔ me ho ban,+
Efisɛ m’anidaso ne wo.+
22 Onyankopɔn, gye Israel fi wɔn ahohia nyinaa mu.