Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 7-11
  • Disko—So Nea Yebegyina So Ahwɛ Yiye Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Disko—So Nea Yebegyina So Ahwɛ Yiye Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Ani a Ɛbɛsɔ Kɔkɔbɔ No
  • Asiane Horow No So Dua a Wosi
  • So Disko Ahorow Nyinaa Nye?
  • Nneɛma a Mihui wɔ Hɔ
  • Momma Yenkura Wɛn a Yɛwɛn Sɛ Kristofo No Mu
  • “Asasesin Titiriw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • So Asaw Nyɛ Anigyede Ara Kwa A Mfomso Biara Nni Ho?
    Nyan!—1984
  • Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?
    Nyan!—2004
  • Anigyebea A Wohyia Hɔ Anadwo Nso Ɛ?
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 7-11

Disko​—So Nea Yebegyina So Ahwɛ Yiye Wɔ Hɔ?

akenkanfo rekyerɛ wɔn adwene wɔ nea yɛkyerɛw faa Disko ho wɔ saa nhoma yi mu no ho

AWAKE! anaa Nyan! nsɛmma nhoma a ɛyɛ Engiresi kasa mu de a wotintim no March 22, 1979 no bɔɔ akenkanfo no kɔkɔ faa disko ho. Emu na wɔkyerɛe sɛ atirimpɔw a ɛwɔ disko akyi ne sɛ obi bɛde no ho, anya abarima ne ɔbea nna a obeyi no adi akyerɛ sɛnea ɔpɛ no mu “ahofadi.”

Nanso so biribi wɔ ho ankasa a wobegyina so ahwɛ yiye wɔ disko ne nna mu ahofadi a wɔhwehwɛ no ho? Ebinom a wɔkenkan Awake! no mu nsɛm no nsusuw sɛ ɛte saa.

Wɔn mu biako kyerɛwee sɛ: “Wowoo me sɛ Kristoni, na minnye nni sɛ disko ahorow no nye te sɛ nea moma afoforo te nka fa no.”

Ɔfoforo nso kyerɛwee sɛ: “Disko asaw, nnwom, ne sɛ wufi disko biako mu kɔ foforo mu no ‘betumi ayɛ anigye ne nea ɛho tew a ɛnte sɛ nea mokaa ho asɛm pɔtɔɔ wɔ Awake! no mu no.”

Ɔfoforo kyerɛwee sɛ: “Mprempren yi ara na miwiee mo nsɛmma nhoma a ɛfa disko ahorow ho no kenkan, na migye di sɛ nsɛm a mokae no yɛ nea . . . morebu mu atɛn. Mokãe sɛ disko kyerɛ ɔbarima ne ɔbea nna, aguamammɔ, atantanne​—moabobɔ adam! Su horow a woyi no adi wɔ disko ahorow mu no ye.”

Eyi ne ɔkwan a pii afa so aka sɛnea wɔte nka fa no ho asɛm. Nanso so wɔte nsɛm ase yiye? Nea edi kan no, Awake! no mu nsɛm no ammu biribiara a ɛfa “disko” ho no fɔ. Nea ɛto so abien no, nsɛm horow bi wɔ hɔ a ɛho hia a ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bu n’ani gu so.

Munsusuw ho. Sɛnea Bible no kyerɛ no, Satan Ɔbonsam ne “wi yi ase sodifo.” Ɔno ne “wi yi ase nyame.” (Yoh. 12:31; 2 Kor. 4:4:)

Esiane sɛ nokware Kristofo hu sɛ Satan redannan wi yi ase ama n’ankasa atirimpɔw nti, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔde wiase yi anigyede ahorow bedi dwuma wɔ ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdan nkurɔfo afi nokware som ho no mu?

Yɛn Ani a Ɛbɛsɔ Kɔkɔbɔ No

Wɔn a wɔkyerɛwee no mu dodow no ara na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ saa Bible mu ntease yi. Wɔdaa ase wɔ nsɛm a Awake! anaa Nyan! no kyerɛw faa ho no nti. Mmofra ne mpanyin nyinaa kae sɛ wɔn ani asɔ kɔkɔ a wɔbɔɔ wɔn faa asiane horow a ɛwɔ disko ahorow a wɔbɛkɔ ne disko sini ahorow a wɔbɛhwɛ te sɛ ‘Saturday Night Fever” no ho no. Nkrataa ahorow a wɔkyerɛwee no mu binom ni:

‘Aberante bi a wadi mfirihyia 21 a ofi Illinois kae sɛ:

“Merekyerɛw mo na mada mo ase pii afa Kyerɛwnsɛm mu afotu pa a ɛwɔ March 22, Awake! no mu a mode mae a ɛfa disko ahorow ho no. Amanneɛ a mobɔ faa ‘Saturday Night Fever’ no ho no ama mabɔ piriw.

“Ɛsɛ sɛ mepene so sɛ, bere a m’ani nnye ho sɛ mɛkɔ disko no, m’ani gye ɛhɔ asaw ne nnwom no ho. Mepene so yiye sɛ nea saa asaw ne nnwom yi yɛ ne sɛ ɛtwetwe adwene ‘kɔ obi so’ wɔ hɔ. Mansusuw ho sɛ saa na ɛte da. Afei de mahu sɛnea su a ɛte sɛɛ betumi asɛe obi afa.”

Ɔfoforo a wadi mfirihyia 21 a ofi ofi Dallas, Texas, kyerɛwee sɛ:

“Bere a mekan disko ‘Awake!’ no wiee pɛ na mihui sɛ masua nneɛma pii afi disko ‘Awake!’ a mekenkanee no mu. Mitumi hu sɛnea wobetumi de ato saa dwomsogye ‘foforo’ a Mose kaa ho asɛm bere a ɔbaa bepɔw no ase no ho. [Ex. 32:17-19] Ɛda adi pefee sɛ ɛde mmoa adeyɛ ne su horow na ɛba. Ne nnwom no mpo betumi anya mpanyimfo so nkɛntɛnso bɔne.

“Meda mo ase pii sɛ moakyerɛkyerɛ yɛn beae a efi ne sɛnea wɔn a wɔne wɔn ho da no de wɔn ho hyɛ mu no. Ɛyɛ biribi a ɛho hia sɛ yɛn a yɛyɛ mmerante ne mmabaa no twe yɛn ho fi ho. Merebɔ mmɔden ayɛ nsakrae wɔ m’adwene mu na mahu sɛnea Yehowa kyi eyi koraa fa no. . . .

“Mewɔ anidaso sɛ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea no de eyi besie wɔn komam sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi atie dwom a ɛyɛ dɛ sen biara wɔ Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo no mu!”

Saa asɛm tiaa yi nso fi Portland, Oregon:

“Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ amanneɛbɔ a ɛwɔ March 22, ‘Awake!’ no mu a ɛfa disko ho asɛm no nti. De besi saa bere no na merekɔ fam koraa wɔ honhom mu. Nanso bere a mekenkanee Hebrifo 11:24-26 no, ɛkanyan me ma minyaa ahoɔden sakraa su a mikura wɔ asetra ho no. Wɔrentumi mfa bɔne mu anigye a wobenya no bere tiaa no nto nea yɛn nsa bɛka wɔ Yehowa ahenni no mu no ho. Meda mo ase bio sɛ moatwe m’adwene akɔ asɛm a ɛho hia na ɛyɛ anigye yi so.”

Nea edi so yi ne krataa a aberantewa bi kyerɛw fii Albuquerque, New Mexico, no mu nsɛm bi:

“Eduu bere a na m’adwene mu yɛ me naa wɔ nneɛma a mede megye m’ani ho no, saa bere no mu ara na asɛm yi bae a ɛmaa nneɛma a mente ase yiye no mu bɛdaa hɔ maa me. Ɛnyɛ hɔ nkutoo, te sɛ nea ebia aberante nni biribi a ɔbɛhwɛ kwan. . . .

“Biribiara nni hɔ a ‘esiw obi kwan’ wɔ pɛ a obi pɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ ne kwan so no mu, sɛ mpo eyi kyerɛ fɛw a nnipa a wosusuw sɛ ‘yɛkɔ akyiri dodo’ no bedi yɛn mpo. Nea ɛyɛ maa me ne sɛ ɛma medee me ho fii adwenem naayɛ anaasɛ me nan ase a mɛtwentwɛn afa nea mɛpaw sɛ ɛyɛ anigyede no mu. Meda ase pii wɔ nea moakyerɛw a ama nneɛma mu ada hɔ pefee ama me yi nti.”

Aberante bi a ofi California kyerɛw krataa bi a emu da hɔ pefee brɛɛ yɛn. Nea ɔkyerɛwee no mu fa kenkan sɛ:

‘Madi mfirihyia 17 na wɔtetee me sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. M’agya nua ba bi a onim asaw yiye na ɔma mihuu disko. M’ani gyee disko ho yiye. Mekɔhwɛɛ “Saturday Night Fever” sini no na afei wɔ bere a ɛsɛ mu no misuaa asaw horow no nyinaa. Mitumi saw yiye te sɛ Travolta. Mifii ase sɛ mewiawia me ho akɔ sukuu asaw horow ase, na midi kan anaa minya nkonimdibo wɔ disko asaw horow mu. Mitumi di asaw mu kan wɔ baabiara na metee nka sɛ eye koraa sɛ nkurɔfo atwe wɔn adwene aba me so na me ho ayɛ wɔn nwonwa wɔ asaw mu. Ankyɛ na minyaa Ɔdansefo bi a ɔyɛ m’adamfowa a ɔwɔ asafo foforo mu a ɔno nso tumi saw te sɛ me, nanso nea na ɛwɔ yɛn adamfofa no ho no ara ni. Ankyɛ na eyi baa awiei nanso na meda so ara saw.

‘Ɛno na afei mokyerɛw nsɛm a ɛfa disko ho no na ebubuu me. Mekyerɛ sɛ medɔ Bible mu nokware no, nanso na mempɛ koraa sɛ megyaa ade biako pɛ a mewɔ a ɛma m’ani gye no mu. Afei metɔɔ me bo ase, nanso mannyae. Ɛno na afei ɔmansin nhyiam a wɔkaa disko ho asɛm wɔ mu ne afei nso nsɛm a ɛfa disko ahorow ho wɔ yɛn nhyiam no ase nso bae. Ɔkasafo no kae sɛ nea enti a nsɛmma nhoma no mu nsɛm bi kaa disko ho asɛm na wɔkaa eyi ho asɛm wɔ nhyiam no ase no fi te a na obi nte biribi ase nti, na eyi ma mihui sɛ ɛyɛ me. Enti eyi ma migyaee disko ase kɔ koraa. Ɛno na afei mekɔɔ sini a wɔfrɛ no “Hurricane,” na ɛno na mihuu sɛnea ɔman bi mufo yɛ wɔn amanne fa. Ɛte sɛ nea na mereyɛ no pɛpɛɛpɛ. Bere a mihui no, ɛma mefɛree. Enti migyaee disko ase kɔ.

‘Metee amanneɛbɔ ahorow a ɛfa nnipa a wɔbɔ aguaman wɔ beae a wɔsaw wɔ hɔ no ho asɛm, na mebɛn eyi ho pɛɛ. Nanso ɛyɛ me anigye sɛ m’agyaa saa asetra kwan no mu. Migye di sɛ yɛwɔ mmerantewa kuw a wɔdɔɔso a wɔdɔ Yehowa ankasa. Yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ wɔ bere ne bere mu. Ɛno nti na mekyerɛw krataa yi. Meda mo ase bio.’

Abeawa bi a ɔkɔ ntoaso sukuu wɔ Michigan kyerɛkyerɛɛ sɛnea onyaa mfaso kɛse fii nsɛm a wɔkyerɛw wɔ Awake! no mu no mu, na ɔkae sɛ:

“‘Awake!’ no nso dii dwuma sɛ ade a yɛfa so di adanse wɔ sukuu. Ɛyɛ den sɛ wubehu mmerante ne mmabaa a wosusuw Onyankopɔn ho anaasɛ wiase yi mu ɔhaw horow no ho nnɛ. Wɔtra ase ma nnɛ ara na ɔkyena mfa wɔn ho. Enti nsɛmma nhoma a ɛfa disko ho no kaa wɔn kɛse.

“Mmerante ne mmabaa pii kaa nea adwene ho nimdefo bi ka faa sini a ɛyɛ ‘Saturday Night Fever’ no ho no ho asɛm, na wɔpenee so sɛ sini no nye esiane ɔkasafĩ ne abrabɔ bɔne a woyi kyerɛ wɔ mu no nti. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wɔasua nneɛma pii afa disko ho, na wɔn ani sɔɔ ntease a ɛwɔ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi saa akanea a ɛhyerɛn boro so ne nnyigyei a ɛtra so a ebetumi adi onipadua no awu no ho no ase.

“Enti anuanom adɔfo, mepɛ sɛ muhu sɛnea yɛn ani asɔ amanneɛbɔ a ɛfa disko ho no yiye. Yɛda Yehowa ase sɛ ɔkɔ so ma yɛn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu na ɔkɔ so ma yenya honhom ne nipadua mu akwahosan pa bere nyinaa.

“Mewɔ anidaso sɛ, sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, mobɛkyerɛw nsɛm a ɛho wɔ mfaso titiriw yi pii. Efisɛ ɛnyɛ sɛ sɛ́ Kristofo no, ɛboa yɛn kyerɛ yɛn kwan nko, na mmom ɛretwe mmerante ne mmabaa pii adwene kɔ sɛnea ɛho hia sɛ wɔde asetra a ɛho tew bɔ wɔn bra nnɛ, ne anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛyɛ tra a wɔbɛtra ase daa wɔ asomdwoe mu no so.”

Asiane Horow No So Dua a Wosi

Akenkanfo no mu binom de osuahu ahorow ne amanneɛbɔ a esi suban a ɛnyɛ Kristofo suban a abu so wɔ disko ahorow pii mu no so dua kaa wɔn nkrataa no ho. Sɛ nhwɛso no, ɔkenkanfo bi a ofi California de atesɛm krataa Parade a ɛyɛ May 6, 1979 de no mu nsɛm bi a watwitwa kaa ho. Ɛkae wɔ asɛmti “Dangerous Dance” (Asaw a Asiane wom) ase sɛ:

“Polisifo ka sɛ asaw bi a wɔfrɛ no ‘Freak’ (Birikyi) anaa asaw bɔne bi a ɛyɛ hu a ɛretrɛw kɔ ɔman yi disko ahorow mu no yɛ asaw a asiane kɛse wom a ɛyɛ hu a aba so. Ebinom frɛ no ‘owu asaw’ anaasɛ ‘aguaman asaw,’ afoforo nso frɛ no ‘ninkuntwe asaw’ ne ‘ɔhaw asaw.’

“Bere a Jim Moore ne n’adamfowa bi saw Freak no wɔ Detroit no, wɔkyerɛ sɛ aberantewa bi a wɔfrɛ no Jimmie Rogers a ne bo fuwii wɔ asaw bɔne yi nti no tow no tuo wɔ ne koko so mprensa kum no. Wɔredi Rogers asɛm sɛ obi a wadi awu.

“Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ saa kurow no ara mu sɛ, wɔakyere Oscar Ross sɛ ɔno nso watow ne yere ababaawa Sharon tuo bere ɔhwɛe sɛnea ne yere saw saa Freak no wɔ ne yɔnko bi fie.

“Nnipa baanu na wɔsaw Freak no, na wɔbɔ wɔn mu ase kuntun wɔn nkotodwe mu trɛw wɔn anan mu saw a obiara hwɛ ne yɔnko anim a wobubu wɔn mu anaa wɔn pã wɔ asaw no mu de akosi sɛ oyi de ne de bɛbɔ ne yɔnko de so, na sɛ edu saa bere yi a asawfo no mu binom twe san akyi bere a afoforo kɔ so saw saa ara.”

Krataa foforo bi fi ɔkenkanfo bi hɔ wɔ England bae a ɔno nso atwitwa London Daily Mail atesɛm krataa a ɛyɛ May 2, 1979 de no mu nsɛm bi aka ne krataa no ho. Wɔ asɛmti “Disco Deaths ‘Must Be Stopped’” (Ɛsɛ Sɛ Wosiw Owu a Ɛba Wɔ Disko Ase No Ano) no aso no, atesɛm krataa no kae sɛ:

“Wɔrehyɛ nkuran na wɔasiw awudi a ɛrekɔ so wɔ disko ahorow ase no ano bere a osuani bi wui wɔ hɔ a ɛmaa nnipa a wɔakunkum wɔn wɔ disko ahorow ase wɔ London no koduu ason wɔ asram anan pɛ mu no. “Mr. Bryan Cassidy, Greater London Council ɔpanyin a ɔhwɛ aguamtrani no akyi wɔ ɔman yiyedi ne dwoodwoo asetra ho dwumadi mu no kae nnɛra sɛ: ‘Basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ disko ahorow mu a ɛde owu ne asiane horow a ɛyɛ aniberesɛm ba no ayɛ me abofono.’ . . .

“Wɔde sekan wɔɔ aberantewa bi a wadi mfirihyia 17 bere a ɔne n’adamfowa bi kɔɔ disko sɛ wɔrekɔhyɛ apam a wɔayɛ sɛ wɔbɛware wɔn ho no ho fã no. . . .

“Owura Cassidy kae sɛ: ‘Akyinnye biara nni ho sɛ disko abɛyɛ adwuma a anyin nanso yɛremma kwan na basabasayɛ ne no aka ho anyin.

“‘Migye di yiye sɛ aguamammɔ hyɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ saa akuw horow no mu no akyi, ne nnwonto ne nsankubɔ a ano yɛ den a wɔde ahoɔden ankasa di akyi no nso.’”

Yiw, adanse no dɔɔso pii sɛ disko ahorow nyɛ beae a ɛsɛ sɛ obi kɔ kogye n’ani. Anyɛ yiye koraa no, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bu no sɛ beae a wobegye wɔn ani wɔ hɔ a bɔne biara nni hɔ.

So Disko Ahorow Nyinaa Nye?

So yɛreka sɛ mmeae ahorow anaasɛ nneɛma nyinaa a wɔde asɛm “disko” afam ho no nye? Dabi, efisɛ nneɛma pii, a aduan, ntama ne adidibea ahorow nso ka ho nso nyɛ beae a wɔato no din “disko” esiane sɛ asɛmfua no agye din nti. Na saa ara nso na ɛnyɛ disko nnwom ne asaw nyinaa na ɛtwetwe obi adwene kɔ aguamammɔ so. Sɛnea Awake! a ɛyɛ March 1979 de no kae no: “Sɛ yɛbɛka no pefee a disko yɛ nnwonto ne asaw, na wobetumi adan no ayɛ biribiara a wɔpɛ.”

Enti Awake! nsɛmma nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no de kaa ho sɛ: “‘Disko’ ahorow no mu binom betumi ayɛ beae a wodidi a nnwonto no asaw no mpo nyɛ ade a wɔyɛ daa anaasɛ wɔnyɛ saa mpo wɔ bere a nkurɔfo didi. Saa mmeae ahorow yi ne ebia afoforo nso bɛyɛ baae a wɔbɛbɔ nnwom ne asaw a Kristofo bɛpɛ wɔ hɔ. Nanso saa ‘disko’ ahorow yi renyɛ disko a ɛne nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ bɔ abira no.”

Osuahu a edi kan a Benny Golson, ɔpanyin a ofi Los Angeles, Califonia, Yehowa Adansefo asafo no biako mu nyae no si nokware a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye wɔ disko ne ɛhɔ ahohwibɔ no ho no so dua. Wɔ dapɛn a na Yehowa Adansefo nanmusifo bi resra asafo no, Benny maa ɔkasa bi a ɛfa March 22, 1979 Awake! no ho a ɛfa disko ho. Ɔkyerɛw nea ɔkae no too hɔ, na emu bi ne ɛdidi so yi.

Meyɛ dwomkyerɛwfo ne odwontofo. Me ne nnwontofo ne nsankubɔfo kuw te sɛ Dizzy Gillespie, Art Blakey, Lionel Hampton, Benny Goodman ne Earl Bostic abɔ na yɛatwa nnwom agu mprɛte so. Makyerɛw nnwom ama nnipa a wonim wɔn yiye wɔ nnwonto mu te sɛ Peggy Lee, Eartha Kitt, Connie Francis, Ella Fitzgerald, Diana Ross, na mahyehyɛ television so agorudi ahorow te sɛ Mission Impossible, The Patridge Family, MASH ne Mannix. Enti wɔ afe a etwaa mu no mfiase pɛɛ, bere a metee sɛ Awake! bi bɛba a ɛfa disko ho no na mede ahopere retwɛn eyi.

Bera a awiei no March 22, 1979 Awake! no bae no, mekenkan eyi ntɛm ara. Ɛsɛ ɛsɛ meka pefee sɛ ɛhaw me. Mampene emu nsɛm no so; mekyerɛw nsɛm a mewɔ ka no wɔ nsɛmma nhoma no nkratafa ahorow no ano. Adwene a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔne wɔn ho da na wɔhyɛ disko ahorow no akyi no yɛɛ nea ntease nnim maa me. Mepenee so sɛ mekyerɛw krataa afa eyi ho akɔma Ɔwɛn Aban Asafo no. Nanso misii gyinae sɛ mɛyɛ ade bi, a minnim sɛ na ɛno na nyansa wom mmom saa bere no. Misii gyinae sɛ mɛhwɛ sɛnea adwuma a meyɛ ne fã no te ankasa yiye ansa. Bere a meyɛɛ saa pɛ na mebɔɔ piriw, na saa piriw a mebɔe yi toatoaa so bae.

Nneɛma a Mihui wɔ Hɔ

M’adamfo bi a ɔyɛ Ɔdansefo nwie dwom bi a wakyerɛw wɔ Los Angeles; ɛnyɛ disko nnwom, nanso mmarima a wɔne wɔn ho da no de wɔn ho hyɛɛ dwom yi mu pɛe sɛ wogye dwom no na wɔde akɔ New York. Wɔhyɛɛ no ma ɔpenee so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde ɛnne ahorow a ano yɛ den a mmarima a wɔne wɔn ho da bɛpɛ aka dwom no ho. Wɔde dwom no kɔe, na wɔkotoo mmarima a wɔne wɔn ho da afoforo baanu bio a wɔretwɛn wɔn. Na bere a wɔrebɔ mmɔden de nsɛm foforo aka ho no m’adamfo yi taa fi ɔdan no mu na amma ne bo amfuw. Wɔyɛe a anyɛ yiye enti ɔsan gyee ne dwom no kɔe bio.

Ɛnnɛ, mmarima a wɔne wɔn ho da yi rehyɛ wɔn a wotwa nnwom no so denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn nnwom a wɔpɛ ahyɛ so ɛwom sɛ nnwontofo no mu binom siw eyi kwa ndenneennen de.

Mantumi anhu sɛnea abrabɔ bɔne wɔ disko ahorow mu no nea edi kan de kosii sɛ mifii ase yɛɛ mpɛɛpɛɛmu no. Disko bi wɔ Los Angeles a wɔfrɛ no “Pajama Disco Nite” a obiara a ɔba hɔ no de atade a ɔhyɛ wɔ n’ase ba hɔ. Ɛkyerɛ sɛ ntade a mmea hyɛ wɔ wɔn dabekyiri mu a wohu wɔn ho nyinaa bere a wɔahyɛ saa ntade yi no na wɔde kɔ saa disko pi ase. Saa disko yi mu taa yɛ ma wɔ anadwo a wɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ no.

Ɛnnɛ, disko fa nneɛma horow pii ho kyɛn nnwonto ne asaw nkutoo. Sɛnea damfo bi kae nnansa yi no, “abɛyɛ asetra no fã.” Na nea ɔkae no teɛ nso, efisɛ disko nneɛma ahorow na aba​—T-shirts, ntwakoto ahorow a wɔapam a ɛyɛ hatahata a wotumi fa mu hu biribiara, soro ntade a wɔapam a eyi mmea ho nyinaa gu hɔ ne nea wɔde kyin wɔ disko ahorow yi mu a akanea a ano yɛ den nso gu so.

Momma Yenkura Wɛn a Yɛwɛn Sɛ Kristofo No Mu

Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ asaw horow no nyinaa na enye. ‘Nanso sɛ wode asaw no ka nnwom no ho na sɛ wɔde nneɛma horow bi ka ho a, ɛsakra asɛm no koraa.

Bible no se: “Munguan aguamammɔ.” (1 Kor. 6:18) Yɛbɛpɛ sɛ yesusuw sɛ ade a ɛte sɛɛ nni yɛn adwene mu, na ebia enni mu ampa. Nanso, nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no ahwe saa akɔnnɔ yi mu. Dɛn na ɛbae? Wɔmaa kwan ma “wosiesiee wɔn maa eyi yɛ. Wɔmaa kwan ma wodii wɔn anim nkakrankakra kɔhyɛɛ saa akɔnnɔ horow no nkɛntɛnso ase​—na wobɔɔ aguaman.

Biribi wɔ hɔ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa nnipa ho. Wosusuw sɛ nneɛma bɔne to afoforo nkutoo. Sɛ ɛto wɔn a wobɛte sɛ woteɛteɛm a wɔn ho adwiriw wɔn sɛ: “Eyi de mansusuw sɛ ɛbɛba me so saa.” Nanso aba; ɛreto nnipa a wɔka sɛ wɔdɔ Nyankopɔn no. Nnipa pii ahwe saa “disko asiane” yi mu nkyɛn sɛnea yesusuw. Saa ɔpɛ a ɛwɔ nnipa mu sɛ (wɔyɛ nea aba so no fã) no adi nnipa pii anim efisɛ wosusuw sɛ ɛyɛ anigyede fi mfiase.

Yehowa mmu anigyede fɔ. Ɔpɛ sɛ Ne nkurɔfo ani gye na wonya asetra mu anigye, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ nhumu. Sɛ nhwɛso no, ansa na wobɛsaw no wubetumi abisa wo ho sɛ: “So ɛyɛ nnwom a ɛsɛ sɛ wɔde saw, anaasɛ ɛyɛ nnwom a etumi kanyan obi? So nnwom no ne asaw no resiesie yɛn ama ‘anigyede ahorow bi’​—anigyede ahorow a ebetumi atwe yɛn akɔ asaw horow a ɛbɛma yɛayi aguamammɔ su adi wɔ mmeae ahorow a ɛwɔ sum mu?”

Ɛyɛ me anigye pii sɛ mankyerɛw saa krataa no ankɔma Ɔwɛn Aban Asafo no! Bere a matumi ahwɛ nneɛma horow a ɛkɔ so wɔ m’adwuma no akyi no mu yiye no, mahu sɛ mamfa nyansa anni dwuma.

Awake! anaa Nyan! nsɛmma nhoma a wɔkyerɛw faa disko ho no kae sɛ, “Asaw yɛ su horow a amanne da no adi no bi a wohu no pefee, efisɛ yɛrentumi nni atoro mfa ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra no ho.”

Ɔkwan bɛn na wofa so bɔ wo bra? Sɛnea Yehowa pɛ anaasɛ wode tia No?​—Nea wɔkyerɛw mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

‘Nnipa a wokum wɔn wɔ disko wɔ London no dodow koduu ason wɔ asram anan mu.’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Mfiase no na mempene so”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

‘Mansusuw sɛ ebetumi aba me so.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena