Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 1/8 kr. 11
  • Ne Nyinaa Wɔ Da Koro Atesɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ne Nyinaa Wɔ Da Koro Atesɛm Mu
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmɔne A Ɛrenya Nkɔanim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Amumɔyɛ A Ɛredɔɔso​—Wiase Awiei Ho Sɛnkyerɛnne Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Amumɔyɛsɛm Adɔɔso Wɔ Wiase—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Dɛn Nti na Awudisɛm Abu so Nnɛ Saa?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 1/8 kr. 11

Ne Nyinaa Wɔ Da Koro Atesɛm Mu

WOTE nka dɛn wɔ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a wɔka ho asɛm wɔ atesɛm mu no nyinaa ho? So ɛyɛ bɔsrɛmka bi ara kwa, anaasɛ ɛyɛ nneɛma a ɛyɛ aniberesɛm ankasa ma, wɔ mmeae ahorow no, nkurɔfo suro daa sɛ wobepira wɔn anaasɛ wɔbɛtow ahyɛ wɔn so? Ma yɛnhwɛ da koro pɛ atesɛm wɔ New York kurom nhwɛ.

“Atirimɔden awudi wɔ baabi a kanea sɔ ma kar gyina​—nea wokum no no wɔtow tuo bɔɔ ne tirim mpɛn 5.” “Wɔtow tuo bɔ ɔbarima bi tirim wɔ baabi a wɔnom nsã.” “Awudifo ma nsu fa ɔbea bi bere a wɔahyɛ no ma wahwɛ ne kunu a wokum no akyi no.” “Owudifo hwehwɛ sɛ okum ne ho.”

Ɛnonom yɛ nsɛmti ahorow a epuei wɔ nkratafa abien mu a ɛreka awudi ahorow a ɛyɛ hu nkutoo ho asɛm no mu kakraa bi pɛ​—ne nyinaa puei wɔ da koro atesɛm krataa, New York “Post,” mu December 30, a etwaam no mu. Nneɛma a ɛtete saa ara resisi wɔ wiase afã horow bebree.

Ɛda adi sɛ ɛdenam saa atesɛm ahorow yi so no, akyerɛwfo no kyerɛw asɛm bi a asɛmti no ne sɛ “Awudi rekɔ anim: yehia polisifo bebree.” Bere a wɔaka da a etwaam no amanneɛbɔ ahorow ho asɛm tiaa no, wobisae wɔ atesɛm no mu asɛntitiriw no mu sɛ: “Dɛn na ɛreba ɔman yi so? Dɛn na ɛwɔ mmofra awudifo a wɔntow tuo biako pɛ mmɔ onipa tirim na mmom wɔtow tuo anum no adwene mu?” Ɛdaa no adi sɛ tebea no reyɛ “hu mmoroso,” ne sɛ yɛnam “ɔkwan a ɛde kɔ amumɔyɛ mu so.”

Nea ɛyɛ bɔne te sɛ nea na atwam no, nnanu pɛ akyi no, ná atesɛm krataa koro no ara kura asɛmti a wɔakyerɛw no akɛse wɔ kratafa a edi kan no sɛ: “Awudi ahorow 10, afe foforo de basabasayɛ fi ase.” Asɛm no fii ase sɛ: “Kurow no Afe Foforo de basabasayɛ fii ase​—a anyɛ yiye koraa no wokum nnipa 10 wɔ nnɔnhwerew 24 a edi kan wɔ 1981 mu no mu.” Ne nyinaa mu no na amanneɛbɔ no ka nsɛm te sɛ “nea nyansa nnim koraa,” “wɔyɛɛ saa a ntease biara nnim,” “wɔyɛɛ no mpofirim” ne “nea ɛyɛ atirimɔden sen biara.” So ɛyɛ nwonwa sɛ ehu ahyɛ nnipa bebree asetra mu ma?

Eyinom nyinaa da nea Bible ka fa bere a wɔahyɛ no agyirae a “amumɔyɛ bɛdɔɔso,” bere a “emu yɛ den” a nnipa bɛyɛ wɔn a wontumi nni wɔn so na wɔyɛ basabasa na ‘wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu’ ho no adi pefee. Adekyee biara mu nsɛm de pii ka adanse no ho sɛ yɛte saa bere no nni​—nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no mu.​—Mat. 24:12; 2 Tim. 3:1-5, 13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena