‘Yɛma Yɛn Afi Mu Tew A Sɛnea Mpɔtam Hɔ Te Mfa Ho!’
NEA ɔyɛ asetra mu nhwehwɛmu a n’abasam abu no de awerɛhow kae sɛ: “Ɛmfa wɔn mu binom ho koraa. Wɔka sɛ obiara nni hɔ a ɔrebɛma mpɔtam hɔ ayɛ yiye, nanso ebinom mmɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛboa wɔn ankasa ho na anyɛ yiye koraa no woama wɔn ankasa afie mu atew.”
Na saa ɔbea yi de asram bebree asrasra n’afipamfo sɛ nhyehyɛe bi a wɔayɛ de resiesie mpɔtam hɔ ma ɛhɔ atew no fã. Dwumadi no anyɛ yiye. Ɛhɔ da so ara yɛ baabi a adantuw ahorow a ne ntayaa ayiyi agu fam a ne nhwehwɛ mfɛnsere abobɔ na wɔde ntaaboo abrambram akyi wɔ—afie a ɛdeda mpan a wɔahyew—ne mmorɔn a ɛso yɛ fi.
Nanso, wo eyi nyinaa akyi no, afie kakraa a ɛwɔ mpɔtam hɔ mu tew fɛfɛɛfɛ. Wɔn a wɔtete saa afie no mu ahyia mfutuma, efĩ, mpammoa ne nkura a ɛsɛ sɛ wɔko tia no. Dɛn na ɛde nsakrae no bae?
Hia a Ɛho Hia sɛ Wɔte Ani Hwɛ
Ɛnã bi a ɔwɔ mma baason kae sɛ: “Ɛwom sɛ mete baabi a ɛhɔ nyɛ fɛ na minni nneɛma bebree a anka mepɛ sɛ minya no bi de, nanso me maame kyerɛkyerɛɛ me sɛ, nea wowɔ biara no ma ɛho ntew. Saa bere no na yenni nkongua pii, nanso na fam hɔ tew.” Saa ɔbea yi te n’ani hwɛ ade yiye, na ne fi kyerɛ saa.
Ɔyere fiehwɛfo foforo a ɔte bɛn ho gye toom. Ɔkae sɛ: “Wunhia sika pii na wode ama ofie ayɛ fɛ. Mpo biribi a esua koraa no, sɛ ɛho tew a, wohwɛ a ɛyɛ fɛ.” Afei, ɔrekaakae ne mmofra bere mu no, ɔtoaa so sɛ: “Bere a misua no, na me maame nuabea a ɔtetee yɛn no taa gye ɔyɛ-asase-yiye nkotoku de yɛ yɛn mpasotam ne sumii nnuraho. Ná saa nkotoku akɛse yi nyɛ fitaa papa, nanso na ɔnoa mu kosi sɛ ɛyɛ fitaa. Afei yɛpempam na yedi sumii nnuraho no mu adwini. Na ɛyɛ fɛ yiye, na na yɛhoro no mpɛn pii ma ɛho tew bere nyinaa na ɛyɛ fitaa.”
Ɛmfa ho sɛ na nea wɔwɔ yɛ ketewa, saa nnipa yi ani gyee nneɛma a na wɔwɔ no ho. Ɔyere fiehwɛfo bi a wasiesie ne fie araa mfe 40, bɔɔ amanneɛ sɛ: “Anigye pii wɔ nneɛma a wobɛma ɛho atew mu. Wɔ me fam no, ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mɛkɔ dan mu akohu efĩ na mapopa. Woahu, mepɛ sɛ mihu sɛ nneɛma ho tew.”
Dɛn nti na ebinom ani ku ho? Ɛtɔ mmere bi a, esiane sɛ wofi anisɔ mu ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a ɔhwɛ nneɛma so yiye na ne ho tew ntia. Ɔyere fiehwɛfo bi gye toom sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, na mehwɛ amununkum no. Mihui sɛnea na ɛho tew. Misusuwii sɛ, ‘Yiw, Onyankopɔn yɛɛ saa amununkum no fitaa. Ɛnde, ampa sɛ ɔbɛpɛ nneɛma a ɛho tew.’ Saa nti, mepɛe sɛ mema me ntama ne ntade ho tew na me fie yɛ fɛ na ɛho tew.” Ɔyɛe, na mprempren yi, ne fi a ɛho tew no da nsow kɛse wɔ mpɔtam hɔ.
Wiase a atwa yɛn ho ahyia no di adanse sɛ Odwumfo bi a n’ani ku ahotew ho wɔ hɔ. Wɔahyehyɛ adebɔ nneɛma ahorow no yiye a biribiara nni hɔ a wonni ho dwuma. Wode susuw ho hwɛ, mfutuma ɛnkata nnua so daa. Nsu ne mframa hwɛ di ho dwuma. Dua a awu nkɔ so nna hɔ nkyɛ efisɛ mmoawa nketenkete ɔpepepem pii ma ɛdan yɛ dɔte pa. Sɛ́ wɔayɛ biribiara wɔ ano wɔ ano no da adi wɔ nneɛma akɛse ne nketewa a ɛwɔ amansan yi mu no mu. Ɔbɔadeɛ no nhwɛso akanyan ɔyerenom fiehwɛfo binom ma wɔayi saa su no ara adi.—Rom. 1:20; 1 Kor. 14:33.
Nanso egye nea ɛboro w’ani ara kwa a wobɛma aku ho sɛ wubenya ofie a emu tew.
Nhyehyɛe Nni Hɔ a Me Da Mũ Nyinaa Yɛ Basaa
Ɔyere fiehwɛfo bi a ne fie mu tew, a nea ɛwɔ mpɔtam hɔ mfa ho, kae sɛ: “Mihu sɛ, sɛ meyɛ adwuma a nhyehyɛe biara nni ho a, mintumi nyɛ hwee. Nhyehyɛe nni hɔ a, me da mũ nyinaa yɛ basaa.” Mmea binom mpɛ sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe, efisɛ egye wɔn ho so a wɔbɛteɛ. Sɛnea wofrɛ no biara no—daa adeyɛ, nhyehyɛe anaasɛ akwankyerɛ, n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Ebia wurenwie biribiara a woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ no, nanso ɛbɛboa.
Engiresi Aburokyiri kyerɛwfo Shirley Conran bɔ amanneɛ sɛ: “Adwuma biara nni hɔ a ɛnyɛ mmerɛw na ɛnkɔ ntɛm na ɛnyɛ anigye, sɛ wudi kan susuw ho a—na saa na nhyehyɛe a edi mũ nyinaa te.” Animdefo afoforo ne ɔyerenom fiehwɛfo a wɔwɔ osuahu pii de anigye gye tom.
Mmea binom kyerɛw nhyehyɛe a wɔayɛ no na afoforo de sie wɔn tirim. Wɔhyehyɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara da, dapɛn biara, ɔsram biara anaasɛ bere ne bere bi. Ebia wobesusuw bere dodow a wɔwɔ anaasɛ wɔpɛ sɛ wɔde siesie wɔn fie no ho, na afei wɔyɛ ho nhyehyɛe. Nneɛma horow a ebesiw kwan betumi aba, nanso anyɛ yiye koraa no nhyehyɛe a wɔbɛyɛ de adi ho dwuma wɔ hɔ, na bere a nea wɔbɛyɛ da biara da ho nhyehyɛe a ɛfata wɔ hɔ no, nea efi mu ba yɛ nwonwa.
Yɛ a Wobɛyɛ No Da Biara Da
Ɛyɛ ampa, nhyehyɛe a eye sen biara nkosi hwee, gye sɛ wodi akyi. Adwinnade ahorow a ɛfata no nyinaa—ntamagow a wɔde popa mfutuma, prae, sapɔw ne samina ahorow—ɛnonom ankasa rensiesie fie mma emu ntew! Nokwarem no, sɛ́ wobesiesie biribi ma ɛho atew yɛ adwumaden! Na sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a wompɛ a, mmɔdenbɔ ankasa ho behia na wode ayɛ.
Ɛnã bi a ɔwɔ mma baasa a ɔde ne ɛbere nyinaa yɛ adwuma wɔ kurom nso kae sɛ: “Ná asɛm a ɛhaw me kɛse wɔ me fie a mesiesie ma emu tew no ne m’ankasa me ho so a mɛteɛ. Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma ankasa daa de teɛ me ho so.”
Adaka a ɛrekyerɛ “Da Biara Nneɛma a Ɛhyɛ Nkuran” no kura nneɛma bi a ɔyerenom fiehwɛfo bebree a wɔakyɛ hyehyɛe a aboa wɔn ma wɔatumi agyina da biara da ofie a wobesiesie ma emu atew ano no.
Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ade koro no ara kanyan wɔn. Nanso ɛdenam suban pa a wubekura mu wɔ ofie adwuma ho so no, ɛnyɛ wo fie nko na ɛbɛtew, na mmom wobɛkɔ so apɛ adwuma no pii. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn afie yiye no, bere nyinaa wonim akwan a ɛma adwuma no yɛ mmerɛw no nso.
Ma Ɛnyɛ Mmerɛw Mma Wo Ankasa Wo Ho
Mmofra a wɔatete wɔn yiye betumi ama ayɛ mmerɛw ama ɔyere fiehwɛfo denam boa a wɔbɛboa ma fie hɔ atew na ayɛ fɛ so. Ntetee a ɛte saa hwehwɛ pintinnyɛ wɔ ɔwofo no fam, nanso ewie yiye ma ɔwofo no ne abofra no nyinaa. Sɛnea Bible ka no: “Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.”—Mmeb. 29:21.
Ade ko a wode kã wo ban ho, nea wode sɛw fam ne nea wode kata wo nkongua ho nso betumi ama w’adwuma ayɛ mmerɛw, na ɛbɛma sie a wubesiesie ma ɛho atew ayɛ mmerɛw. Akado bi wɔ hɔ a wɔde twiw dan ho a wobetumi ahohoro nanso ɛbɛkɔ so ara ayɛ fɛ. Fam a ɛho nhia sɛ wɔde aduru kã so bere nyinaa nso betumi atew adwuma so. Ɔyere fiehwɛfo bi kae sɛ: “Nanso ago a ani biri tumi kyere fĩ ntɛm!” Ɔpaw nea ɛyɛ hɔ-ne-hɔ a ɛnyɛ fi ntɛm. Ansa na wobɛtɔ nkongua no, bere nyinaa ɛyɛ papa sɛ wobɛhwɛ nea etumi fĩ a wubetumi ayɛ ho adwuma a ɛnyɛ den. Ebia sika kakra a wode bɛka ho mfiase no bɛma woatumi atɔ biribi a ɛnyɛ den sɛ wobɛma ɛho atew na akyɛ nso.
Ade foforo a ebetumi ama w’adwuma ayɛ mmerɛw ne nneɛma a wobɛhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ. Nhoma How to Run Your Home se: “Akasabebu a ɛne sɛ ‘biribiara wɔ baabi a wɔde to’ no te sɛ nea atwam, nanso ɛyɛ Ahyɛde a Edi Kan, sɛ wopɛ sɛ wutumi hwɛ wo fi so yiye a.” Nneɛma a wɔde toto basabasa ho dwumadi betumi ayɛ den asen sɛ wubedi dɔte anaasɛ atɛkyɛ ho dwuma! Mpɛn pii no, sɛ wɔtow nneɛma a ɛho nhia gu na daa wosiesie fie pɛpɛɛpɛ a, emu bɛtew—mpo sɛ wɔnhohoroo ho bere tenten bi a.
Mpɔtam a afituw bebree wɔ mu mu no, nkura betumi ahaw wo. Ɔbea bi de awerɛhow kae sɛ: “Yɛsɔɔ mfiri ahorow ne awuduru ahorow nyinaa bi hwɛe, nanso biribiara antumi wɔn ankasa. Na enye koraa ma metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mifi hɔ. Afei metow awuduru ahorow no gui na minyaa agyinamoa, na mprempren yi minhuu akura wɔ asram abiɛsa mu.” Ampa, agyinamoa no ma ɛyɛɛ mmerɛw na ɛde anigye pii nso bae. Na ntɛfrɛ anaasɛ nkakraka nso ɛ? Wobetumi ayɛ ɔhaw. Nanso sɛ woamma nnuanfunu anaasɛ mporoporowa antra wo fi, na nneɛma amfoafoa so basabasa na wuyiyi nneɛma a ɛtete saa no tow gu daa a, wubetumi adi wɔn nso so. Sɛ́ wode bi bɛyɛ serew nso bɛboa, efisɛ bere a ebia wususuw sɛ woakum wɔn nyinaa no, wobɛhwɛ na baako anaa abien bi ayi wɔn ti, bere a woanya ahɔho, sɛ worebekyia wɔn.
Nanso, tebea horow sonsonoe fi ofi biako mu kɔ foforo mu. Nea ebetumi ama nneɛma ayɛ mmerɛw ama obi no bɛyɛ adesoa ama ɔfoforo. Nanso hwehwɛ akwan horow a wobɛfa so ama w’adesoa no ayɛ mmerɛw. Kakraa bi pɛ mpo a wobɛyɛ boa!
Efi Efĩ Mu kɔ Nea Ɛho Tew Mu—“Meyɛɛ Nsakrae”
Ɔbea bi a ɔwɔ mma baasa kae sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, na yɛn fi yɛ basabasa! Ɛwom sɛ na mepɛ me maame asɛm yiye de, nanso na ɔnyɛ ofiehwɛfo. Enti yɛansua sɛ yebesiesie yɛn mpa so, sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn dan mu nneɛma yiye anaasɛ yɛbɛtew yɛn fie.” Saa ntetee no kãa ɔbea yi bere a onyinii no. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no, ose: “Wɔ aware akyi no, mihui sɛ yɛ ara na me fie kɔ so yɛ fĩ, nanso meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Nea ɛsɛ sɛ meyɛ dɔɔso dodo. Ma menhome nnɛ. Mɛyɛ no akyiri yi.’” Nanso “akyiri yi” no amma na eyi de awaretɔkwaw ahorow ankasa bae.
Ogye toom sɛ: “Me kunu yɛ obi a odi ne ho ni ankasa. Na onwiinwii wɔ tebea a ɛwɔ fie hɔ no ho. Ɔka, na maka, ɔka na maka, kosi sɛ ɛdan akasakasa, na afei ofi adi.”
Awiei koraa no, biribi sakraa ɔbea yi asetra. Ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible na ɔne wɔn bɔe. Nnipa dodow no ara hu nokware a dawurubɔ krataa mu amanneɛbɔ yi a ɛbae wɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse no mu biako a wɔyɛe akyi no yɛ sɛ: “Mprempren, wɔn ahotew no reyɛ ayɛ nea wontumi nnye nni. Dapɛn a atwam ni no, Adansefo bi a wɔde wɔn ho ama hohoroo akongua biara a ɛwɔ Yankee Stadium so. Womfi hɔ Kwasida anadwo no, na efĩ nni hɔ.” Suban pa ahorow a ɛte saa nyaa ɔbea yi so tumi. Ɔka kaa ho sɛ: “Dodow ara a misuaa Yehowa Nyankopɔn ho ade no, dodow no ara na mepɛe sɛ mesɔ n’ani. Wɔ nhyiam akɛse no ase no, wɔmaa ɔkasa ahorow, wɔyeyɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow mpo na aboa yɛn ma yɛahu hia a yɛn afie mu a yɛbɛma atew ho hia. Ɛwom sɛ ɛyɛɛ yiye kakra de, nanso na me fie da so ara yɛ nea emu ntew ankasa.”
Afei nsakrae bere bae. Bere a ɔreboa ama wɔasiesie agodibea bi ma ɛhɔ atew de ayɛ ahoboa ama nhyiam kɛse bi no, ɔtee sɛ obi bisa sɛ: “Dɛn nti na moresiesie ha ma ɛha atew ansa na moayɛ nhyiam no?” Mmuae a ɔtee no kanyan no yiye: “Yɛpɛ sɛ yɛma Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no honhom ba ha; enti ɛsɛ sɛ ɛha tew!” (Fa toto Deuteronomium 23:13, 14 ho.) Afei ɔkaee n’ankasa fie a ɛhɔ yɛ fĩ no na okodii ho dwuma. Mprempren yi, bere a ne kunu ne ne mmofra baasa mmoa ka ho no, efĩ nni hɔ.
Akatua Horow a Ɛso Wɔ Mfaso
Ahotew betumi akora bere, sika so na ama yɛakwati adwennwene a ɛho nhia. Nkongua a wɔtra so ne nneɛma a wɔde sɛw fam tumi kyɛ. Bere a obi ntumi nnya nneɛma bi anaasɛ ontumi nnya ntama anaa ntadeɛ ani tew no, adwennwene betumi aba na abufuw betumi aba ntɛm. Nanso, ofi a emu tew na wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wom yɛ baabi a obi betumi anya awerɛkyekye.
“Ɛma asetra yɛ anigye pii.” “Wunnya ahonim bɔne.” “Sɛ obi bɔ me pon bere biara a, bere nyinaa metumi ama waba mu a m’ani nwu.” “M’abusua betumi anya ahotɔ.” Eyinom nso yɛ akatua horow a ɔyerenom fiehwɛfo a wɔko tia nneɛma a atwa wɔn ho ahyia wɔ wɔn mpɔtam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔn afie mu atew no aka ho asɛm.
Bere a nea wɔn afipamfo bɛka atia wɔn ne efi a wɔyɛ daa mfa wɔn ho no, ɔyerenom fiehwɛfo a wɔyɛ nsi yi nam wɔn afi a emu tew so ka no ahoɔden so sɛ: “Ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ wobɛma wo fie mu atew, a nea ɛwɔ mpɔtam hɔ mfa ho!”
[Kratafa 14 adaka]
DA BIARA NNEƐMA A ƐHYƐ NKURAN
MA WO HO AKATUA BERE A WOAWIE ADWUMA BI. Ebia wubetumi atra ase agye w’ahome simma kakraa bi anaasɛ wubetumi adi anaasɛ woanom biribi kakra. Wubetumi ayɛ eyi bere a woawie adwuma pɔtee bi wɔ w’ahotew ahosiesie dwumadi a woyɛ da biara mu no, mmom sen sɛ wubewie adwuma no nyinaa.
FA MMERE A WODE BEWIE SISI HƆ. Hu bere tenten a ɛsɛ sɛ adwuma bi gye na bɔ mmɔden sɛ wubedi wo bere so.
YƐ ADWUMA A ƐYƐ DEN KƐSE NO, ebia nea edi kan anaasɛ bere a wowɔ ahoɔden pii no.
MMA WO WERƐ MFI NEA ENTI. Ɛboa wɔ asetra mu, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw no ankasa. Wopɛ sɛ woda ɔdɔ adi kyerɛ w’abusua denam wɔn asetra mu tebea horow a wobɛma ayɛ anigye sɛnea wubetumi no so.