Apɔw-Mu-Teɛteɛ Brɛ Komayare Ase
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmarima a wɔn mfe akɔ anim kakra ho mfe kakra a atwam no daa no adi sɛ wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu ahoɔden so no ntaa nnya komayare te sɛ wɔn a wɔnteɛteɛ wɔn apɔw mu no. Adesua ahorow wɔ hɔ a ɛkyerɛ nea enti a eyi te saa, nanso adanse no nnya nnii mũ ɛ. Asɛm no awiei ne sɛ, apɔw-mu-teɛteɛ a ahoɔden wom ye ma wo.