Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
TELEVISION abɛyɛ nnipa pii asetra fã kɛse nnɛ. Wɔ United States no, ebinom bu no sɛ ɛne ade a ɛho hia titiriw wɔ fie. Wɔ China no, asi baesekre ne mfiri a wɔde pam ade ananmu sɛ ade a aba so. Wɔ Britania no, nnipa pii hwehwɛ yafunyare ahorow, emu yare ahorow ne nan ase a ɛtaatae ho aduru esiane nnɔnhwerew pii a wɔde tra television anim nti.
Wɔ wiase nyinaa no, television ɔpepem 465 wɔ hɔ a wɔhwɛ—biako ma nnipa 10 biara a wɔwɔ asase so—na ebinom wɔ hɔ a wobue no bɛyɛ nnɔnhwerew asia ne fã da koro. TV ahorow a abu so anaasɛ adɔɔso yi abɛyɛ biribi a wogyina so yɛ nhwehwɛmu ahorow pii.
Tumi a Television Wɔ
“Television wɔ tumi a etumi dan adwene a anyɛ yiye koraa no ɛte sɛnea atesɛm nkrataa ahorow wɔ no na ebetumi ayɛ nea ɛso te sɛ nkyerɛw nsɛnkyerɛnnede no ara,” saa na nkitahodi ahorow ho ɔbenfo Neil Postman ka wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no a wotintimii wɔ U.S. News and World Report mu no mu. Eyi nyɛ nea ɛyɛ nwonwa ankasa efisɛ, titiriw no, television yɛ ade a wɔde ani hwɛ. Nanso, ɛnte sɛ atesɛm nkrataa ahorow no, efisɛ sɛnea nnipa a wɔwɔ so no keka wɔn ho, nne a wɔte ne mpɛn pii mfonini ahorow fɛfɛ no ma nea ɔrehwɛ no te nka sɛ ɔwɔ beae a adeyɛ no rekɔ so no ankasa. Saa kwan yi so no, egye nea ɔrehwɛ no biribiara—nipadua, adwene ne nkate. Eyi ma nea ɔrehwɛ no adwene a ɔde bu nneɛma mu atɛn, de susuw nneɛma ho no ano brɛ ase, anaasɛ edi so nkonim mpo, na ɛma nea ɛba TV no so biara yɛ te sɛnea ɛyɛ nokware na obetumi agye atom.
Ɛda adi sɛ nneɛma ho adawurubɔfo nim tumi soronko a television wɔ yi yiye. Afe biara wɔsɛe sika ɔpepepem pii de bɔ nneɛma ho dawuru wɔ TV so a wokura adwene biako—sɛ́ wobekanyan wɔn a wɔhwɛ no ma wɔatɔ wɔn nneɛma. Sɛ nhwɛso no, dawuru ahorow a ɛte saa a wɔbɔ wɔ trɔsa ahorow a aba so ho no nka biribiara wɔ sɛnea ntama no te anaasɛ ne bo ho, na mmom wɔka tumi a ade a wɔreka ho asɛm no wɔ kyerɛ wɔn a wobetumi atɔ a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobetua bo biara a wɔde nneɛma a wɔabɔ ho dawuru wɔ TV so no bɛma wɔn no.
Ade foforo nso a ɛda adi wɔ television ho ne ma a etumi ma nsɛm du atiefo nkyɛn wɔ wiase nyinaa wɔ bere koro mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa ɔpepem 600 hwɛe wɔ TV so, na wohuu bere a onipa de ne nan resi ɔsram so nea edi kan no wɔ bere a esii no ara mu, na nnipa bɛyɛ ɔpepem 1,000 hwɛɛ Olympic Agumadi Akansi a ɛto so 20 no wɔ TV so bere a na ɛrekɔ so no.
Esiane sɛ TV dwumadibea ahorow no bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ebenya atiefo pii denam dwumadi ahorow a wɔn ani gye ho so nti, wɔba bɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ amanfo ma wɔn ani gye ho ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade. Ɛdenam wɔn dwumadi ahorow so no, dwumadibea ahorow no kyerɛ nea ɛsɛ sɛ nnipa hwɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ. Wɔkyerɛ nea ɛyɛ asetra anaa amammui mu nsɛm a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho nkɔmmɔ anaa wosusuw ho nso. Nanso, ɛsɛ sɛ wokae sɛ bere a wosi nea ɛsɛ sɛ ɛba so ho gyinae no, ɛnyɛ nea amanfo ani gye ho anaasɛ wɔn yiyedi so na wogyina kyerɛ, na mmom tumi a enya wɔ wɔn so no.
Tumi a TV Nya wɔ Mmofra So
Nhwehwɛmufo ne nnipa a wɔwɔ television adwumayɛbea pii gye tom sɛ mmofra yɛ mmerɛw titiriw wɔ nea wohu wɔ television so no ho, na wogye tom nso. Ade biako nti a eyi te saa ne bere dodow a mmofra de hwɛ TV ne wɔn adwene a wɔde si so no. Ɔbenfo Postman a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no kyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so: “TV yɛ ade a ɛba bɛyɛ biribi a mmofra ani gye ho fi bere a wɔadi asram 36 no. Efi mmofraase pɛɛ yi rekɔ no, television kɔ so ara nya wɔn so tumi.”
Ɔkwan bɛn so na ‘tumi a ɛkɔ so bere nyinaa’ yi ka mmofra? “Mitumi hu wɔn a wɔhwɛ TV kɛse no ntɛm ara,” saa na mmofra nkumaa ɔkyerɛkyerɛfo bi a wadi mfirihyia 20 ka. “Wɔne mmofra a wɔtaa suasua nnipa a wɔagye din kɛse wɔ television so no—wɔn a wohu sɛ wogyina apon so a wɔde mpepaho anaasɛ nkatanim abɔ wɔn kɔn mu te sɛ Batman no. Wotu mmirika, bobɔ wɔn ho, teɛteɛm kwa. Wɔn a wɔhwɛ no kɛse ne wɔn a mpɛn pii wontumi ntra ase dinn ntie asɛm a wɔreka bere a wɔnnyɛ nneɛma ahorow mfa nsɛe asɛm a wɔreka no bere nyinaa no. Nanso sɛ miyi mfonini ahorow bi kyerɛ wɔn a, wɔbɛtra ase dinn a wɔnnka wɔn ho ahwɛ.”
‘Hwɛ a wɔhwɛ’ no yɛ nea ɛda adi sɛ efi television hwɛ, na ɛde ɔhaw foforo brɛ mmofra—ade a wontumi nkenkan yiye. Wɔ akenkan mu no, ɛsɛ sɛ aniwa no di akɔ-ne-aba wɔ nhoma no so bere a adwene no de ntease a ɛwɔ nea wakenkan no mu no sie. Ɔbenfo, Edgar Gording a ɔne Gording Institute of Developmental Vision kwankyerɛfo no se: “Nea wɔntaa nhu ne sɛ, television hwɛ pii mma aniwa no nni akɔ-ne-aba.” (Adanse ahorow pii reda adi nso a ɛkyerɛ sɛ TV hwɛ pii kã mmofra nsusuwii, nneɛma ho a wodwen, sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ ne nsɛmfua a wɔde di dwuma nso.)
Ade foforo nso a anibere wom kɛse a efi television a mmofra hwɛ mu ba ni. Nneyɛe bɔne ahorow a ɛkɔ so wɔ mpanyimfo mu no—awaresɛe, awaregu, mmarima a wɔne wɔn ho da, mogyafra, ɔporɔw, atirimmɔdenne, basabasayɛ, ne nea ɛkeka ho—yɛ nea wɔda ne nyinaa adi kyerɛ mmofra denam television so. Nea afi mu aba? Nni a abofra nni baabi bio.
Na Mpanyimfo Nso Ɛ?
Wɔ nnipa a wɔwɔ bi no pii fam no, TV hwɛ yɛ nea wɔde gye wɔn ahome, nea eye na ɛte sɛnea asɛm biara nni ho. Nanso, efi 1970 mfe no mfinimfini mu hɔ no, wɔaka nsɛm ahorow pii, atintim nhoma ahorow afa nkɛntɛnso bɔne a TV nya, titiriw nea ɛfa basabasayɛ ho no ho. Ɛwom sɛ dwumadibea ahorow no afa akwan horow bi so atwa basabasayɛ ahorow a ɛwɔ TV dwumadi ahorow mu no so de, nanso ɛdan fii nsɛmmɔnedi so kɔɔ ɔbrasɛe so. “Mobrɛ basabasayɛ ase na moma ɔbrasɛe so,” saa na nsɛm ho amanneɛbɔ ho nhwehwɛmufo bi ka. Na dwumadibea bi akwankyerɛfo kuw no muni biako gye tom sɛ: “Esiane dwumadi no ho nhyehyɛe a wɔde frafra nnɛ no nti, ɔbarima ne ɔbea nna asi basabasayɛ ananmu.”
Nanso, dwumadibea ahorow no yi wɔn ho ano wɔ wɔn gyinabea no ho denam ka a wɔka sɛ, “wɔn a wɔhwɛ no ano yɛ ntanta no” so, efisɛ nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛ kɔ so ara kyerɛ sɛ dwumadi ahorow a aguamansɛm ne adɔkɔdɔkɔsɛm wom, te sɛ nea wɔde ba dwumadi ahorow ahorow binom mu no ka nea wɔn ani gye ho kɛse no ho. Wɔkyerɛ sɛ nea amanfo pɛ ara kwa na wɔde rema wɔn.
Ɛnyɛ anigyede ahorow a ɛba TV so nko na ɛtaa yɛ nea asɛm wɔ ho na mmom nneɛma ahorow a ɛtɔ sin wom no nso ma ɛyɛ amanneɛbɔ fibea a enni mu. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ kyerɛ nko na TV kyerɛ wo bere a ɛsɛ sɛ wutie anwummere nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow na mmom ɛsɛ sɛ wohwɛ ne nyinaa ansa na wo nsa aka nsɛm pɔtee bi a wopɛ sɛ wutie, sɛ ebia wim tebea. Wɔ ɔkwan foforo so no, wubetumi afa nhoma, nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa ahorow akenkan no bere biara a wopɛ, abuebue mu ahwɛ, apaw nneɛma ahorow sɛnea wopɛ.
Nea Wɔde Si Ananmu
The Daily Yomiuri a wotintim wɔ Japan no bɔɔ amanneɛ sɛ mmusua ahorow 42 a wɔwɔ kurow Kobe mu de wɔn ho hyɛɛ dwumadi nhyehyɛe titiriw bi a ɛbɛma wɔatwe wɔn ho afi TV so dwumadi ahorow bebrebe hwɛ mu. Ɛkame ayɛ sɛ mmusua a wɔwɔ Kobe no de nnɔnhwerew anan hwɛ TV da biara. Nanso wɔ ɔsram biako mu no saa mmusua horow yi, efi nnipa a wɔaware foforo a wɔadi mfirihyia 20 rekɔ so kosi nkwakora ne mmerewa so too wɔn TV ahorow mu de hwɛɛ sɛnea asetra a TV nim te. Dɛn na wohui?
Mfiase no, wohui sɛ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi ho no nyɛ nea ɛyɛ mmerɛw. Abusua biako antumi antra ase da koro a wɔnhwɛɛ TV. Ankyɛ na mmusua afoforo baanan nso gyaee mu na wofii dwumadi no mu. Wɔn a wɔkae no nso ɛ? Tie nea amanneɛbɔ no ka:
“Nkurɔfo de anigye kaa sɛnea asomdwoe asan aba wɔn afi mu ne sɛ wotumi da na wɔsɔre ntɛm, wotumi kenkan ade pii, ne sɛ wɔwɔ adwene a emu da hɔ no ho asɛm.
“Ɛna biako kae sɛ mprempren ɔne ne kunu ne wɔn mma no bɔ nkɔmmɔ wɔ anigye mu, ade a na ɛho yɛ den bere a na TV ne wɔn nkɔmmɔbɔfo titiriw anwummere no.
“Afoforo kae sɛ wɔn mma a wɔmfa wɔn nsateaa nyɛ biribiara wɔ fie no ankasa siesie wɔn mpa mprempren na wɔboa hohoro nneɛma mu.”
Ɛte sɛnea nnipa a wɔwɔ TV no pii su resesa wɔ ho. Wɔ bere bi a atwam mu no, wɔn mu pii buu no sɛ ɛyɛ nea nyansa nnim anaasɛ ɛyɛ mmɔbɔ mpo sɛ wobɛtra ase a wunni TV. Mprempren wɔtaa ka sɛ wɔn yam a anka wɔwɔ tumi a efi ɔpɛ mu anaasɛ ahoɔden a wɔde bɛtra ase a wɔnhwɛ TV, anaasɛ anyɛ yiye koraa no wobetumi adi wɔn TV hwɛ no so wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ebia ɛbɛyɛ nea wosi so dua kyerɛ wo sɛ mmɔden biara a ɛho hia sɛ wobɔ mprempren no yɛ nea wubenya so mfaso a ɛfata.
[Kratafa 22 mfoni]
Esiane sɛ TV a wɔtaa hwɛ no pii mma aniwu no nni akɔ-ne-aba nti, esiw akenkan kwan—saa na abenfo ka