Anomaa A Ɔpaw Afiasenna
Mmeae a ɛhɔ yɛ hyew wɔ Asia ne Afrika ne akyenkyena fie. Ɛte sɛnea ebia saa anomaa tuntum yi ano a ɛsõ no dɛn no. Na bere a wɔasiw ɔbea no ano wɔ dua tokuru bi mu na aka tokuru ketewaa bi a ɔde n’ano nkutoo bɛfa mu no, ɛnyɛ dɛn ara a obi bɛka sɛ biribi atõto.
Na, nea aniwa hu betumi ayɛ nnaadaa. Bere a ntokuru ahorow pii a ɔhome fam wɔ ho no, ano a ɛte sɛnea ɛsõ dodo yi yɛ nea emu yɛ hare na eye ma akyenkyena. Bere a wasi dubãa a ɛyɛ den sɛnea ɛsɛ a ɛremmu so no, akyenkyena de n’ano tenten no sosɔw nnuaba.
Wɔ adapɛn kakraa mu no, akyenkyena abusua horow no mu mmea pii da tokuru mu ma mmarima no na ɛde aduan brɛ wɔn. Anyɛ yiye koraa no wɔ abusua no biako mu no, mmea no de dɔte, nwura ne aduan ase mporoporowa a wɔde afra siw tokuru no, na ɛyɛ mmarima no asɛyɛde sɛ wɔde dɔte a wohia no bɛba.
Ɛnsɛ sɛ wɔhaw ɔbea a ɔhyɛ tokuru no mu a ɔda ne nkesua so no. Bere a wasiw tokuru no ma aka ketewaa bi no, ne ntakra a ɛwɔ ne dua ase ne ne ntaban no tutu na ɛmma ontumi ntu kosi sɛ ɛbɛsan afuw. Enti to a ɔde ne ho to afiase no bɔ ne ho ban.
Ɔbarima no yɛ nea onni adagyew koraa a ɔrehwɛ ne hokafo no ne ne mma. Wɔ bɛyɛ dɔnhwerew biako biara ntam no ebia ɔbɛkɔ berebuw no ho mpɛn aduonu akɔma no aduan. Bere a mma a wahuane wɔn no tumi didi kɛse ma enti ne nkutoo ntumi mma wɔn aduan no, wɔn nã a afei de ne ho afuw no fi tokuru no mu na ofi ase boa ne hokafo no ma wɔma wɔn mma no aduan.
Nkyenkyena mma no siw tokuru a wɔn nã afa mu ma ano ayɛ kɛse no. Nanso bere a bere kɔ so no, ebia apereperedi bi a ɛyɛ anigye bɛsɔre. Ebia na nnomaa mma no bi anyinyin a wɔpɛ sɛ wofi adi bere a ebia afoforo nnyinnyinii. Enti bere a nnomaa mma no biako fi ase bubu ɔfasu no, na ɔfoforo nso resiesie no.
Ampa, nneɛma a wɔhwɛ no yiye ne nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ da no adi sɛ mmoa nipadua ne wɔn su ahorow a ɛte sɛnea ɛyɛ nwonwa no di atirimpɔw pa ho dwuma. Nkyenkyena ne wɔn ano atenten ne wɔn berebuw ho adwumayɛ a ɛda nsow no nso ka ho.