Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 1/8 kr. 12-15
  • Saa Akyɛde A Ɛyɛ Nwonwa No—Wo Nne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Saa Akyɛde A Ɛyɛ Nwonwa No—Wo Nne
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nam Hatahata no a Wɔde Home
  • Anofafa ne Tɛkrɛma No
  • Sɛnea Nnyigyei Ba
  • Ɛnne Su
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Wɔka Ma Emu Da Hɔ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • ‘Nkwaa a Ɛbom Yɛ Adwuma Ma Ɛyɛ Anigye’
    Nyan!—1997
  • Ayaresa Ma Adwene Ne Nipadua
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 1/8 kr. 12-15

Saa Akyɛde A Ɛyɛ Nwonwa No​—Wo Nne

‘NNEƐMA a wɔahyehyɛ wɔ wo ɔhome nkwaadɔm mu no ne nneɛma atitiriw a ɛwɔ mfiri a wode bɔ nnwom pii mu no. Nam hatahata a ɛwɔ wo mu no te sɛ akyene anim a egyigye no. Wo menewam ntini ahorow a ehinhim bere a wokasa anaa woto dwom no te sɛ sanku nhama ahorow. Wo ɔhome nkwaadɔm a nea ɛwom ne mframa a efi w’ahrawa mu fa wo dwɛɛdwɛɛwa, wo menasepɔ, wo hwene, wo se ne w’anom no na ɛma nnyigyei a ɛte sɛ mfiri a wɔde bɔ nnwom te sɛ torobɛnto nnyigyei ba no. Nnwontofokuw hyɛ wo nipadua mu.’

Yɛn nne ho ɔkyerɛkyerɛfo no de ne ne a egyigye dɛdɛɛdɛ no ka ne nsɛm a emu da hɔ yiye no kyerɛ yɛn bere nyinaa. ‘Fa no sɛ wo nne yɛ afiri a wode bɔ nnwom a ɛso bi mmae da, bere a yɛhwehwɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wɔde yɛe no mu binom mu no.’ Ɔde ne nsa kyerɛ mfonini kɛse bi a ɛtare ɔfasu no ho no so.

Mfe nnompe a ɛte sɛ birebuw no na ɛbɔ ahrawa abien a ɛte sɛ sapɔw no ho ban. Nam hatahata a ɛwɔ ase a apuw aba soro no mma ɛnka ɔyafunu no. ‘Nam hatahata no.’ Ɔtwe mframa pii kɔ ne mu na ɔde ne nsateaa a ayɛ kyenkyenenn no miamia ne nipadua no mfinimfini. ‘Tie,’ ogyae mframa a ɛwɔ ne mu no mu. “Tie sɛ nam hatahata a ɛwɔ wo mu no mu retrɛw bere a wotwe mframa pii kɔ wo mu no. Ɛho hia sɛ wuhu faako a nam hatahata a ɛwɔ wo mu no wɔ ne dekode a ɛyɛ.’

Yesua sɛ, sɛ yɛhome a, nam hatahata a ɛwɔ yɛn mu no ba fam na ɛyɛ tratraa. Wɔ bere koro no ara mu no, nam a ɛwɔ yɛn mfe nnompe no ntam no bue mfe nnompe buw no kɔ n’anim ne n’akyi. Mframa a ɛwɔ yɛn ahrawa mu no ahoɔden no ano brɛ ase. Mframa bɔ wura mu. Yɛatwe mframa akɔ yɛn mu.

Afei nam hatahata no mu gow. Nkwaa ahorow a ɛwɔ ase no ma ne ho so. Mfe nnompe no mu nam no mu gow. Mfe nnompe no ka kɔ mu. Emia ahrawa no. Mframa pue fi mu ahoɔden so. Yɛagyae mfama mu.

Ɔkwan bɛn so na mframa a yegyae mu no ma nne nnyigyei ahorow ba?

Yɛn ɔkyerɛkyerɛfo no se, ‘Sɛ oduruyɛfo no de n’ahwehwɛ a ɔde hwɛ nneɛma no hwɛ w’anom a, ohu biribi a ɛte sɛ ahinasa wɔ wo menewa mu tɔnn. N’afã abien bɛn ntini ahorow bi a atew ne ho a wɔfrɛ no menewa mu ntini no ho. Ehinhim bere a wohome no. Nnyigyei ahorow a ɛma ɛba no ne wo nne. Saa ade a ɛyɛ ahinasa yi ne wo menasepɔ.’

Sɛnea yɛn mu biara menewa mu ntini tenten ne ne trɛw te no ka ho na ama ɛsono obiara nne no. Emu tumi bue ma nne mu nsakrae ahorow. Sɛnea nne no gyigye no gyina sɛnea yɛma ehinhim kɛse no so. Yɛkasa na yɛhome a ennye mmɔdenbɔ kɛse biara wɔ yɛn fam. Nanso bere a yɛkɔ so te “tokuro” yi a wɔayɛ ma ɛyɛ nwonwa yi ase kɛse ne sɛnea ɔhome nkwaadɔm no nyinaa boa no no, yebetumi de yɛn nne adi dwuma yiye wɔ ɔkwan a ɛsɛ so.

Sɛ wotie wo nne a, ɛyɛ nea ɛyɛ dɛ? Egyigye? Ano yɛ den? Wutumi dannan no? Sɛ biribi atɔ sin wɔ ho anaa ɛho akã esiane ade titiriw bi a ennye wɔ ho nti a, ebia ɛdenam mmɔdenbɔ so no wubetumi ama ayɛ dɛ.

Nam Hatahata no a Wɔde Home

“Nne ho nhyehyɛe pa” hwehwɛ sɛ wɔtwe adwene si ɔhome nkwaadɔm no nyinaa so. Nanso momma yɛmfa adwuma a nam hatahata no yɛ no mfi ase. Wɔ sɛnea home a yɛhome no te mu no, yɛtwe mframa kakra kɔ yɛn mu, mframa a ɛbɛyɛ sɛ nea ɛwɔ ahrawa no mu no nkyem awotwe mu biako. Yɛbɛyɛ dɛn de nea aka wɔ mu no ayɛ adwuma?

Wiɛ, ɛsɛ sɛ yɛma edu ase ankasa. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwe mframa kɔ yɛn mu ma edu yɛn ahrawa no ase. Ahrawa no afã horow a ɛsosoe no mu trɛw wɔ mfẽ nnompe no ase. Sen a wobɛsen wo koko ne ma a wobɛma wo mmati so no ntumi nyɛ pii wɔ twe a wotwe mframa pii kɔ wo mu no mu. Twe a yɛbɛtwe mframa pii akɔ yɛn mu no kyerɛ sɛ yebehu sɛ nipadua no mfinimfini puw ba soro nea edi kan, bere a yɛn koko no mu trɛw ka ho ara kwa no. Ɛno ne nam hatahata ahome no. Eyi ma mframa no kwan ma edu ahrawa no ase na ɛtra hɔ sɛ mframa a yebehia akyiri yi de ahome, na eyi ma ba a mframa ba mu no ne san a ɛsan fi adi no yɛ mmerɛw. Esiane sɛ mframa no bi aka wɔ hɔ nti, ɛma nam hatahata no tumi kɔ soro ba fam. Mframa a ɛwɔ mu no ma ɛyɛ mmerɛw ma nipadua no fã a ɛwɔ soro no nyinaa sɛ ɛbɛma ne ho so. Nanso sɛ ebetumi akɔ so ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yegyina hɔ sɛnea ɛsɛ. Ebia gyina a yebegyina hɔ sɛnea ɛsɛ no hwehwɛ sɛ yebesuasua saa yɛ.

Wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Effective Speaking no mu no, Bernice Loren ka sɛ, “Si wo ti ase na ma so ma enkosi faako a wo ti dompe no ne w’akyi dompe no hyia no so saa mpɛn awotwe. Afei ma ɛnkɔ n’anim bio mfi faako a mmati dompe no wɔ no; afei ma wo ti ne wo mfe nnompe no ntra wo asen so; kuntun wo mu na ma wo mu so saa mpɛn pii; kuntun hɔ; afei ma wo mu so brɛoo fi wo nnanweaa, afei wo nankroma, afei fa fi wo serɛ kosi sɛ wubegyina hɔ koraa, na ma w’akyi nnompe no nyinaa nka nsi so.

Ɔkwan pa a eye sen biara a wobɛfa so ama w’abogye ne w’anim nam no mu agow ne sɛ wubefi wo pɛ mu aserew. Gow wo tɛkrɛma mu na ma n’akyi nna hɔ. Fa no sɛ wo tɛkrɛma tõa nam hatahata no so. Eyi mma w’abogye, wo kɔn ne wo mmati mu nyere.

Anofafa ne Tɛkrɛma No

Asɛntitiriw bi a ɛfa tɛkrɛma no ho ni. Ɛno ne ade a edi dwuma kɛse wɔ ɔkasa mu. Ɛyɛ nam nkutoo. Wubetumi adannan no akɔ baabiara na wubetumi adannan no ma ne kɛse asesa. Wubetumi adannan no ma abɔ ɛnne nnyigyei nkyerɛwee biara din na wubetumi de abɔ anom nnyigyei nkyerɛwee no mu dodow a ɛboro fã din.

Nanso eyi nkyerɛ sɛ anofafa no yɛ kyenkyenenn a entumi nkeka ne ho te sɛ dabodabo ano. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wutumi dannan anofafa a ɛwɔ soro no bere nyinaa ma etumi pompono ne ho, ɛyɛ krukruwaa, ɛtrɛw ne ho mu, afei etumi puw ba n’anim na afei etumi ka kɔ mu. Anofafa a wɔdannan no no boa ma wotumi bɔ ɛnne nnyigyei nkyerɛwee no mu pii din. Anofafa no yɛ “torobɛnto ano” na ɛno na ɛma wotumi bɔ anom nnyigyei nkyerɛwee pii din wie. Ɛsɛ sɛ ɛno nso mu gow na ɛyɛ fakãa.

Sɛnea Nnyigyei Ba

Bere a yɛagyina hɔ sɛnea ɛsɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensiw mframa a yɛtwe kɔ nam hatahata no mu tɔnn no kwan no, momma yɛnyɛ nhwehwɛmu mu nhu sɛ yɛnyɛ biribiara wɔ ɔkwan biara so mfa nsiw yɛn nne nnyigyei no kwan. Yɛde yɛn ‘nam hatahata a ɛwɔ yɛn mu no di dwuma de home.’ Yɛagow yɛn abogye, yɛn kɔn ne yɛn mmati mu koraa. Yefi ase ma mframa a ɛwɔ yɛn mu no fi adi, yɛyɛ hhhhhhhh nnyigyei na afei yɛde mmmm nnyigyei ka ho. Fa no sɛ hhhmmm no refa menewa no mu atwam wɔ yɛn ano soro akɔ ɛhwene no mu. Yɛde yɛn nsateaa ano hu nnyigyei no wɔ dompe a ɛwɔ nufu ne yɛn mmati ntam no mu, ne afei yɛn menewa ne yɛn hwene mu. Yɛrema ɛnne no agyigye.

Sɛnea yɛn nne ho ɔkyerɛkyerɛfo no’ hinhim ne nne de yɛ mfatoho no, ‘Ɛnne a ɛyɛ dɛ kyerɛ ɛnne ho nhyehyɛe pa wɔ nipadua no afã horow nyinaa a ɛma yɛkasa no mu. Nipadua no wura yɛ ade a nam hatahata no yɛ no ho mfonini te sɛ nea ɛka nam a ɛwɔ n’anim no ho a biribiara nni ntam.’

Ebia yɛn nne nkwaadɔm no kura nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ mfiri a wɔde bɔ nnwom ho no bi. Nanso adwinnade biara a onipa ayɛ no yɛ adwini a obi na odii. So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw sɛ yenyaa yɛn nne ara kwa a ɛnyɛ obi na ɔyɛe? “Hena na ɔyɛɛ onipa ano?” Saa na bere bi Yehowa bisaa ɔbarima bi, na afei ɔmaa mmuae sɛ, “Ɛyɛ Me.” Yɛn nne ne tumi a yɛde di nkitaho denam ɔkasa so no yɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn hɔ ampa. (Exodus 4:11)​—Nea wɔkyerɛw mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Ɔkwan biako a wobɛfa so atie nea wo ankasa woko ne sɛ wubegyina ɔdan twee so akasa, bere a wode wo nsa osisiw w’aso no. Afiri a wɔkyere ɔkasa gu so bɛyɛ nea eye mpo

[Box/Pictures on page 14]

WUBETUMI AMA WO NNE AYƐ DƐ

Ma gyina a wubegyina hɔ sɛnea ɛsɛ nyɛ wo su

Twe mframa kɔ wahrawa no fã a ɛwɔ fam no mu ansa. Nsen wo koko ara kwa

Sua sɛnea wode nam hatahata no bedi dwuma ahome

Gow w’abogye, wo kɔn ne wo mmati mu

Gow wo tɛkrɛma mu na ma akyi nna hɔ. Ɛsɛ sɛ wugow anofafa no mu na woma ɛyɛ bɛtɛɛ

Sua sɛnea wode wo tɛkrɛma ne w’anofafa bedi dwuma

[Kratafa 15 adaka]

“Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔko papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, no ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene! Tie! w’awɛmfo bom ma wɔn nne so to dwom; efisɛ wɔn ani tua [Yehowa] sɛ ɔresan aba Sion. Yerusalem amamfõ, mommom nto anigye dwom, na [Yehowa] akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem. [Yehowa] ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.”​—Yesaia 52:7-10.

[Kratafa 12 mfoni]

AHRAWA

NAM HATAHATA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena