Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 2/8 kr. 29-31
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Su Horow a Eye​—Dɛn Nti na Ɛho Hia Kɛse?
  • Su Ahorow A Eye a Wubenya
  • Su Horow a Eye a Wode Bedi Dwuma
  • Su Pa Wɔ Asɛnka Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 2/8 kr. 29-31

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye

MMEA sumsum afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi wɔn anim kan bere a wɔde ahopere rekɔhyɛn aguadidan mu akodi nneɛma ano no. Mmarima gyina afoforo anim siw wɔn kwan bere a wɔrehyɛn afiri bi a ɛte sɛ ɔdan a wɔde foro abansoro mu no. Mmofra sunsum wɔn a wɔanyin ne wɔn a wonni ahoɔden bere a wɔnam mmɔron so no. Ebia woahu su ahorow a ennye a ɛtete sɛɛ a wɔda no adi no.

Asɛm bi a ɛwɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu no kae bere bi sɛ: “Da biara da asetra mu nhyɛso ahorow ama su horow a eye biara a anka mpanyimfo pii wɔ no ayera: nnipadɔm, dede, atirimɔdensɛm kɛse a wodi wɔ asetra mu, wɔ sini mu, wɔ nhoma mu . . . [Eyinom] asɛe [su horow a eye].” Su horow a eye yi a ne nyinaa asɛe yi yɛ nea wohu no kɛse wɔ nkurow akɛse mu. Sɛ nhwɛso no, wɔafrɛ akwan nketewa a ɛwɔ New York City no sɛ, “Su Horow a Eye a Enni Hɔ Ho Asiane ne Aseresɛm.” Ɛte sɛ nea sum a wosum nkurɔfo ne pia a wopiapia wɔn no abɛyɛ akwan nketewa a ɛwɔ nkurow akɛse mu so “ɔpɔw” ho mmara a wɔnkyerɛw no fã.

Nea ɛyɛ anigye no, ɛte sɛ nea mmofra binom de adwempa susuw ɔhaw yi ho. Wɔ nokwarem no, wɔn a wonni mfe aduonu ho nsɛmma nhoma bi a agye din ka nsɛm bi a ɔkyerɛwfo no frɛ ne ho sɛ “Awuraa a Ɔwɔ Su Horow a Eye.” Nanso ebia woabisa wo ho sɛ, so mfaso wɔ su horow a eye a mɛhaw me ho sɛ menya no so. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na su horow a eye a mɛma anya nkɔso no ho bɛba me mfaso? Dɛn na ɛwɔ “mesrɛ wo” ne “meda wo ase” a mɛka no mu?

Su Horow a Eye​—Dɛn Nti na Ɛho Hia Kɛse?

Wɔka asɛm bi sɛ, “Nneɛma nketenkete kyerɛ pii.” Su horow a eye te sɛ nkyene, gyeene ne asikre. Ɛwom sɛ yɛde nneɛma yi kakraa bi to yɛn aduan mu de, nanso ɛho hia kɛse ma yɛn akwahosan. Saa ara nso na ebia wo maame de nkyene kakraa bi bɛto w’aduan a wopɛ no yiye mu bere a ɔrenoa no. Nanso saa “nneɛma nketenkete” yi na ɛma n’aduan a ɔrenoa no yɛ dɛ. Su horow a eye te sɛ ngo a wɔde gugu afiri mu na ɛma ɛyɛ adwuma yiye no.

Enti su horow a eye ka “nneɛma nketenkete” a ɛma asetra yɛ anigye no ho. Susuw ho kakra: So w’ani nnye, bere a wo ne obi a oyi su horow a eye adi wɔ hɔ no? So wo bo mfuw, sɛ obi mmu ade anaa onsusuw afoforo ho a? Sɛ saa a, ɛnde kae mmara pa a agye din no, ɛne sɛ, “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”​—Mateo 7:12.

Nanso mfaso afoforo a eye wɔ su horow a eye a woyi adi no so. Sɛ nhwɛso no, ebia na w’ani gye ho sɛ wubenya adwuma ayɛ. Nhoma a wɔfrɛ no Your Working Life: A Guide to Getting and Holding a Job bobɔ nneɛma pii a ɛbɛboa wo ma adwumawura ani agye wo ho no din. Nea ɛka eyinom ho ne ɔpɔw, ahosiesie pa ne obu. So w’ani gye ho sɛ daakye bi wubenya aware mu ɔhokafo a ɔfata? Wɔ nhwehwɛmu biako mu no, wobisaa mmarimaa a wonnii mfe aduonu sɛ su horow a mmea wɔ bɛn na wɔn ani gye ho? Nea wɔn ani gyee ho kɛse ne “afoforo ho a wosusuw.” Wɔ nhwehwɛmu foforo mu no, wobisaa wɔnka “okunu pa” ho asɛm. Nea ɛyɛ nwonwa no, mmeawa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 30 pɛ na wosusuw sɛ ahoɔfɛ ho hia. Nea ehia wɔn kɛse ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔn daakye kununom yɛ wɔn a wosusuw afoforo ho.

Esiane eyi nyinaa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Amy Vanderbilt kae wɔ ne nhoma a agye din a ɛfa ɔpɔw ho no mu sɛ: “Obi a ɔyɛ ɔkwasea pii anaa onim nyansa dodo nkutoo na obetumi abu n’ani agu anuonyanne so a ɛmfa ne ho, na eyi mu biara remma ɔnyɛ ɔhokafo pa.”

Su Ahorow A Eye a Wubenya

Wobɛyɛ dɛn anya su ahorow a eye? So wubenya eyi denam nnɔnhwerew pii a wɔde bɛkenkan nhoma ahorow a ɛfa ɔpɔw ho no so? Anaa ɛdenam mmara horow pii a enni awiei a wubesua agu wo tirim so? Ɛho nhia saa, ɛwom sɛ yegye tom sɛ nhoma ne mmara horow a ɛfa ɔpɔw ho tumi boa de. Ne titiriw no, su horow a eye a wubeyi adi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wudi Kristofo nnyinasosɛm ahorow so. Enti ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ, “monhyɛ Awurade Yesu Kristo no,” anaa sɛnea ase hɔ asɛm a ɛwɔ New World Translation (1960 de) mu kyerɛ nkyekyem yi ase no, ese “munsuasua Awurade su ahorow no.” (Romafo 13:14) Na Kristo susuw afoforo nkate ne ahiade ahorow ho. (Fa toto Mateo 15:32 ho.) Ɔkyerɛɛ afoforo mmɔdenbɔ ho anisɔ. (Marko 14:3-9) Esiane sɛ na “odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu” nti, nkurɔfo buu ayɔnkofa a wɔne no nyae no sɛ ɛyɛ osuahu a ɛma ‘akomatɔyam.’​—Mateo 11:28-30.

Wo nso, wubetumi anya Kristo su a ɛne susuw a wubesusuw afoforo ho a pɛsɛmenkominya nni mu no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Kristo asetra kwan ho ade a wobɛkenkan na woasusuw ho no so. Wɔntaa nkasa ntia obi a ɔde Kristo nkyerɛkyerɛ di dwuma esiane sɛ wanna su horow a eye adi nti.

Nanso wɔ tebea horow bi mu no, wɔhwɛ kwan sɛ wubedi abrabɔ ho mmara pɔtee bi so. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo de akwankyerɛ pɔtee bi maa aberantewaa Timoteo na ama ‘wahu sɛnea ɛsɛ sɛ obu ne bra wɔ Onyankopɔn fi.’ (1 Timoteo 3:15) W’awofo betumi de ahyɛde ahorow a ɛte saa ara ama wo.

Afei, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wohu no saa. Abofra Jordy nwiinwii sɛ: “M’awofo susuw sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ade sɛnea wɔyɛ no. Wɔka sɛ, ‘Bu bra pa, bu bra pa,’ na meka sɛ, ‘Ɛmfa me ho, mereyɛ m’ade sɛnea mepɛ.’” Nanso yɛrentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa no. Mpɛn pii awofo hu eyi na wɔn ho pere wɔn sɛ wubenya su horow a eye. Ɛno nti na ebia wɔhwehwɛ nneɛma bi fi wo hɔ no.

Sɛ nhwɛso no, ebia na wɔhwehwɛ sɛ wudi wo dan mu ni. (Nea ɛyɛ awerɛhow no, awofo binom reyɛ apa abaw wɔ eyi ho, te sɛ obiako a ɔkae sɛ, “Obetumi ayɛ ne dan mu sɛnea ɔpɛ biara, ɔno na ɔbɛtra mu” no.) Awofo a wosusuw ade ho nim sɛ wo dan kyerɛ sɛnea wo te. Dɛn na afoforo besusuw wɔ wo ho, sɛ woto nsa frɛ wɔn ba wo dan a emu ayɛ fĩ anaa wo ntade gugu mu basaa no mu a? W’awofo nso nim sɛ daakye bi wubenya w’ankasa fi a ɛsɛ sɛ wohwɛ so. Wobɛhwɛ so dɛn? Enti w’awofo akwankyerɛ wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho a wubetie no yɛ ade pa wɔ sua a wubesua su horow a eye ho.

Su Horow a Eye a Wode Bedi Dwuma

Afei ma yensusuw tebea horow kakraa bi ho. So wototow nwura gu fam basabasa anaa wotwɛn kosi sɛ wubetumi de agu ade a ɛfata sɛ wode gu mu mu? Pii te nka sɛ nwura kakraa bi a wɔbɛtow agu fam no nsɛe hwee. Nanso hwɛ nea ɛreba nkurow, asubɔnten ahorow, mmeae horow a wodi agoru ne mmeae horow a wɔkɔ pikinik so! Nwura ne efĩ wɔ baabiara. Bisa wo ho sɛ, ‘So m’ani gye ho sɛ mɛkɔ akɔsra mmeae horow a nnipa a wonsusuw ade ho na wonni suban pa asɛe hɔ no?’

Ɛtɔ bere bi a, mmofra de wɔn ho hyɛ ade foforo bi a ɛyɛ fĩ mu​—wɔka kasafĩ. Ɛte sɛ nea mmofra binom ani gye kasafĩ a wɔka ho. Na saa ɛmfa-me ho honhom yi betumi asan wo, sɛ woanhwɛ yiye a. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ woma nnipa a wonni suban pa kwan ma wɔdaadaa wo. Mmom no, wubetumi de afotu a efi Bible no mu adi dwuma: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mfi mo anom.”​—Efesofo 4:29.

Afirikã nso ɛ? Sɛ ebia wote baesekre so anaasɛ woreka mo abusua no kar a, suban pa a wubeyi no adi wɔ lɔre kwan so ho hia. Ɛnyɛ abufuw nko na kwan no a wo nkutoo begye afa no yɛ afoforo, na mmom ɛyɛ nea asiane wom nso. Lɔre a wɔde tu mmirika a boasetɔ nni mu nso yɛ nea asiane wom. Asɛm bi a wotintimii wɔ Grit mu wɔ bere bi a atwam no kaee mmofra sɛ, “kar a ɛhwe ase ne ade titiriw a ekum nnipa a wɔadi mfe 15 kosi 24 no.” Na mpɛn pii no, dɛn na ɛde asehwe ahorow a ɛte sɛɛ ba? Asɛm no kɔɔ so sɛ, “Wɔkyeree mmofra a wonni mfe aduonu pii wɔ lɔre a wɔde tu mmirika dodo ho sen afirikã ho mmara foforo biara.” Enti di afirikã ho mmara ahorow so na kwati w’ankasa ne afoforo nkwa a wode bɛto asiane mu no.

Adidi bere nso ma wunya hokwan ahorow a ɛbɛma woayi su horow a eye adi akyerɛ. Mmofra binom fi ase didi ansa na wɔabɔ mpae. Afoforo nso de adifudepɛ di nea ɛboro aduan a ɛfata sɛ wonya no so. Enti bere a ɛyɛ papa sɛ mobɛka osuahu ahorow no, so ɛyɛ nea ɛfata sɛ wo nkutoo wobɛkasa asen obiara, ne titiriw bere a mpanyimfo wɔ hɔ no?

Ebia saa nyansahyɛ ahorow yi bɛboa. Ampa, ɛtɔ bere bi a bere a w’ani nna wo ho so no ebia wobɛka biribi anaa wobɛyɛ biribi a ɛbɛma wɔafom afoforo. Nanso wubetumi akwati tebea bi a enye a wobɛma emu ayɛ den denam hu a wubehu sɛnea wobɛpa kyɛw no so. Kae nea ebetumi akanyan obi ma wayi su horow a eye adi ankasa​—Kristofo dɔ. Wɔ bere a ɛte sɛ nea biribiara ntumi nyɛ yiye mu mpo no, Kristofo “dɔ to ntwa da.”​—1 Korintofo 13:4-8.

[Kratafa 30 mfoni]

Nea ɛka su horow a eye ho ne sɛ wobɛboa afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena