Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 2/8 kr. 24-28
  • “Ampa, Ɛsɛ Sɛ Miwu!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ampa, Ɛsɛ Sɛ Miwu!”
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔfaa Yɛn Nnommum!
  • Ná Yebetumi Awu Wɔ Bere Biara Mu​—Nanso Dɛn Ntia?
  • “Ampa, Ɛsɛ Sɛ Miwu!”
  • Me Bɔhyɛ So a Midii
  • Ɛyɛ Me Anigye Pii Sɛ Mete Nkwa Mu!
    Nyan!—1982
  • Yehowa Wowaw Wɔ Anwheatam So Afiase Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mede Aseda Ma Yehowa Wɔ Me Haw Nyinaa Akyi—Sɛnea Bible no Boaa Me ma Migyinae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ɔdɔ a Medii Kan Nyae no Aboa Me Ma Makɔ So Asom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 2/8 kr. 24-28

“Ampa, Ɛsɛ Sɛ Miwu!”

Obi a Onyaa Nkwa wɔ Atuo a Wɔde Koe wɔ Iran Aban Nanmusifo Dwumadibea no Mu Ka N’asɛm

“MUMFI ADI! MUMFI ADI! Yɛtee SASa mmarima a wɔde ade tuntum akatakata wɔn ti no nteɛm wɔ ɔdan a na ɛrehyew no mu. Wɔkɔɔ so ara teɛɛm sɛ “mumfi! mumfi!” bere a na yɛnenam ɔdan a emu aduru sum a anka ɛyɛ yɛn afiase no tutuw ne wusiw mu na yɛresian atrapoe no afa ɔdan a abubu no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn nkwa no. Esiane sɛ ɔtopae nketewa ne mmoba a wɔtotowee ho hua a ano yɛ den ama yɛn menewa mu asisiw na yɛn aniwa mu refi nsu nti, wopiapiaa yɛn faa ɔpon a na ɛda ahemmɔfo dwumadibea no akyi no mu na wɔde yɛn koguu turo no mu.

Mekae sɛnea na yɛn ani so ayɛ krakra wɔ saa bere no mu no yiye. Bere a merepirepirew wɔ sare no so no, m’anigye no dan osu. “Hann! Hann! Mitumi hu hann! Meda Onyankopɔn ase!” Meteɛm mpɛn pii. Na wɔafa yɛn nyinaa nnommum bɛyɛ nnafua asia. Ná ade a ɛyɛ hu yi aba n’awiei de, nanso dadwen ne adwenem basaayɛ no yɛ nea emu ayɛ aden dedaw.

Yiw medaa Onyankopɔn ase sɛ na meda so ara te nkwa mu, nanso mprempren, bɛboro mfe anan ni no, mewɔ ntease kɛse a ɛbɛma mada no ase. Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.

explain why.

Wɔfaa Yɛn Nnommum!

Me din de Ali Asghar Tabatabai. Me din Tabatabai no di nokwasɛm a ɛne sɛ na wobu me sɛ meyɛ odiyifo Muhammad aseni tẽe no ho adanse, na wɔ me fam no, ɛnam me papa ne me maame nyinaa abusua so.

Mebaa London, England, wɔ 1980 mu sɛ merebesua sikakorabea adwuma ho ade a wɔbɛhwɛ me kwa. Wukuda anɔpa, April 30, bere a na merekɔforo keteke no, na minim sɛ minni adagyew saa da no. Sɛ na ɛnyɛ sɛ mepɛ ntɛm na metwɛn keteke a na edi hɔ no simma kakraa bi a, anka mikwatii nsɛm ahorow a ɛyɛ hu a na ebedi akyi aba no. Nanso na ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so ahu ɛno.

Nea edi kan no, mekɔɔ Iran aban nanmusifo dwumadibea hɔ sɛ merekɔfa asase mfonini ahorow bi a mede rekɔma ɔkasa wɔ sikakorabea hɔ no. Bere a metraa ase sɛ meretwɛn wɔn kakra no, ankyɛ biara na metee gyegyeegye bi wɔ aban nanmusifo dwumadibea kwan no ano. Afei mmarima baasia a wokurakura atuo a wɔde ade akatakata wɔn anim bɔ wuraa mu na wɔka kyerɛɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmforo nkɔ abansoro no so. Ankyɛ biara na wɔfaa nnipa 26 a na polisini a ɔrewɛn hɔ no ka ho nnommum. Ne nyinaa sii ntɛmntɛm araa ma na ɛyɛ den sɛ yebegye adi.

Ná menkyerɛɛ anigye kɛse biara wɔ amammuisɛm ho da, na ɛwom sɛ na mikura me nyamesom mu gyidi ahorow mu yiye de, nanso na ɛnyɛ nea emu yɛ den biara. Nea na m’ani gye ho ankasa ne m’abusua ne m’adwuma. Ná sikakorabea adwuma wɔ London yɛ nea ɛyɛ anigye yiye na na ɛte sɛ nea merenya nkɔso wo asetra mu bere a mikosuaa ade no. Manhu sɛ ɛrenkyɛ biara wɔbɛsɔ biribiara a na m’ani gye ho no ahwɛ.

Bere a polisifo no bɛn ɔdan no na wotwaa ho hyiae no, yehuu biribi faa mmarima a na wɔafa yɛn nnommum no ho. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔagye aban nanmusifo dwumadibea no afa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔahu ɔhaw ahorow a ɛrekɔ so wɔ wɔn man mu no, na wobekunkum yɛn nyinaa da a edi hɔ no awia, sɛ wɔanni nea wɔrebebisa no ho dwuma amma wɔn a.

explain why.

Ná Yebetumi Awu Wɔ Bere Biara Mu​—Nanso Dɛn Ntia?

Bere a da a edi kan atwam akyi no, ɛbɛdaa adi sɛ na polisifo mpanyimfo no ahyɛ da retwentwɛn wɔn nan ase na na wɔrempene nneɛma a mmarima a wokurakura atuo no rehwehwɛ no so ntɛm ara. Adwenem basaayɛ no mu yɛɛ den kɛse. Wɔ saa bere yi mu no, yɛn nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho den. Ná wɔato me din sɛ “Ali Sikakorabea” na meyɛɛ nea metumi nyinaa sɛ meyi me mfɛfo a wɔafa yɛn nnommum no aseresɛm na ama dadwen no ano abrɛ ase. Ɛtɔ bere bi a meyɛ sɛnea mede nkrataa a wɔde yi sika wɔ sikakorabea no reyi sika anaasɛ mɛto wɔn abɔrome sɛ wɔnkyerɛ ase. Ɛboa maa bere kɔɔ ntɛmntɛm a yɛanhu nanso na nea ebefi bere no mu aba yɛ nea yennim a yɛrentumi nyɛ ho hwee nso.

Bere a mmarima a wokura atuo no kɔɔ so yɛɛ basaa no, ɛbɛdaa adi kɛse sɛ na yɛn nyinaa nkwa da asiane mu kɛse. Woyii yɛn hu bere nyinaa sɛ wobekum obiara na esiane sɛ wokura akode pii nti na ɛda adi sɛ ɛnyɛ ahunahuna ara kwa. Adwenem basaayɛ no bɛyɛɛ nea na yentumi nnyina ano. Bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa biara mu no, yɛn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako su​—ná ɛyɛ abasamtu kɛse. Esiane sɛ na mitumi ka borɔfo a emu da hɔ nti, na mpɛn pii mitumi yɛ wɔn kasamafo, na ɛno maa migyaee nneɛma ho adwennwene. Nanso da koro mibuee m’amannɔne akwantu tumi krataa no mu na mihuu me yere ne me mma a medɔ wɔn no mfonini wom. Me nso misui. So mehu wɔn bio? Ɛbɛyɛ dɛn na me yere atumi atra amannɔne asase bi so? So me babarima ketewaa no bɛhwere n’agya sɛnea ɛtoo me, bere a na minnyinnii no? Na mempɛ sɛ mewu​—na nneɛma a ɛsom bo kɛse wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ metra ase ma.

Bere a mifii ase kyerɛw me nsamansew no, mebɔɔ mmɔden sɛ me ne mmarima a wokura atuo no kannifo no besusuw nsɛm ho. Mibisae sɛ, “Dɛn na ebesi, sɛ mukum yɛn a? Yɛn mma bɛba abekum mo mma esiane sɛ moakum yɛn bere a yɛn ho nni asɛm nti!” Ne mmuae tiaa ne sɛ, “Ɛyɛ kwae mu mmara.” Meka kyerɛɛ no sɛ, “Meyɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea ara kwa. Memfa me ho nhyɛ amammuisɛm mu na mempɛ sɛ amammuisɛm nti mewu.” Iran aban ananmusifo no mu biako a ɔka yɛn a wɔafa yɛn nnommum no ho teɛɛ me sɛ, “Gyae kyɛw a worepa wɔ owu a wurebewu no ho no!” Mibuae sɛ, “Ɛnyɛ sɛ merepa kyɛw. Moyɛ aban ananmusifo. Wotua mo sika pii sɛ monyɛ adwuma wɔ ɔman yi mu na momfa mo nkwa nto asiane mu. Mente saa na mempɛ sɛ mewu ama biribi a minnye nni.” Mede maka m’asɛm awie.

Sɛ ɔhaw a emu yɛ den to nkurɔfo a, ɛtɔ bere bi a wɔbɔ mpae a emu yɛ den. Me mfɛfo a wɔafa me ne wɔn nnommum no mu pii bɔɔ mpae bere nyinaa a na wɔka no denneennen, na na yɛte Allah mpɛn pii awia ne anadwo. Ebia ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mu sɛ Allah ne Arabic asɛmfua a egyina hɔ ma “Onyankopɔn.” Wɔ Persia a ɛyɛ me kasa mu no, yɛde asɛmfua a ɛne “Khuddah” na egyina hɔ ma “Onyankopɔn” a ɔyɛ ɔbɔadeɛ no. Mebɔɔ Khuddah mpae mpɛn pii nanso metee nka sɛ ɔrentie me mpaebɔ no efisɛ na mintumi nhohoro me ho sɛnea na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ansa na mabɔ mpae no.

Na me nsusuwii ayɛ basaa. Mantumi ante nea enti a na Khuddah ama saa nsɛm a ɛyɛ hu yi nyinaa ho kwan sɛ ensisi no ase. Wɔ m’asetra nyinaa mu no na mayɛ nea metumi nyinaa. Ɔyɛ Onyankopɔn bɛn nti na wama ho kwan sɛ wonkum me, sɛnea migye dii ampa sɛ wɔbɛyɛ me no? Nanso na ɛsɛ sɛ migye tom sɛ madi anigyede akyi wɔ m’asetra nyinaa mu na na meyɛ nea m’ani gye ho nkutoo. Na dɛn na mayɛ ama Khuddah pɛn? Nokwarem no, dɛn na minim fa ne ho? Mibisaa me ho.

Ɛyɛ mmere a ɛte sɛɛ biako mu na mehyɛɛ Khuddah bɔ sɛ, sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so agye me nkwa esiane m’abusua nti a, ɛnde mɛbɔ mmɔden ahwehwɛ n’akyi kwan ankasa na masom no wɔ me nkwa nna a aka nyinaa mu. Ná ɛyɛ m’aniberesɛm ankasa.

explain why.

“Ampa, Ɛsɛ Sɛ Miwu!”

Ná nna no nkɔ ntɛm. Awiei koraa no, esiane abasamtu nti, mmarima a wokurakura atuo no nam atirimɔden kwan so kum yɛn a wɔafa yɛn nnommum no mu nea odi kan no na wɔkyekyeree amu no de too ɔpon a ɛwɔ dwumadibea no anim no ano. Ná ɛyɛ aban nanmusifo a ɔka kyerɛɛ me sɛ minnyae kyɛw a merepa wɔ wu a merebewu no ho no. Nsɛmmɔnedifo no kae sɛ, sɛ wɔamfa nneɛma a wɔhwehwɛ no amma wɔn a, wobekum yɛn a yɛaka no nyinaa mmiako mmiako wɔ simma 45 biara ntam! Bere a eyi bɛdaa adi ara pɛ, SAS mmarima no bɛtoaa wɔn​—wɔ da a ɛto so asia no anwummere nnɔnson akyi. Wɔn ade a wɔyɛɛ no ntɛm yi yɛ nea wɔhwɛɛ wɔ Television so wɔ wiase nyinaa.

Dwumadibea hɔ yɛɛ hoo. Mfɛnsere a na ɛrebubu, ɔtopae nketewa a na ɛretotow ne atuo a ɛtow ntɛmntɛm nnyigyei nkutoo na na yɛte. Ntɛm ara, nsɛmmɔnedifo no mu baasa bɔ wuraa yɛn afiase dan no mu na ankyɛ biara na wofii ase totow atuo a wɔanhwɛ obiara anim bere a yɛkotow fam hɔ no. Nea ɛbaa m’adwene mu ntɛm ara ne sɛ, ‘Ampa, ɛsɛ sɛ miwu!’

Mihuu ɔbarima a okura tuo no sɛ wadan reba me so. Ɔmaa ne tuo no so na ɔtowee. Metee nanso mante sɛ biribi abɔ me, nanso wɔ anibu kakraa bi mu no m’atade mu danee mogya. Misoo m’atade a ɛwɔ soro no mu bɔɔ mmɔden sɛ mede bɛbɔ me ho ban. Ɔtow me nea ɛto so abien ne abiɛsa​—nanso nea ɛyɛ nwonwa no, manwu. Ɛyɛɛ dɛn na etumi baa saa?

Sɛnea maka dedaw no, wogyee yɛn bere a wɔako wɔ bere tiaa bi mu akyi na wɔde yɛn kɔɔ ayaresabea. Bere a wohuu tebea a miwom no, nnuruyɛfo no nyinaa susuwii sɛ na mapira kɛse. Nanso wɔanhu hwee wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu​—gye sɛ aboba bi a (ɛda adi sɛ efi otuo a ɛto so abien a wɔtow me no mu) na abɛhyɛ m’atade mu denneennen a asuan m’akyi kakra no. Ɛnde dɛn nti na mogya pii saa? Akyiri yi mihui sɛ efi yɛn a na wɔafa yɛn nnommum no mu biako a ɔda me nkyɛn ho na ɛbɔ guu me ho. Na otuo a ɛto so abiɛsa a wɔtow me no nso ɛ? Bere a polisifo no san baa ahemmɔfo dwumadibea hɔ no, wohuu me soro atade no nkae na na sika siren anum (50p) biako a amokyem kɛse hyɛ me kotoku biako mu. Ɛno na egyee me nkwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛɛ me ɔbarima a ne ho yɛ nwonwa wɔ polisifo nkrataa mu. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anya nkwa bere a wɔbɛn no pɛɛ na wɔtow no tuo mprɛnsa sɛnea ɛtoo me no! Misusuwii sɛ, “Aseda yɛ Khuddah de” ampa!

explain why.

Me Bɔhyɛ So a Midii

Mesan kɔkaa m’abusua a wɔwɔ ɔdɔ no ho na yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ so atra England. Nanso na mekae m’amanehunu no mu nneɛma a ɛyɛ hu no bere nyinaa. Na fi a mefi asetra foforo ase no yɛ den nanso hwɛ sɛnea na mede aseda ma sɛ mete nkwa mu! Ɛnde me bɔ a mehyɛɛ Khuddah no nso ɛ? Ná minim sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ biribi​—nanso dɛn? Na minni ho adwene biara.

Ná minnim sɛ bɛyɛ asram bi mu no na me yere a wɔfrɛ no Shirin gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi bere nyinaa esiane sɛ na wahu sɛ ɛboa no yiye wɔ borɔfo a ɔresua no mu nti. Akyiri yi bere a Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no muni bɛsraa me no, mede obu tiei. M’ani gyee Bible no mu nsɛm a ɔtwee m’adwene sii so no ho, na mehwɛe wɔ me de a ɛwɔ Persia kasa mu no mu. Nanso bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn, Khuddah wɔ din no, na ɛyɛ biribi soronko koraa! Yiw, mewɔ din na na m’ani gye me din no ho, na afei Bible no rekyerɛ me pefee sɛ Khuddah wɔ din ankasa​—Yehowa! Mifi me pɛ mu suaa ne ho ade sɛnea metumi wɔ me Bible adesua no mu.

Afei de mitumi hu! Na Khuddah nyɛ Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔkotow sɔre no na wɔsom no wɔ bere pɔtee bi a wɔapaw wɔ da biara mu nko, na mmom ɔyɛ obi, Onyankopɔn ankasa a ɔwɔ atirimpɔw a ɔdɔ wom ma adesamma. Ɔnyɛ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ɔsom ara kwa na mmom obi a osusuw yɛn mu biara ho​—me ne m’abusua ankasa. Na m’adwene no yɛ nea ɛteɛ. Mede anigye bɛsom Yehowa.

Efi bere yi mu rekɔ no, nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm, na mprempren me ne me yere nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ yɛn asu. Bere a wogyee yɛn kɔɔ Yehowa nkurɔfo wiase nyinaa fekubɔ no mu no, ayamye a woyii no adi kyerɛɛ m’abusua no yɛ nea ɛsen biribiara a metumi ahwɛ kwan. Na ɛnyɛ sɛ yɛn honhom mu anuanom mmarima ne mmea afoforo no de wɔn bere kyerɛkyerɛɛ yɛn nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nko, na mmom wɔmaa yɛn nneɛma a na ehia yɛn wɔ honam fam ma ɛboroo so bere a yefii ase sɛ yebesiesie yɛn asetra no.

Bere a bere twam no ɛyɛ nokware sɛ yɛn werɛ fi nsɛm. Nanso meda so ara kae nnafua asia nkahyem no mu nsɛm a ɛyɛ hu no yiye. Nanso mprempren mihu sɛ ɛrenkyɛ nsɛm a ɛyɛ hu a ɛtete sɛɛ a esisi bɛyɛ nneɛma a atwam koraa a ɛremma bio. Afei nso, wɔ Yehowa Nhyehyɛe Foforo a trenee te mu a mprempren abɛn no mu no, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛtete sɛɛ a yɛkae yɛ nea “wɔrenkae na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Esiane bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi nti, mprempren me ne m’abusua de aseda ne nkamfo ma Yehowa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Britania Asraafo a Wɔde Wimhyɛn Ko Kuw Tititiw Bi.

[Kratafa 25 mfoni]

Misui bere a mihui me yere ne me mma mfonini no

[Kratafa 26 mfoni]

Esiane abasamtu nti mmarima a wokurakura atuo no kum yɛn a wɔafa yɛn nnommum no mu nea odi kan no wɔ atirimɔden so

[Kratafa 27 mfoni]

Sika siren anum te sɛ eyi gyee me nkwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena