Metee Onyankopɔn Din Maa Me Werɛ Fii Me De
NÁ MEREYERE me ho sɛ megye din. Mekɔɔ kɔlege. Ná mebɔ mmɔden wɔ ɔyɛkyerɛ ne radio so nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Ná mayere me ho sɛ mɛyɛ agorudifo a waben. Saa bere no ara mu na ɔko no sii, na wɔde me kɔɔ sraadi mu. Mekyerɛw agoru ahorow maa asraafo agorudi kuw no. Wɔma migyaee sraadi no wɔ 1946 mu, na mitu kɔɔ Hollywood, faako a me ne adwumayɛkuw bi kɔyɛɛ adwuma no. Nanso mihui sɛ ɔyɛkyerɛ adwuma no nyɛ nea emu yɛ hyew, anigye nnim,
Enti mepɛe sɛ mɛyɛ aseresɛmyifo. Bere a nnipa ahyiam no, mɛma wɔaserew—na ɛte sɛ nea eyi ne nea merehwehwɛ. Nneɛma pa fii ase ba maa me. Efi bere na mifii sraadi mu mfe anum pɛ no, na me ne Harry James a meyɛ n’aseresɛmyifo no akyin ɔman no mu nyinaa. Ná makɔ agorudibea biara a agye din wɔ West Coast no ne Flamingo ne Sahara ahɔhodan a ɛwɔ Las Vegas no nso mu. Ná m’ani gye nea mereyɛ no ho. Wɔ mfe anum pɛ mu no, mafi ase regye din!
Afei October 1951 bae. Ɛmaa biribiara sakrae. Metee din foforo bi na ɛmaa me werɛ fii din a mepɛ sɛ migye no. Ná wɔayɛ nhyehyɛe sɛ minkoyi aseresɛm wɔ TV so dwumadi bi a agye din kɛse mu wɔ West Coast. Ná obi ka ho a ɔyɛ nyamesomni. Mibisaa no asɔre a ɔkɔ. Ɔkae sɛ, “Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”
Mekae sɛ, “Mesrɛ wo san ka bio.”
“Yehowa Adansefo.”
“Mesrɛ wo, ka no brɛoo.”
“Y-e-h-o-w-a A-d-a-n-s-e-f-o.”
Ná mentee din Yehowa no da. Metoo nsa frɛɛ ɔbarima yi ne ne yere baa me fi. Saa anadwo no me ne me yere huu biribi a ɛyɛ nwonwa: Onyankopɔn wɔ din! Na saa din no ne Yehowa! Mihui sɛ saa din no yɛ nea ɛsɛ sɛ wodi no ni, wɔtew ho, na wɔma wohu. (Yesaia 43:10-12) Yefii ase kyinkyin bisaa nkurɔfo sɛ wonim Onyankopɔn din.
Midii nnipa a wɔbaa faako a meyɛ adwuma no adanse. Ná ɔbarima bi ani gye ho, na na obisa nsɛm bere nnyinaa. Da koro ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“Wunim, nyamesomfo pii wɔ hɔ a mepɛ wɔn asɛm, nanso kuw bi wɔ hɔ a mempɛ wɔn asɛm koraa.”
Mibisaa no sɛ, “Ɛyɛ kuw bɛn?”
“Yehowa Adansefo!”
“Saa? Dɛn ntia?”
“Nsɛm ahorow a mate afa wɔn ho ntia.”
“Ɛne sɛ, Bible no se yɛmfa atɛmpa nni dwuma. Bere foforo biara a Adansefo no bi bɛba wo fi no, ma ɔntra ase. Ka nea woate no kyerɛ no. Na tie nea ɔwɔ ka. Nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ woyɛ nen. So wobɛyɛ saa esiane nea maka yi nti?”
Ɔpenee so, na ɛno akyi ankyɛ na mifii hɔ kɔyɛɛ adwuma wɔ Las Vegas. Mfe abiɛsa akyi bere a na mewɔ Yehowa Adansefo nhyiam biase no, ɔbarima kɛse bi a ɔhyɛ kyɛw fii mukaase hɔ na ɔbɛyɛɛ mu atuu.
Ɔkae sɛ, “So wokae me?”
“W’anim sɛ obi a mekae no.”
“Wokae sɛ bere a na yɛyɛ adwuma wɔ ha no na woka Bible no ho asɛm kyerɛ me, na wokae sɛ bere biara a Ɔdansefo bi bɛba me fi no, memma ɔntra ase no? Meyɛɛ saa, me ne bi suaa ade, na mprempren meyɛ Ɔdansefo a wabɔ asu!”
Wɔ saa bere a meka kyerɛɛ no nea edi kan yi mu no, na nea mitumi yɛ ara ne bɔnnɔ so adansedi. Nanso wɔ ɛno akyi no, me ne me yere gyee asubɔ na na yɛreyɛ akwampae adwuma (bere nyinaa wɔde yɛ asɛnka adwuma) . Osuahu yi ma mihuu hia a bɔnnɔ so adansedi ho hia no.—2 Timoteo 4:2.
Akyiri yi, wɔ 1957 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Lakeview, kurow a ɛwɔ Oregon a nnipa 3,000 na ɛwom no mu. Da a edi kan a miduu kurow no mu no, mikohuu kurow no sohwɛfo no.
Obisae sɛ, “So biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”
Mibuae sɛ, “Yiw, mate sɛ wɔmmma yɛn nkurɔfo no kwan mma wɔnnka asɛm kurow yi mu.”
Obisae sɛ, “So woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako?”
“Yiw, ɛte saa. Nea ɛte ne sɛ yɛwɔ gyinae ahorow a asennibea asisi a Hayden Covington a ɔyɛ Ɔwɛn Aban no mmaranimfo no de ama me wɔ ha. Mepɛ sɛ wohwɛ.”
Ɔyɛɛ saa, na ɔmaa telefon so wɔ m’anim hɔ ara. “Paapa ɛyɛ wo? Yehowa Adansefo rebɛkɔ afie afie wɔ ha. Ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so asiw wɔn kwan.”
Yefii ase yɛɛ adwuma wɔ afie afie, na na mewɔ Asafo no sini a ɛne Wiase Foforo Asafo no Reyere Ne Ho, na yeyi kyerɛe wɔ asɔre ahorow no mu wɔ Lakeview. Asɔre ahorow no mu biako sɔfo baa faako a yɛte no anadwo bi. Ɔbɛkae sɛ, “Woredan me kurow yi ani abutuw!” Ofii ase dii m’akyi kɔɔ afie afie. Da koro anadwo bi yɛkɔɔ ɔbarima bi fi a na merekenkan asɛm bi afi n’ankasa Bible mu akyerɛ no. Ɔsɔfo no baa hɔ na ɔpɛe sɛ ɔsɛe yɛn nkɔmmɔbɔ no.
Ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Mahu sɛ Ɔbonsam adi m’anim kan wɔ ha!” Bere a ohui sɛ mikura Bible no, ɔde kaa ho ntɛm ara sɛ: “Hwɛ,’ Saa nhoma no nso fi Ɔbonsam hɔ!”
Mibisaa no sɛ, “Bible a mikura yi ho asɛm na woreka no?”
Obuae sɛ, “Yiw! Ɛno ho asɛm na mereka no!” Ná osusuw sɛ New World Translation na mikura no.
Mekɔhwɛɛ ofiewura no anim, na mekae sɛ: “Wɔahu sɛnea ɔte nka wɔ Bible no ho?”
Ofiewura no kae sɛ, “Mesrɛ wo, fi hɔ kɔ.” Ofii hɔ kɔe.
Mesomee afe biako ne fã wɔ Lakeview. Bere a yɛkɔɔ hɔ no na Adansefo 7 na wɔwɔ asafo no mu, bere a yɛrefi ho akɔ beae foforo no na wɔyɛ 47. Yekoduu Mt. Shasta, California, wɔ 1958 mu, na yenyaa hokwan sɛ yebefi asafo foforo ase wɔ hɔ.
Yɛtoaa so kɔɔ Redding, California, wɔ 1960 mu, faako a na Adansefo bɛyɛ 100 wɔ saa asafo no mu no. Kwasida a edi kan a mekɔɔ hɔ no, onuawa bi ne me dii anobaabae bere a adesua no rekɔ so no, na ɔkae sɛ mamfa kyerɛwsɛm bi anni dwuma yiye. Mammfa anifere anni dwuma, na ɛyɛ me yaw sɛ ɛbaa saa wɔ me fam. Metwee wɔn adwene sii Bible mu asɛm a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea kyerɛkyerɛ wɔ asafo mu no so. (1 Timoteo 2:12) Onuawa yi ne afoforo baanu sɔre fii adi na wɔtow ɔpon no mu.
Bere a adesua no baa awiei no, memaa onua bi kohuu wɔn sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔne me hyia saa anwummere no a. Bere a wɔbae no mekae sɛ:
“Asafo no kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ mo anuanom mmea no yɛ nnam yiye. Afei na maba he foforo, na mihia mmoa biara a mubetumi de ama me. Me nsa aka Adansefo bɛyɛ 50 a wɔayɛ mmerɛw din. Mo anuanom yi na munim saa nkurɔfo yi. Mepɛ sɛ mede hyɛ mo nsa na mokɔhwɛ wɔn na moka kyerɛ wɔn sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebefi nneɛma ase foforo bio wɔ ha, na yɛnhwɛ sɛ ebia mubetumi asan ahyɛ wɔn den ana. Mo baasa yi yɛ nnam na mobɔ mmɔden wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu. Migye di sɛ mubetumi aboa mmusua yi. So mobɛpɛ sɛ moyɛ saa?”
Yɛanka asɛm a esii wɔ adesua no ase saa anɔpa no ho hwee. Wɔkɔyɛɛ nea mekae no, na ankyɛ na asafo no fii ase dɔe. Wɔ afe biako mu no, yenyaa adawurubɔfo 100 wɔ yɛn asafo no mu, ne dodow a wɔboro 50 nso wɔ asafo foforo a ɛwɔ Anderson no mu.
Wɔ mfe a edii akyi bae mu no, wɔde me kɔɔ asafo ahorow pii mu. Osuahu ma misuaa ade biako: Ma wo yam nyɛ yiye mma nkurɔfo na susuw wɔn ho. Fa anifere di dwuma. (Mmebusɛm 15:1; Galatifo 6:1; Tito 3:2) Ne titiriw no, sɛ worekɔ afie afie a, hwehwɛ nnamfo ɛnyɛ atamfo. Enti tie nea nkurɔfo no ka na ma ho mmuae sɛnea ɛfata.
Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a mekotoo no bere bi kae sɛ:
“Mewɔ m’asɔre.”
Mekae sɛ, “Wunim nea m’ani gye ho wɔ ɛno mu? Ɛno kyerɛ sɛ wugye Bible no di. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɔ Awurade Mpae no, na wosrɛ wɔ mu sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ wɔ asase so. Nnipa apɛde a akɔso no ara dɔɔso, ɛnte saa? Yɛpɛ sɛ Onyankopɔn apɛdenso yɛ hɔ. Afei, dɛn ne n’apɛde a ɔpɛ sɛ yɛyɛ? Ɛno yɛ asemmisa a ɛho hia ma yɛn, so ɛnte saa?” Yɛbɔɔ ɛno ho nkɔmmɔ simma 20.
Wɔ ofie foforo mu no, ɔbarima bi kae sɛ: “Meyɛ Katolekni.”
Mibisaa no sɛ, “So wunim nea m’ani gye ho wɔ Katolekfo ho ankasa?”
Obisae sɛ, “Ɛne dɛn?”
“Wɔbɔ ‘Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro Mpae’ no. Ɛyɛ mpaebɔ a ɛho hia: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’ Ma menkyerɛ wo biribi a ɛyɛ anigye wɔ saa din no ho.” Mitumi yɛɛ saa.
Mpɛn pii nkurɔfo ka sɛ: “Minni adagyew.”
“Ɛyɛ m’anigye sɛ wunni adagyew. Wunim nea enti a ɛte saa? Onyankopɔn dɔ nnipa a wonni adagyew. Me nso minni adagyew. Mewɔ nsɛmma nhoma abien a wɔahyɛ da asiesie ama nnipa a wonni adagyew wɔ ha. Emu nsɛm no yɛ ntiantia na ɛkɔ tẽẽ nso. N’abien no yɛ ntoboa 40 cent. Minim sɛ w’ani begye n’akenkan ho.”
Nea ɛkyerɛ ne sɛ, nea onipa no bɛka biara no, mema no ɛno ho mmuae. Mimmu m’ani ngu so, mede di dwuma. Ɛboa me ma ‘mihu sɛnea ɛsɛ sɛ mibua obiara.’—Kolosefo 4:6.
Wɔ 1964 mu no, minyaa osuahu bi a ɛyɛ nwonwa wɔ Montgomery, Alabama. Na Yehowa Adansefo rebɛyɛ nhyiam kɛse bi wɔ Coliseum. Ansa na nhyiam no rebefi ase no, asɔretiafo too santen wɔ Ahenni Asa no anim a wokurakura nkrataa a wɔakyerɛwkyerɛw so. Na nkurɔfo rekeka wɔ hɔ sɛ Yehowa Adansefo rebebu mmara so ahyɛ abibifo ne aborɔfo ma wɔabom atra wɔ nhyiam no ase. Asafo ti no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yenkohu kurow no mu mpanyimfo. Yɛn baanu ne Amrado Wallace yɛɛ nhyehyɛe hyiae. Bere a yeduu beae a ɔyɛ adwuma no, yɛdaa yɛn ho adi kyerɛɛ no, na yɛkae sɛ:
“Yɛyɛ Yehowa Adansefo na yɛte nka sɛ ɔhaw betumi asi wɔ yɛn nhyiam a yɛrebɛyɛ wɔ Coliseum no ase. Wɔrekeka sɛ yɛrebebu mmara so ahyɛ abibifo ne aborɔfo ma wɔabom atra faako . . . ” Nea yɛkae ara nen.
Amrado Wallace kae sɛ, “Montwɛn kakra.” Ɔtwee adaka bi na oyii Asafo New World Translation of the Holy Scriptures ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi kyerɛɛ yɛn.
Ɔkae sɛ, “Me nana yɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔka nkaefo no ho.” Ɔfrɛɛ asraafo mpanyimfo no mu biako baa ne dan no mu na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnhwɛ sɛ basabasa biara rensi wɔ Coliseum. Yetumi yɛɛ yɛn nhyiam no wɔ asomdwoe mu.—Romafo 13:4.
Wɔ bɛboro mfirihyia 30 a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma no mu no, yɛanya nhyira ahorow pii. Yɛn mmabarima baanu no yɛɛ akwampae adwuma bere a wɔkɔ ntoaso sukuu no, na afei wɔkɔsomee wɔ Yehowa Adansefo Asafo no ti wɔ Brooklyn. Bere a wofii hɔ no, wɔde wɔn bere nyinaa yɛɛ ɔsom adwuma no. Akyiri yi yɛn mma no mu biako a wɔfrɛ no Jim no nyaa lɔre akwanhyia na owui. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛdenam owusɔre no so no, yɛbɛsan ahu no bio wɔ asase yi so ha, na ɛno ma yenya awerɛkyekye. Nea waka a wɔfrɛ no Gary no da so ara reyɛ akwampae adwuma no.
Mprempren me ne me yere Marilyn te Panama City Beach, Florida. Yɛn baanu nyinaa da so ara yɛ asɛmpa no ho bere nyinaa asɛnkafo, na efi bere kɔ bere mu no, minya hokwan kɔsom sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ɔhwɛfo kwantufo Nea ɛma yɛn ani gye ne sɛ yehu Yehowa asomfo abusua a ɛwɔ asase so no a emufo adɔɔso akodu ɔpepem pii no, na yɛn ani gye nso sɛ wɔde yɛn adi dwuma ama mmusua bɛboro 200 ahu nokware no. Ampa, adwuma biara nni hɔ a ɛsen Yehowa adwuma!
Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wɔ October 1951 mu no, obi kaa Yehowa din no ho asɛm kyerɛɛ yɛn na yɛanya hokwan fɛfɛ a ɛte sɛɛ sɛ yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo!—Sɛnea James Kennedy ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
“Mahu sɛ Ɔbonsam adi m’anim kan wɔ ha!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Osuahu ma misuaa ade biako: Ma wo yam nyɛ yiye mma nkurɔfo no susuw wɔn ho. Fa anifere di dwuma
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Saa anadwo no yehuu biribi a ɛyɛ nwonwa kɛse: Onyankopɔn wɔ din!
[Kratafa 18 mfoni]
M’ani gye ho kɛse sɛ mede Nyan! no bɛma wɔ asɛnka adwuma mu