Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 2/8 kr. 3-5
  • “Ɛrentumi Nyɛ Nokware!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛrentumi Nyɛ Nokware!”
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛnyɛ Nokware!”
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Anidaso Ma Awufo, Awerɛkyekye Ma Wɔn A Wodi Awerɛhow
    Nyan!—1988
  • Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
    Nyan!—1983
  • Mafa Sɔhwɛ Mu Anya Nhyira Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 2/8 kr. 3-5

“Ɛrentumi Nyɛ Nokware!”

NA MAY 31, 1982 yɛ da a ewim ayɛ fɛ. Na owia abɔ, na wim ayɛ bruu, na misusuwii sɛ eyi yɛ hokwan fɛfɛ a mede besiesie ofie no ho. Na yɛabu dua kɛse bi a esi hɔ no nnansa yi ara na na mmabaa ne mman bi da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛsesaw fi turo no mu. Afei mekaee sɛ yɛn adamfo George wɔ afiri bi a ɛbɛma adwuma no yɛ ayɛ mmerɛw, enti mefrɛɛ no telefon so.

“Ná George yɛ wimhyɛn kafo a ne ho akokwaw, na na ɔpɛ wimhyɛn mu tra. Enti bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔne ne nnamfo bi de wimhyɛn rekokyinkyin na obisaa me sɛ ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛne wɔn kɔ no, anyɛ me nwonwa. Mene me yere Dianne sii gyinae sɛ ɛbɛyɛ nsakrae pa bere a yɛasiesie yɛn fie no ho awie no. Yɛde yɛn babea a wadi mfe abiɛsa no kaa yɛn ho. Na Maria a ɔyɛ abofraa hoɔfɛfo na ne ho yɛ anika na ɔwɔ ti nhwi ne ani kɔkɔɔ no ho pere no kɛse.

“Bere a yeduu wimhyɛn gyinabea hɔ no, na adamfo foforo bi nso retwɛn sɛ ebedu ne so ma waforo wimhyɛn no bi, enti yɛn nyinaa miaa yɛn ho hyɛɛ wimhyɛn a nnipa baanan na wɔtra mu no mu. Yetu faa ɔtare no so na yɛde yɛn ani kyerɛɛ mmepɔw no so. Ná ɛyɛ fɛ. Yɛhwɛɛ fam huu asase no so nneɛma a yenim dedaw no. Ná ebinom rekɔ piknik wɔ koko bi so. Maria ani gyei. Afei bere a yɛnam bepɔw no atifi no, mframa bi a ano yɛ den a ɛbɔ kɔ fam bɛbɔɔ wimhyɛn no. Wimhyɛn no gya dumii, na ɛtew fii soro bɛhwee fam!

“Nea na mitumi susuw ho ara ne sɛ mɛbɔ mmɔden akɔhyɛ me yere a na Maria te ne srɛ so no ne akongua a ɛwɔ anim no ntam. Mantumi​—wimhyɛn no tew bɛhwee bepɔw no nkyɛn.

“Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛsɔre nanso na mintumi nkeka me ho. Metee sɛ Dianne teɛɛm frɛe, nanso na mintumi nyɛ hwee. Nea metumi yɛe ara ne sɛ meteɛɛm frɛe.

“Ɛyɛɛ kakra no, asiane bere mu nnuruyɛfo bɛfaa yɛn fii bepɔw no so. Ɛwom sɛ yedii wimhyɛn a ɛretew ahwe ho akwankyerɛ akyi de, nanso George ne n’adamfo no wui. Ná yɛna yɛaka no apirapira kɛse. Maria pirae wɔ ne ti ho ne ne mu. Ná ɛyɛ ade a ɛyɛ den ma m’ase barima no sɛ ɔbaa m’ayaresabea mpa no ho bɛka kyerɛɛ me sɛ wawu​—ɛwowɔɔ me komam. Misusuwii sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔno na owu? Dɛn nti na anyɛ me? Enye sɛ abofra te sɛ ɔno wu.’ Sɛ anka mampene saa akyinkyinakyinkyin no so a. . .

“Ná Dianne a opirae kɛse wɔ n’akyi no tebea no nnye koraa. Bere a yɛtew hwee no akyi adapɛn abiɛsa no, ɔno nso wui. Mahwere me ba ne me yere nyinaa bere koro mu. Misusuwii sɛ mahwere biribiara. Ɔkwan bɛn so na na mɛtra ase?”​—Sɛnea Jess Romero a ofi New Mexico, U.S.A. no ka kyerɛe.

“Ná me ba Jonathan rekɔsra ne nnamfo wɔ Long Island. Na me yere Valentina mpɛ sɛ ɔkɔ. Ná kar ahorow pii a ɛnenam no taa ma ne ho wosow. Nanso me ba no ani gye mfiri ahorow ho, na na ne nnamfo no wɔ adwumayɛbea bi a ɛbɛma watumi ahu ɛho nneɛma pii. Ná mewɔ fie wɔ West Manhattan. Ná me yere rekɔsra n’abusuafo wɔ Puerto Rico.

“Me te TV anim retɔ nko. Misusuwii sɛ, ‘Jonathan bɛba seisei ara.’ Afei obi bɔɔ abo​—boano dɔn no. “Minim yiye sɛ ɛyɛ ɔno.” Na ɛnyɛ ɔno. Ná ɛyɛ polisifo ne ayarehwɛfo.

“Polisifo panyin no bisaa me sɛ, ‘So wunim onii a n’afirikafo krataa ni no anaa?’ ‘Yiw, ɛyɛ me ba Jonathan dea.’ ‘Yɛwɔ amanneɛ a enye ma wo. Asiane bi asi, na . . . wo ba, . . . wo ba no awu.’ Ade a edi kan a meyɛe ne sɛ mekae se, ‘No puede sef! No puede ser!​—ɛrentumi nyɛ nokware!

“Asɛnkɛse no ma yɛtee yaw kɛse nka wɔ yɛn komam a ɛda so ara wɔ hɔ, bɛyɛ mfe abien akyi.”​—Sɛnea Agustin Caraballoso a ofi New York, U.S.A. ka kyerɛe.

“Wɔ 1960 mfe no mu wɔ Spain no, na yɛyɛ abusua a anigye wom​—a na ɔsom mu ɔtaa a ɛba yɛn so esiane sɛ yɛyɛ Adansefo no nti no mfa ho. Na mene me yere Maria ne yɛn mmabaasa, David, Paquito, ne Isabel a wɔadi mfe 13, 11, ne 9 senea edidi so no na ɛwɔ hɔ.

“Da koro bi wɔ March 1963 mu no, Paquito fi sukuu baa ofie a na ɔkyerɛ sɛ ne ti yɛ no yaw kɛse. Ná yentumi nhu nea ɛde ɔyare no bae.​—nanso ankyɛ. Owui nnɔnhwerew abiɛsa akyi. Mogya a etu wɔ ne tirim tew ne nkwa so.

“Mfe 24 ni a Paquito wui. Nanso, saa adehwere no mu yaw a emu dɔ no da so ara ka yɛn de besi nnɛ. Ɔkwan biara nni hɔ se awofo bɛhwere wɔn ba na wɔnte nka sɛ wɔahwere wɔn ho ade bi​—a bere tenten a ebetwam anaasɛ mma dodow a wɔwɔ no mfa ho.”​—Sɛnea Ramon Serrano a ɔwɔ Barcelona, Spain, ka kyerɛe.

Eyinom yɛ asiane ɔpepem pii a ɛto mmusua wɔ wiase nyinaa no mu kakraa bi pɛ. Sɛnea awofo a wodi awerɛhow pii di ho adanse no, sɛ owu fa wo ba a na wuhu sɛ ɔyɛ ɔtamfo ampa.​—1 Korintofo 15:25-26.

Nanso ɔkwan bɛn so na saafo a ayi too wɔn yi tumi gyinaa ano wɔ nsɛm a yɛafa aka yi mu? So obi betumi atra ase sɛnea na ɔte hɔ dedaw wɔ adehwere a ɛte sɛɛ akyi? So anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebetumi ahu adɔfo a yɛahwere wɔn no bio? Sɛ ɛte saa a, wɔ he ne ɔkwan bɛn so? Yebesusuw eyi ne nsemmisa afoforo a ɛfa ho ho wɔ nsɛm a edidi so no mu.

[Kratafa 3 mfoni fibea]

The Daily Herald, Provo, Utah

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena