Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 7/8 kr. 6
  • Kwati Mmirikatu Mmoroso Ne Atuatua!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwati Mmirikatu Mmoroso Ne Atuatua!
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ Yiye wɔ Atuatua Ho!
  • Ahiade Titiriw​—Ka Afiri Dwoodwoo!
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
    Nyan!—1988
  • Karka Mu Abufufa—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
    Nyan!—1998
  • Dwoodwoo Afirika​—Ahiade Kɛse No
    Nyan!—1988
  • Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 7/8 kr. 6

Kwati Mmirikatu Mmoroso Ne Atuatua!

GEOFF Large a ɔyɛ Britania RoSPA (Akwanhyia ho Banbɔ Kuw bi) kwan so ahobammɔ kwankyerɛfo abadiakyiri no ka sɛ: “Sɛ ɛnnɛ na wɔreyɛ kar a, anka wɔbɛbara. Wɔremma wo kwan mma wontɔn biribi a ebekunkum nnipa ɔpepem mu nkyem abiɛsa mu biako na apirapira wɔn afe biara wɔ ɔman yi nkutoo mu no da.”

Wɔn a wɔyɛ lɔre ahorow no hu sɛnea nea wɔayɛ no betumi de asiane aba no. Wɔsɛe sika akɛse na wɔyɛ nneɛma pii de ma ahobammɔ nneɛma a wɔde hyehye kar ahorow mu no kɔ anim. Nanso sɛnea London atesɛm krataa Sunday Express Magazine ka no: “Afirikafo a wɔn ani wɔ ahobammɔ so nim sɛ kar no​—ne wɔn a wɔte mu no​—ahobammɔ nyɛ mmerɛw. Ɛwom sɛ aguadi ho dawurubɔ ka ahobammɔ nneɛma ho asɛm de, nanso dɛn na ɛkyere adetɔfo no adwene? Mpɛn pii no ɛyɛ nea afiri no tumi yɛ, sɛnea etumi tu mmirika kɛse wɔ bere tiaa mu, ne tumi, ne sɛnea wɔakokwaw ho ne ne fɛ a ɛyɛ no.

Richard Spiegel a ɔyɛ ɔtemmufo a onyin ama wɔagyae adwuma yɛ no gye di sɛ ɛte sɛ nea German afirikafo “wɔ abusuabɔ bi wɔ nkate a ɛnyɛ adwuma yiye ne mmirikatu . . . a ɛda so ara yɛ nea ɛde asiane ba mpɛn pii no mu.” Saa su yi na ogye di sɛ “mfiridwuma aguadi dawurubɔ” de di dwuma no. So eyi yɛ nokware wɔ wo man mu nso?

Nokwasɛm afoforo, te sɛ lɔre ahorow a ɛdɔɔso ne akwan a ɛsɛesɛe, ma afirika yɛ nea asiane wom wɔ aman pii so. Amanneɛbɔ a efi Brazil ka ahyiae ahorow a wɔnkyerɛe so asiane ho asɛm. Brazil Herald ka sɛ: “Wɔ saa tebea horow no mu no, ofirikafo biako anaa nea ɛboro saa adwene tu fra mpofirim, ɔtwentwɛn ne nan ase a ɛno betumi de asiane aba.”

Bere a nnɛyi mfiri ahorow a ɛho yɛ hare kɛse no afirikafo hyia saa haw ahorow yi no, ɛbɛyɛ nea ɛho hia titiriw sɛ wɔyɛ wɔn a wogye asɛyɛde tom, wɔatete wɔn yiye, na wosusuw nnipa ho. Swedenfo krataa Trygg i trafiken? (Safe in Traffic?) no de saa nsusuwii yi ma: “Sɛ nea edi hokwan a obi wɔ sɛ ɔto aba so no, ofirikafo tumi krataa ne ade a ɛho hia sen biara a ɔmanfo no betumi de ama wo.”

Hwɛ Yiye wɔ Atuatua Ho!

Mmirikatu di awu. Ofirikafo a wɔabow di awu. Woka sɛ, ‘Nanso mekɔ sɛnea wɔakyerɛ no, na sɛ merebɛka afiri a mennom mmosa biara. Mihu sɛ afirika betumi ayɛ nkwa ne owu asɛm. Dɛn bio na metumi ayɛ?’

Adwene ho ɔbenfo Zulnara Port Brasil kyerɛw sɛ: “Kar ma onipa adwene wɔ ahokeka ho no yɛ kɛse, na ɛma etumi yɛ yiye sɛ obetwa kwan tenten asen sɛnea anka n’ankasa bɛyɛ no,” na ɔde ka ho sɛ: “Ɛno ankasa no nyɛ bɔne.” Enti ɛhe na asɛnnennen no wɔ? Sɛnea Zulnara kyerɛ no ɛwɔ “ɔkwan a ofirikafo biara fa so di saa tumi no ho dwuma no mu.”

Akyinnye biara nni ho sɛ wone Franse atesɛm krataa Le Monde a ɛba da biara a ɛkaa eyi no yɛ adwene: “Adwene su a yɛanya a abu so no ma yɛfa . . . stia sɛ tumi sɛnkyerɛnnede . . . sɛ obi rentumi nkwati afoforo nkwaseade a . . ., anyɛ yiye koraa no obetumi adi n’ankasa afirika so.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.

Nnɛyi afirika yɛ ɔbrɛ ne ɔhaw kɛse esiane nea Glasgow Herald frɛ no “atuatua ne afoforo ho koma a wonni bere a wokura stia mu a ɛkɔ soro bere nyinaa” no nti. Fa “adeyɛ a ɛne sɛ wopia asiane tebea ma ahobammɔ sã ansa na wɔagyina ne ntwa ne nhyɛnmu akwan horow” a “abu so akodu baabi a ɛde basabasayɛ ne mpemanim ba” no ka eyi ho na wubehu nea ɛde adesɛe pii ba wɔ akwan so no. Canada Polisi panyin Ken Cocke ka sɛ: “Nkurɔfo werɛ afi mmara no nyinaa​—na obiara repɛ ntɛm. Yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yetuatua afoforo kɛse; obiara piapia na obiara ntwɛn wɔ santen no mu.”

Saa atuatua su a wohu wɔ nnɛ ofirikafo ho no de ɔhaw ba ampa. Rheinischer Merkur bɔ amanneɛ sɛ: “Mfomso a enye koraa no ne sɛ wubedi akyi pɛɛ. . . . Wɔn a wɔnam akwan so no kakraa bi pɛ na wɔkyerɛ sɛnea afoforo te nka no ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wokura kar ahorow a ɛho yɛ hare no te nka sɛ motor sotrafo haw adwene. Wɔte nka sɛ wotwa wɔn mpoa, wɔyɛ anibere, na ɛnyɛ den sɛ anibere de atuatua bɛba.” Saa su yi abu so araa ma “nnipa baasa biara a wobisaa wɔn nsɛm no mu biako gye tom sɛ ɔte nka sɛ wayɛ basaa anaasɛ wɔayaw no bere a wotwa ne ho no.”

Ahiade Titiriw​—Ka Afiri Dwoodwoo!

Basabasayɛ a enya nkɔanim wɔ United States atempɔn so no te sɛ nea ɛda saa atuatua yi adi. Asɛm bi a epuei wɔ The Wall Street Journal mu wɔ August 8, 1987 mu wɔ asɛmti “Afirikafo Redan Basabasayɛfo Kɛse” ase no kae sɛ: “Wɔ ɔman no mu nkurow akɛse nyinaa mu no, polisifo hu sɛ atempɔn so atuo tow, akuturukubɔ ne basabasayɛ afoforo rekɔ anim a pii no yɛ nea afirikafo ntam nsɛm nketenkete bi na efi ase. Wɔ nsɛm no kakraa bi mu no wɔakunkum afirikafo no bi.” The New York Times a ɛbae August 6, 1987 mu no bɔ amanneɛ sɛ: “Efi June mfinimfini mu hɔ no, basabasayɛ a asisi wɔ California kesee fam hɔ baabi atempɔn so no ama nnipa baanan awuwu . . . na ama 15 foforo apirapira.”

Enti akyinnye biara nni ho: sɛ wɔbɛka afiri dwoodwoo no yɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, yɛn ankasa mfaso ne afoforo de nso nti. Bere a John Moore a na anka ɔyɛ akwantu ho ɔkyerɛwfo no aka nkwa a wɔhwere wɔ Britania akwan so no ho asɛm akyi no, ɔhyɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ akwan so ahobammɔ . . . yɛ wɔn a wɔfa akwan so no nyinaa ahiade atitiriw no mu bi.”

Ɛnde, wɔ paara mu no, ɔkwan bɛn so na wubetumi aka afiri dwoodwoo? Dɛn na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ? Afotu bɛn na afirikafo a wɔka kar dwoodwoo na wɔn ho akokwaw de ma? Yɛn asɛm a edi hɔ, “Nya Dwoodwoo Afirika Su Horow,” no besusuw saa nsemmisa yi ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena