Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 7/8 kr. 7-11
  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So W’afiri no Fata sɛ Esi Kwan So?
  • Afirika ho Sɔhwɛ No
  • Nya Nkɔanim wɔ Wo Nnamyɛ Mu
  • Suban ho Asɛm wɔ Ahobammɔ Mu
  • Kar Akwanhyia Ahorow—So Wubetumi Afi Mu?
    Nyan!—2002
  • Dwoodwoo Afirika​—Ahiade Kɛse No
    Nyan!—1988
  • Karka Mu Abufufa—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
    Nyan!—1998
  • Woyɛ Ofirikafo a Ɔyɛ Ahwɛyiye?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 7/8 kr. 7-11

Nya Dwoodwoo Afirika Su Ahorow

ƆYƐ dwoo, ɔwɔ ahwɛyiye, ɔyɛ pintinn, ɔwɔ anidahɔ, ɔyɛ anidahɔ mmoroso, ɔpere ne ho, ɔyɛ huuhuu, ne ho yɛ hu​—eyinom nyinaa yɛ nsɛm a wɔkeka fa afirikafo ho. Nea ɛwɔ he na ɛfa wo ho? Ebia afirikafo pii bu wɔn ho sɛ wɔyɛ dwoo na wɔwɔ ahwɛyiye, nanso ebia na wɔn a wɔte wɔn kar no mu ne afoforo a wɔnam kwan no so no renka wɔn ho asɛm pa saa.

Adehia biako wɔ afiri a wɔbɛka no dwoodwoo mu ne afiri a ɛfata sɛ esi kwan so.

So W’afiri no Fata sɛ Esi Kwan So?

Aman binom hwehwɛ sɛnea afiri bi ahoɔden te bere ne bere mu. Nea efi mu ba no taa yɛ ahodwiriw. Sɛ nhwɛso no wɔ Franse no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ mfiri a adi mfe anum ho no daa no adi sɛ na ɔha biara mu 73 yɛ nea enye, enye koraa, anaasɛ ɛwɔ tebea a ɛyɛ hu mu mpo.

Nea ɛbɛboa wo ma woahwehwɛ w’afiri no ho no, wubehu sɛ ɛboa sɛ wubedi ɔkwan a wimhyɛn kafo fa so de bu sɛ biribiara ayɛ krado ama otu no so no akyi pɛpɛɛpɛ. Wɔde nea wobɛhwehwɛ no ho nyansahyɛ ama wɔ kratafa 8.

Bere a wowɔ afiri a ɛfata sɛ esi kwan so, woayɛ insurance papa na wɔpene so wɔ mmara kwan so no, wuhia afirika tumi krataa a edi mũ. Sɛ wubenya eyi a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wo sɔhwɛ. So wubedi nkonim anaa wubedi nkogu?

Afirika ho Sɔhwɛ No

Wɔn a wɔresua afirika pii bu afirika ho sɔhwɛ no sɛ ɛyɛ akwanside. Ɛda adi sɛ ɛyɛ asɛntitiriw a wɔtaa bɔ ho nkɔmmɔ. Sɔhwɛ no sonsonoe fi ɔman biako so kɔ foforo so.

Wɔ Franse, te sɛ nsase afoforo pii so no, wɔn a wosua afirika no yɛ sɔhwɛ a ɛwom afã abien, nea wɔyɛ ma wɔhwɛ ne nhoma mu de. Wɔ Germany no, nea wobedi kan ayɛ de aboa wɔ baabi a asiane asi ka ntetee no ho. Nea ɛka ho no, mpanyimfo no de dɔnhwerew biako ne fã anadwo afirika a wosuasua a mmara ma ho kwan ne nea ɛboro nnɔnhwerew abien kakra afirika wɔ atempɔn so ka ho. Sɛ osuani no di nkonim wɔ sɔhwɛfo no sɔhwɛ mu a, wɔma no bere tiaa mu tumi krataa mfe abien. Sɛ saa bere yi twam na asɛm biara amma a, wɔma no tumi krataa a ɛtra hɔ daa.

Japan ka sɛ ɛsɛ sɛ wonya adeyɛ no ankasa ho ɔkyerɛkyerɛ nnɔnhwerew 30 kosi 60 fi afirika akyerɛkyerɛfo a wɔfata nkyɛn, na sɔhwɛ a ɛwom afã abiɛsa di akyi: nnuruyɛ mu (wɔde hwɛ adehu, ani hwɛbea ho anifurae, ɔte) , afirika (wɔde hwɛ adeyɛ no ankasa mu nnamyɛ) , ne akyerɛw (wɔ afirika ahwehwɛde ahorow ho) .

Sɛnea The Times a wɔkyerɛw wɔ London no kyerɛ no, “Britaniafo afirika ho sɔhwɛ dennen no rema Amerikafo a wɔn bo afuw [a wɔte ha] adi nkogu.” Bere a ɔha biara mu 51 na wodi nkogu (se wode toto ɔha biara mu 15 wɔ U.S.A. ho a) no, wobu ano sɛ ɛyɛ “nea emu yɛ den sen biara wɔ wiase no mu biako.”

Nsonsonoe no tra nea ɛwom no so. Ben Yoshida a watew afirika sukuu wɔ New York no ka sɛ: “Wɔ Tokyo no, ɔsɔhwɛfo gyina sɛnea wotumi ka kar no sɛ afiri so na ɛsɔ [afirikafo] hwɛ, nanso wɔ United States no, wɔsɔ hwɛ hu sɛnea wobetumi aka afiri no dwoodwoo.”

Ɛmfa ho sɛ nsonsonoe bɛn ara na ɛwɔ hɔ no, ɛho hia sɛ afirikafo nyinaa hwɛ sɛ wɔbɛka afiri dwoodwoo. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi?

Engiresini ɔbea bi a ɔyɛɛ n’afirika ho sɔhwɛ bere a na wadi mfe 50 na odii nkonim no hui sɛ ɛboa sɛ wɔnam Britaniafo Highway Code no a wobesua no fefeefe so siesie wɔn ho.a Nanso sɛnea ɛte wɔ biribi ho nyansa biara mu no, ohui sɛ ɛhwehwɛ pii sen nhoma ara kwa a wobesua.

Asuasua ho hia. Sɛ woyɛ ofirikafo ɔfoforo a, sua sɛ wobɛka afiri dwoodwoo wɔ tebea horow a ɛsonsonoe mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wim tebea sakra a, saa ara na ɔkwan so tebea nso yɛ. Ɛwom sɛ ebia nsu begugu kakraa bi de, nanso sɛnea w’afiri no tae tumi kye ɔkwan no so no renyɛ papa te sɛ ɔkwan a ɛso awo so. Ne saa nti, mmirikatu a wɔbrɛ ano ne ani a wɔma ɛda hɔ kɛse wɔ ɔkwan so haw ahorow ho no bɛyɛ nea ɛho hia kɛse. Osutɔ a ano yɛ den de nsɛnnennen no bi bɛka ho, te sɛ ebia kar a edi w’anim nsu a ɛbɔ pete no mma wunhu w’anim yiye no. Yiw, hu wim tebea horow ho ade yiye na dan w’afirika no ma ɛno no nhyia.

Ebia na wonyɛ afiri dwumfo a wofata. Nokwarem no, London atesɛm krataa Daily Mail ka sɛ “afirikafo mu nea ennu baanum biara mu biako na onim kar tae mu mframa anaasɛ bere a ɛsɛ sɛ osiesie ho ade,” na ɛde ka ho sɛ: “Nea ennu baasa biara mu biako na wakenkan afiri ho nhoma bi pɛn na ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa na nnɛyi engine ahorow ma wɔn ho dwiriw wɔn.” Na wo ɛ?

Ɛwom sɛ ɛho nhia sɛ wubehu afiri ho nneɛma hwanyann a ɛwɔ nnɛyi mfiri ho no nyinaa de, nanso ɛboa sɛ wubebu nea ɛyɛ atitiriw wom no. Eyi bɛboa wo ma woahu ‘kar mmɔbɔ.’

Nya Nkɔanim wɔ Wo Nnamyɛ Mu

Afirika ho sɔhwɛ no a wubedi mu nkonim no bɛma woanya atenka pa, sɛ woatumi ayɛ biribi. Nanso afei ɛdɛn? So wubegow wo gyinapɛn ahorow no mu? Afirika ho ɔkyerɛkyerɛfo bi ka sɛ: “Mpɛn pii wɔ bere a ofirikafo bi di nkonim wɔ sɔhwɛ no mu akyi no, ɔbɛyɛ huuhuu kakra.” Ɔde saa afotu yi ma: “Hu wo sintɔ ne afiri no sintɔ wɔ tebea horow a ɛsonsonoe mu. Enkosi sɛ wubehu eyinom no, ebetumi aba sɛ wubenya akwanhyia.” Ofirikafo bi gye tom sɛ: “Sɛ meka afiri sɛnea na meyɛ wɔ asram a edi kan wɔ me sɔhwɛ no akyi mu no a, anka mɛyɛ dwoodwoo ofirikafo.” Dɛn nti na ɛte saa? Ogye tom sɛ: “Mprempren mede nneɛma di agoru kɛse.”

Bere a woadi wo sɔhwɛ no mu nkonim no, woda no adi sɛ ɔkwan bi so no wobɛyɛ dwoodwoo ofirikafo. Sɛ wobɛyɛ ofirikafo pa a, ɛsɛ sɛ wotoa so yɛ w’afirika no ho adwuma. Ɛte sɛnea ɛda adi sɛ wubetumi afa osuahu ne w’ani a wobɛma akɔ w’afirika no so so anya nkɔanim wɔ wo nnamyɛ mu.

Ma w’ani nna hɔ kɛse bere nyinaa wɔ nea ebetumi ayɛ asiane ho. Alex Miller a ɔyɛ Britania polisini afirika ho sɔhwɛfo no ka sɛ: “Akwanhwɛ a wonni ne hu a wonhu nea ɛrekɔ so wɔ wo kar no anim, akyi ne nkyɛn no ne nnɛyi afirikafo mfomso titiriw.” Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nea wonhwɛ kwan no kwan. Sua a wubesua sɛ ‘wubehu kwan no so’ no bɛboa.​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no mu.

Suban ho Asɛm wɔ Ahobammɔ Mu

Sɛnea afirika ho sohwɛfo Miller kyerɛ no, “suban ne ade a ɛho hia sen biara.” Ofirikafo bi a waka afiri mfe 30 wɔ Afrika ne Europa nyinaa no de saa nsusuwii yi ma: “Afirika yɛ suban ho asɛm. Ɔkwan a obi fa so ka afiri no da sɛnea obu afoforo wɔ da biara da asetra mu no adi.”

Canadani ofirikafo bi de adwene si bo a su pa som no so na ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ wobu ofirikafo tumi krataa sɛ ‘hokwan’ mmom na ɛnyɛ sɛ ‘nea ɛsɛ sɛ wonya’ a, anka afirika mu su pa bɛma yɛn atempɔn so ahobammɔ anya nkɔanim sɛnea ɛsɛ.”

Britania Akwantu Dwumadibea afirika ho krataa bi ka sɛ: “Sɛ ahobammɔ yɛ adwene mu su a, ɛnde ahobrɛase yɛ emu nneɛma atitiriw no mu biako.” Wɔ pii fam no, eyi bɛkyerɛ su mu nsakrae a wɔbɛyɛ. So ɛno betumi ayɛ yiye? Yiw. Afoforo a wobedwen wɔn ho na wɔrenyɛ pɛsɛmenkominya no ka ho. Bible mu mmara hene no ka no yiye dɛn ara: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”​—Mateo 7:12.

Nanso ɔkwan bɛn so na eyi yɛ adwuma ankasa? Engiresini ofirikafo bi se: “Sɛ abufuw sɔre wɔ ɔkwan so a, ɛyɛ den sɛ wubenya su pa.” Akyinnye biara nni ho sɛ wone no yɛ adwene. Ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ bi atua ka no mu yɛ den. “Ne nyinaa akyi no, mede kasɛt so nnwom adi dwuma ma aboa me. Sɛnea etumi dwudwo no yɛ nwonwa.”​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 9 no mu.

Japanni ofirikafo bi a ne ho akokwaw afotu ne sɛ: “Bɔ mmɔden dennen sɛ wubedi abufuw nkate biara so. Sɛ biribi ama woahaw a, to dwom brɛoo anaasɛ dennen.”

Nhwɛ pii kwan mfi afoforo hɔ. Ɛda adi sɛ asiane ho akontaabu ahorow bɔ ɔhaw a afirikafo a wɔn ho yɛ hu betumi de aba no ho amanneɛ. Si wo bo sɛ wobɛka kar ahobammɔ mu, anaasɛ sɛnea ofirikafo bi ka no no: “Ka afiri te sɛ nea obiara a ɔwɔ kwan no so no betumi de ɔhaw aba.”

Afei nso hu sɛ wubetumi asua ade afi afoforo hɔ. Pɛɛpɛe sɛnea wɔn afirika som bo no mu.​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no mu.

Bere a Jim Kenzie rekyerɛw wɔ The Toronto Star mu no, ɔkae sɛ: “Aduru biara nni hɔ a ɛma obi yɛ Afirika mu Okunini. Nea wuhia ara ne nimdeɛ bi, nyansa bi, [ne] akoa foforo no ho nsusuwii bi.” Sɛ woyɛ ofirikafo ɔfoforo anaasɛ wo ho akokwaw no, kae sɛ ɛnyɛ ɔkwan so na wɔkyerɛ wɔn ho, wonya koko, anaasɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya.

Ɛdenam ‘kar a wubehu no mmɔbɔ,’ ‘ɔkwan no so a wubehu,’ adwene a wode besi ade so ne akwanhwɛ so, ne ɛdenam ahobrɛase su a wubenya so no, wubedi nkonim wɔ afirika mu​—dwoodwoo!

[Ase hɔ nsɛm]

a Saa aban krataa a wɔasan ayɛ no foforo mpɛn pii fi bere a wɔkyerɛw nea edi kan no wɔ 1981 mu a ɛne “nea ɛto so abien a wɔatɔ sen biara a Bible no nkutoo na ɛsen no” wɔ Britania no de ahobammɔ akwankyerɛ a emu da hɔ ma wɔn a wɔnam akwan so nyinaa.

[Box/Pictures on page 8]

So W’afiri no Fata sɛ Esi Kwan So?

Nneɛma a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔ akwantu biara mu:

Anim ahwehwɛ ne mfɛnsere: Emu tew? So nsu a wɔde horohoro anim ahwehwɛ no anim no ayɛ ma? So nea ɛpopa no wɔ tebea pa mu?

Akanea, breki akanea, ne nea ɛkyerɛ sɛ woredan wo ho: So ɛyɛ adwuma?

Tae: So ɛho atwitwa, asoasoa, anaasɛ biribi foforo bi aka no?

Breki: Bere a woasɔ ano akyi bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ yiye no hwɛ sɛ ɛyɛ adwuma anaa.

Nea ɛsɛ sɛ wohwɛ bere ne bere mu sɛnea afiri wura krataa no kyerɛ:

Engine: So ngo no boro “ADD” no so? Mma ɛmmoro so.

Nsu toa (sɛ ɛwɔ bi a) : So nea ɛma edwo no da sɛnea ɛsɛ? So nea ɛma odwo no ho ahobammɔ dɔɔso?

Tae: Ɛwɔ mframa anoden a ɛfata, emu asaawa wɔ akyiri, na awe pɛ?

Battery: So nsu a ɛwɔ tokuru no biara mu ye? Mma ɛmmoro so.

[Kratafa 9 adaka]

Wɔka Kar Bere a Wotie Asɛm

Kar mu radio ne afiri a wɔde bɔ nnwom ma wonya atesɛm ne nnwom a aba foforo. So eyinom twitware ofirikafo no adwene a ɔde si ade so no ananmu? Ɛho adwenkyerɛ sonsonoe. Afirikafo binom ka sɛ wotumi de adwene si so yiye a ɛmfa ho sɛ dɛn na wɔreka no. Afoforo pɛ sɛ wɔde nnwom a ɛte saa no di dwuma bere a wɔka afiri wɔ baabi a mfiri dɔɔso pii no. Eyi ne kɔkɔbɔ a Driving krataa no de ma no hyia: “Tie a wubetie no pii no betumi aka sɛnea wode w’adwene si so no.” Ɛnde, kar mu telefon a wɔde di dwuma no nso ɛ? Etu fo sɛ:”Gyina ansa na woagye ɔfrɛ bi so anaasɛ woafrɛ obi.”b

[Ase hɔ nsɛm]

b Wɔatu Britania afrikafo fo sɛ wɔmfa mfiri a”wɔnso mu” nkutoo na enni dwuma bere a wɔka afiri no ne bere a ne dwumadi renyi wɔn adwene mfi ɔkwan no so no nkutoo.

[Kratafa 10 adaka]

Hu Kwan no So

Wɔ nhomawa ahorow bi a ɛba nnidiso a wosiesie na aboa afirikafo a afei na wɔresua ne wɔn a wɔn ho akokwaw nyinaa mu no, Britania RoSPA (Akwanhyia Ahobammɔ Kuw bi) no di kan gye nea mfiri yɛfo yɛ de yɛ mfiri ahorow a eye kɛse no tom. Nanso ɛkae afirikafo “sɛ sɛ kar betumi ayɛ nea ɛyɛ ahobammɔ a egyina ofirikafo a ɔte stia akyi no so.” Ɛkamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ afirikafo nyinaa ‘hu kwan no so.’ Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi? Dɛn na ɛwom?

1. Hwehwɛ kwan no so ne mfiri tebea ho sɛnkyerɛnne a edi kan. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ ofirikafo hwɛ n’anim na ɔhwehwɛ nneɛma bi ɛbɛma wɔahu nea ebetumi ayɛ haw ahorow. Nanso ɔbɛma n’ani ada hɔ wɔ nea ɛrekɔ so ɔkwan nkyɛn no ho.

2. Hwɛ beae, wim tebea, bere, ne afoforo a wɔnam kwan no so no. Ɛsɛ sɛ faako a wowɔ, sɛ ɛyɛ kurom anaasɛ wuram no ka w’afirika no. Akwan a nsu, sukyerɛmma anaa nea ɛte saa wɔ so no haw adwene kɛse. Ɛbɔ yɛ asiane titiriw. Mframa a ano yɛ den betumi abɔ wo afi wo fã a wonam no. Hann, sɛ ɛyɛ nea efi owia mu anaasɛ kar a ɛreba akanea mu no betumi afura w’ani bere tiaa bi anaasɛ anyɛ yiye koraa no atew w’adehu so kɛse. Akwamma bere ma afirikafo a wɔn ho nkokwawee pii si akwan so. Hwɛ yiye wɔ anantewfo ne mmoa ho. Hyɛ sunsuma a ɛbɔ wo kɔkɔ sɛ anantewfo retwa ɔkwan no mu wɔ bɔs bi a woretwa ho no anim no nsow.

3. Hu sɛnea nea wubu no betumi aka w’afirika no sie. Si sɛnea wubedi eyi ho dwuma no ho gyinae yiye, na ka afiri no dwoo wɔ tebea mo mu.

RoSPA ka sɛ: “Afirikafo a waben taa de saa kwan yi di dwuma. . . . Ɛsɛ sɛ ɛma w’afirika gyinapɛn nya nkɔanim.” Nea ɛka ho no, “wɔahu sɛ ɛboa ma wɔtew nea ebetumi de asiane aba no so.”

[Kratafa 11 adaka]

Afotu a Efi Abenfo Hɔ

Ma ɛnyɛ wo anigye sɛ wobɛma wɔn a wɔte w’afiri mu no anya akwantu a ahotɔ wom na ɛyɛ dwoo.

Bu afirika sɛ nimdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ pɛ.

Hwɛ hu sɛ w’afiri no wɔ tebea papa mu.

Hwɛ w’anim kɔ akyiri nohoa ne akyiri kakraa, ne mmɛnee mu nso.

Hwɛ ahwehwɛ mu na hu nea ɛrekɔ so wɔ w’afiri no akyi ne ɛho.

Hwɛ yiye wɔ nea wunhu no yiye wɔ w’adehu mu no ho.

Ansa na wobɛdan wo ho anaasɛ wubefi ɔfa biako akɔ foforo no, hwɛ ahwehwɛ no mu na ma sɛnkyerɛnne wɔ bere pa mu.

Sɛ ɛho hia a dan wo ho ankasa hwɛ ansa na woadan wo ho sen sɛ wode wo ho bɛto ahwehwɛ no nkutoo so.

Nya ntoboase. Yɛ komm.

Dwoodwoo afirika kyerɛ afirika mmara a wubedi so.

[Kratafa 7 mfoni]

Wɔde afirika ho sɔhwɛ no hwɛ sɛ wobɛka afiri dwoodwoo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena