Wɔahu Ahintasɛm No Ano!
NNIPA pii fa no sɛ owu nyɛ ɔdesani nkwa awiei, sɛ wɔ nipadua wu akyi no, biribi kɔ so tra ase. Mpɛn pii no, wɔkyerɛ saa biribi yi ase sɛ ɔkra.
Wɔ asemmisa: “Yɛyɛ dɛn hu sɛ Ruh [ɔkra] no fi nipadua no mu bere a ɛwɔ ɔdamoa mu no?” ho mmuaema mu no. The Straight Path nsɛmma nhoma no bua sɛ: “Owu nyɛ hwee sɛ ɔkra no a ofiri kɔ. Bere a ɔkra no afi nipadua no mu no, wɔde no kɔ Barzakh (bere a wɔatra owu no) . . . . Ɔdamoa yɛ baabi a wɔde nipadua no nkutoo to, ɛnyɛ ɔkra no.” Eyinom yɛ Nkramofo nkate ahorow, nanso ɛnyɛ soronko ahe biara mfi Kristoman nkyerɛkyerɛ ho.
Fa nsemmisa abien a efi A Catechism, of Christian Doctrine a ɛyɛ Britania Roman Katolek nhoma bi a na wɔde di dwuma wɔ sukuu ahorow mu no sɛ nhwɛso:
A: “Ɔkwan bɛn so na wo kra te sɛ Onyankopɔn?”
M: “Me kra te sɛ Onyankopɔn efisɛ ɛyɛ honhom, na enwu da.”
A: “Dɛn na wokyerɛ bere a woka sɛ wo kra nwu da no?”
M: “Sɛ meka sɛ me kra nwu da a, mekyerɛ sɛ me kra rentumi nwu da.”
Ɛwom sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔagye eyi adi de, nanso nhoma no mmɔ mmɔden sɛ ɛde nea ɛkyerɛkyerɛ yi ho adanse bɛma.
Nanso, nsɛm fibea bi wɔ hɔ a ɛka nea ɔkra no yɛ pɔtee no kyerɛ yɛn. Saa fibea no ne Bible a ɛne nhoma a akyɛ sen biara a onipa nim no. Ebia nea ɛka no bɛma wo ho adwiriw wo.
Ɔkra no—Bible Nkyerɛkyerɛmu
Genesis a ɛyɛ Bible mu nhoma a edi kan no de onipa ne abɔde afoforo a wɔte yɛn okyinsoromma yi so bɔ ho nsɛm ma yɛn. Wɔkyerɛwee wɔ Hebri kasa mu, na wɔ atiri abien a edi kan no mu no, asɛm “ɔkra” a wɔkyerɛɛ ase fii ne’phesh mu no pue mpɛn anan; nanso, pɛnkoro pɛ na ɛka onipa ho asɛm.a Dɛn na mpɛn afoforo a epue no ka ho asɛm? Ma yɛnhwɛ.
“Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne ɔkra [ne’phesh] a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te.”—Genesis 1:21, NW.
“Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a nkwa wɔ wɔn mu sɛ ɔkra [ne’phesh] a ɛte ase no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni.”—Genesis 1:30, NW.
“Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ obehu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn; na nea onipa de frɛɛ ɔkra [ne’phesh] a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din.”—Genesis 2:19, NW.
Nkyekyem ahorow abiɛsa yi a wɔde toto ho ntɛm ara no da no adi sɛ wɔde ne’phesh di dwuma de kyerɛkyerɛ aboa nkwa biara mu.
Afei fa eyi toto onipa a odi kan, Adam, bɔ ho asɛm no ho:
“Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra [ne’phesh] teasefo.”—Genesis 2:7.
Bere a Amerika Yudafo Nhomakyerɛw Kuw no reka eyi ho asɛm wɔ Torah a ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nhoma anum a edi kan no nkyerɛase bi mu no, ese: “Bible no nka sɛ yɛwɔ ɔkra. ‘Nefesh’ [ne’phesh] ne onipa no ankasa, hia a ohia aduan, mogya ankasa a ɛnenam ne ntini mu, ne mũ no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.) Wɔ ntease mu no, ɛno ara nso yɛ nokware wɔ nkwa afoforo a wɔka ho asɛm sɛ “ɔkra” no nyinaa ho. Wonni akra. Wɔn nyinaa yɛ akra.
Plato ne Ɔkra No
Ɛnde, ɛhe na nsusuwii a ɛne sɛ ɔkra no fi nipadua no mu wɔ owu mu no fi bae? The Jewish Encyclopedia a yɛadi kan adan adwene akɔ so no ka eyi: “Ɛdenam Persiafo ne Helafo nsusuwii a Yudafo hyiae no nkutoo so na ɔkra a etu fi nipadua mu na ɛwɔ n’ankasa su bi no gyee ntini wɔ Yudasom mu.”
Wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase mpo no, na Misrifo gye di sɛ ɔdesani kra no nwu ne sɛ etumi san kɔsra ne nipadua a awu no. Esiane eyi nti Misrifo yɛɛ nneɛma pii de koraa wɔn awufo so denam hyɛ a wɔhyɛɛ wɔn aduru no so.
Nea ɛyɛ anigye no, German Lutheranfo krataa foforo Evangelischer Erwachsenenkatechismus (Asɛmpa Katekism ma Wɔn a Wɔanyinyin) no gye tom pefee sɛ ɔkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔdesani kra no nwu da no fibea nyɛ Bible mu na mmom ɛyɛ “Helani nyansapɛfo Plato (427-347 A.Y.B.) [a] ogyee kyim sii so dua sɛ nsonsonoe wɔ nipadua ne ɔkra no mu no.” Ɛtoa so sɛ: “Nnɛyi asɛmpaka nyamekyerɛfo gye saa Helafo ne Bible nsusuwii ahorow a wɔka bom yi ho akyinnye. . . . Wɔpow onipa a wɔkyekyɛ ne mu yɛ no nipadua ne ɔkra no.”
Ɛnde, dɛn na ɛba ɔdesani ɔkra no so wɔ owu? Ɛdefa saa asɛm yi ho no, tumi a ɛsen biara ne Bible no a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no. Ɛka no pefee sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Na bere a Yesu reka “owusɔre” ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne [Yesu] nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.
Enti ɛhe na awufo wɔ? Wɔwɔ adamoa mu, ‘nkae ada’ mu, kyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a wɔretwɛn owusɔre.b Owusɔre? Dɛn na ɛkyerɛ? Ɛyɛ anidaso paara dɛn? Nsɛm a yɛde wie a ɛfa awerɛhosɛm bi a esii Engiresi Aburokyiri nnansa yi ho no kyerɛ sɛnea saa anidaso yi betumi ayɛ paara no.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Akra” a ɛyɛ dodow kabea no nso pue wɔ Genesis, ti 1, nkyekyem 20, 24.
b Lutheranfo katekism no ne Bible no hyia bere a ese: “Esiane sɛ nipa mũ no nyinaa yɛ ɔbɔnefo nti, ɛnde wɔ owu mu no ewu koraa wɔ nipadua ne ɔkra mu (owu a ɛyɛ koraa) . . . . Ɛkã bi da owu ne owusɔre ntam: ayɛ bi koraa no onii no toa n’asetra no so wɔ Onyankopɔn nkae mu.
[Kratafa 8 adaka]
So na Wunim?
Yɛnnkenkan “ɔkra a enwu da” ho asɛm wɔ Bible mu baabiara. Wɔmmfa nsɛm abien no mmom da. Nsɛm “enwu” ne “daa nkwa a owu nnim” no pue mpɛn asia pɛ, ne nyinaa wɔ ɔsomafo Paulo nkrataa mu. Sɛ wɔde reka adesamma ho asɛm a, wɔkyerɛkyerɛ daa nkwa a owu nnim mu sɛ ɛyɛ akatua a wɔde bɛma 144,000 a wɔatɔ wɔn afi asase so ma wɔne Kristo Yesu rekodi ahene wɔ ɔsoro no nkutoo.—1 Korintofo 15:50-54; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4; 20:6.
[Kratafa 9 adaka]
Tumi Bɛn?
“The Concise Oxford Dictionary” kyerɛ “ɔkra” ase sɛnea edi so yi: “Onipa fã a ɛyɛ honhom anaasɛ nea wontumi nso mu, wɔka sɛ enwu.” Saa nkyerɛase yi si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ owu akyi asetra denam “ɔkra” so nsusuwii no da so yɛ nea wogye tom wɔ nyamesom mu no so dua. Tumi biara nni hɔ a wobetumi de akyerɛ sɛ ɛte saa. Nea ɛne no bɔ abira no, tumi a ɛkorɔn sen biara a ɛne Bible no se: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbewu.”—Hesekiel 18:4.
[Kratafa 9 mfoni]
Misrini ɔkyerɛwfo bi “kra” a wɔayɛ no sɛ ɔkɔre a ɔwɔ onipa ti a wɔkyerɛ sɛ ‘ɔresan akɔsra ne nipadua wɔ ɔda mu’
[Asɛm Fibea]
Courtesy of the British Museum, London