Yehowa Adansefo A Wɔwɔ Europa Epuei Fam
BERE a Berlin Ɔfasu no hwee ase wɔ November 1989 mu no, Asiaweek bɔɔ amanneɛ sɛ “Apuei Fam Germanfo bɛyɛ ɔpepem 2 soaa wɔn ho koguu wɔn man a na emu akyɛ no atɔe fam wɔ Berlin Apuei Fam ɔhye a wobuei no akyi nanu.” Na wɔkɔyɛ dɛn?
Wɔn a wɔwɔ sika no kɔtotɔɔ nneɛma pii. Ebinom kɔhwɛɛ nneɛma a wɔtontɔn no ara kwa, na wɔhwɛɛ sɛnea ahofadi a wɔanya no foforo no te. Nnipa pii huu Yehowa Adansefo wɔ Berlin mmɔnten so ne nkurow afoforo so na wɔgyee nhoma fii wɔn nkyɛn. Efi saa bere no, ebinom akyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no bãã dwumadibea a ɛwɔ Selters, a ɛbɛn Frankfurt am Main, de akyerɛ wɔn anigye.
Krataa no biako kae sɛ: “Bere a mekɔɔ Berlin Atɔe Fam bere a edi kan wɔ m’asetram no, migyee Ɔwɛn Aban sɛ akyɛde fii Yehowa Adansefo nkyɛn wɔ abɔnten so. Efi saa bere no, mafi ase rehwɛ Bible no mu bio, na ɛwom mpo sɛ mewɔ nsɛnnennen pii de, nanso manya obi a ɔma me anidaso ne anigye wɔ asetram bio. M’ani begye ho sɛ menya nhoma Your Youth—Getting the Best out of It no bi akenkan. Afei nso mepɛ sɛ mihu Yehowa Adansefo.”
Ɔkwantufo foforo kyerɛwee sɛ: “Bere a menam asase ase ɔkwan no so rekɔ keteke gyinabea kɛse no mu wɔ Nuremberg no, awuraa bi maa me Nyan! ne Ɔwɛn Aban. Mekenkan no, m’ani gyei. Nna dodow bi ni no, mekenkan Bible no bio da biara da.”
Wɔyɛɛ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow wɔ Europa Apuei Fam nkurow akɛse mu wɔ 1990 ahohuru bere mu. Wɔyɛɛ nhyiam no biako wɔ Olympia Agumadibea wɔ nea anka ɛhɔ yɛ Berlin Atɔe Fam no, na Adansefo a wofi aman pii a apuei fam Germany ka ho so kɔe. Akontaabu kyerɛ sɛ nnipa 44,532 a wɔkɔe no mu no, na wɔn mu 30,000 fi apuei fam Germany. Atesɛm krataa a ɛne Berliner Morgenpost bɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɔɔ Adansefo afoforo 1,017 asu wɔ Olympic ɔtare a woguare wom no mu, wɔde nsu no ase a wɔde wɔn hyɛ koraa a ɛyɛ ɔkwan a “wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no de dii tete Kristofo nhwɛso akyi pɛɛ no” na edii dwuma.
Ɔkwan bɛn so na nneɛma asakra wɔ Germany apuei fam? Wɔ March 1990 no, Apuei Fam Germany atesɛm nkrataa bɔɔ Yehowa Adansefo a wɔama wɔn hokwan wɔ mmara mu no ho amanneɛ. Wɔ asɛmti “Yehowa Adansefo Anya Mmara Mu Hokwan Bio” ase no, Apuei Fam Germany atesɛm krataa Miltedeutsche Zeitung kae sɛ: “Bara a wɔabara wɔn mfe aduanan no baa awiei March 14. Saa da no, German Yehowa Adansefo ananmusifo tumi fii G[erman] D[emocratic] R[epublic] Adwumayɛbea a ɛhwɛ Asɔre Nsɛm so hɔ a na wokura aban tumi krataa wɔ wɔn kotoku mu a ɛma wɔn gyidi no mufo hokwan bio sɛ wobetumi asom wɔ GDR.”
Krataa a yɛn nsa kae wɔ fefɛw bere a etwaam no mu fii Leipzig Ɔdansefo bi nkyɛn no ka nea esii no: “Dapɛn biako a atwam ni no na yɛda so ara wia yɛn ho kra honhom mu aduan ba nkakrankakra. Mprempren [March 14, 1990] de, wɔagye yɛn atom wɔ mmara mu! Ɛnkyɛ biara yebeyi nhoma tɔn anan afi lɔre mu!” Nokwarem no, na lɔre a edii kan kɔɔ Apuei Fam Germany no so Bible nhoma tɔn 25, na wɔ asram abien a edii hɔ mu no, wɔde tɔn 250 bio kɔe. Na saa na honhom mu kɔm a ade Adansefo a wɔasiw wɔn ahofadi ho kwan bɛboro mfe 40 no te!
Sɛ yɛkae sɛnea Nasi (1933-45) ne Komunist nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wobegu Adansefo adwuma no wɔ Germany no a, na wɔn kan ne mprempren nnwuma a wɔayere wɔn ho ayɛ no yɛ wɔn mudi mu kura ne Onyankopɔn nhyira a ɛwɔ wɔn so no ho adanse pa.
Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Rusia
Wɔ December 1989 mu no, Mikhail Gorbachev ne Paapa John Paul II hyiae wɔ Vatican. Rusia atesɛm krataa Pravda bɔɔ amanneɛ sɛ Gorbachev kaa nkɔmmɔ a wɔbɔe no ho asɛm sɛ: “Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a emu dɔ na ntease wom. . . .Yɛkaa nyamesom ne nneɛma a ɛho hia a ɛrekɔ so wɔ Europa, wiase no, ne Rusia no ho asɛm.” Vatican aban no atesɛm krataa L’Osservatore Romano, bɔɔ amanneɛ sɛ Owura Gorbachev kaa wɔ ɔne paapa no nkɔmmɔbɔ no mu sɛ: “Nnipa a wɔwɔ gyidi horow nyinaa, a wɔyɛ Kristofo, Nkramofo, Yudafo, Budhafo ne afoforo, wɔ Rusia. Wɔn nyinaa wɔ hɔ kwan sɛ wodi wɔn honhom mu ahiade ahorow ho dwuma. Ɛnkyɛ, yebegye Ahonim mu Ahofadi ho Mmara no atom wɔ yɛn man no mu.”
Saa asɛm no mmamu mu no, wɔ September 1990 mu no, Rusia mmarahyɛ bagua no gyee mmara a ɛma ahonim mu ahofadi hokwan no toom. Mmara a wɔhyɛɛ no fã a ɛto so 3 no kae sɛ: “Wɔ nea ɛne ahonim mu ahofadi hyia no mu no, ɔman ba biara ankasa besi ne nyamesom ho gyinae, ɔwɔ hokwan sɛ ɔde ne ho hyɛ nyamesom biara mu, sɛ ɛyɛ ɔno nkutoo anaa sɛ ɔne afoforo bɛbom anaa sɛ ɔrenyɛ mu biara, obetumi abɔ ne nyamesom mu gyidi ho dawuru.”
Yehowa Adansefo mpempem pii wɔ Rusia a wɔhwɛ ɔsom mu ahofadi kwan. (Hwɛ kratafa 22.) Nhyiamfo bɛboro 17,000 fi Rusia kɔɔ 1990 Rusia kasa mu “Kasa Kronn” Nhyiam no bi wɔ Warsaw sɛ Adansefo a wɔwɔ Rusia nyinaa no ananmusifo. Wɔhwɛ bere a wobetumi ayɛ nhyiam horow wɔ Rusia no kwan.
Nkɔanim wɔ Poland
Wɔde mmara mu hokwan maa Yehowa Adansefo wɔ Poland wɔ May 1989 mu. Efi saa bere no, wɔabue bãã dwumadibea, na wɔresi ne kɛse wɔ beae bi a ɛbɛn Warsaw. Bere bi a atwam no, wɔde Adansefo nkumaa ɔhaha pii guu afiase esiane afã biara a Kristofo nni no nti. Mprempren sɛ wɔde tumi krataa a ɛsɛ no kyerɛ a, woyi wɔn fi sraadi ne asotwe mu.
Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Poland wɔ 1989 ne 1990 mu no ayɛ nkuranhyɛ foforo ama Adansefo a wɔwɔ hɔ no. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ Poland no dodow kɔɔ anim ɔsram biara wɔ afe a etwaam no mu, na wɔn dodow nkɔanim foforo boro 97,000. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnkyɛ Poland bɛyɛ ɔman a ɛto so 12 a ɛhɔ Adansefo boro 100,000.a Nnipa a wɔkɔɔ Kristo wu ho Nkae afahyɛ no ase wɔ April mu no dodow yɛ 188,861.
Ɔsom mu Ahofadi wɔ Romania
Adansefo a wɔwɔ Romania no ani gyei sɛ wɔmaa wɔn ahyehyɛde no mmara ntu hokwan wɔ April 1990 mu. (Hwɛ adaka no mu, kratafa 13.) Ankyɛ na wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam horow toatoaa so wɔ ɔman no mu nyinaa, na nnipa bɛboro 44,000 kɔɔ ase, nanso na Adansefo bɛyɛ 19,000 pɛ na wɔwɔ ɔman no mu saa bere no. Nokwarem no, Romaniafo pii reyɛ aso ama Ahenni no ho nkrasɛm no.
Wɔyɛɛ 1990 mu ɔmantam nhyiam horow a eti asɛm wɔ wiase nyinaa ne “Kasa Kronn” wɔ Brasov ne Cluj-Napoca. Wɔyɛɛ dwumadi no wɔ Romania ne Hungaria kasa mu. Nnipa bɛboro 36,000 na wɔkɔe, na wɔbɔɔ 1,445 asu.
Efi January 1, 1991, no, wofii ase tintim Romania kasa mu Ɔwɛn Aban no ne Engiresi de no bere koro mu a ɛwɔ su horow no nyinaa.
Wɔ Bulgaria a ɛbɛn hɔ a Apuei Fam Ortodox asɔre no titiriw na ɛwɔ hɔ no mu no, wɔmmaa Adansefo no mmara mu hokwan ɛ, nanso wɔagyige adan a wɔyɛ wɔn asafo nhyiam horow wom. Wɔn mu bɛboro ahanu kɔɔ Salonika, Greece, “Kasa Kronn” Nhyiam a wɔyɛe wɔ Bulgaria ne Greek kasa mu no bi.
Asɛmpa a Efi Hungary
Na June 27, 1989, yɛ da titiriw ma Adansefo a wɔwɔ Hungary. Atesɛm krataa Magyar Nemzet bɔɔ amanneɛ sɛ: “Esiane ɔsom mu ahofadi mmara no nti. Ɔman Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Asɔre Nsɛm so no ama Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ Hungary no mmara mu hokwan sɛ ɔsom ahyehyɛde.” Wɔkaa amanneɛbɔ no ho asɛm wɔ radio ne TV so. Hungarifo tee sɛ afei Jehova Tanúi (Yehowa Adansefo) adwuma no anya mmara mu hokwan.
Nea ɛbɛyɛ na wɔayɛ “Kasa Kronn” Nhyiam horow wɔ amansin atitiriw no nyinaa mu no, wɔyɛɛ bi wɔ Pecs, Miskolc, Debrecen, ne Budapest. Wɔn mu bɛyɛ 2,000 a wɔka Hungaria kasa no fi Czechoslovakia ne Rusia bae. Nhyiamfo 700 a wofi Finland bae no dii amanaman ntam biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no ho adanse. Na wɔn a wɔkɔɔ Hungary nhyiam no dodow nkabom yɛ nnipa 21,568, a na Romaniafo bɛboro 2,000 ka ho.
Efi January 1990 no, Adansefo a wɔwɔ Hungary nya wɔn nsɛmma nhoma a ɛwɔ su horow no nyinaa a ɛba daa, a wɔkyerɛ ase ma ɛne Engiresi kasa mu de no ba bere koro mu.
Nkɔanim wɔ Czechoslovaki
Yehowa Adansefo ani abere reboa wɔn afipamfo ma wɔasua Bible no ho ade pii wɔ ɔman fɛfɛ a ɛyɛ mmepɔmmepɔw ne nsase pa yi mu. Wɔn dwumadi no ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔyɛ adwuma no wɔ baguam, na wɔyɛ nhyiam akɛse.”
Wɔ nsakrae ahorow a ɛbae wɔ Apuei Fam Germany wɔ November 1989, mu akyi no, Adansefo a wɔwɔ Czechoslovakia de ahoɔhare yɛɛ ɔmansin nhyiam ahorow ho nhyehyɛe fi April ɔsram no so kosii June 1990. Ɛno nti, bere a edi kan mu no, atesɛm nkrataa de Adansefo ho amanneɛbɔ pa mae. Mprempren, Adansefo bɛboro 21,000 na wɔwɔ Czechoslovakia, na wɔ 1990 no, nnipa 40,295 na wɔkɔɔ Kristo wu ho Nkaedi no ase. Bɛboro asafo ahorow no fã agyigye adan a wobetumi ayɛ nhyiam wom dedaw na asafo 12 wɔ wɔn ankasa Ahenni Asa mpo.
Wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ Prague wɔ August 1990 mu, na nnipa 23,876, na wɔkɔe na wɔbɔɔ 1,824 asu. Nea ɛbɛyɛ na agumadibea hɔ ayɛ fɛ ama nhyiam no, Adansefo bɛboro 9,500 tuu wɔn ho mae na wɔde nnɔnhwerew bɛboro 58,000 siesiee hɔ. Czechoslovak TV adwumayɛbea nanmusifo bi kae sɛ: “Yɛakɔ baguam adeyɛ pii ase, nanso yɛn ani gye mo nhyehyɛe wɔ agumadibea ha no ho. Yennye nni sɛ eyi ne bere a edi kan a moayɛ nhyiam bi a ɛte sɛɛ ho nhyehyɛe.” Obi a ɔbaa hɔ kae sɛ: “M’ani gye honhom mu tebea, abusuabɔ pa, ne ɔdɔ a ɛwɔ mo nuanom mu no ho. Me bae sɛ adamfo; Mifii ha sɛ nea ɔsen saa.”
Wɔretintim Ɔwɛn Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma wɔ Czech ne Slovak kasa mu a ekura su horow no nyinaa, na kasa abien nyinaa mu Ɔwɛn Aban no ne Engiresi de no ba bere koro mu. Sɛ yɛkae nhyɛso tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ bɛyɛ nea ɛboro afe pɛ ni no a, eyinom yɛ nsakrae atitiriw.
Daakye Anidaso Ahorow
Anidaso ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ ma Adansefo a wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ aman a wɔde Onyankopɔn a wɔka sɛ onni hɔ atete emu mmofra no mu? Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Bible no ne Onyankopɔn wɔ sum kabii mu. Nanso nea ɛwɔ ho a eye ne sɛ, nnipa no nni atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ woyi wɔn adwene fi so. Ɛte sɛ nea yebetwa aba pii.”
Enti, Bible mu nkrasɛm bɛn na Yehowa Adansefo ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ Europa Apuei Fam no? Asɛm a edi hɔ no bebua.
[Ase hɔ nsɛm]
a 11 a ɛka ho no ne Brazil, Britain, Canada, France, Germany, Italy, Japan, Mexico, Nigeria, Philippines, ne United States.
[Box on page 8, 9]
Wɔanya Ɔsom Mu Ahofadi Afei!
Nea edidi so yi yɛ nsɛm a Adansefo a wɔwɔ nea anka ɛyɛ Apuei Fam Germany a wɔkɔɔ “Kasa Kronn” Nhyiam wɔ July 1990 mu wɔ Berlin no kae.
“Wɔfrɛ me Lydia. M’adi mfe awotwe na mifi GDR [German Democratic Republic]. Ɛyɛ me anigye pii sɛ maba nhyiam yi bi efisɛ afe a etwaam no, na wommuee ahye no ɛ. Yɛhyɛɛ Nkae Adidi fã no kokoam. Afei de yɛwɔ ahofadi! Sɛ obiara fi ase to dwom a, na nusu ba. M’ani agye pii ma enti mɛbɔ ho nkɔmmɔ wɔ sukuu!”
“Anisɔ ne aseda ahyɛ yɛn ma sɛ yɛyɛ wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa wɔ Berlin ha wɔ amanaman ntam onuayɛ mu.”—Bernd.
“Na GDR anuanom a wɔn nso wɔwɔ dwumadi no mu no kyerɛ ade pɔtee bi: Yehowa tete ne nkoa na ɔma wɔfata bere a wɔabara wɔn no mpo.”—Gottfried.
“Nsambɔ ne nnwonto no kyerɛe sɛ na obiara ani agye. Na ɛyɛ nnyigyei kɛse bi a ɛma onipa te nka wɔ ne mu sɛ ɔwɔ anigye Hwɛ sɛnea ebia Yehowa ani begye!”—Egon.
“Wɔ m’asubɔ akyi no, anuanom binom bisae sɛ na nsu no mu adwo dodo anaa. Nea mitumi kae ara ne sɛ mante. Na Yehowa nhyira no mu yɛ hyew araa ma manhu sɛnea nsu no te.”—Heidrun.
“Na tebea a ɛwɔ baabi a yɛdae no nni kabea! Yɛn a yefi Denmark, Mozambique, England, California, Germany kesee fam, Spain, GDR—yɛn nyinaa boom too dwom, na yɛn nyinaa ‘ka kasa kronn.’”—Jutta.
“Bere biara yɛka 1958 ne 1960 mu nhyiam ahorow wɔ Berlin ho nsɛm kyerɛ yɛn mma, ɛne nea etwa to a yetumi kɔe. Nanso nea yehu mprempren yi boro nea yɛkae ne nea yɛhwɛɛ kwan nyinaa so.”—Wolfgang.
“Nea ɛyɛɛ yɛn anigye kɛse ne sɛ nnipa mpempem pii sɔre too dwom yii Yehowa ayɛ, titiriw no dwom a wɔde wiei ne mpaebɔ no. Na yentumi nkora yɛn nusu so bio.”—Monika ne Reinhard.
[Kratafa 13 adaka]
“Wodii Atɛnkyea Bi Ho Dwuma”
Amanneɛbɔ bi puei wɔ saa asɛmti no ase wɔ Romanian nsɛmma nhoma Tineretul liber (Abofra a Ɔwɔ Ahofadi) August 11, 1990 de no mu. Ɛkae sɛ: “Yiw, wodii atɛnkyea bi ho dwuma. Wɔama ‘Yehowa Adansefo’ ɔsom ahyehyɛde a wɔabɔ wɔn ahohora pii a wɔakura wɔn mudi mu sɛ Kristo akyidifo bɛboro mfe 40 no mmara mu hokwan na wɔanya ahyehyɛde a wɔyɛ no ho tumi krataa. Ahyehyɛde yi yɛ n’adwuma wɔ Sodikuw hwɛ ase sɛ wiase nyinaa ahyehyɛde a ɛyɛ adwuma wɔ aman, nsupɔw ne nsasesin 210 so.” Amanneɛbɔ no de August mu nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ Brasov ne Cluj-Napoca a ɛkaa ho asɛm no na ewiei.
[Kratafa 9 mfoni]
Nhyiam dwumadi ahorow: (efi benkum ao wɔ ase hɔ, efi benkum kɔ nifa) woyi brochure foforo adi wɔ Warsaw; Hungaria ne Romania asɛnka agua, Budapest; wɔkyerɛw nsɛntitiriw, Berlin; adwuma a edi nhyiam anim a wɔde siesie agumadibea no, Prague
[Kratafa 10 mfoni]
Nhyiam dwumadi ahorow: (efi benkum, efi benkum kɔ nifa) asubɔ, Romania, agumadibea Prague; abusua bi a wɔn nsa aka ‘Mankind’s Search for God” nhoma no wɔ Berlin; ɔkasafo wɔ Budapest; wɔhwehwɛ Bible no mu wɔ Poland