Nkrasɛm Bɛn Na Wɔretie?
WIASE bɛn na wopɛ sɛ wotra mu? Dɛn na wopɛ sɛ wo mma daakye yɛ? Sɛ anka wubetumi anya akwahosan a edi mũ na worenwu da a, so anka wopɛ?
Wubebua nsemmisa yi dɛn? Nnipa pii, ɛmfa ho sɛ ɔsom bɛn mu anaasɛ nniso bɛn ase na wɔwɔ no, wɔpɛ sɛ wɔbɛtra wiase bi a asomdwoe wom na ohia nnim mu. Wɔn ani begye wiase bi a atɛntrenee a edi mũ ne biakoyɛ wom a ɔporɔw nnim; na adefo nni wɔn mmara nko na ahiafo wɔ wɔn de nko no ho.
Na akyinnye biara nni ho sɛ wobepɛ sɛ wo mma nya aduan pii, ofi pa, ne nhomasua mu ntetee pa. Wɔ ɔkwan foforo so no, wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma nya daakye a ɛnsakra. Na sɛ wɔde hokwan no ma wo a, anka wobɛpaw akwahosan a edi mu na woatra ase bere tenten na woadi w’apɛde a eye ne wo botae ahorow nyinaa ho dwuma, na mpo wobɛpɛ sɛ wunya daa nkwa wɔ paradise asase a asomdwoe wom so.
Eyi nyinaa nyɛ adaeso a entumi mma mu. Ɛyɛ Bible mu nkrasɛm a Yehowa Adansefo ka wɔ wiase nyinaa, a aman a wɔwɔ Europa Apuei Fam no nso ka ho.
Bible No Anidaso ma Daakye a Ntease Wom
Bible nkɔmhyɛ ahorow a wotumi de ho to so a wɔkyerɛw no mfeha pii a atwam no kaa nneɛma a ebesisi wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu ho asɛm siei, yɛn ‘ɔko ne akosɛm’; yɛn ‘asasewosow ne ɔkɔm a ɛbɛba mmeaemmeae’; yɛn ‘amanaman a wɔn ho yeraw wɔn’, a ehu ne nneɛma a ɛba wiase no ma nnipa ho yeraw wɔn’; yɛn ‘asase no a yɛresɛe no.’—Luka 21:10-33; Adiyisɛm 11:18.
Nanso, nneɛma a esisi yi nyinaa ne afoforo pii a ɛka ho no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no nso abɛn ampa. Eyi fa “ɔsoro foforo ne asase foforo,” kyerɛ sɛ, wiase tumidi foforo, ɔsoro nniso, ne asase so abusua a wɔahyehyɛ no foforo ‘a trenee te mu’ ho. Ɛkyerɛ wiase foforo a ‘ɛyaw, owu, ne osũ rentra mu.’—Yesaia 65:17-25; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.
Ɛda adi sɛ, amammui ahyehyɛde biara rentumi nni nhyehyɛe yi ho dwuma ɛmfa ho sɛ adwempa bɛn ara na ɛwɔ na ɛbɔ ne ho mmɔden no. Amansan Hene Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛyɛ eyi. Enti na ne Ba Yesu Kristo, kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Onyankopɔn pɛ ne sɛ asase no bɛhyerɛn sɛ ɔbohene wɔ amansan no mu, a adesamma abusua a wɔdɔ asomdwoe tete so. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma eyi aba. Ɛbɛyɛ nsiesiei adeyɛ a wɔde bɛpra efĩ ne afideyɛfo afi asase no so. Wobeyi efĩ nyinaa, ɔhonam anaasɛ abrabɔ mu de nyinaa afi asase no so. Henanom na wɔbɛka? Yesu kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.”—Mateo 5:5; Adiyisɛm 16:14-16.
So wopɛ sɛ woka wɔn a wodwo a wobenya Onyankopɔn nhyira no ho? Ɛnde kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo hɔnom no na ka kyerɛ wɔn sɛ wɔne wo mmɛyɛ fie Bible adesua a wonnye hwee. Hwehwɛ ade a ɛyɛ “nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no.” Na afei yɛ.—Romafo 12:2.