Mmofra a Asɔfo To Wɔn Mmonnaa Kasa
SƐNEA U.S. & World Report kyerɛ no: “Wɔ mfe du a atwam no mu no, wɔaka Roma Katolekfo asɔfo bɛyɛ 400 ho asɛm akyerɛ asɔre no anaasɛ atumfo sɛ wɔato mmofra mmonnaa.” Nnansa yi, wɔyɛɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa saa no ho ɔman nhyiam wɔ beae bi a ɛbɛn Chicago, Illinois. Wɔn mu pii kaa sɛnea asɔfo too wɔn mmonnaa no ho asɛm baguam.
Nanso NCR (National Catholic Reporter) ka sɛ akasafo no sii asɛmti foforo so dua mpɛn pii wɔ nhyiam no nyinaa mu sɛ: “Mmonnato a edi kan no yɛ nna mu de; nea ɛto so abien a ɛyɛ yaw kɛse no yɛ adwenem de.” Saa mmonnaato a ɛto so abien no si bere a asɔre no pow sɛ ebetie wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no asɛm, na wɔmfa sobo no aniberesɛm, na wɔbɔ asɔfo a wodi nsɛmmɔne no ho ban no. NCR bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ ɛteɛ anaa ɛnteɛ no, wɔkaa Katolekfo asɔfo ho asɛm sɛ wɔyɛ kuw bɔne nnaadaafo a wɔawe ahinam so sɛ wɔbɛkora hokwan ne tumi a wɔwɔ no so sen sɛ wobedi asɔremma no ahiade horow ho dwuma.” Akasafo pii de wɔn totoo Ɔsesɛw a ɛde mpaapaemu baa asɔre no mu wɔ afeha 16 mu no ho wɔ ɔkwan a anibere wom so.
Sɛnea Richard Sipe, kan ɔsɔfo bi a wabɛyɛ adwenemhaw ho oduruyɛfo ne Katolekfo asɔfo mmonnaato ho ɔdenimfo kyerɛ no, eyi nyinaa a ahyehyɛde no nnye ntom no kyerɛ sɛ “enim asɛm no ho bi ankasa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Asɔre no nim, na efi bere tenten nim sɛnea n’asɔfo de wɔn ho hyɛ nna mu ho nsɛm pii. Asɔre no ahyɛ da abu n’ani agu so, ama ho kwan, akata so na adi atoro wɔ nna a n’asɔfo de wɔn ho hyɛ mu kɛse no ho.”
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no pii asamana asɔre no. NCR fa mmaranimfo bi a waben wɔ nsɛm a ɛte saa di mu asɛm ka sɛ, asɔfo a wɔto mmofra mmonnaa ho asɛm wɔ asɔre no amansin 188 a ɛwɔ United States no nyinaa mu. Ɔka sɛ nsɛm a woyi fi asennibea kodi wɔ fie ho ka kɔ soro kodu $300,000 wɔ asɛm biara ho. U.S. News & World Report ka sɛ nsɛm a ɛte saa abɔ asɔre no ka $400,000,000, dedaw, sika a ebetumi adu dɔla ɔpepepem biako afe 2000. Na Canadafo Nsɛm ho Amanneɛbɔ Adwuma no bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ nnipa bɛyɛ 2,000 a wɔtoo wɔn mmonnaa wɔ wɔn mmofraberem wɔ nyisaa ne adwenemyarefo nteteebea 22 a ɛyɛ asɔre de a ɛwɔ Quebec no asamana asɔre ahorow asia ma wɔatua Canada dɔla ɔpepepem $1.4 ama wɔn.
Nanso, United States mmaranimfo a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ a odi asɛm ma wɔn a asɔfo ato wɔn mmonnaa no mu 150 wɔ amantam 23 mu ka sɛ, onnyaa obi a ɔde n’asɛm abɛdan no a ɔpɛ sɛ ɔde asɛm no kɔ asennibea. Wɔn mu biara di kan hwehwɛ atɛntrenee “wɔ asɔre no mu.” NCR de ba awiei sɛ: “Ɛda adi sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no de asɛm no kɔ asennibea bere a hwee amfi mmɔden a wɔbɔe nyinaa mu amma no.”