Wiase Nsɛm
Nkɛntɛnso a TV Anya wɔ Wiase no So
Edin bɛn sɛɛ na TV agye wɔ wiase nyinaa? Sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, TV bɛboro ɔpepepem biako na ɛwɔ wiase nyinaa, ɛdɔɔso sen dodow a na ɛwɔ hɔ wɔ mfe anum a atwam no mu ɔha biara mu nkyem 50. TV dɔɔso wɔ Japanfo afie mu sen tiafi a wobu nsu de twe kɔ. Mexicofo afie bɛyɛ fã na telefon wom, nanso ɛkame ayɛ sɛ TV wɔ ofi biara mu. Na Amerikafo pii wɔ mmeae 25 anaa 30 a wokyim wɔn TV to hɔ de hwɛ hɔnom dwumadi. Tribune no ka sɛ: “Ɔhaw a wiase nyinaa TV yi de aba amammerɛ, amammui, ne sikasɛm so yɛ kɛse yiye . . . Ɛhaw ebinom sɛ TV hwɛ yi nyinaa bɛma wiase no mu nnipa a wɔaka no ahwere akenkan ho anigye, sɛnea ato Amerikafo awo ntoatoaso abien dedaw no.”
Asiane wɔ Abusuafo Mogya Mu
Aban nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnipa ɔpepem biako mogya a wɔde maa afoforo wɔ United States mmeae atitiriw anum ho ada no adi sɛ gye a wogye di sɛ asiane kɛse nni mogya a nnamfo anaa abusua mufo twe ma mu te sɛ nnipa a wonnim wɔn de mu no yɛ atoro. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ na mmerɛbo mu yare wɔ mogya a abusuafo ne nnamfo de mae no mu ɔha biara mu nkyem 2.6 mu, bere a nnipa a wonnim mu de yɛ ɔha biara mu nkyem 1.8 no. Wohui nso sɛ na kekae, mmerɛbo mu yare, ne akisikuru mmoawa, HTLV-1 dɔɔso wɔ mogya a abusuafo ne nnamfo de mae mu. Lyle Petersen a ɔwɔ U.S cheral Ccnters for Disease Control and Prevention kae sɛ: “Ɛnyɛ nea worema asiane a ɛbɛto wo no so atew bere a woka kyerɛ nnamfo ne abusuafo sɛ wɔmfa wɔn mogya mma wo no.”
Okyinnsoroma no a Wɔrepia ma Ahwe Ase
British Medical Journal no mu amanneɛbɔ bi se, mprempren wɔwo nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 ka wiase no mu nnipa dodow ho afe biara, na wobu akontaa sɛ ebedu afe 2050 no, na asase yi so nnipa adu ɔpepepem 10. Royal Society of London ne U.S. National Academy of Science boom de amanneɛbɔ a ebi mmae da too gua sɛ nnipa a wɔredɔɔso saa no reyɛ asɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no a wontumi nsiesie no bio. Asɛm yi bɛba mu titiriw sɛ ɛba sɛ aman a afei na wɔrenya nkɔso a emu pii mu na nnipa redɔɔso kɛse no de abɔde di dwuma te sɛ nea wɔyɛ wɔ aman a anya nkɔso no mu a. Asuabea kamfoo adwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ nyansahu ne mfiridwuma yɛ kyerɛe, nanso ɛkae sɛ nyansa nnim sɛ wɔde ho to ɛnonom nkutoo so sɛ “wonni ɔhaw ahorow a nnipa a wɔredɔɔso, abɔde a wɔsɛe no, ne nnipa nneyɛe a ɛsɛe ade de ba no ho dwuma.” Asɛm no kyerɛe sɛ, sɛ nsakrae biara amma a, “nyansahu ne mfiridwuma ntumi nsiw nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no anaasɛ ohia buroburo a wiase no mu nnipa dodow no ara kɔ so di no ano.” Sir Michael Atiyah, Royal Society of London no titrani kae sɛ: “Sɛ yɛammɔ mmɔden anibere so ansiw nnipa a wɔredɔɔso no ano a, biribi foforo biara ho renhia ahe biara.”
Mmoa a Ennu Da
African Development Bank titrani abadiakyiri, Ferhat Yunes, gye tom sɛ mmoa a amanaman no de ma sɛ wɔmfa ntew ɔkɔm ne ohia so wɔ Afrika no mu ɔha biara mu nkyem 7 pɛ na edu wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn no ankasa nkyɛn. Afrika mmofra ɔpepem pii a wɔwɔ ahoyeraw tebea mu no ama awerɛhosɛm yi ayɛ kɛse. Spainfo atesɛm krataa El País bɔ amanneɛ sɛ mmofra ɔpepem 30 na wonnya aduan pa nni, ne afoforo ɔpepem 40 a aduan pa a wonnya nni ama wɔatɔ ape wɔ asasepɔn no nyinaa so. Afrika aman 44 ananmusifo a wohyiaam wɔ Dakar, Senegal, kamfo kyerɛe sɛ nnuan no a wɔbɛma akuw pii akyekyɛ ne sika a wɔsɛe wɔ ahobammɔ ho a wɔbɛtew so ne akwan abien a ɛho hia a wɔbɛfa so ma mmofra yi asetra ayɛ papa
Afrika Mfutuma
Nyansahufo ka sɛ Afrika mfutuma a mframa a ɛyɛ hyew ne wosee bɔ fi sare so ma okyinnsoroma no mmeae afoforo nya so mfaso. International Herald Tribune bɔ amanneɛ sɛ, ne fã bi fi ɔpɛ a esii wɔ Afrika kesee fam kyɛe, a ɛmaa Afrika asase ani dɔte pa tɔn ɔpepem pii dan mfutuma wɔ 1992 nkutoo mu no. Mfutuma no dodow no ara kogu Atlantic Po no mu, ɛdan aduannuru—titiriw iron a ɛho hia kɛse—ma nsu mu mmoawa nketenkete ne afifide, na wɔn nso dan aduan ma afoforo. Nea aka no kogu Amerika nsase so. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Amazon kwae no mu kyerɛ sɛ Afrika mfutuma boa ma ɛhɔnom dɔte a srade nnim no san yɛ papa. Ɔbenfo MichaelGarstang a ɔwɔ University of Virginia ka sɛ: “Amerika nsase no kyerɛ sɛnea mmoa, afifide ne ade a ɛmmemmɛn no dan wɔn ho wɔn ho kɛse. Asɛm no ne sɛ nneɛma pii dannan wɔn ho wɔn ho wɔ yɛn okyinnsoroma yi so a yɛnte ase. Afei na yɛafi ase renya nneɛma yi mu ntease kakraa bi pɛ.”
Wɔagyɛe Nyamesom Nsɛmma Nhoma Tintim
Associated Press amanneɛbɔ bi de too gua sɛ: “Wɔagyae ɔman no nyamesom nsɛmma nhoma abien a akyɛ sen biara a ɛne American Baptist ne Christian Herald no tintim. Wɔkae sɛ Christian Herald a anya mfe 115 a wofii ase tintimii wɔ 1878 mu a wɔyɛ wɔ Chappaqua, N.Y., ne American Baptist a adi mfe 189, a wotintim nea edii kan wɔ 1803 mu no dodow a wɔkyekyɛ so retɛw.” Wɔde nhomawa bi besi American Baptist a ɛba daa ɔsram biara a wotintim no Valley Forge, Pennsylvania no ananmu. Nanso, nyamesom nsɛmma nhoma foforo a wofii ne tintim ase saa bere no, Ɔwɛn-Aban, kɔ so nya nkɔanim. Wofii ase tintimii no ɔsram biara wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, wɔ 1879 mu, bere a wotintim mfuamfua 6,000 wɔ Engiresi kasa mu, na mprempren wotintim Ɔwɛn-Aban no a ɛba adapɛn abien biara no wɔ kasa horow 112 mu, na wɔkyekyɛ ebiara 16,400,000.
Sukuu mu Basabasayɛ
Nhwehwɛmu bi a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe wɔ sukuu 169 mu wɔ Hamburg, Germany, bɔɔ mmɔden sɛ ebehu nea ɛma wɔyɛ basabasa a ɛredɔɔso wɔ nhomasuabea no. Dɛn nti na sukuu ahorow bɔ amimdi, ahunahuna, opira, ne nna ho nsɛmmɔnedi ho amanneɛ daa saa? Sɛnea atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kyerɛ no, mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm no kaa nsɛm ho amanneɛbɔ mu basabasayɛ, mmofra a wobu ani gu wɔn so wɔ fie, wɔne sukuufo a wofi aman afoforo so ntam akameakamedi, ne sukuu mu dadwen ne nneɛma atitiriw a ɛma wɔyɛ saa no. Nhwehwɛmu no nso twee adwene sii asetram mu nneɛma a esiw sukuu mu basabasayɛ ho dwumadi kwan no so. Sɛ nhwɛso no, wohui sɛ mmofra ne mmerante ne mmabaa nnim afɔdi anaa bɔneyɛ ho hwee na wɔyɛ ahopɛ, wonni afoforo ho koma, na wonnwen afoforo ho nso. Na awofo pii bu basabasayɛ a wɔde di ntawtawdi ho dwuma no sɛ ɛteɛ, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ, sɛ obi bɔ wɔn a, wɔmmɔ no bi mfa mmɔ wɔn ho ban.
Nhwiren mu Nsu ma Wɔyera
Sɛ nnowa nom nhwiren mu nsu a akaw a, dɛn na ɛba? Wɔyɛ wɔn ade te sɛ nnipa a wɔabow nsa. Ebinom nhu kwan nkɔ fie, na wɔntaa mma wɔn a wohu kwan kɔ no kwan nkɔ nnowa dan no mu esiane wɔn nneyɛe bɔne no nti. Afei, sɛ awɔw ankum wɔn a, wɔn asabow no pira wɔn kɛse ma ɛtew wɔn nkwa nna so fã, saa na Spainfo atesɛm krataa El País ka. Nanso, nnowa mmoapa mmow nsa da. Sɛnea Errol Hassan a ɔwɔ University of Queensland, Australia, akyerɛkyerɛ mu no, wim hyew a ano yɛ den kɛse no ma nhwiren mu nsu a wɔnom no kaw na ɛdan mmosa.
Asiane a Ahintaw
The New York Times mu asɛm bi se: “Wobetumi adi mfomso aka akyerɛ sigaretnomfo sɛ wɔwɔ ahoɔden bere a ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobetumi anya komayare no.” Dɛn ntia? Efisɛ sɛe a sigaretnom sɛe koma mu ntini nketewa a mogya nam mu no nna adi wɔ komam nhwehwɛmu a wɔyɛ mu. Enti sɛ sigaretnomfo yɛ basaa a, wɔn komam mogya so tew, na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobenya komayare. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Iowa Heart Institute wɔ Des Moines daa no adi sɛ eyi te saa bere a sigaretnomfo no nnom sigaret mpo no, na ɔhaw no mu yɛ den kɛse bere a onii renom sigaret no. Sɛ yɛhaw a, komam ntini nketewa no mu bue kɛse na mogya a ɛfa mu no yɛ nea ɛfa mu daa no mmɔho anan. Nanso mogya a ɛfa sigaretnomfo komam no so tew ɔha biara mu nkyem 30.
Ɔkwan Foforo a Wɔnam so Paw Afoforo
The West Australian atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “TV so dawurubɔ a eyi asɔfo mmea a wɔredɔw sare ne asɔfo a wɔrebɔ baskɛtbɔɔl kyerɛ yɛ ɔkwan foforo a Katolek Asɔre nam so rema asɔfo a wɔn so rehuan no adɔɔso no fa. Anibu 30 dawurubɔ . . . yi asɔfo mmerante ne asɔfo mmabaa a wɔrebɔ wɔn adwuma ho nkɔmmɔ bere a wɔredɔw sare, wɔredi gua, wɔredi agoru, na wɔresrasra ayaresabea ne afiase kyerɛ.” Ɔsɔfo Brian Lucas, Sydney Katolek Asɔre no kasamafo kae sɛ wɔtaa yi asɔfo mmea ne asɔfo a wokurakura kyɛnerɛ a wogyina asɔre adan atenten ase kyerɛ, na ɔsatu yi bɛboa afoforo ma wɔabu wɔn sɛ wɔnyɛ nnipa soronko. Wɔreyi TV so dawurubɔ yi akyerɛ wɔ Melbourne, na ɛno akyi no wobeyi akyerɛw wɔ amantam ahorow no mu, sɛ wohu sɛ ɛredi n’atirimpɔw ho dwuma a.