Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 29
  • Efi Yɛn Akenkamfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkamfo Hɔ
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 29

Efi Yɛn Akenkamfo Hɔ

Buronya Akyɛde Asɛm “Biribi a Eye Sen Buronya Akyɛde” (Awake! December 22, 1992) no de anifere kɛse kyerɛkyerɛɛ asɛm a ne ka nyɛ mmerɛw no mu fann. Efi mfiase pɛɛ no, ɔkenkanfo biara, sɛ ebia ɔyɛ nyamesomni anaa ɔnyɛ bi no gye toom. Bio nso, ankasa antia nneɛma a wɔde bata Buronya ho no ho biribiara. Na ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkenkan asɛm a wogye tom yi na yɛde ama wɔ yɛn asɛnka adwumam.

T. T., Germany

Asɛm no kyerɛɛ me nea eye sen Buronya akyɛde ankasa, a ɛne ɔdɔ a m’awofo wɔ ne sɛnea wofi komam kyɛ ade no. Na ɛyɛ den ma me nso sɛ mɛkyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo nni “Ɔhotewfo Nicholas Da” ne Buronya mu akyerɛ me mfɛfo sukuufo. Menam asɛm yi mmoa so betumi akyerɛkyerɛ mu yiye.

S. H. S., Germany

Celtfo M’ani gye mo asɛm “Celtfo​—So Wɔda so Te Wɔn Nkɛntɛnso Nka” (Awake! September 8, 1992) no ho yiye. Ɛnnɛ [akyerɛwfo] taa ka tete amammerɛ ho asɛm te sɛ nea saa bere no na nnipa asetra yɛ papa, na sɛ yɛn nyinaa dan yɛn ho tetefo bio a, biribiara bɛyɛ yiye ama yɛn. Na ɛyɛ ahomeka sɛ mekenkan asɛm a ɛdaa tete amammerɛ bi adi wɔ anigye kɛse so na moanka sɛ eye anaasɛ enye.

L. Z., United, States

Abofra Bɔbeasu Meda mo ase wɔ adaka a n’asɛmti ne “Wɔyɛ Dɛn Hu Sɛ Abofra Bɛyɛ Ɔbarima Anaa Ɔbea?” a ɛbaa asɛm “Mmea​—So Wobu Wɔn wɔ Fie?” mu no ho. (Nyan! October 8, 1992) Moakyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ menunu me nuabea panyin sɛ wawo mmabea anum wɔ mfe du mu a ɔnwoo ɔbabarima no ho. Sɛnea mo asɛm no kyerɛ no, sɛ wobenunu obi a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ okunu no.

E. J. O., Nigeria

Ɛwom sɛ ahobae no mu nkwaboaa na ɛkyerɛ sɛ abofra bi bɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea de, nanso ɛho asodi biara nna okunu anaa ɔyere so. Sɛnea asɛm no kae no, eyi yɛ “awo ho akrade ara kwa” a wɔn baanu no mu biara nni so tumi.​—SAMUFO.

Aborɔme Meda mo ase pii wɔ aborɔme ahorow no ho! Nnansa yi mekenkan ti a ɛka adwenemhaw ho asɛm no wɔ Questions Young People Ask​—Answers That Work nhoma no mu. Ɛde nyansahyɛ mae sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ “dwumadi ahorow a ɛma anigye,” te sɛ aborɔme a wubehu nea ɛkyerɛ ankasa mu. Eyi yɛ nyansahyɛ pa efisɛ ɛma meserew, na m’ani gye na minya nsɛm afoforo. Mesrɛ sɛ monkɔ so ntintim aborɔme no!

M. R., United States

Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintim nhoma a ɔka ho asɛm no.​—SAMUFO.

Awofo a Wɔmmɔ Bra Pa Bere a mekenkan asɛm “Mmofra Bisa sɛ . . . Sɛ M’awofo Agu Yɛn Anim Ase Nso Ɛ?” (Awake! October 22, 1992) no, misuu pii. Mfe abien ni a wotuu me papa fii Kristofo Asafo no mu, na me ne me maame ahyia ɔhaw kɛse. Mayɛ nea asɛm no kae no, na mekaa yɛn asɛm no kyerɛɛ Kristoni panyin bi a ne ho akokwaw, na minyaa nkuranhyɛ ne mmoa kɛse.

A. O., Japan

Me papa a anka ɔyɛ Yehowa Adansefo no abɛyɛ ɔwaefo. Wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan afoforo afi nokware no ho, na ɔma ɔkasa ahorow wɔ asɔre ahorow mu mpo. Wɔfrɛ no “reverend” a ɛkyerɛ sɛ nea nidi sɛ no. Ɛyɛ m’aniwu yiye! Nokwarem no, asɛm yi aboa me.

B. A., United States

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena