Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Nsa Bere a mekenkan asɛm a ɛne “Yɛn Nsa a Ɛyɛ Nwonwa No” (December 8, 1992 Nyan!) no, mehwɛɛ me nsa ntɛm ara. Minsusuw sɛnea saa nnwinnade a Yehowa de ama yɛn no yɛ nwonwa no ho da. Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi agye adi sɛ nnipa nam adannandi so na ɛbae? Migye di sɛ sɛ pii kenkan asɛm yi a, wɔ bɛsesa wɔn adwene.
E. M., Brazil
Awofo Akasatiafo “Mmofra Bisa sɛ . . . ” nsɛm a ɛne “Dɛn Nti na Biribiara a Meyɛ Nsɔ Ani Da?” (February 8, 1993 Nyan!) ne “Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina M’awofo Ɔkasatia Ano?” (March 8, 1993 Nyan!) bae bere a ɛfata mu pɛpɛɛpɛ. Na mahaw efisɛ na me papa nya biribi nwiinwii wɔ ho bere nyinaa. Mprempren mepɛ sɛ mebɔ mmɔden ankasa sɛ megye ɔkasatia ahorow atom komm na mempow abufuw so bio.
M. Z., Italy
Na nsɛm no fa me ho tẽẽ. Na migye di bere nyinaa sɛ adepa a mintumi nyɛ nti na m’awofo kasa tia me. Mo asɛm no boaa me ma mihui sɛ ɔdɔ nti na wɔde nteɛso ma me na wɔpɛ sɛ esi me yiye. Efi bere a mekenkan mo asɛm no, nneɛma kakraa bi na m’awofo nwiinwii wɔ ho.
S. P., United States
Me maame nyɛ Kristoni, na biribiara nni hɔ a mayɛ a asɔ n’ani da. Nanso asɛm yi boaa me ma metee no ase yiye. Dɛn na afi me mmɔdenbɔ no mu aba? Mprempren otie me na wabegye adi sɛ nea meka kyerɛ no no fi Onyankopɔn Asɛm mu!
M. T., Philippines
Abodoo Meda mo ase wɔ asɛm a ɛne “Yɛn Daa Abodoo” (February 8, 1993 Nyan!) no ho. Mede mo nneɛma a wɔde yɛ abodoo no too bi hwɛe, na m’ani gyee sɛnea abodoo no to yɛɛ mmerɛw na ɛyɛɛ dɛ no ho kɛse.
M. M., United States
Mewɔ aduannoa ho nhoma pii wɔ nhomakorabea, nanso nneɛma a wɔde yɛ abodoo a wɔka ho asɛm wɔ saa nhoma ahorow no mu biara nyɛ papa sɛ mo de no. Meda mo ase pii!
S. H., Germany
Nasifo Ɔtaa Asɛm a ɛne “Nasifo no Antumi Asiw Yɛn Kwan!” a Erwin Klose kyerɛwee no hyɛɛ me nkuran yiye. (February 8, 1993, Nyan!) Esiane sɛ ɛnte sɛ Nasifo ho osuahu afoforo a wɔaka abesi nnɛ yi nti, Erwin Klose kaa n’asɛm no wɔ ɔkwan a ɛyɛ serew so. Ɛtɔ mmere bi a, mintumi nnyae serew! N’anigye ne ɔkwan pa a ɔfa so hwɛ nneɛma no hyɛɛ me nkuran.
T. K., Japan
Rusia Nhyiam Horow Mepɛ sɛ meda mo ase ankasa wɔ asɛm a ɛne “Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam a Edi Kan Wɔ Rusia” no ho. (March 8, 1993 Nyan!) Ɛwom sɛ meyɛ obi a masom Yehowa Nyankopɔn akyɛ de, nanso ɛsɛ sɛ migye tom sɛ mintumi mfa Onyankopɔn nsiesiei ho anisɔ a mewɔ no ntoto saa Kristofo a wɔwɔ Rusia no de ho! Saa onuawa no anim tebea bere a ne nsa kaa n’ankasa Bible a edi kan no ma mihuu nneɛma a ɛsom bo a mewɔ—a mibu no adewa. Asɛm no boaa me ma mihuu mmeae a ɛho hia sɛ meyɛ nsakrae ahorow.
B. T. A., United States