Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsu ho Asɛnnennen
  • Japanfo Su bi Reyera?
  • Apɔw-mu-Teɛteɛ ho Kɔkɔbɔ
  • Nea Enti a Kar Nnɔɔso wɔ China
  • Mfoninitwa Mfiri Ma Nsakrae Ba
  • Afe 1914 Awo Ntoatoaso No
  • Wonnye Mmoawa Mmoawa no Nkwa
  • Kasa Ahorow a Wɔregyae Ka
  • Ɔwɔ Tɛkrɛma a Ɛte sɛ Adinam No
  • Nna ho Nsɛm a Ayarefo De Guan Mmea Ho
  • Nhoma a Ɛkata Aniwa Kesua So a Ɛhyehye
  • Sukuu mu Nsɛmmɔne
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1996
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
    Nyan!—2000
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban
    Nyan!—1996
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Nsu ho Asɛnnennen

FAO (Amanaman Nkabom Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde) no amanneɛbɔ a wɔde too gua nnansa yi ara no ka sɛ ebedu afe 2000 no, nsu ho bɛyɛ nã kɛse wɔ aman bɛyɛ 30 mu wɔ wiase nyinaa. Sɛnea FAO kyerɛ no, esiane sɛ nnipa a wɔredɔɔso bere nyinaa na wɔrekyɛ nsu kakraa bi a ɛwɔ hɔ nti, nnipa ɔpepehaha pii rennya nsu a wohia na ama wɔatumi atra ase. Nnipa a wɔwɔ asiane mu sen biara ne wɔn a wɔwɔ Afrika kusuu fam ne Sahara anafo fam, Apuei Fam, ne Hungary. Amanneɛbɔ no a ɛbaa Paris atesɛm krataa Le Monde mu no ka sɛ, asase so nsu pa bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 70 (ɔha biara mu nkyem 90 wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu) na wɔde gugu mfuw so wɔ kuayɛ mu. FAO bu akontaa sɛ wɔsɛe nsu yi bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 60 esiane sɛ wɔmfa ɔkwampa so na egugu mfuw so nti.

Japanfo Su bi Reyera?

Ɛkame ayɛ sɛ esu a na Japanfo wɔ sɛ wɔde nidi a emu dɔ bɛma wɔn mpanyimfo no rekɔ fam. Ɔhonam ne adwene mu basabasayɛ a wɔyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim rekɔ soro. Mainichi Daily News kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛnea onimdefo bi kyerɛ no, ɛnnɛyi mmusua pii de amemenemfe na ɛhwɛ wɔn abusuafo a wɔn mfe akɔ anim, na wontumi nnyina ɔhaw no ano. Wɔtaa yɛ wɔn basabasa na wobu wɔn ani gu wɔn so. Sɛnea Mainichi Daily News kyerɛ no, ɔbarima bi de yɛɛ “ne su sɛ bere biara a ne papa a wadi mfe 75 no mpene so sɛ ɔde ne pɛnhyen sika bɛma no no, ɔboro no pirapira no.” Nneɛma afoforo nso a wɔtaa yɛ ne sɛ wɔkyekyere ɔwofo bi a wagow nsa ne ne nan na wɔto ne mu hyɛ dan bi mu, na ebi nso de ntamagow hyehyɛ aberewa bi anom.

Apɔw-mu-Teɛteɛ ho Kɔkɔbɔ

The Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ “apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no denneennen” betumi asɛe nneɛma wɔ yɛn asom. Ɛda adi sɛ ahuruhuruw denneennen a obi taa de ne ho hyem betumi asɛe n’aso mu akwaa ahorow a ɛyɛ mmerɛw no. Ɛho nsɛnkyerɛnne a yɛtaa hu no bi ne obi ani so a ebiri no, gyina a ontumi nnyina hɔ yiye, ɛhyɛn a ɔtra mu a ɛbɔ no yare, ne n’asom a ɛyɛ no yɔnn. Nnansa yi nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ mmea a wɔkyerɛ apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no denneennen ho ade mprenu da koro ho daa no adi sɛ wɔn mu ɔha biara mu 83 nte nnyigyei a ano yɛ den. Ade foforo a ɛhaw adwene ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmea binom bɛyɛ “apɔw-mu-teɛteɛ ho potwaa,” apɔw-mu-teɛteɛ a emu yɛ den a ɛka wɔn hɔ. The Times ka sɛ nea ɛkowie saafo no ne “ɔbrɛ, ahotutu, wɔn ti kasae a dwumadi dodow ma ɛtete akam, na sɛ wɔde wɔn ho hyɛ apɔw-mu-teɛteɛ a wɔyɛ no denneennen mu a, wontumi nnyina hɔ yiye nso.”

Nea Enti a Kar Nnɔɔso wɔ China

Ankorankoro kar 50,000 pɛ na ɛwɔ China a ɛhɔ nnipa boro ɔpepepem biako no. Nanso, sɛnea China Today kyerɛ no, dodow yi yɛ “nkɔanim kɛse.” Wɔ 1983 mu no, na ankorankoro kar ahorow a ɛwɔ ɔman no mu yɛ 60 pɛ! Wɔhwɛ kwan sɛ ɛnkyɛ, nnipa a wɔwɔ kar no bɛdɔɔso. Nanso, ɛsɛ sɛ obi a ɔrebɛtɔ kar bu ɛho ka no ho akontaa. Wɔwɔ tow ahorow bɛboro 40 a wotua wɔ China a ɛma kar bo yɛ den. Sɛ́ nhwɛso no, “wobetumi atɔn kar bi de agye yuan 300,000 (bɛyɛ US $37,000) wɔ China, nanso ne bo akɔ soro wɔ aman afoforo mu ara na ebedu US $10,000.” Na sika a wotua de sua karka nso ɛ? China Today ka sɛ sika a sukuu bi a wosua karka wɔ hɔ gye no yɛ “odwumayɛni afe biako akatua mmɔho abien.”

Mfoninitwa Mfiri Ma Nsakrae Ba

Akwantu Asoɛe a ɛwɔ London, England, no bɔ amanneɛ sɛ kar a wɔde tu mmirika tra nea mmara ma ho kwan so atew kɛse wɔ mmeae a wɔde mfoninitwa mfiri asisi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ebetwa kar ahorow a ɛde mmirika twam no nɔma pon mfonini no. Mfoninitwa mfiri yi ma mpanyimfo no nya mfonini ahorow a wɔde kɔkyere wɔn a wɔde kar tu mmirika tra so. Etumi ma wonya adanse a wɔde bɔ wɔn a wotwam bere a kar kwan mu kanea kɔkɔɔ asɔ no sobo nso. New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ efi bere a wɔde mfoninitwa mfiri no sisii hɔ no, “nnipa dodow a wopirapiraa kɛse wɔ akwan a wɔde wɔn ani sii so no so atew abiɛsa biara mu abupɛn biako.” Efi bere a mfoninitwa mfiri no fii ase yɛɛ adwuma no, da biara kar dodow a sɛ wɔkyekyem a etu mmirika tra nea mmara ma ho kwan kilomita 32 wɔ dɔnhwerew biara mu no so tew fii kar 1,000 baa 30. New Scientist ka sɛ: “Wɔn a wɔka kar a wotwam bere a kanea kɔkɔɔ no asɔ no so atew ɔha biara mu 40, na akwanhyia dodow a esisi wɔ nkwanta so no so atew ɔha biara mu 60.”

Afe 1914 Awo Ntoatoaso No

U.S. mmarima ne mmea 4,743,826 a wɔkɔɔ Wiase Ko I no bi no mu 272,000 pɛ na na wɔte ase wɔ 1984 mu. (April 8, 1988 Nyan!, Engiresi de) Sɛnea Asoɛe a Ɛhwɛ Tete Akofo Nsɛm So kyerɛ no, ɛnnɛ dodow no so atew aba bɛyɛ 30,000, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu biara adi mfe 95. Nanso wɔ 1992 mu no, na awo ntoatoaso a wɔwoo wɔn 1914 anaa ansa na saa afe no reba no mufo 61,486,000 da so te ase wɔ wiase nyinaa.

Wonnye Mmoawa Mmoawa no Nkwa

The New York Times ka sɛ, sɛ nkoekoemmoa ne mmoawa mmoawa a wonni akyi kasae nni hɔ a, “anka asase so asetra nyinaa begu ma ebia nnipa ne abɔde afoforo a wɔwɔ akyi kasae atra nkwa mu asram kakraa bi pɛ, na anka afifide nketenkete a ɛwɔ nsu mu ne asase so titiriw na ɛbɛka okyinnsoromma yi so.” Times mu asɛm no gyina nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi so bɔ kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde mmoawa mmoawa a wonni akyi kasae ka dawuru a wɔtaa bɔ sɛ wonnye bonsu, asebɔ, ne mmoa afoforo a wɔn ase retɔre nkwa no ho. Mmoawa mmoawa yi ma asetra mu nneɛma dodow bi kɔ so yiye, a nea ɛka ho ne nneɛma a aporɔw a wodi, afifide a wɔde nneɛma gugu so ma ɛsow aba, nnua aba a wɔma ɛpete, ne nneɛma fĩ a woyi fi hɔ. Tiafi a nnipa kɔ no afe biara wɔ United States nkutoo bɛyɛ tɔn ɔpepem 130, na ayɛmmoa kɔ tɔn ɔpepepem 12. Sɛnea onimdefo bi kyerɛ no, saa fĩ yi ɔha biara mu 99 na “wogye di sɛ mmoawa mmoawa a wonni akyi nkasae yi fi hɔ.”

Kasa Ahorow a Wɔregyae Ka

Wɔreyɛ agyae kasa ahorow bi ka wɔ Papua New Guinea a ɛyɛ ɔman a wɔka kasa ahorow pii wom no. Wɔagyae kasa ahorow anum ka dedaw wɔ mfe 40 a atwam no mu. Sɛnea Papua New Guinea Post-Courier kyerɛ no, ɛno ma “ɛka kasa ahorow 867 pɛ wɔ ɔman no mu.” Post-Courier kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔman no mu “kasa a egu ahorow no yɛ nea wɔkyerɛ sɛ efi mmusuakuw pii a wɔtete mmeae a mmepɔw ne akwae ama atew ne ho wɔ ɔman no mfinimfini no.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ wɔwɔ “kasa ahorow 22 a nnipa a wɔka nnu 100, kasa ahorow ason a nnipa a wɔka nnu 20 ne kasa ahorow 10 a nnipa a wɔka nnu 10.” Kasa ahorow a wɔreyɛ agyae ka no biako ne Uruava, a nnipa baanum na wɔka. Nnipa baanu baanu na wɔka Bina ne Yoba.

Ɔwɔ Tɛkrɛma a Ɛte sɛ Adinam No

Dwuma bɛn na ɔwɔ de ne tɛkrɛma a ɛte sɛ adinam no di? Sɛnea International Herald Tribune mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, tɛkrɛma no boa ɔwɔ no ma odi pampan bi a ano yɛ den akyi sɛnea yɛn aso abien no yɛ adwuma bom hwehwɛ baabi a nnyigyei bi fi ba no ara pɛ. Sɛ ɔwɔ no rehwehwɛ aboa bi akyere no anaasɛ ɔhokafo a, ɔtwetwe ne tɛkrɛma mpɛn pii, na ɔtrɛtrɛw ano no mu sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Saa kwan yi so no, ɔwɔ no tumi te sɛnea pampan no ano yɛ den fa fi mmeae abien, na ɛma otumi hu faako a aboa a ɔrehwehwɛ no no wɔ.

Nna ho Nsɛm a Ayarefo De Guan Mmea Ho

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi da no adi sɛ nna ho nsɛm a wɔde guan mmea ho wɔ adwumam yɛ ɔhaw a anibere wom ma mmea a wɔyɛ nnuruyɛfo pii. The Medical Post kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ nhwehwɛmu no mu no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 77 “bɔɔ amanneɛ sɛ ayarefo de nna ho nsɛm guan wɔn ho ɔkwan bi so.” Nnipa pii gye di sɛ ɔhaw no ano aduru gyina nnuruyɛfo no ankasa so. Wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma wɔn anim nyɛ duru na wɔnyɛ nneɛma sɛnea ɛfata wɔn adwuma no, nhyɛ nnuruyɛfo nguguso, na wɔnhyɛ ayeforo kawa bere a wɔrehwɛ ayarefo no. Nanso, afoforo te nka sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de asiw nna ho nsɛm a wɔde guan mmea nnuruyɛfo ho ano. Post da adwenkyerɛ yi adi sɛ: “Mmea nnuruyɛfo te wiase bi a wɔtaa de nna ho nsɛm guan mmea ho ma enti wɔbɔ hu mu.”

Nhoma a Ɛkata Aniwa Kesua So a Ɛhyehye

Aduruyɛ ho nsɛmma nhoma bi bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ mmabaa pii rema nhoma a ɛkata wɔn aniwa kesua so hyehye bere a wɔnhyɛ da denam dade a wɔde twe wɔn ti nhwi a wɔma ɛkɔfa wɔn ani ho no so. Sɛnea Oduruyɛfo Dean Ouano a ofi Pennsylvania Sukuupɔn no Scheie Aniwa ho Adesuabea kyerɛ no, eyi “betumi ayɛ ade a ɛma nhoma a ɛkata aniwa kesua so hyehye a abu so sen biara.” Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ ɛntaa nsɛe aniwa no bere tenten biara, na mpɛn pii no, aniwa so kuru no wu wɔ nnansa ntam. Nanso, Oduruyɛfo Albert Cheskes a ofi Bochner Aniwa ho Adesuabea a ɛwɔ Toronto no ka saa ade a wɔnhyɛ da nyɛ yi ho asɛm sɛ biribi a ebetumi ayɛ “hu yiye.” Ɔde ka ho sɛ ɛba saa “efisɛ wɔkɔ so de dade a wɔde twe ti nhwi pii di dwuma, na mmea ntɔ wɔn bo ase.”

Sukuu mu Nsɛmmɔne

The Toronto Star ka sɛ: “Sukuu mu basabasayɛ yɛ tan, abu so, na ɛredan dadwen a ɛsen biara ma akyerɛkyerɛfo ne amammuifo ntɛmntɛm.” Basabasayɛ dodow kɔ soro afe biara. Nea ɛka basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ 1993 mu wɔ sukuu mu wɔ Toronto mantam mu no ho ne nnipa 810 a wɔboroo wɔn, nnipa 131 a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛto wɔn mmonnaa, awuduru a wɔde maa nnipa 7 ne afei akode a wɔde dii dwuma mpɛn 141. Star de ka ho sɛ polisifo “agye atuo, asekamma, nnua, mporibaa ne akode afoforo a enni ano afi sukuufo nsam.” Awofo a wosuro hu sukuu ahorow sɛ beae a ɛhɔ yɛ hu sɛ wɔde wɔn mma bɛkɔ. Star bɔ amanneɛ sɛ kan no na Sukuu ahorow no yɛ mmeae a wosua ade, “nanso afei de nsɛmmɔnedifo akuw, atipɛnfo nhyɛso, ne akode na ɛwɔ hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena