Bible No Adwene
Henanom na Wɔkɔ Soro?
ƆSƐMMƆNEDIFO topae bubu wimhyɛn bi a ɛnam wim, na ekunkum wɔn a wɔte mu no nyinaa. Wɔ ɛyawdi kɛse no mu no, wɔka kyerɛ wɔn a wowuwui no abusuafo ne nnamfo sɛ wɔn adɔfo no wɔ soro mprempren, te sɛ nea wɔde tua wɔn ka wɔ wɔn atɔfowu no ho.
Odwontofo bi a wagye din wu, na wɔka sɛ ‘ɔne abɔfo rehyɛn mmɛn wɔ soro,’ anyɛ yiye koraa no esiane anigye a ne dom akyɛde a Onyankopɔn de maa no no maa n’akyidifo nyae nti.
Ɔyare, ɔkɔm anaa akwanhyia twa nkokoaa nkwa nna so, na asɔfo ka sɛ wɔregye wɔn ani wɔ soro mprempren, ebia te sɛ abɔfo mpo!
So Onyankopɔn nam mmofra ne mpanyin a ɔfa wɔn kɔ ne nkyɛn wɔ soro wɔ asomdwoe mu no nyinaa so rehyɛ nea ɛnteɛ a wɔde yɛɛ wɔn no ananmu? Ɔsorokɔ yɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so kora wɔn a woye na wɔfata nkamfo wɔ adesamma mu no nyinaa so? Dɛn na Bible ka wɔ ho?
Wɔn a Wonni Soro
Asɛm a Bible ka no mu da hɔ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no?” (1 Korintofo 6:9) Nanso, Bible no ka atreneefo ne wɔn a wobuu wɔn atɛnkyea no mu pii a wɔnkɔ soro ho asɛm.
Yesu ankasa kaa Yohane Suboni a na ɛnkyɛ na wɔakum no sɛ mogya dansefo no ho asɛm sɛ: “Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane Suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Ɔhemmɔne Herode kunkum mmarimaa a na wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii nyinaa atirimɔden so wɔ Betlehem ne n’ahye so de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe abofra Yesu. (Mateo 2:16) Nanso, Yesu kae sɛ: “Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba [Yesu] a ɔwɔ soro no.” (Yohane 3:13) Dɛn nti na Yesu anka saafo a wobuu wɔn atɛnkyea no ho asɛm sɛ wɔwɔ soro?
Yesu Buee Kwan No
Yesu frɛɛ ne ho sɛ “kwan ne nokware ne nkwa,” na ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ “wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan.” (Yohane 14:6; 1 Korintofo 15:20) Enti, na obiara ntumi nni n’anim kan nkɔ soro. Nanso bere a Yesu foro kɔɔ soro nnafua bɛyɛ 40 wɔ ne wusɔre akyi no, so gyidifo a wɔfata a wɔawuwu dedaw no dii n’akyi kɔe saa bere no? Bɛyɛ dadu akyi no, ɔsomafo Petro kaa Ɔhene Dawid ho asɛm sɛ “wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de besi nnɛ. . . . Na Dawid ankɔ soro.”—Asomafo no Nnwuma 2:29, 34.
Enti, ɔsorokɔ nyɛ atɛnkyea a wobuu obi anaa n’ankasa nokwaredi ho akatua kɛkɛ. Mmom no, ɛma wɔhyehyɛ ɔsoro sodifo kuw bi a wɔyɛ nnipa ananmusifo dodow bi wɔ Kristo akwankyerɛ ase, a wɔde honhom kronkron asra wɔn.—Romafo 8:15-17; Adiyisɛm 14:1-3.
Ɔsoro Ahenni Bi
Yesu kaa nniso anaasɛ aban yi ho asɛm sɛ “ɔsoro ahenni,” anaasɛ “Onyankopɔn ahenni.” (Mateo 5:3, 20; Luka 7:28) Na ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ wɔde adesamma bebree bɛka sodifo kuw yi ho. Enti Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Wɔ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma wɔ Bible no fã yi mu no, asɛmfua “ketewa” (mi·krosʹ) no yɛ kɛse (meʹgas) abirabɔ, na wɔde di dwuma wɔ Luka 12:32 de kyerɛ dodow bi anaasɛ kakraa bi. Enti, “ɔsoro ahenni” no mufo dodow ntumi nyɛ nea enni ano. Mfatoho bi ni: Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ hwie nsu kakra gu kuruwa mu a, wobɛhwɛ sɛ womma emmu mfa so. Saa ara nso na “kuw ketewa” no nso ntumi nyɛ nnipa a wɔdɔɔso boro so. Onyankopɔn Ahenni no wɔ Kristo yɔnko adedifo dodow pɔtee (“ketewa”) bi.
Wɔdaa sodifo yi dodow pɛpɛɛpɛ a ɛne 144,000 no adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane. (Adiyisɛm 14:1, 4) Ná wɔadi kan aka saafo yi ho asɛm wɔ Adiyisɛm mu sɛ ‘wofi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na wɔayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama Onyankopɔn,’ na wofi soro bedi asase so sɛ ahene. (Adiyisɛm 5:9, 10) Sodifo kuw yi a Yesu Kristo ka ho no ne Ahenni a ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. Ɛne ahyehyɛde a wɔde bɛma ɔkwammɔne a wɔfa so di asase yi so aba awiei, na wɔnam saayɛ so ama asɛntrenee ne asomdwoe asan aba asase a ɛne onipa fie no so, na ɛsotefo anya ahoɔden daa.—Dwom 37:29; Mateo 6:9, 10.
Sodifo Kuw a Wɔpaw Wɔn
Esiane sɛ ɔporɔw ayɛ nnipa nniso a Ahenni no besi ananmu no mu ma nti, so yentumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de ahwɛyiye paw wɔn a wɔbɛka ɔsoro aban no ho na ɔsɔ wɔn hwɛ no? Yebetumi de tebea a adesamma wom seesei no atoto akwantufo ɔhaha pii a wɔwɔ wimhyɛn bi a ɛho aka mu wɔ wim tebea bɔne mu ho. Wɔ saa tebea a emu yɛ den yi mu no, wobɛpɛ sɛ wimhyɛn no mu adwumayɛfo yɛ mmofra, nnipa a wonni osuahu? Dabida! Tebea no bɛhwehwɛ sɛ wonya wimhyɛn mu adwumayɛfo a wogyinaa ahwehwɛde a ɛho du yɛ den so de ahwɛyiye apaw wɔn. Ɛdefa wɔn a wɔne Kristo Yesu bɛsom sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro ho no, yɛwɔ abotɔyam sɛ yehu sɛ “Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ.” (1 Korintofo 12:18) Ɛnyɛ ɔpɛ a emu yɛ den a obi wɔ sɛ obenya dibea wɔ ɔsoro Ahenni no mu ne ahwehwɛde no. (Mateo 20:20-23) Yehowa Nyankopɔn de gyidi ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow pɔtee asisi hɔ na amma wɔn a wɔmfata no ankɔ mu. (Yohane 6:44; Efesofo 5:5) Yesu Bepɔw so Asɛnka no nnianim nsɛm kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ saafo no da no adi sɛ wodwen honhom fam nneɛma ho, wodwo, wɔdɔ trenee, wɔyɛ mmɔborohunufo, wɔn komam tew, wɔpɛ asomdwoe. Saafo nkutoo na wonya honhom a ɛma Onyankopɔn gye wɔn tom sɛ mma, na ɔsoro a wɔkɔ no nnyina ɔkra a enwu da a wɔde wɔn adwene bu sɛ wɔwɔ no so.—Hesekiel 18:4, 20; Mateo 5:3-9; hwɛ Adiyisɛm 2:10 nso.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔama adesamma dodow no ara a Onyankopɔn ampaw wɔn anka sodifo kuw a wɔyɛ ananmusifo yi ho no anidaso. Wɔbɛtra asase fɛfɛ yi so anya ne soro nniso no mu nhyira horow. Wɔbɛsan de nnipa a wohuu amane wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a wɔawuwu dedadedaw no aba nkwa mu ma wɔne wɔn a wonyaa nkwa hui sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘aba’ koraa no abɛtra. Bɔhyɛ yi bɛbam: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.”—Mateo 6:9, 10; Mmebusɛm 2:21; Asomafo no Nnwuma 24:15.