Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 14-15
  • Maggy Ahohia ne Me Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Maggy Ahohia ne Me Nhyira
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛwoo Abofra a Ɔwɔ Ahoɔden
  • Owu a Mihyiae ne Ano a Migyinae Akyiri Yi
  • Mmoa a Minya Fii Mfɛfo Kristofo Hɔ
  • Mprempren Anigye ne Daakye Anidaso Ahorow
  • Mmofra a Wɔto Wɔn Asaworam ne Wɔn a Woguan Fi Fie
    Nyan!—1995
  • “Seesei M’ani Gye Asɛnka Ho Paa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Sɛnea Onyankopɔn Hyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ Ano
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 14-15

Maggy Ahohia ne Me Nhyira

Benada, May 2, 1995, ne da a wɔwoo me babea na me yere wui. Awerɛhosɛm ne sɛ Maggy anhu ne ba no anim da. Seesei m’anidaso ne sɛ mede Tamara bɛkyerɛ ne maame bere a wɔanyan no no.

BERE a na yɛaware mfe 16 akyi no, me yere Maggy duruyɛfo ka kyerɛɛ no sɛ, wanya nufu mu kokoram, na aka ne nkwa nna asram kakraa bi pɛ. Ɛno yɛ mfe anum a atwam ni. Anigyesɛm ne sɛ, Maggy tumi traa ase saa mfe a na etwa to wɔ ne nkwa nna mu no a wanhyia ɔhaw titiriw biara. Ɛrebɛka kakra ma wawu no nkutoo na ɛyaw no mu bɛyɛɛ den a na ano gyina nna fam.

Esiane sɛnea na ne kokoram no te nti, nnuruyɛfo no kae sɛ na ɛbɛyɛ den sɛ obetumi anyinsɛn. Enti wubetumi ahu sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a wɔreyɛ ne nipaduam nhwehwɛmu ahwɛ sɛnea kokoram a ahonhon no no te no, wohui sɛ abofra da n’awotwaa mu no! Na ɔyɛ abeawa. Na Maggy yem asram anan ne fã. N’ani gyei wɔ anidaso a onyae sɛ ɔrebɛyɛ ɛna nea edi kan no ho.

Maggy yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo abofra no a ɔwɔ ahoɔden. Ɔhwɛɛ n’adidi yiye, na wɔ adapɛn abien a edi akyiri wɔ ne nkwa nna mu a ɛyaw no mu bɛyɛɛ den kɛse mpo no, na ɔfa nnuru a edwudwo ɛyaw ano bere a na oso mu a ɛnsɔ nkutoo.

Yɛwoo Abofra a Ɔwɔ Ahoɔden

Wɔ Memeneda, April 29 no, Maggy koma bɔɔ no paripari, na ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ merebewu.” Metraa ne ho dapɛn awiei no nyinaa. Bere a mefrɛɛ oduruyɛfo no Dwoda akyi no, mede no kɔɔ ayaresabea ntɛm ara wɔ Montreal, Canada, a yɛn fie a ɛwɔ St. Jérôme no bɛn hɔ no.

N’adekyee bɛyɛ anɔpa 5:30 no, ɔyarehwɛfo bi twaam wɔ Maggy dan no anim na ohui sɛ ɔwɔ ahoyeraw mu. Ɛda adi sɛ, na wanya komayare. Wɔfrɛɛ oduruyɛfo bi ntɛm ara fii ɔdan a edi hɔ no mu. Ɛwom sɛ Maggy wui de, nanso nnuruyɛfo kuw no tumi gyee yɛn abofra no nkwa. Wɔwoo Tamara bɛyɛ asram ason, na na ne mu duru yɛ kilogram 1.1 pɛ.

Esiane sɛ na Tamara mogya so atew nti, na nnuruyɛfo no pɛ sɛ wɔma no mogya. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma no aduru bi a wɔfrɛ no synthetic hormone erythropoietin. Wɔyɛɛ saa, na bere a aduru yi tumi maa ne mogya dɔɔso no, ɔyarehwɛfo bi kae sɛ: “Dɛn nti na wɔmfa ɛno mma mmofra no nyinaa?”

Wo a wɔanwo Tamara wɔ bere ano no maa no nyaa ɔhaw afoforo, nanso wotumi dii ne nyinaa ho dwuma. Nokwarem no, bere a Oduruyɛfo Watters a ɔyɛ amemene ntini ho ɔbenfo yɛɛ ne mu nhwehwɛmu akyiri yi no, ɔka kyerɛɛ ɔyarehwɛfo no sɛ: “Misusuw sɛ abofra foforo na wode no maa me yɛɛ ne mu nhwehwɛmu no; ɔte apɔw yiye.”

Owu a Mihyiae ne Ano a Migyinae Akyiri Yi

Maggy wu a mihui no haw me. M’abam bui koraa. Na ɛyɛ den yiye ma me sɛ mɛka Maggy wu no ho asɛm. Nanso, meyɛɛ saa bere a me nuanom Kristofo mmarima ne mmea baa ayaresabea hɔ no. Mereka ho asɛm no nyinaa na ɛyaw no ano rebrɛ ase nkakrankakra. Bere biara a mɛkenkan Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu asɛm bi a ɛfa me ho titiriw no, mede to beae ketewa bi a ɛyɛ me nkutoo de wɔ me nhoma korabea, na mefa bere a mete nka sɛ mihia no.

Na asɛnnennen foforo ne ofituw mu a mɛba no. Ankonamyɛ ano gyina yɛ den yiye. Nkate no da so ba, ɛwom mpo sɛ minya Kristofo fekubɔ a ɛhyɛ den no mu mfaso de. Na me ne Maggy bom yɛ biribiara, na yɛkaa ankonamyɛ mu haw a na ɛbɛba me so no ho asɛm. Na ɔpɛ sɛ mesan ware. Nanso, nneɛma nyɛ mmerɛw saa.

Mmoa a Minya Fii Mfɛfo Kristofo Hɔ

Sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (HLC) no a, anka minnim nea mɛyɛ. Anɔpa a Maggy wui no, na Ɔdansefo bi a ɔwɔ nimdeɛ a ɔwɔ HLC no mu wɔ ayaresabea hɔ, na ɔmaa me mmoa a na mihia no.

Mmoa a minya fii yɛn Kristofo asafo a ɛwɔ St. Jérôme ne asafo afoforo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no hɔ no maa ayaresabea adwumayɛfo no ho dwiriw wɔn. Anadwo a wɔbɔɔ Maggy wu no ho amanneɛ wɔ yɛn Kristofo nhyiam ase no, nnamfo pa bɛboro 20 bae bɛboae. Nokwarem no, na mmoa no kyɛn so.

Nnamfo no yɛɛ aduan maa me; na nneɛma yɛɛ me fridge kɛse no ma asram pii. M’abusuafo ne Kristofo anuanom mmarima ne mmea no pɛɛ ntade maa me babea no mpo. Wɔbrɛɛ me nneɛma pii araa ma na minnya baabi mfa ne nyinaa ngu.

Mprempren Anigye ne Daakye Anidaso Ahorow

Tamara boa me ma miyi m’adwene fi ade a mahwere no so. Wama manya ne ho dɔ kɛse koraa. Da biara sɛ mikyia no “maakye” anigye so a, ɔserew kɛse, fi ase “kasa,” na ohinhim ne nsa ne n’anan anigye so.

Sɛ́ obi a m’ani gye nsoromma ho nimdeɛ ho no, mehwɛ kwan sɛ mede Tamara besi me nan so na mama no ahwɛ m’afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade mu ahwɛ yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa, anwonwade a ɛwɔ soro no. Paradise asase so asetra a enni awiei a misusuw ho no yɛ ade a ɛma awerɛkyekye ankasa. Na sɛ mihu sɛ eyi ne Tamara anidaso a, ɛma minya anigye foforo.—Dwom 37:9-11, 29.

Sɛ midwennwen nsɛm a asisi mfe anum a atwam no ho a, metumi aka ho asɛm yiye sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛhaw adwene na ɛyɛ anigye nso. Masua me ho ne asetra ankasa ho ade pii. Mede anigye retwɛn daakye a sɛnea Bible ka ho asɛm no, “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio” no.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Afei, wɔ owusɔre mu no, Maggy betumi agu ahome a ɔnte yaw. Nea ɛsen ne nyinaa no, m’anidaso ne ɔpɛ a mewɔ koraa ne sɛ medu hɔ na mede Tamara akyia Maggy, sɛnea ɛbɛyɛ a obehu abeawa kumaa a ɔbrɛɛ ne ho pii saa no.—Sɛnea Lorne Wilkins ka kyerɛe.

[Kratafa 14 mfonini]

Me ne me yere

[Kratafa 14 mfonini]

Yɛn babea, Tamara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena