Adifudepɛ—Ɔkwan Bɛn so na Ɛka Yɛn?
ADIFUDEPƐ resɛe ɔpepem pii asetra. Ɛmma adifudepɛfo nna tema adi, na ɛde yaw ne awerɛhow brɛ wɔn a wodi wɔn amim no. Ebia wuhu sɛ adifudepɛ ka w’asetra kɛse. Sotɔɔ mu nneɛma a wowiawia mpo a ɛtaa kɔ so no ma nneɛma a wotɔ no bo kɔ soro. Sɛ w’akatua sua na wuntumi ntua asetrade a wuhia no da biara no ho ka a, ebia onipa foforo adifudepɛ na ama wo ho akyere wo.
Wɔn a Ɔkɔm De Wɔn ne Wɔn a Wɔrewuwu
Ɔmampɛ a egyina adifudepɛ so siw mmɔden a aban ahorow bɔ sɛ wɔbɛboa ahiafo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ano. Wɔ 1952 mu tɔnn no, nyansahufo ne aduan ho ɔbenfo Sir John Boyd Orr kae sɛ: “Aban ahorow wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka nnipa abom aboaboa nneɛma ano ama wiase ko, nanso Tumi Akɛse no nsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛka abom ayi ɔkɔm ne ohia afi wiase.”—Food Poverty & Power, a Anne Buchanan kyerɛwee.
Ampa, wɔde mmoa kakra ma. Nanso wiase mu nnipa a ahia wɔn a nkurɔfo abu wɔn ani agu wɔn so a wɔn na wɔdɔɔso no asetra te dɛn ankasa? Nnansa yi amanneɛbɔ bi kae sɛ, ɛmfa ho sɛ wonya aduan pii wɔ mmeae bi no, “ɔkɔm ne aduampa a wonnya nni da so ara yɛ asɛnnennen ma wiase ahiafo fã kɛse no ara . . . Da biara da, wiase nnipa baanum mu abupɛn biako [bɛboro ɔpepepem biako] di kɔm.” Amanneɛbɔ no toa so ka sɛ: “Nea ɛka ho no, nnipa ɔpepepem 2 ‘di kɔm sie’ esiane . . . [aduan] a ahoɔden nnim a ebetumi de ɔhaw a anibere wom aba a wodi nti.” (Developed to Death—Rethinking Third World Development) Akyinnye biara nni ho sɛ saa akontaabu ahorow yi yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho dawuru kɛse!
Wɔn a Wɔafa Wɔn Nkoa
Nsɛmmɔnedi mu akunini didi nkurɔfo a wonya wɔn sisi wɔn ne ɔmamfo foforo ho. Nnubɔne, basabasayɛ, tuutuusi, ne apoobɔ ma ɔpepem pii yɛ nkoa. Afei nso, Gordon Thomas ka wɔ ne nhoma Enslaved mu sɛ: “Sɛnea Kuw a Ɛmpene Nkoayɛ So no kyerɛ no, wobu akontaa sɛ nkoa ɔpepem 200 na wɔwɔ wiase. Wɔn mu ɔpepem 100 yɛ mmofra.” Dɛn ne ade titiriw a ɛde ba? Amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔbɛyɛ afoforo nkoa no da so yɛ nnipa asetra fã a enye koraa . . . [Nkoa a wɔyɛ ebinom] biribi a efi anibere, adifudepɛ, ne tumidi ho dɔ.”
Atumfoɔ no fow wɔn a wɔyɛ mmɔborɔwa na wontumi mmɔ wɔn ho ban no, na wokunkum pii. “Indiafo ɔpepem abien a na wɔtete Brazil bere a aborɔfo no dii kan kɔɔ hɔ no mu bɛyɛ ɔpehanu na wɔda so te ase nnɛ.” (The Naked Savage) Dɛn ntia? Adifudepɛ ne ade titiriw a ɛma no ba saa.
Nsonsonoe a Ɛda Adefo ne Ahiafo Ntam a Ɛreyɛ Kɛse
The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ, James Gustave Speth a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Amanaman Nkabom Nkɔso Asoɛe no kae sɛ “wiase akunini a wɔreba . . . renya ahode ne tumi pii, bere a nnipa mma bɛboro fã wɔ ahokyere mu.” Sɛnea adefo renya wɔn ho ma ahiafo redi hia kɛse no da adi kɛse wɔ ne nsɛm yi mu: “Asase no so nnipa bɛboro fã na wɔda so wɔ hɔ a wɔn da koro akatua nnu $2—wɔboro nnipa ɔpepepem 3.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔ ahiafo a wɔwɔ saa wiase yi a emu akyɛ ayɛ akuw abien mu no fam no, ɛyɛ tebea a ɛma wɔhwere anidaso, na ɛde abufuw ne abasamtu ba.”
Nea ɛma anidaso a wɔhwere yi yɛ kɛse ne nokwasɛm a ɛne sɛ ɛkame ayɛ sɛ adefo no pii nni ahonim anaa tema biara wɔ nnipadɔm a ohia aka wɔn na wodi kɔm no amanehunu ho no.
Nnipa a adifudepɛ ma wohu amane no wɔ baabiara. Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ sɛnea aguanfo a wonhu nea wɔmfa wɔn ti mfa wɔ tumidi ho apereperedi a ɛrekɔ so wɔ Bosnia, Rwanda, ne Liberia mu no anim kyerɛ sɛ, wɔabotow. Hwɛ abawpa a ɛda adi wɔ wɔn a wɔredi kɔm wɔ wiase a aduan abu so wom yi mu no anim. Dɛn na ɛde eyi nyinaa ba? Adifudepɛ—a wɔnam akwan horow so da no adi!
Wobɛyɛ dɛn atumi anya wo ti adidi mu bere a atirimɔdenfo adifudepɛfo atwa wo ho ahyia wɔ wiase bɔne a ɛte sɛɛ yi mu no? Nsɛm abien a edi hɔ no bua saa asɛmmisa yi.