Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 26-27
  • So Ɛyɛ Papa sɛ Yɛbɛsom Yesu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ Papa sɛ Yɛbɛsom Yesu?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom a Wɔka Ho Asɛm Wɔ Bible no Mu
  • Yesu Fata sɛ Yɛkotow No
  • “Onyankopɔn a Ɔhwehwɛ Ɔsom a Edi Mu”
  • Dɛn Na Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ “Onyankopɔn A Kristo Yɛ No” Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Momma Yensuasua Yesu Na Yɛnsom Onyankopɔn Wɔ Ɔkwan A Ɛsɔ N’ani So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛnea Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛsom No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

So Ɛyɛ Papa sɛ Yɛbɛsom Yesu?

WƆ MFEHAHA pii mu no, Kristoman mufo pii asom Yesu Kristo te sɛ nea ɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nanso Yesu ankasa danee adwene ne ɔsom kɔɔ Yehowa Nyankopɔn nkutoo so. Sɛ́ nhwɛso no, bere a Ɔbonsam hyɛɛ Yesu sɛ ɔnsom no no, Yesu kae sɛ: “Kotow sɔre [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Akyiri yi Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ: “Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.”—Mateo 23:9.

Yesu kaa ɔsom ko a ɛsɛ sɛ ankorankoro de ma Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ Samariani bea bi. Ɛsɛ sɛ wɔn som no gyina honhom ne nokware so. Nokwarem no, “wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.” (Yohane 4:23, 24) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn nkutoo. Sɛ́ yɛde ɔsom bɛma obi anaa biribi foforo no yɛ abosonsom, a Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa kasa tia.—Exodus 20:4, 5; Galatifo 5:19, 20.

‘Nanso,’ ebia obi bɛka sɛ, ‘so Bible no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Yesu nso? So ɔsomafo Paulo anka wɔ Hebrifo 1:6 sɛ: “Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsom [Yesu]”?’ (King James Version) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ate saa kyerɛwsɛm yi ase esiane nea Bible ka fa abosonsom ho no nti?

Ɔsom a Wɔka Ho Asɛm Wɔ Bible no Mu

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛte nea na Paulo kyerɛ wɔ ha fa ɔsom ho no ase. Ɔde Hela asɛmfua pro·sky·neʹo na edii dwuma. Unger’s Bible Dictionary no ka sɛ nea asɛmfua yi kyerɛ ankasa ne sɛ, ‘wobɛfew obi nsa ho de akyerɛ sɛ wowɔ nidi anaa obu ma no.’ An Expository Dictonary of New Testament Words a W. E. Vine yɛe no ka sɛ asɛmfua yi “kyerɛ adeyɛ a ɛkyerɛ obu, sɛ́ wɔde ma onipa anaa Onyankopɔn.” Wɔ Bible mmere mu no, na nea wɔtaa yɛ de ka pro·sky·neʹo ho ne sɛ wɔbɛkotow obi a ɔwɔ dibea a ɛkorɔn.

Susuw Yesu bɛ a ɛfa akoa a wantumi antua sika kɛse bi amma ne wura no ho. Asɛmfua bi a ɛte sɛ Hela asɛmfua yi pue wɔ ɛbɛ yi mu, na bere a King James Version no rekyerɛ ase no ɛkae sɛ “akoa no kotowee, na ɔsom [pro·sky·neʹo] [ɔhene] no sɛ Owura to wo bo ase ma me na metua wo ne nyinaa.” (Mateo 18:26; Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) So na ɔbarima yi reyɛ abosonsom nneyɛe bi? Dabida! Na ɔde nidi ne obu a ɛfata ɔhene, ne wura ne ne panyin no rema no.

Ná wɔtaa yɛ nneɛma a ɛte saa a ɛkyerɛ nidi anaa wɔde da obu adi yi wɔ Apuei fam wɔ Bible mmere mu. Yakob kotow ne nua Esau mpɛn nson bere a ohyiaa no no. (Genesis 33:3) Yosef nuanom de wɔn anim butubutuw fam, anaa wɔkotow no de nidi maa no wɔ ne dibea a na ɔwɔ wɔ Misraim ahemfie no ho. (Genesis 42:6) Bere a yesusuw saa nokwasɛm yi ho no, yebetumi ate nea esii bere a nsoromma mu ahwɛfo huu abofra Yesu a wohuu sɛ ɔne “Yudafo hene a wɔawo no no” ase yiye. Sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ King James Version mu no, kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ “na wɔkotow, na wɔsom [pro·sky·neʹo] no.”—Mateo 2:2, 11.

Ɛnde ɛda adi pefee sɛ asɛmfua pro·sky·neʹo a wɔkyerɛ ase “ɔsom” wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu no nkyerɛ ɔsom a wɔde ma Yehowa Nyankopɔn nkutoo. Ebetumi akyerɛ obu ne nidi a wɔde ma onipa foforo nso. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔate ase pefee no, Bible nkyerɛase bi kyerɛ asɛmfua pro·sky·neʹo, a ɛwɔ Hebrifo 1:6 no ase sɛ “bu no” (New Jerusalem Bible), “di no ni” (The Complete Bible in Modern English), “kotow n’anim” (Twentieth Century New Testament), anaa “kotow no” (New World Translation).

Yesu Fata sɛ Yɛkotow No

So ɛfata sɛ yɛkotow Yesu saa? Akyinnye biara nni ho sɛ yebebua sɛ yiw! Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu sɛ sɛ “ade nyinaa difo” no, Yesu ‘akɔtra anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro.’ (Hebrifo 1:2-4) Enti, “Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Nyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:10, 11.

Ɛda adi pefee sɛ ɛrenkyɛ Kristo de saa gyinabea a ɛkorɔn yi ne mpanyinni tumi kɛse a ɛka ho no bedi dwuma de ama asase nyinaa adan paradise. Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase ne Yesu agyede afɔrebɔ no nti, obeyi awerɛhow ne ɛyaw nyinaa afi wiase na ama wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne trenee nniso ase no anya mfaso. So ɛmfata sɛ yedi no ni, yebu no na yetie no?—Dwom 2:12; Yesaia 9:6; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4.

“Onyankopɔn a Ɔhwehwɛ Ɔsom a Edi Mu”

Nanso Bible no kyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn som—ɔsom mu nidi ne ahofama—ma Onyankopɔn nkutoo. Mose kaa ne ho asɛm sɛ “Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ɔsom a edi mu.” Na Bible no tu yɛn fo sɛ “monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.”—Deuteronomium 4:24, NW; Adiyisɛm 14:7.

Ɛda adi sɛ Yesu di dwuma a ɛho hia kɛse wɔ nokware som mu, nea ɔfata nidi ne obu. (2 Korintofo 1:20, 21; 1 Timoteo 2:5) Ɔno nkutoo ne ɔkwan a yetumi fa no so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. (Yohane 14:6) Enti, ɛfata sɛ nokware Kristofo som Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn nkutoo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena