Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es25 kr. 98-108
  • October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wukuda, October 1
  • Yawda, October 2
  • Fida, October 3
  • Memeneda, October 4
  • Kwasida, October 5
  • Dwoda, October 6
  • Benada, October 7
  • Wukuda, October 8
  • Yawda, October 9
  • Fida, October 10
  • Memeneda, October 11
  • Kwasida, October 12
  • Dwoda, October 13
  • Benada, October 14
  • Wukuda, October 15
  • Yawda, October 16
  • Fida, October 17
  • Memeneda, October 18
  • Kwasida, October 19
  • Dwoda, October 20
  • Benada, October 21
  • Wukuda, October 22
  • Yawda, October 23
  • Fida, October 24
  • Memeneda, October 25
  • Kwasida, October 26
  • Dwoda, October 27
  • Benada, October 28
  • Wukuda, October 29
  • Yawda, October 30
  • Fida, October 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
es25 kr. 98-108

October

Wukuda, October 1

Nyansa a efi soro no . . . ɛyɛ asoɔmmerɛw.—Yak. 3:17.

Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ osetie anaa? Ɔhene Dawid nso, ɛtɔ da a na ɛyɛ den ma no, enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma minnya ɔpɛ sɛ metie wo.” (Dw. 51:12) Ná Dawid dɔ Yehowa. Nanso ɛtɔ da a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ osetie, na saa ara na yɛn nyinaa nso yɛte. Adɛn ntia? Nea edi kan, wɔde asoɔden awo yɛn. Nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea Satan tew Onyankopɔn so atua no, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛn nso yɛayɛ saa ara. (2 Kor. 11:3) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wiase a yɛte mu yi, suban bɔne a ɛno ne atuatew atwa yɛn ho ahyia. Saa suban no, ɛno ne “honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” (Efe. 2:2) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia bɔne a wɔde awo yɛn no. Afei nso, sɛnea Ɔbonsam ne wiase no pɛ sɛ wɔhyɛ yɛn ma yɛyɛ asoɔden no, ɛsɛ sɛ yɛko tia. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ osetie ama Yehowa ne wɔn a wama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no. w23.10 6 ¶1

Yawda, October 2

Wo de, wode nsã pa no asie abesi sesɛɛ.—Yoh. 2:10.

Anwanwade a Yesu yɛ maa nsu danee nsa no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yebetumi asua ahobrɛase. Yesu amfa anwanwade a ɔyɛe no anhoahoa ne ho. Nokwasɛm ne sɛ, wamfa nea ɔyɛe mu biara anhoahoa ne ho da. Mmom, bere biara na ɔbrɛ ne ho ase de biribiara ho anuonyam ma n’Agya. (Yoh. 5:​19, 30; 8:28) Sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremfa nea yɛatumi ayɛ biara nhoahoa yɛn ho. Momma yɛnhoahoa yɛn ho sɛ yɛanya hokwan resom Onyankopɔn. (Yer. 9:​23, 24) Momma yɛmfa anuonyam a ɛfata no no mma no. Ade yi, sɛ Yehowa nsa nnim a, dɛn paa na anka yebetumi ayɛ? (1 Kor. 1:​26-31) Sɛ yɛwɔ ahobrɛase na sɛ yɛyɛ biribi ma afoforo a, yɛrennye ho anuonyam no. Nim a yenim sɛ Yehowa hu nea yɛyɛ na ɛsom bo ma no no, ɛno ara dɔɔso ma yɛn. (Fa toto Mateo 6:​2-4; Heb. 13:16 ho.) Ampa, sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma Yehowa gye yɛn tom.—1 Pet. 5:6. w23.04 4 ¶9; 5 ¶11-12

Fida, October 3

Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.—Filip. 2:4.

Onyankopɔn nam ne honhom so maa ɔsomafo Paul hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnnwen afoforo ho. Yɛkɔ adesua a, yɛbɛyɛ dɛn de saa afotusɛm yi ayɛ adwuma? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛnea yɛpɛ sɛ yɛma mmuae no, saa ara na afoforo nso pɛ sɛ wɔma mmuae. Dwinnwen ho sei hwɛ. Sɛ wo ne wo nnamfo rebɔ nkɔmmɔ a, wubegye nkɔmmɔ no abɔ so? Yennye nni sɛ wobɛyɛ saa! Wopɛ sɛ wɔn nso ka bi. Yɛkɔ adesua nso a, yɛpɛ sɛ nnipa bebree nya kwan ma mmuae. Nokwasɛm ne sɛ, ɔkwan pa baako a yebetumi afa so ahyɛ yɛn nuanom nkuran ne sɛ yɛbɛma wɔn kwan ma wɔn nso ama mmuae. (1 Kor. 10:24) Enti ma wo mmuae nyɛ tiawa, sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso benya bere no bi ama mmuae. Sɛ worema mmuae tiawa mpo a, nkeka nsɛntitiriw pii mmobɔ so. Sɛ woka biribiara a ɛwɔ nkyekyɛm no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na ebi aka ama afoforo nso aka bi? w23.04 22-23 ¶11-13

Memeneda, October 4

Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama matumi aka bi akyerɛ afoforo.—1 Kor. 9:23.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛho hia paa sɛ yɛboa afoforo, na asɛnka adwuma no ne ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ayɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔn gyidi, wɔn suban ne wɔn amammerɛ gu ahorow. Ná ɔsomafo Paul yɛ fakaa, na yebetumi asuasua no. Yesu paw Paul sɛ ‘ɔnyɛ ɔsomafo mma amanaman no.’ (Rom. 11:13) Enti, Paul kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo, Greekfo, animdefo, akuafo, atitiriw ne ahemfo. Nea ɛbɛyɛ na Paul atumi aka asɛm no akyerɛ nnipa ahorow-ahorow yi nyinaa no, ɔyɛɛ ‘biribiara maa nnipa ahorow nyinaa.’ (1 Kor. 9:​19-22) Ɔde n’ani too fam hwɛɛ wɔn amammerɛ, baabi a wɔfi ne wɔn gyidi, na ɔno nso nwenee n’asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn ani agye ho. Yɛn nso, sɛ yɛyɛ fakaa na yɛhwɛ obiara tebea, pɛ asɛm a n’ani begye ho ka kyerɛ no a, ɛbɛma nkurɔfo atie asɛm a yɛka no. w23.07 23 ¶11-12

Kwasida, October 5

Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ.—2 Tim. 2:24.

Sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Egye mmɔdenbɔ paa na sɛ obi hyia tebea bi a emu yɛ den a, watumi ahyɛ ne ho so na wanyɛ nea ɛmfata. Odwo ka “honhom no aba” no ho. (Gal. 5:​22, 23) Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “odwo” no, ɛtɔ da a, na wɔde ka ɔpɔnkɔ a n’ani so yɛ krakra a wɔadwudwo no ho asɛm. Fa w’ani bu ɔpɔnkɔ a n’ani so yɛ krakra a wɔadwudwo no ama n’ani aba fam. Ɛwom sɛ n’ani aba fam, nso ɔda so ara wɔ ahoɔden. Yɛn nso, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedwo, na bere koro no ara yɛakyerɛ sɛ yɛnyɛ mmerɛw? Yɛn ankasa ahoɔden rentumi nyɛ. Ade baako ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya saa su pa yi. Afoforo atumi ayɛ, enti yɛn nso yebetumi ayɛ. Yɛn nuanom bebree wɔ hɔ a, bere a nkurɔfo kasa tiaa wɔn gyidi no, wɔne wɔn kasae wɔ odwo so, na wei ama afoforo anya yɛn ho adwempa.—2 Tim. 2:​24, 25. w23.09 14 ¶3

Dwoda, October 6

‘Mebɔɔ mpae, na Yehowa nso yɛɛ m’abisade a mede too n’anim no maa me.’—1 Sam. 1:27.

Anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, ohuu mpanyimfo 24 wɔ soro sɛ wɔresom Yehowa. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔkaa sɛ ɔfata sɛ wɔde “anuonyam ne nidi ne tumi” ma no. (Adi. 4:​10, 11) Abɔfo anokwafo no nso wɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ wɔyi Yehowa ayɛ na wɔdi no ni. Wɔne no na ɛwɔ soro, na wɔnim no yiye. Nneɛma a ɔyɛ ma wɔhu ne su ahorow. Sɛ wɔhwɛ Yehowa nnwuma a, ɛkanyan wɔn ma wɔyi no ayɛ. (Hiob 38:​4-7) Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu, na yɛka sɛnea yɛdɔ no, ne nea yɛn ani gye ho wɔ ne ho. Sɛ worekenkan Bible anaa woresua a, bɔ mmɔden sɛ wubehu suban a Yehowa da no adi a ɛka wo koma paa. (Hiob 37:23; Rom. 11:33) Afei, sɛnea wote nka wɔ saa suban no ho no, ka ho asɛm kyerɛ no. Afei nso, sɛnea Yehowa boa yɛn, na ɔboa anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa no nso, yebetumi ayi no ayɛ wɔ ho.—1 Sam. 2:​1, 2. w23.05 3-4 ¶6-7

Benada, October 7

‘Monnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim.’—Kol. 1:10.

Ná Babilon Kɛse no akɛntɛn Onyankopɔn nkurɔfo so, nanso afe 1919 no, Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho. Saa afe no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm no yii ne ti sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa nnipa komapafo ma wɔafi ase afa “Ɔkwan Kronkron” no so. (Mat. 24:​45-47; Yes. 35:8) Nokwasɛm ne sɛ, nhyehyɛe a anokwafo no de guu akwan mu tete no nti, ɛboaa wɔn a wɔdii kan faa kwantempɔn no so no ma wɔnyaa Yehowa atirimpɔw ho nimdeɛ pii. (Mmeb. 4:18) Afei nso, na ebetumi aboa wɔn ma wɔde Yehowa mmara abɔ wɔn bra. Efi tete besi nnɛ nyinaa, nsakrae biara a ehia sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ no, ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ne nyinaa prɛko pɛ. Mmom, ɔtew ne nkurɔfo ho nkakrankakra. Bere a yɛn nyinaa betumi ayɛ nea ɛsɔ yɛn Nyankopɔn ani wɔ biribiara mu no, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa! Ɔkwan biara, ehia sɛ wɔtaa siesie. Efi afe 1919 reba no, nsiesie adwuma da so ara rekɔ so wɔ “Ɔkwan Kronkron” no so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi afi Babilon Kɛse no mu abɛfa so. w23.05 17 ¶15; 19 ¶16

Wukuda, October 8

Merennyaw wo da.—Heb 13:5.

Akwankyerɛ Kuw no ankasa de ntetee ma wɔn aboafo no tee. Yɛrekasa yi, nnwuma akɛseakɛse hyehyɛ aboafo yi nsa na wɔreyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔanya ntetee a ɛfata a ɛbɛma wɔakɔ so ahwɛ Kristo nguan no. Wɔn a wɔasra wɔn no, sɛ aka kakra ama ahohiahia kɛse no aba awiei na wɔfa wɔn a wɔtwa to no kɔ soro a, nokwaresom bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asaase so ha. Yɛn Kannifo Yesu Kristo adaworoma nti, Onyankopɔn asomfo renhwere hwee. Ɛwom, yenim sɛ saa bere no, aman bi a wɔbɛka wɔn ho abom a yɛfrɛ no Gog a ofi Magog no bɛtow ahyɛ yɛn so. (Hes. 38:​18-20) Nanso ɛrenkosi hwee; ɛremma Onyankopɔn nkurɔfo nnyae ne som. Ɔkwan biara so, Yehowa begye wɔn! Ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse” a wɔka Kristo nguan foforo no ho wɔ anisoadehu mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ saa “nnipakuw kɛse” no ‘fi ahohiahia kɛse no mu.’ (Adi. 7:​9, 14) Wei ma yehu sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban! w24.02 5-6 ¶13-14

Yawda, October 9

Munnnum honhom no gya no. —1 Tes. 5:19.

Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya honhom kronkron? Yebetumi abɔ mpae asrɛ, asua Onyankopɔn asɛm a ɔma wɔde ne honhom kyerɛwee no, na yɛne n’ahyehyɛde a honhom kyerɛ no kwan no abɔ. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛasow “honhom no aba” no. (Gal. 5:​22, 23) Wɔn a wɔdwen adwempa na wɔn abrabɔ ho tew no, wɔn na Onyankopɔn de ne honhom ma wɔn. Sɛ yɛkɔ so dwinnwen ɔbra fĩ ho anaa yebu brabɔne a, Onyankopɔn beyi ne honhom afi yɛn so. (1 Tes. 4:​7, 8) Afei nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya honhom kronkron a, ɛnsɛ sɛ ‘yebu nkɔmhyɛ animtiaa.’ (1 Tes. 5:20) Ɛha yi, “nkɔmhyɛ” gyina hɔ ma nsɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so de ma yɛn; ebi fa Yehowa da no ne awiei mmere a yɛte mu yi ho. Ɛnsɛ sɛ yɛto yɛn adwenem sɛ Yehowa da no wɔ akyirikyiri, na yenya adwene sɛ Armagedon remma wɔ yɛn bere yi so. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra pa, na yɛyere yɛn ho de ‘onyamesom pa tena ase’ de kyerɛ sɛ yɛrehwɛ Yehowa da no kwan denneennen.—2 Pet. 3:​11, 12. w23.06 12 ¶13-14

Fida, October 10

Yehowa suro ne nyansa mfiase.—Mmeb. 9:10.

Sɛ aguamansɛm ho mfoni anaa ponografi ba yɛn ɛlɛtrɔnik afiri so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yeyi yɛn ani ntɛm ara. Sɛ yɛkae sɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa no, ɛno ne ade a ɛsom bo paa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Nea ɛwom ne sɛ, mfoni ahorow bi a ɛnhyɛ da nyɛ ponografi mpo, ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ. Wohwɛ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ? Efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi ketekete mpo a ebetumi ama yɛasɛe aware wɔ yɛn koma mu. (Mat. 5:​28, 29) Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Thailand a ne din de David ka sɛ: “Ɛyɛ a mibisa me ho sɛ: ‘Ɛwom sɛ mfoni yi nhyɛ da nyɛ ponografi, nanso sɛ mekɔ so hwɛ a, Yehowa ani begye anaa?’ Midwinnwen nneɛma ho sei a, ɛmma menhwɛ mfoni a ɛtete saa.” Sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa werɛ ahow a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam. Onyankopɔn suro ne “nyansa mfiase.” w23.06 23 ¶12-13

Memeneda, October 11

Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu.—Yes. 26:20.

Ebia “mpia” no begyina hɔ ama yɛn nsafo a yɛwɔ mu no. Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛfa yɛn nuanom saa ara kɛkɛ, na mmom saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho dɔ wɔn. Ebia ɛno na ebegye yɛn nkwa! “Yehowa da kɛse no” ba a, nnipa ho behiahia wɔn paa. (Sef. 1:​14, 15) Yehowa asomfo nso ho bɛkyere wɔn. Nanso sɛ yesiesie yɛn ho nnɛ a, yɛremmɔ hu, na yebetumi aboa afoforo. Ɔhaw biara a yebehyia no, yebetumi amia yɛn ani agyina mu. Sɛ yɛn mfɛfo agyidifo ho kyere wɔn a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de nea wɔhia ama wɔn de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema. Afei nso, sɛ yɛyere yɛn ho dɔ yɛn nuanom nnɛ a, ahohiahia kɛse no mu no, yɛne wɔn ntam rentetew. Yɛyɛ saa a, Yehowa bɛma yɛn daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. Saa wiase no mu no, atoyerɛnkyɛm oo, ahohiahia oo, emu biara ho asɛm remmesi yɛn tirim bio.—Yes. 65:17. w23.07 7 ¶16-17

Kwasida, October 12

‘Yehowa bɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den, na ɔbɛma moagyina pintinn.’—1 Pet. 5:10.

Onyankopɔn Asɛm taa ka mmarima anokwafo ho asɛm sɛ wɔn gyidi yɛ den. Nanso wɔn a na wɔn gyidi yɛ den paa no mpo, ɛnyɛ daa na na wɔte nka sɛ wɔyɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛtɔ da a na Ɔhene Dawid te nka sɛ ‘watim sɛ bepɔw’; ɛtɔ da nso a, na ‘wabɔ hu.’ (Dw. 30:7) Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom maa Samson nyaa ahoɔden soronko, nanso na onim sɛ, sɛ Onyankopɔn ankɔ so ammoa no a, ‘ɔbɛyɛ mmerɛw na wayɛ sɛ onipa biara.’ (Atem. 14:​5, 6; 16:17) Sɛ Yehowa nsa nnim a, anka saa mmarima anokwafo yi rentumi nnya ahoɔden ne gyidi a ɛyɛ den saa. Ɔsomafo Paul nso gye toom sɛ ohia ahoɔden a efi Yehowa hɔ. (2 Kor. 12:​9, 10) Ɔkoo yare. (Gal. 4:​13, 14) Ɛtɔ da nso a, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ adepa. (Rom. 7:​18, 19) Afei nso, ɛtɔ mmere bi a na ehu tumi ka no, na na onnim nea ɛbɛto no. (2 Kor. 1:​8, 9) Ne nyinaa mu no, sɛ Paul yɛ mmerɛw a, ɛno mmom na na onya ahoɔden. Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ Paul yɛ mmerɛw a, na Yehowa ma no ahoɔden ma otumi gyina ɔhaw a ɔrefa mu no ano. w23.10 12 ¶1-2

Dwoda, October 13

Yehowa de, ɔhwɛ komam. —1 Sam. 16:7.

Ɛtɔ da na yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa ankasa na ɔtwee yɛn baa ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Yehowa nim sɛnea yɛte ankasa; suban pa a ɛwɔ yɛn ho a yennim mpo, onim ne nyinaa. (2 Be. 6:30) Enti sɛ ɔka sɛ yɛsom bo ma no a, yebetumi agye no adi. (1 Yoh. 3:​19, 20) Yɛn mu bi wɔ hɔ a, nneɛma bi a yɛyɛe ansa na yɛrebehu nokware no, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa etumi ma yɛn ahonim haw yɛn. (1 Pet. 4:3) Kristofo anokwafo mpo, ebia wɔwɔ mmerɛwyɛ bi a ɛsɛ sɛ wɔko tia. Wo nso ɛ, ɛyɛ a wo koma bu wo fɔ? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam, efisɛ Yehowa asomfo anokwafo binom nso tee nka saa ara. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Paul tee nka sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene no, ɔkaa sɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ. (Rom. 7:24) Yɛrekasa yi nso, na Paul anu ne ho wɔ ne bɔne ho abɔ asu. Wei nyinaa akyi no, ɔkaa sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu,” na “mene ɔbɔnefo a ɔsen abɔnefo nyinaa.”—1 Kor. 15:9; 1 Tim. 1:15. w24.03 27 ¶5-6

Benada, October 14

Wogyaw. . .Yehowa fi.—2 Be. 24:18.

Gyinae bɔne a Ɔhene Yehoas sii no, ade baako a yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔma n’ani gye. Nnamfo a ɛte saa na wɔbetumi aboa yɛn ma yɛayɛ adepa. Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Kae sɛ, na Yehoas adamfo Yehoiada anyin sen no bam. Wo nso, bisa wo ho sɛ: ‘Me nnamfo boa me ma me gyidi yɛ den? Wɔhyɛ me nkuran sɛ minni Onyankopɔn mmara so anaa? Nsɛm a ɛfa Yehowa ho ne nea wɔasua afi Bible mu no, ɛno na wɔka ho asɛm anaa? Wɔn ani gye Onyankopɔn mmara ho? Nea ɛbɛyɛ m’asom dɛ nko ara na wɔka kyerɛ me, anaa sɛ meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu a, wɔtumi tu me fo?’ (Mmeb. 27:​5, 6, 17) Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ wo nnamfo nnɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn twam. Nanso sɛ wo nnamfo dɔ Yehowa a, kɔ so ara ne wɔn mmɔ, efisɛ wɔbɛboa wo paa.—Mmeb. 13:20. w23.09 9 ¶6-7

Wukuda, October 15

Mene Alfa ne Omega.—Adi. 1:8.

Greek nkyerɛwde no, nea edi kan ne Alfa, na nea etwa to ne Omega. Enti ka a Yehowa kaa sɛ “Mene Alfa ne Omega” no kyerɛ sɛ, sɛ ofi biribi ase a, ɔmfa nkɔso kwan mu; ɔyɛ wie. Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.’” (Gen. 1:28) Sɛ yɛbɛka a, saa bere no Yehowa kaa sɛ “Mene Alfa,” kyerɛ sɛ, mfiase no ara na ɔmaa nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mu daa hɔ pefee. Ɛne sɛ: Bere bi bɛba a Adam ne Hawa asefo a wɔyɛ asoɔmmerɛw a bɔne biara nni wɔn ho bɛhyɛ asaase so ma na wɔama adan paradise. Ebedu saa bere no, na Yehowa atirimpɔw abam, enti sɛ yɛbɛka a, Yehowa bɛka sɛ “Mene Omega.” Bere a Yehowa bɔɔ “ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa” wiei no, ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ sɛnea ɛte biara, n’atirimpɔw bɛbam. Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ sɛnea ɛte biara, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adasamma ne asaase no, ɛbɛbam. Da a ɛtɔ so nson no bɛba awiei no, na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no nyinaa abam.—Gen. 2:​1-3. w23.11 5 ¶13-14

Yawda, October 16

Munsiesie Yehowa kwan! Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.—Yes. 40:3.

Sɛ obi fi Babilon rekɔ Israel a, na ebegye no bɛyɛ abosome nnan, efisɛ na ɔkwan no so fa nna fam. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔsi kwan so a, biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama wɔn no, obeyi afi hɔ. Yudafo anokwafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, na wɔnim sɛ nhyira a wɔbenya no bɛdɔɔso paa; ná ɛbɛsen biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre. Nhyira no mu kɛse paa ne sɛ na wɔbenya kwan asom Yehowa. Ná Yehowa asɔrefie nni Babilon. Afɔre ahorow a na Mose Mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ no, na afɔremuka biara nni hɔ a wɔbɛbɔ wɔ so. Afei nso, na asɔfodi nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛhwɛ ama afɔrebɔ a ɛtete saa no akɔ so. Bio nso, abosonsomfo a na ɛwɔ kurow no mu no, na wɔdɔɔso koraa sen wɔn a na wɔdi Yehowa mmara so. Enti Yudafo mpempem a na wɔdɔ Onyankopɔn no, na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom asan akɔpagyaw nokwaresom. w23.05 14-15 ¶3-4

Fida, October 17

Monkɔ so nnantew sɛ hann mma.—Efe. 5:8.

Yehia Onyankopɔn honhom kronkron no na aboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ yɛn bra “sɛ hann mma.” Adɛn ntia? Efisɛ wiase a ɔbrafĩ adonnɔn no yi, sɛ obi wom a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so ama ne ho atew. (1 Tes. 4:​3-5, 7, 8) Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛako atia wiase adwene a ɛne Onyankopɔn de nhyia no. Afei nso, honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛasow ‘papayɛ ne trenee’ aba. (Efe. 5:9) Ade baako a yebetumi ayɛ de anya honhom kronkron ne sɛ, yɛbɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mma yɛn. Yesu kaa sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.” (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛbom yi Yehowa ayɛ wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yenya honhom kronkron. (Efe. 5:​19, 20) Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. w24.03 23-24 ¶13-15

Memeneda, October 18

Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.—Luka 11:9.

Wuhia abotare pii anaa? Sɛ saa a, ɛnde bɔ mpae hwehwɛ bi. Abotare ka honhom aba no ho. (Gal. 5:​22, 23) Enti yebetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya honhom no aba no. Sɛ yehyia tebea bi a ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya abotare a, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa’ Yehowa sɛ ɔmfa honhom kronkron mmoa yɛn mma yennya abotare. (Luka 11:13) Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nneɛma sɛnea ohu no no. Afei yɛbɔ mpae wie a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebenya abotare da biara. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya abotare, na yɛn ankasa nso yere yɛn ho a, nkakrankakra abotare bɛba abɛyɛ yɛn suban. Yedwinnwen Bible mu nhwɛso ahorow nso ho a, ɛboa. Nnipa a na wɔwɔ abotare no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛ yedwinnwen saa nkurɔfo no nhwɛso ho a, ebetumi ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ abotare. w23.08 22-23 ¶10-11

Kwasida, October 19

Mungu mo asau no mfa nyi nam. —Luka 5:4.

Yesu maa ɔsomafo Petro nyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa no. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, ɔyɛɛ anwanwade foforo maa Petro ne asomafo a aka no san yii mpataa bebree. (Yoh. 21:​4-6) Ɛda adi sɛ, saa anwanwade yi maa Petro nyaa awerɛhyem sɛ, nneɛma a ohia wɔ n’asetenam no, ɛnyɛ den koraa sɛ Yehowa betumi ama ne nsa aka. Ɛbɛyɛ sɛ wei maa Petro kaee Yesu asɛm a ɛne sɛ, wɔn a wɔkɔ ‘so hwehwɛ Ahenni no kan’ no, Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wɔhia. (Mat. 6:33) Wei nti, Petro de asɛnka adwuma no na edii kan wɔ n’asetenam, na ɛnyɛ mpataayi adwuma no. Pentekoste afe 33 Y.B. no, ɔde akokoduru dii adanse, na ɛboaa nnipa mpempem ma wɔtiee asɛmpa no. (Aso. 2:​14, 37-41) Ɛno akyi no, ɔboaa Samariafo ne nnipa a wɔnyɛ Yudafo ma wɔbedii Kristo akyi. (Aso. 8:​14-17; 10:​44-48) Wei ma yehu sɛ Yehowa de Petro dii dwuma paa; ɔboaa nnipa ahorow nyinaa bi ma wɔbaa asafo no mu. w23.09 20 ¶1; 23 ¶11

Dwoda, October 20

Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me, na moankyerɛ ase a, wobetwitwa mo mu asinasin.—Dan. 2:5.

Babilonfo sɛee Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ mfe mmienu akyi no, Babilon hene Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi a ɛfa ohoni kɛse bi ho. Ɔka kyerɛɛ n’anyansafo nyinaa a Daniel nso ka ho sɛ, sɛ wɔantumi anka dae a ɔsoe no ankyerɛ no, na wɔankyerɛ ase a, obekunkum wɔn nyinaa. (Dan. 2:​3-5) Ná ɛsɛ sɛ Daniel yɛ ho biribi ntɛm, anyɛ saa a na nkurɔfo bewu. Ɔkɔɔ “ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene.” (Dan. 2:16) Wei kyerɛ sɛ na Daniel wɔ akokoduru ne gyidi. Biribiara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ Daniel akyerɛ dae ase pɛn. Ɔka kyerɛɛ ne nnamfo no sɛ, “wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho.” (Dan. 2:18) Yehowa tiee saa mpaebɔ no. Onyankopɔn boaa Daniel ma otumi kyerɛɛ Nebukadnesar dae no ase. Ɛno nti, Daniel ne ne nnamfo no anhwere wɔn nkwa. w23.08 2 ¶4

Benada, October 21

Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mat. 24:13.

Sɛ yenya abotare a, nhyira a yenya no, dwinnwen ho. Sɛ yɛwɔ abotare a, yɛn ani gye paa na yɛn koma tɔ yɛn yam. Enti sɛ yɛwɔ abotare a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden. Sɛ yenya afoforo ho abotare nso a, ɛma yɛne wɔn ntam yɛ kama. Ɛma baakoyɛ nso tena yɛn asafo mu. Sɛ obi gyigye yɛn, na yɛamma yɛn bo amfuw ntɛm a, ebetumi adwudwo asɛm no ano na anyɛ kɛse. (Dw. 37:​8, ase hɔ asɛm; Mmeb. 14:29) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua yɛn soro Agya no, na ɛma yɛbɛn no paa. Anokwa, abotare yɛ suban a ɛyɛ fɛ paa, na ɛso wɔ mfaso! Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya abotare, nanso Yehowa mmoa so nti, yebetumi akɔ so anya abotare. Afei nso, bere a yɛanya abotare retwɛn sɛ wiase foforo no bɛba no, yebetumi anya ahotoso sɛ “Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so; wɔn a wɔtwɛn ne dɔ a enni huammɔ no, ɔhwɛ wɔn so.” (Dw. 33:18) Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de abotare ayɛ ataade ahyɛ. w23.08 22 ¶7; 25 ¶16-17

Wukuda, October 22

‘Gyidi nso, sɛ nnwuma nka ho a, na awu.’—Yak. 2:17.

Yakobo kyerɛɛ mu sɛ, ebia ɔbarima bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidi, nanso nnwuma a ɛka ho no wɔ he? (Yak. 2:​1-5, 9) Afei nso, Yakobo kaa sɛ, obi huu ‘onuabarima anaa onuabea bi a onni ataade a ɔbɛhyɛ ne aduan,’ nanso wammoa no. Sɛ saa nipa no ka sɛ ɔwɔ gyidi mpo a, yehu sɛ nnwuma nka ho, enti ɛnyɛ gyidi papa. (Yak. 2:​14-16) Yakobo kaa sɛ, Rahab de nnwuma kaa ne gyidi ho. (Yak. 2:​25, 26) Ná wate Yehowa ho asɛm, na ogye dii sɛ ɔtaa Israelfo no akyi. (Yos. 2:​9-11) Ɔde nnwuma kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi—bere a na Israelfo akwansrafo mmienu bi nkwa da asiane mu no, ɔbɔɔ wɔn ho ban. Wei nti, Yehowa buu Rahab a na bɔne wɔ ne ho no sɛ ɔtreneeni, sɛnea obuu Abraham ɔtreneeni no. Rahab nhwɛso no si so dua sɛ, sɛ yɛwɔ gyidi a, ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka ho. w23.12 5-6 ¶12-13

Yawda, October 23

‘Munnye ntini, na muntim wɔ fapem no so.’—Efe. 3:17.

Kristofo de, sɛ yɛrekan Bible a, ɛnyɛ ani-ani no kɛkɛ na yɛpɛ sɛ yehu, na mmom yɛpɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ. Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ de asua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo.” (1 Kor. 2:​9, 10) Wubetumi de biribi asi w’ani so na woasua ho ade akɔ akyiri, na ama woabɛn Yehowa kɛse. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea Onyankopɔn yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔdɔ n’asomfo a wɔtenaa ase tete no, wubetumi asua ho ade, na ɛno bɛma woahu sɛ, wo nso, ɔdɔ wo. Afei nso, sɛnea na Yehowa pɛ sɛ Israelfo som no no, wubetumi asua ho ade, na wode atoto sɛnea ɔpɛ sɛ Kristofo som no nnɛ no ho. Anaa ebi nso a, nkɔmhyɛ a Yesu ma ɛbaa mu bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, wubetumi asua ho ade akɔ akyiri. Sɛ wode Watch Tower Publications Index anaa Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no sua saa nneɛma yi ho ade a, ɛbɛma w’ani agye paa. Sɛ wodɔ Bible no mu asukɔ a, ebetumi ama wo gyidi ayɛ den, na ɛbɛboa wo ama “woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ.”—Mmeb. 2:​4, 5. w23.10 19 ¶3-5

Fida, October 24

Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.—1 Pet. 4:8.

Asɛmfua a Ɔsomafo Petro de dii dwuma a wɔakyerɛ ase “denneennen” no, wofa no traa a, ɛkyerɛ “biribi a wɔatwe mu paa.” Nkyekyɛm 8 no fã a ɛtɔ so mmienu no ma yehu sɛ, sɛ yɛdodɔ yɛn ho denneennen a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakata yɛn nuanom bɔne so. Momma yɛmfa ɔpon bi a ɛso atwitwiw paa nyɛ mfatoho. Sɛ yenya ntama a, yebetumi atwe mu ama akata baabi a atwitwiw no nyinaa so. Yɛn nuanom nso, sɛ yɛdɔ wɔn denneennen a, ɛnyɛ wɔn mfomso baako anaa mmienu bi pɛ na yɛbɛkata so anaa yɛde bɛkyɛ wɔn, na mmom yɛde wɔn “bɔne pii” bɛkyɛ wɔn. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom Kristofo no, ɛsɛ sɛ emu yɛ den paa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn; sɛ ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Kol. 3:13) Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛn dɔ mu yɛ den, na yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani. w23.11 11-12 ¶13-15

Memeneda, October 25

Safan fii ase kenkanee wɔ ɔhene anim.—2 Be. 34:18.

Ɔhene Yosia nyinii no, ofii ase siesiee asɔrefie no. Wɔreyɛ saa adwuma no, wɔhuu “Yehowa Mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” Bere a wɔkenkan emu asɛm kyerɛɛ no no, ɛhɔ ara na osii ne bo sɛ obedi nea wɔakyerɛw wom no so. (2 Be. 34:​14, 19-21) Ebia wo nso wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible no daa. Sɛ saa a, ɛrekɔ sɛn? Kyerɛwnsɛm pɔtee bi a ebetumi aboa wo no, ɛyɛ a wohyɛ no nsow? Bere a Yosia dii bɛyɛ mfe 39 no, odii mfomso bi a ɛde no kɔɔ owu mu. Sɛ́ anka ɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Yehowa hɔ no, ɔno ara yɛɛ nea ɔpɛ. (2 Be. 35:​20-25) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛanyin sɛ dɛn, anaa yɛde mfe pii na asua Bible no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Yehowa. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa hwehwɛ n’akwankyerɛ, yesua n’Asɛm na yegye afotu fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. Yɛyɛ saa a, ebia ɛremma yenni mfomso akɛse na ɛbɛma yɛn ani agye.—Yak. 1:25. w23.09 12 ¶15-16

Kwasida, October 26

Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.—Yak. 4:6.

Mmea a na wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no, Bible ka pii ho asɛm. Ná ‘wɔnyɛ nneɛma ntra so,’ na na ‘wodi nokware wɔ biribiara mu.’ (1 Tim. 3:11) Afei nso, sɛ anuanom mmea hwɛ wɔn asafo mu a, wɔbehu sɛ Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a wɔbetumi asuasua wɔn. Anuanom mmabaa, ebia munim anuanom mmea bi a wɔn ho akokwaw a mubetumi asuasua wɔn. Momfa mo ani nto fam nhwɛ suban pa a wɔwɔ no, na monhwɛ sɛnea mubetumi asuasua saa suban no. Suban ahorow a ehia sɛ Kristoni nya na ada adi sɛ ne ho akokwaw no, emu baako ne ahobrɛase. Sɛ ɔbea brɛ ne ho ase a, ɔne Yehowa ne afoforo ntam bɛyɛ kama. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase no, otie asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:3 no. Ɛhɔ no, Yehowa ma yehu wɔn a ɔde hokwan ama wɔn sɛ wɔnni asafo no ne abusua no anim. w23.12 19 ¶3-5

Dwoda, October 27

Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.—Efe. 5:28.

Yehowa hwɛ kwan sɛ okunu bɛdɔ ne yere, ɔbɛhwɛ no, ɔbɛma n’ani agye, na waboa no ama wasom Yehowa yiye. Su ahorow te sɛ nhumu a wubenya, obu a wubenya ama mmea, ne nea woyɛ a ɛbɛma afoforo atumi de wɔn ho ato wo so no, ne nyinaa bɛboa wo na sɛ woware a woayɛ okunu pa. Sɛ woware a, ebia wobɛba abɛyɛ agya. Wobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na woayɛ agya pa? (Efe. 6:4) Yehowa ka maa nkurɔfo tee sɛ ɔdɔ ne Ba Yesu, na wagye no atom. (Mat. 3:17) Sɛ wobɛyɛ agya a, hwɛ hu sɛ daa wobɛma wo mma ahu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ wɔyɛ adepa a, yi wo yam kamfo wɔn. Agyanom a wɔsuasua Yehowa no, wɔboa wɔn mma ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Dɛn na wubetumi ayɛ no mprempren na ama woatumi abɛyɛ agya pa? Bɔ mmɔden ma w’abusuafo ne w’asafo mufo nhu sɛ wodɔ wɔn na wudwen wɔn ho. Afei nso, ɛyɛ a ka kyerɛ wɔn sɛ wodɔ wɔn, na yi wo yam kamfo wɔn.—Yoh. 15:9. w23.12 28-29 ¶17-18

Benada, October 28

‘Yehowa bɛma moagyina pintinn.’—1 Pet. 5:10.

Sɛ yɛde nokwaredi resom Yehowa mpo a, ɔhaw ne amane a ɛto nnipa nyinaa no, ebi betumi ato yɛn. Afei nso, wɔn a wɔmpɛ Onyankopɔn nkurɔfo asɛm betumi atan yɛn ani anaa wɔasɔre atia yɛn. Ɛwom sɛ Yehowa ma kwan ma saa ɔhaw yi nyinaa ba yɛn so, nanso ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn. (Yes. 41:10) Mmoa a ɔde ma yɛn nti, sɛ ɔhaw a yɛrefa mu no so sɛ dɛn mpo a, yɛn ani betumi agye, yebetumi asisi gyinae pa, na yɛakɔ so abata ne ho. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn ‘n’asomdwoe.’ (Filip. 4:​6, 7) Dɛn ne “Onyankopɔn asomdwoe” no? Ɛyɛ akomatɔyam a yenya esiane sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den nti. Saa asomdwoe no, “ɛboro ntease nyinaa so”; kyerɛ sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. So woabɔ Yehowa mpae denneennen na wuwiei no, wotee nka sɛ wo ho adwo wo fɔmm pɛn? Sɛ saa a, ɛnde saa atenka no na yɛfrɛ no “Onyankopɔn asomdwoe” no. w24.01 20 ¶2; 21 ¶4

Wukuda, October 29

Ma minyi Yehowa ayɛ; ma memfa me koma nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ.—Dw. 103:1.

Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no fi wɔn koma nyinaa mu yi ne din no ayɛ. Ná Ɔhene Dawid nim sɛ, sɛ oyi Yehowa din ayɛ a, na Yehowa ankasa na ɔreyi no ayɛ no. Yehowa din ma yehu onii ko a ɔyɛ; ɛkae yɛn ne su ahorow a ɛyɛ fɛ ne n’anwanwadwuma. Ná Dawid bu n’Agya din no sɛ ɛyɛ kronkron, enti na ɔpɛ sɛ oyi no ayɛ. Ná ɔpɛ sɛ ɔde ne “koma nyinaa” yɛ saa. Saa ara na Lewifo no nso yɛe; wɔdii ɔman no anim ma wɔyii Yehowa ayɛ. Wɔbrɛɛ wɔn ho ase gye toom sɛ, Yehowa din kronkron no boro ayeyi ne nkamfo nyinaa so. (Neh. 9:5) Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea wɔbrɛɛ wɔn ho ase na wɔyii wɔn yam kamfoo Yehowa no maa n’ani gyei. w24.02 9 ¶6

Yawda, October 30

Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.—Filip. 3:16.

Botae a wode asi w’ani so no, sɛ ɛboro wo so na woantumi annu ho a, Yehowa renka sɛ woadi nkogu. (2 Kor. 8:12) Nea enti a woantumi annu wo botae ho no, sua biribi fi mu. Ma nea woatumi ayɛ dedaw no ntena w’adwenem. Bible ka sɛ “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma.” (Heb. 6:10) Enti wo nso, mma wo werɛ mmfi nea woatumi ayɛ. Dwinnwen nea woatumi ayɛ dedaw no ho. Ebetumi ayɛ ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ, ne ho asɛm a woka kyerɛ afoforo, anaa asu a woabɔ. Sɛnea bere bi a atwam no wutumi yeree wo ho duu botae a wode sisii w’ani so wɔ Yehowa som mu ho no, saa ara na nea wode asi w’ani so seesei no nso, wubetumi ayere wo ho adu ho. Yehowa mmoa so nti, wubetumi adu wo botae ho. Bere a woreyere wo ho sɛ wubedu wo botae ho no, mma wo werɛ mmfi sɛ wubehu sɛnea Yehowa reboa wo na ɔrehyira wo no. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye. (2 Kor. 4:7) Sɛ woampa abaw a, wubenya nhyira pii.—Gal. 6:9. w23.05 31 ¶16-18

Fida, October 31

Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm, na mugye di sɛ mebae sɛ Onyankopɔn nanmusini.—Yoh. 16:27.

Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo ahu sɛ ɔdɔ wɔn na ogye wɔn tom. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ mprenu na Yehowa ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔdɔ no, na ogye no tom. (Mat. 3:17; 17:5) Wompɛ sɛ Yehowa ka kyerɛ wo sɛ ogye wo tom anaa? Yehowa nkasa nkyerɛ yɛn tee, mmom ɔnam n’Asɛm no so. Yesu ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no, sɛ yɛkenkan a, ‘yɛbɛte’ sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ ogye yɛn tom. Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa n’akyidifo anokwafo a wɔtɔ sin no hui sɛ ogye wɔn tom. Enti sɛ yɛkenkan ho asɛm wɔ Bible mu a, yebetumi afa no sɛ Yehowa nso rema yɛahu sɛ ogye yɛn tom. (Yoh. 15:​9, 15) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio. Mmom, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa na yegye no di.—Yak. 1:12. w24.03 28 ¶10-11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena