Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es25 kr. 108-118
  • November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Memeneda, November 1
  • Kwasida, November 2
  • Dwoda, November 3
  • Benada, November 4
  • Wukuda, November 5
  • Yawda, November 6
  • Fida, November 7
  • Memeneda, November 8
  • Kwasida, November 9
  • Dwoda, November 10
  • Benada, November 11
  • Wukuda, November 12
  • Yawda, November 13
  • Fida, November 14
  • Memeneda, November 15
  • Kwasida, November 16
  • Dwoda, November 17
  • Benada, November 18
  • Wukuda, November 19
  • Yawda, November 20
  • Fida, November 21
  • Memeneda, November 22
  • Kwasida, November 23
  • Dwoda, November 24
  • Benada, November 25
  • Wukuda, November 26
  • Yawda, November 27
  • Fida, November 28
  • Memeneda, November 29
  • Kwasida, November 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
es25 kr. 108-118

November

Memeneda, November 1

Mmofra ne nkokoaa anom na woama ayeyi afi aba.—Mat. 21:16.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, hwɛ mfe a wo mma adi, na boa wɔn ma wɔnsiesie mmuae a ɛfata. Ɛtɔ da a, adesua no tumi ka nneɛma bi a emu dɔ te sɛ awaresɛm anaa ɔbrapa ne ɔbra a ɛmfa kwan mu ho asɛm. Nanso ebia nkyekyɛm baako anaa mmienu bi de, sɛ yɛresusuw ho a, abofra betumi ama mmuae. Afei nso, ɛnyɛ bere nyinaa na wo mma ma wɔn nsa so a wɔbɛfrɛ wɔn, enti boa wɔn ma wɔnhu nea enti a ɛte saa. Sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, na ɛkɔba sɛ wɔfrɛ obi foforo na wɔamfrɛ wɔn a, ɛrenyɛ wɔn yaw. (1 Tim. 6:18) Yɛn nyinaa betumi asiesie mmuae a etu mpɔn a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ahyɛ yɛn mfɛfo Kristofo nso nkuran. (Mmeb. 25:11) Ɛwom, ɛtɔ da a yebetumi aka yɛn suahu tiawa, nanso ɛnsɛ sɛ daa na yɛn suahu da yɛn ano. (Mmeb. 27:2; 2 Kor. 10:18) Mmom, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn adwene besi Yehowa, n’Asɛm ne ne nkurɔfo so.—Adi. 4:11. w23.04 24-25 ¶17-18

Kwasida, November 2

Mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn na yɛmma yɛn ani nna hɔ.—1 Tes. 5:6.

Ɔdɔ nso ho hia paa na ama yɛakɔ so awɛn na yɛama yɛn ani ada hɔ. (Mat. 22:​37-39) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no boa yɛn ma yemia yɛn ani ka asɛmpa no ɛmfa ho sɛ ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn no. (2 Tim. 1:​7, 8) Esiane sɛ yɛdɔ wɔn a wɔnsom Yehowa no nti, yɛkɔ so ka asɛmpa no, na yɛyere yɛn ho yɛ yɛn asaasesin mu adwuma; yɛfa tɛlefon ne nkrataakyerɛw so mpo di adanse. Yɛmpa abaw, efisɛ yɛwɔ anidaso sɛ wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, daakye wɔn mu bi bɛsesa na wɔafi ase ayɛ adepa. (Hes. 18:​27, 28) Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo nso. ‘Yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛhyehyɛ yɛn ho den’ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. (1 Tes. 5:11) Yɛte sɛ asogyafo a obiara boa ne yɔnko wɔ akono, enti yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran. Yɛrenhyɛ da sɛ yɛrepira yɛn nuanom da, anaa bɔne a wɔayɛ yɛn no yɛbɛyɛ wɔn bi atua ka. (1 Tes. 5:​13, 15) Afei nso, yɛde obu ma wɔn a wɔdi asafo no anim de kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—1 Tes. 5:12. w23.06 10 ¶6; 11 ¶10-11

Dwoda, November 3

Sɛ [Yehowa ka] biribi a, ɔrenyɛ anaa?—Num. 23: 19.

Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn gyidi ayɛ den ne sɛ yebedwinnwen agyede no ho. Agyede no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu. Onyankopɔn nam agyede no so ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Ɛno nti, sɛ yɛto yɛn bo ase dwinnwen nea enti a ɔde agyede no maa yɛn, ne nea ɔfaa mu ansa na ɔde rema yɛn no ho a, gyidi a yɛwɔ sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam no, emu bɛyɛ den. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Dɛn na Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema yɛn? Yehowa abakan a ɔda ne koma so, ne yɔnko berɛbo paa no, oyii ne nkwa fii soro ma wɔwoo no sɛ onipa a bɔne nni ne ho wɔ asaase so. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔfaa ɔhaw bebree mu. Afei, ohuu amane na owui yayaayaw. Nea Yehowa faa mu no, na emu yɛ yaw paa! Sɛ Yehowa pɛ sɛ yenya asetena pa bere tiaa bi a, wohwɛ a, anka ɔbɛma ne Ba no abehu amane na wawu anaa? Daabida! (Yoh. 3:16; 1 Pet. 1:​18, 19) Sɛ Yehowa atumi abɔ afɔre kɛse sei a, ɛnde ɔbɛhwɛ ama yɛanya daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. w23.04 27 ¶8-9

Benada, November 4

Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?—Hos. 13:14.

Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ onyan awufo anaa? Biribiara kyerɛ sɛ ɔpɛ. Ɔmaa Bible akyerɛwfo pii kyerɛw owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm. (Yes. 26:19; Adi. 20:​11-13) Yehowa nso de, ɛbɔ biara a ɔbɛhyɛ no, ɛba mu. (Yos. 23:14) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. Momma yɛnhwɛ adwene a na agya panyin Hiob wɔ. Ná ogye di sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa ani begye ho paa sɛ ɔbɛsan de no aba nkwa mu. (Hiob 14:​14, 15) Yehowa asomfo a wɔawuwu nyinaa nso, n’ani agyina wɔn, enti ɔpɛ paa sɛ ɔsan de wɔn ba nkwa mu ma wɔbenya apɔwmuden na wɔn ani gye. Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu a wɔannya hokwan ansua Yehowa ho ade no nso ɛ? Wɔn nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ onyan wɔn. (Aso. 24:15) Ɔpɛ sɛ wɔnya hokwan bɛyɛ ne nnamfo na wɔtena asaase so daa.—Yoh. 3:16. w23.04 9 ¶5-6

Wukuda, November 5

Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden. —Dw. 108:13.

Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’anidaso mu den? Sɛ w’anidaso ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ asaase so a, kenkan nea Bible ka fa Paradise ho na dwinnwen ho. (Yes. 25:8; 32:​16-18) Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu na fa no sɛ wowɔ hɔ. Sɛ yɛma wiase foforo no ho anidaso no tena yɛn adwene mu a, ɔhaw a yɛrefa mu no, yebehu no sɛ ɛwɔ hɔ “bere tiaa bi na emu yɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Yehowa nam anidaso a wama woanya no so bɛma woayɛ den. Nea ehia sɛ woyɛ na ama woanya ahoɔden afi Yehowa hɔ no, wama woahu dedaw. Enti sɛ wobɔ Yehowa mpae denneennen na wusua ade de hwehwɛ n’akwankyerɛ a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano na w’anigye ansɛe. Nkuranhyɛ a wo nuanom Kristofo de ma wo no, gye tom. Anidaso a wowɔ no, ma ɛntena w’adwenem na kɔ so dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ‘Onyankopɔn de n’anuonyam tumi bɛma wo ahoɔden pii na ama wode abotare ne anigye amia w’ani agyina mu akosi ase.’—Kol. 1:11. w23.10 17 ¶19-20

Yawda, November 6

Monna ase wɔ biribiara ho. —1 Tes. 5:18.

Nneɛma pii nti na yɛbɔ mpae a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Adepa biara a yɛwɔ no, yebetumi ada no ase wɔ ho, efisɛ akyɛde pa biara fi ne hɔ. (Yak. 1:17) Yebetumi ada no ase sɛ wabɔ asaase fɛfɛɛfɛ, ne nneɛma a ɛyɛ nwanwa pii. Bio nso, nkwa a ɔde ama yɛn, yɛn abusua, yɛn nnamfo, ne anidaso a yɛwɔ no, yebetumi akyerɛ ho anisɔ. Yɛpɛ sɛ yɛda Yehowa ase nso sɛ wama yɛanya hokwan afa no adamfo. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da Yehowa ase no, ebia ɛho behia sɛ yɛyere yɛn ho paa dwinnwen ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa pii yɛ bonniayɛ. Mpɛn pii no, nea ehia nkurɔfo ne nea wɔbenya, na ɛnyɛ nea wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea wɔwɔ. Sɛ yɛma saa suban no wiawia yɛn a, nea ehia yɛn nko ara na yɛbɛbɔ ho mpae. Nea ɛbɛyɛ na yɛrensuasua saa suban no, biribiara a Yehowa yɛ ma yɛn no, ehia sɛ yɛkɔ so kyerɛ ho anisɔ, na yɛda no ase.—Luka 6:45. w23.05 4 ¶8-9

Fida, November 7

‘Kɔ so fa gyidi bisa; ɛnsɛ sɛ w’adwenem yɛ wo naa koraa.’ —Yak. 1:6.

Yehowa yɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn, enti ɔmpɛ sɛ yehu amane. (Yes. 63:9) Nanso sɔhwɛ a ɛte sɛ nsubɔnten anaa ogya a yehyia no, ɛnyɛ ne nyinaa na osiw ano. (Yes. 43:2) Ne nyinaa mu no, ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛafa mu. Afei nso, ɔremma kwan mma sɔhwɛ a yɛrehyia no nsɛe yɛne no ntam. Bio nso, Yehowa ma yɛn ne honhom kronkron, na ɛboa yɛn ma yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu. (Luka 11:13; Filip. 4:13) Ɛno nti, yebetumi anya ahotoso sɛ, biribiara a yehia na ama yɛatumi amia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu na yɛakɔ so adi Yehowa nokware no, ɔde bɛma yɛn bere nyinaa. Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so. (Heb. 11:6) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛtɔ da a yebetumi ate nka sɛ ɛboro yɛn so. Ebi mpo a yebenya adwene sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa bɛboa yɛn. Nanso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn tumi nti, yebetumi ‘aforo ɔfasu.’ (Dw. 18:29) Enti sɛ́ anka yebenya adwene sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa bɛboa yɛn no, ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den na yɛbɔ mpae, na yenya ahotoso sɛ Yehowa betie yɛn mpaebɔ.—Yak.1:​6, 7. w23.11 22 ¶8-9

Memeneda, November 8

[Ɔdɔ te] sɛ ogya a ɛredɛw brambrambram, Yah gyaframa. Nsu a ɛrebu fa so rentumi nnum ɔdɔ, na nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.—Nmd. 8:​6, 7.

Ɔdɔ kann ho nkyerɛkyerɛmu yi yɛ dɛ paa! Saa asɛm no ma awarefo nya awerɛhyem sɛ wɔbetumi adodɔ wɔn ho afebɔɔ. Sɛ awarefo bi bɛdɔ wɔn ho afebɔɔ a, egyina wɔn so. Yɛmfa anyina a yɛde asɔ gya nyɛ nhwɛso. Sɛ ogya no betumi adɛw bere nyinaa a, ɛwɔ hɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛde anyina no bi hyehyɛ mu. Sɛ yɛanyɛ saa a, nkakrankakra ogya no bedum. Ɔdɔ a ɛwɔ okunu ne ɔyere ntam nso, saa ara na ɛte. Sɛ emu betumi ayɛ den afebɔɔ a, gye sɛ wɔyɛ ho adwuma. Ɛtɔ da a, awarefo bi betumi ate nka sɛ wɔn dɔ ano redwo, ɛnkanka bere a wɔn sikasɛm nkɔ yiye, yare reteetee wɔn anaa wɔrehyia abatete mu haw. Enti sɛ “Yah gyaframa” no bɛkɔ so adɛw wɔ aware bi mu a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara yere ne ho fa Yehowa adamfo denneennen. w23.05 20-21 ¶1-3

Kwasida, November 9

Nsuro.—Dan. 10:19.

Sɛ yebenya akokoduru a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ? Yɛn awofo betumi ahyɛ yɛn nkuran sɛ yennya akokoduru, nanso akokoduru nte sɛ abusua agyapade bi a wɔde gyaw nkyirimma. Akokoduru a obi benya no te sɛ nea ɔresua biribi foforo afi ɔkyerɛkyerɛfo bi hɔ. Ɔkwan baako a obetumi afa so asua no yiye ne sɛ, ɔbɛto ne bo ase ahwɛ onii a ɔrekyerɛ no no, na wasuasua no. Saa pɛpɛɛpɛ na akokoduru a yebenya no nso te; ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase hwɛ sɛnea afoforo da akokoduru adi na yesuasua wɔn. Sɛnea Daniel yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen, kyerɛ sɛ, yɛbɛbɔ no mpae daa, na yɛaka sɛnea yɛte nka akyerɛ no. Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa di, na yenya awerɛhyem sɛ ɔtaa yɛn akyi. Ɛba saa na yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a, yebenya akokoduru. Nnipa a wɔwɔ akokoduru no, ɛyɛ a nkurɔfo bu wɔn. Afei nso, wɔn akokoduru no tumi twetwe komapafo ba Yehowa nkyɛn. Ampa, yɛda akokoduru adi a, mfaso wɔ so paa. w23.08 2 ¶2; 4 ¶8-9

Dwoda, November 10

Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.—1 Tes. 5:21.

Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘monhwehwɛ mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware’ no, na wɔde ka sɛnea wɔsɔ nneɛma bi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ hwɛ ho asɛm. Enti, sɛ yɛte asɛm bi anaa yɛkan asɛm bi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa. Bere a ahohiahia kɛse no rebobɔ ba no, ebehia paa sɛ yɛyɛ saa. Sɛ́ anka yebegye biribiara a afoforo bɛka adi no, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma; nea yɛte anaa yɛkenkan no, ɛsɛ sɛ yɛde toto nea Bible ne Yehowa ahyehyɛde no ka ho hwɛ. Yɛyɛ saa a, atosɛm a efi ahonhommɔne hɔ biara rennaadaa yɛn. (Mmeb. 14:15; 1 Tim. 4:1) Yenim sɛ Onyankopɔn asomfo benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nanso, yɛn mu biara nnim nea ebesi ɔkyena. (Yak. 4:14) Ne nyinaa mu no, sɛ yɛde yɛn ani kann betwa ahohiahia kɛse no oo, sɛ yebewu ansa na aba oo, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔbɛma yɛn daa nkwa. Momma yɛn nyinaa mfa yɛn ani nsi yɛn anidaso a enni huammɔ no so, na yensiesie yɛn ho mma Yehowa da no! w23.06 13 ¶15-16

Benada, November 11

Waka ne tirim asɛm akyerɛ ne nkoa adiyifo no.—Amos 3:7.

Bible nkɔmhyɛ no bi wɔ hɔ a, yennim sɛnea ɛbɛba mu. (Dan. 12:​8, 9) Nanso sɛ yennim ɔkwan pɔtee a nkɔmhyɛ bi bɛfa so abam a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛremma mu. Yebetumi anya ahotoso paa sɛ, sɛ bere so sɛ nkɔmhyɛ bi ba mu a, Yehowa bɛma yɛate ase sɛnea ɔyɛɛ no tete no. Ɛrenkyɛ, amanaman no bɛka sɛ yɛwɔ “asomdwoe ne ahotɔ!” (1 Tes. 5:3) Afei, wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ atorosom so asɛe no pasaa. (Adi. 17:​16, 17) Ɛno akyi no, wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. (Hes. 38:​18, 19) Wei bɛkɔ akɔtwe Armagedon ko no aba. (Adi. 16:​14, 16) Yebetumi agye adi sɛ ɛrenkyɛ koraa na saa nsɛm yi asisi. Enkosi saa bere no, momma yɛn ani nku Bible nkɔmhyɛ ho, na yɛmmoa afoforo nso mma wɔnyɛ saa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛn soro Agya no ayɛ ama yɛn no. w23.08 13 ¶19-20

Wukuda, November 12

Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn.—1 Yoh. 4:7.

Bere a ɔsomafo Paul reka gyidi, anidaso, ne ɔdɔ ho asɛm no, owiee n’asɛm no sɛ “nea ɛyɛ kɛse wom paa ne ɔdɔ.” (1 Kor. 13:13) Adɛn nti na Paul kaa saa? Daakye, sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo no ho no bam a, ɛho renhia sɛ yenya gyidi sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam bio, efisɛ ebedu saa bere no na nea yɛhwɛ kwan no nyinaa abam. Nanso, ɛho behia sɛ yɛkɔ so dɔ Yehowa ne nnipa bere nyinaa. Nea ɛwom ne sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu bɛkɔ so ayɛ den afebɔɔ. Afei nso, ɔdɔ na ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yoh. 13:35) Afei nso, sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, ɛma yɛyɛ baako. Paul kaa sɛ ɔdɔ yɛ “hama a edi mu a ɛde nkabom ba.” (Kol. 3:14) Ɔsomafo Yohane kyerɛw ne nuanom Kristofo sɛ: “Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.” (1 Yoh. 4:21) Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn. w23.11 8 ¶1, 3

Yawda, November 13

‘Yi adesoa biara gu.’—Heb. 12:1.

Bible no de Kristofo abrabɔ toto ammirikatu ho. Wɔn a wɔbetumi atu mmirika no awie no benya daa nkwa. (2 Tim. 4:​7, 8) Ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so tu mmirika no, efisɛ ɛrenkyɛ koraa na yɛawie. Ɔsomafo Paul kaa nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nkonim. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “yenyi adesoa biara . . . ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.” Enti na Paul pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ adesoa biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ Kristoni soa anaa? Daabi, ɛnyɛ saa na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ. Mmom, nea na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, adesoa biara a ɛho nhia no, ɛsɛ sɛ yɛtow gu. Adesoa a ɛte saa no betumi atwe yɛn asan na ama yɛagyae mmirika no tu. Sɛ yebetumi amia yɛn ani atu mmirika no awie a, adesoa biara a ɛho nhia a ebetumi atwe yɛn asan no, ɛsɛ sɛ yehu no ntɛm na yeyi fi hɔ. Nanso nnesoa a ehia sɛ yɛsoa no de, ɛnsɛ sɛ yɛtow gu. Sɛ yɛtow gu pɛ, ɛkyerɛ sɛ yɛagyae mmirika no tu.—2 Tim. 2:5. w23.08 26 ¶1-2

Fida, November 14

Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hu so.—1 Pet. 3:3.

Sɛ yɛanyɛ katee a, ɛbɛboa yɛn na yɛankasa antia afoforo adwenkyerɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom mmea bi ani gye ho sɛ wɔbetwiw wɔn anim, na wɔaka wɔn ano, nanso wɔn mu binom mpɛ. Kristofo binom ani gye ho sɛ wɔbɛnom nsa kakra, nanso afoforo nso nnom koraa. Kristofo nyinaa pɛ sɛ wɔnya apɔwmuden, nanso ɛsono aduru a obiara pɛ. Sɛ yɛtwe no twann sɛ yɛn de paa na eye, na yɛde hyɛ anuanom a ɛwɔ asafo no mu so a, ebetumi ato afoforo hintidua, na ɛde mpaapaemu aba. (1 Kor. 8:9; 10:​23, 24) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ́ anka Yehowa bɛkyerɛ ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no, wama yɛn nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma mmom. Ɛsɛ sɛ yɛn ntaadehyɛ ma ɛda adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ kyenkyenenn, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase ne “adwene a emu da hɔ” siesie yɛn ho. (1 Tim. 2:​9, 10) Enti yɛmpɛ sɛ yebesiesie yɛn ho wɔ kwan bi so a, sɛ yɛnam a na obiara rehwɛ yɛn. Bible nnyinasosɛm nso bɛboa asafo mu mpanyimfo ma wɔakwati sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara; wɔrenkyerɛ ntaade pɔtee a ɛsɛ sɛ anuanom hyɛ anaa ti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaa wɔyi. w23.07 23-24 ¶13-14

Memeneda, November 15

Monyɛ aso ntie me, na munni adepa, na mubedi aduan pa ama mo ani agye paa.—Yes. 55:2.

Yehowa ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye daakye. Wɔn a wɔtie “ɔbea kwasea” a n’ano denneennen no, ɛyɛ wɔn sɛ wɔwia wɔn ho bu brabɔne a, ɛyɛ “dɛ” na ɛbɛma wɔn ani agye. Ɛbɛkɔ akowie wɔn “ɔdamoa mu tɔnn.” (Mmeb. 9:​13, 17, 18) Wɔn a wɔtie “nyansa” afotu no de, nhyira a wɔbenya nyɛ asɛm ketewa! (Mmeb. 9:1) Yɛresua sɛ nneɛma a Yehowa ani gye ho no, yɛn nso yɛn ani begye ho, na nea okyi no, yɛn nso yebekyi. (Dw. 97:10) Afei nso, sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmetie “nyansa” afotu a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛte sɛ nea ‘yɛakogyina baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu, na yɛreteɛm sɛ: “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”’ Nhyira a yɛne wɔn a wɔtie no benya no, ɛnyɛ ɛnnɛ nko ara. Saa nhyira no remma awiei da; ɛbɛma yɛatena ase daa ‘anantew ntease kwan no so akɔ yɛn anim.’—Mmeb. 9:​3, 4, 6. w23.06 24 ¶17-18

Kwasida, November 16

Nea ne bo mfuw ntɛm no, oye sen ɔkatakyi, na nea ɔhyɛ n’abufuw so no, oye sen nea ɔko fa kurow.—Mmeb. 16:32.

Sɛ obi a wo ne no kɔ sukuu anaa wo ne no yɛ adwuma bisa wo wo gyidi ho asɛm a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛma wo yam hyehye wo anaa? Yɛn mu pii tumi te nka saa. Nanso, asɛmmisa bi a ɛte saa no, ebia ebetumi ama yɛahu nea ɛwɔ onii no adwenem anaa nea ogye di. Ebi mpo a, ebetumi ama yɛaka asɛmpa no bi akyerɛ no. Nanso ɛtɔ mmere bi a, sɛnea obi bebisa asɛm bi no, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔne yɛn nyɛ adwene na ɔpɛ sɛ ɔne yɛn gye akyinnye. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa. Efisɛ ebinom wɔ hɔ a, nea afoforo aka afa yɛn gyidi ho akyerɛ wɔn no nyɛ nokware. (Aso. 28:22) Afei nso, yɛte “awiei mmere no” mu. Bible ka sɛ awiei mmere yi mu no, nnipa pii wɔ hɔ a, ‘yɛrentumi ne wɔn nyɛ apam,’ na “wobedi atirimɔdensɛm” mpo. (2 Tim. 3:​1, 3) Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ obi kasa tia me gyidi a, mɛyɛ dɛn ayɛ onii no brɛbrɛ, na mama m’anom kasa ayɛ dɛ?’ Dɛn na ɛbɛboa wo? Ɛyɛ odwo. Obi a odwo no, ne bo mfuw ntɛm, na sɛ nneɛma nkɔ yiye anaa obi hyɛ no abufuw a, otumi hyɛ ne ho so. w23.09 14 ¶1-2

Dwoda, November 17

Wobɛpaw wɔn ma wɔayɛ mpanyimfo wɔ asaase nyinaa so.—Dw. 45:16.

Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ahyehyɛde no ma yɛn afotu a ɛbɔ yɛn ho ban. Ebi ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahonyade ho. Ebi nso ne sɛnea yɛbɛhwɛ na yɛanyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛabu Onyankopɔn mmara so. Wei mu nso, sɛ yetie Yehowa akwankyerɛ a, obehyira yɛn. (Yes. 48:​17, 18; 1 Tim. 6:​9, 10) Nokwasɛm ne sɛ Yehowa bɛkɔ so afa nnipa so de akwankyerɛ ama n’asomfo wɔ ahohiahia kɛse no mu; Mfirihyia Apem Nniso no mu mpo, ɔbɛkɔ so ayɛ saa. Akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no, yebetie anaa? Ɛnnɛ, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ. Ɛno nti, momma yentie Yehowa akwankyerɛ bere nyinaa; mmarima a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nso, momma yentie wɔn. (Yes. 32:​1, 2; Heb. 13:17) Yɛyɛ saa a, yebetumi de yɛn ho ato yɛn Kwankyerɛfo Yehowa so, efisɛ ɔno na ɔredi yɛn anim abɔ yɛn ho ban akɔ wiase foforo no mu. w24.02 25 ¶17-18

Benada, November 18

Wɔnam adom so na agye mo. —Efe. 2:5.

Ɔsomafo Paul ani gyei wɔ Yehowa som mu, nanso ohyiaa ɔhaw pii. Ná Paul taa twa kwantenten; saa bere no nso, na akwantu nna fam. Paul akwantu mu no, ɛtɔ da a, na ‘asiane to no wɔ nsubɔnten so ne akorɔmfo-werɛmfo mu.’ Ɛtɔ mmere bi nso a, na asɔretiafo boro no. (2 Kor. 11:​23-27) Afei nso, nea Paul fii ne komam yɛ maa ne nuanom Kristofo no, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔkyerɛɛ ho anisɔ. (2 Kor. 10:10; Filip. 4:15) Dɛn na ɛboaa Paul ma ɔkɔɔ so som Yehowa? Sɛnea Yehowa te no, Paul suaa ɛho ade pii fii Kyerɛwnsɛm no mu. Afei nso, osuaa bi fii nea ɔno ankasa faa mu no mu. Wei maa Paul begye dii paa sɛ Yehowa Nyankopɔn dɔ no. (Rom. 8:​38, 39; Efe. 2:​4, 5) Ɛmaa ɔno nso bɛdɔɔ Yehowa paa. Paul ‘som akronkronfo na ɔkɔɔ so som wɔn’ de kyerɛe sɛ ɔdɔ Yehowa.—Heb. 6:10. w23.07 9 ¶5-6

Wukuda, November 19

‘Mommrɛ mo ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.’—Rom. 13:1.

Nnipa bebree gye tom sɛ aban anaa “atumfo a wɔkorɔn no,” yehia wɔn, na anyɛ yiye koraa no, mmara a wɔhyehyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yedi so. Nanso saa nkurɔfo yi ara, sɛ aban no hyɛ mmara bi na wɔmpɛ anaa asɛ ntease nnim a, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔdi so. Bible ma yehu sɛ nnipa aban ma yehu amane. Afei nso, ɛka sɛ Satan na ɛkyerɛ nnipa aban no kwan, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. (Dw. 110:​5, 6; Ɔsɛnk. 8:9; Luka 4:​5, 6) Bible san ma yehu sɛ, “obiara a ɔsɔre tia atumfo no, ɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe.” Atumfoɔ a wɔkorɔn no, Yehowa na ama wɔn kwan sɛ wɔnni tumi na wɔnhwɛ ntoto nneɛma yiye, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Yehowa mmara a, ɔhwɛ kwan sɛ yebedi so. Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛde nea ɛyɛ obiara de ma no.’ Ebi ne sɛ yebetua tow, yɛde obu bɛma atumfoɔ no, na yɛayɛ osetie ama wɔn. (Rom. 13:​1-7) Ebia mmara bi a wɔahyɛ no, yebehu no sɛ ɛma yɛn ho kyere yɛn, ntease nnim anaa yedi so a ɛbɛma yɛn ho akodi mu paa. Nanso Yehowa se yentie wɔn, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Onyankopɔn mmara a, ɛsɛ sɛ yedi so.—Aso. 5:29. w23.10 8 ¶9-10

Yawda, November 20

Yehowa honhom maa no ahoɔden.—Atem. 15:14.

Bere a wɔwoo Samson no, na Filistifo na edi Israel man no so, na na wɔreteetee wɔn paa. (Atem. 13:1) Israelfo no huu amane paa, efisɛ Filistifo no dii wɔn ani. Enti, Yehowa paw Samson sɛ ɔno na “obedi anim agye Israel afi Filistifo nsam.” (Atem. 13:5) Nea ɛbɛyɛ na Samson atumi ayɛ saa adwumasono no, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa so. Bere bi, Filistifo asraafo bi kɔe sɛ wɔrekɔkyere Samson wɔ Lehi; ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ Yuda asaase so. Ná Yuda mmarima no suro, enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde Samson bɛma atamfo no. Samson ankasa nkurɔfo de nhama mmienu a ɛyɛ foforo kyekyeree no papee de no kɔmaa Filistifo no. (Atem. 15:​9-13) Nanso “Yehowa honhom maa” Samson “ahoɔden,” na ɔtetew nhama no fii ne nsa ho. Afei, “ohuu afurum bi a owui nkyɛe apantan,” na ɔfae, na ɔde kunkum Filistifo mmarima 1,000!—Atem. 15:​14-16. w23.09 2-3 ¶3-4

Fida, November 21

Eyi ne daa atirimpɔw a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so bedi ho dwuma no hyia.—Efe. 3:11.

Nkakrankakra Yehowa ama yɛahu ne “daa atirimpɔw” no wɔ Bible mu. Yehowa betumi afa akwan pii so ayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, efisɛ ‘biribiara a wayɛ no, wayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam.’ (Mmeb. 16:4) Nea Yehowa yɛ biara no, nea ebefi mu aba no bɛtena hɔ daa. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw, na nsakrae bɛn na wayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw no bɛbam? Onyankopɔn maa Adam ne Hawa huu nea enti a ɔbɔɔ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi, na . . . abɔde a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, munnya wɔn so tumi.” (Gen. 1:28) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, ɛmaa bɔne bɛsoɛɛ nnipa so, nanso ɛno amma Yehowa atirimpɔw anyɛ ɔkwa. Ɔkwan a na ɔbɛfa so ama n’atirimpɔw aba mu no, ɛhɔ ara na ɔsakraa mu. Ɛne sɛ, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛhyehyɛ Ahenni bi wɔ soro a ɛbɛma nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asaase no abam.—Mat. 25:34. w23.10 20 ¶6-7

Memeneda, November 22

Sɛ Yehowa ammoa me a, anka mewu ntɛm.—Dw. 94:17.

Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛayere yɛn ho adi yɛn mmerɛwyɛ so. Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa, ɛnkanka bere a mmerɛwyɛ bi reteetee yɛn no. Sɛ yɛde yɛn mmerɛwyɛ toto ɔsomafo Petro de no ho a, ɛtɔ da a ebetumi ayɛ yɛn sɛ Petro de no koraa sua. Nanso Yehowa betumi ahyɛ yɛn den na yɛampa abaw. (Dw. 94:​18, 19) Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Ansa na onua bi rebehu nokware no, na ɔne mmarima da; ɔyɛɛ saa mfe pii. Osii n’adwene pi, na ogyaee saa ɔbrafi no. Nanso ɛtɔ da a na akɔnnɔ bɔne tumi ba ne mu. Dɛn na ɛboaa no ma ɔyeree ne ho dii so? Ɔkyerɛ mu sɛ: “Yehowa hyɛ yɛn den.” Ɔde ka ho sɛ: “Yehowa honhom no mmoa so nti . . . , mahu sɛ metumi [akɔ so] de nokware no abɔ me bra . . . Yehowa atumi de me ayɛ adwuma, na me sintɔ nyinaa akyi no, ɔkɔ so hyɛ me den.” w23.09 23 ¶12

Kwasida, November 23

Nea ahobrɛase ne Yehowa suro de ba ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.—Mmeb. 22:4.

Anuanom mmerantewaa, ɛnyɛ sɛ mufitii ara na moabɛyɛ Kristofo a mo ho akokwaw. Ɛsɛ sɛ musuasua wɔn a ɛyɛ nhwɛso pa, munya nhumu, nkurɔfo tumi de wɔn ho to mo so, musua nneɛma bi a ɛbɛboa mo, na musiesie mo ho ma sɛnea mobɛbɔ mo bra daakye. Sɛ mohwɛ mmɔden a ɛsɛ sɛ mobɔ a, anhwɛ a mobɛte nka sɛ ɛboro mo so. Nanso mubetumi ayɛ. Monkae sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa mo. (Yes. 41:​10, 13) Afei nso, anuanom a ɛwɔ asafo no mu bɛboa mo. Sɛ moyere mo ho ma mo ho kokwaw a, mo ani begye na mo koma atɔ mo yam. Anuanom mmerantewaa, yɛdɔ mo paa! Yehowa nhyira mo na ɔmmoa mo na mo ho nkokwaw. w23.12 29 ¶19-20

Dwoda, November 24

‘Bu w’ani gu mfomso so.’ —Mmeb. 19:11.

Yɛmfa no sɛ wo ne anuanom bi ahyiam regye mo ani. Mo ani gyei ara ma muwiei no, moboom twaa mfoni. Mutwaa mmienu kaa ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nea edi kan no anyɛ fɛ a, mubenya foforo a ɛyɛ fɛ. Enti afei de woanya mfoni mmiɛnsa. Nanso bere a wohwɛɛ emu baako no, wuhui sɛ onua baako anyinya n’anim. Wei nti wubeyi afi mu, efisɛ mmienu a aka no, obiara a ɔwom no reserew fɛfɛɛfɛ. Mpɛn pii no, sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ a, nneɛma pa a ɛkɔɔ so no, ɛyɛ a yetumi kaakae. Nanso fa no sɛ bere bi a wo ne anuanom bɔe no, onua anaa onuawa bi yɛɛ biribi anaa ɔkaa asɛm bi ma ɛyɛɛ wo yaw. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea wubeyi mfoni a ɛnyɛ fɛ no afi nea aka no mu no, adɛn nti na wommɔ mmɔden nyi wei nso mfi w’adwenem? (Efe. 4:32) Yebetumi ayi afi hɔ, efisɛ yɛne no abom ayɛ nneɛma pii ama yɛn ani agye a yebetumi akaakae. Nneɛma a ɛma yɛn ani gye saa na yɛpɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem na yɛkaakae, efisɛ ɛsom bo ma yɛn. w23.11 12-13 ¶16-17

Benada, November 25

Ɛsɛ sɛ mmea hyɛ ntaade a ɛfata, . . . nea . . . ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.—1 Tim. 2:​9, 10.

Greek nsɛmfua a wɔde dii dwuma no, ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni bea ahosiesie kyerɛ sɛ osuro Onyankopɔn, na ɛnsɛ sɛ n’ahosiesie to afoforo hintidua. Yɛn nuanom mmea a mo ho akokwaw a mode saa afotu yi yɛ adwuma no, yɛte mo so a, yɛasɔre! Suban foforo a ehia sɛ Kristofo mmea nyinaa nya na ada adi sɛ wɔn ho akokwaw ne nhumu. Yɛka sɛ obi wɔ nhumu a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ otumi hu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu, na ɔyɛ nea ɛyɛ papa no. Yɛnhwɛ Abigail. Ne kunu sii gyinae bɔne bi a anka ɛreyɛ de ne fiefo nyinaa nkwa ato asiane mu. Abigail antenatena ho koraa. Nhumu a ɔde yɛɛ adwuma no gyee ne fiefo nkwa. (1 Sam. 25:​14-23, 32-35) Yɛn nso, sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Afei nso, sɛ yɛpɛ sɛ yehu obi yiye a, nhumu bɛboa yɛn na yɛamfeefee ne nsɛm mu.—1 Tes. 4:11. w23.12 20 ¶8-9

Wukuda, November 26

Anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya Onyankopɔn anuonyam nti, momma yenni ahurusi.—Rom. 5:2.

Ɔsomafo Paul kyerɛw saa nsɛm no kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma no. Anuanom a na ɛwɔ hɔ no suaa Yehowa ne Yesu ho ade nyaa wɔn mu gyidi, na wɔbɛyɛɛ Kristofo. ‘Gyidi nti Onyankopɔn buu wɔn sɛ wɔyɛ atreneefo,’ na ɔde honhom kronkron sraa wɔn. (Rom. 5:1) Nokwasɛm ne sɛ, wɔnyaa anidaso a edi mu. Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Efeso no, akyiri yi Paul kyerɛw anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn no ho asɛm kɔmaa wɔn. Saa anidaso no bi ne ‘nneɛma a ɔde ahyɛ akronkronfo bɔ no.’ (Efe. 1:18) Afei nso Paul kyerɛɛ Kolosefo no baabi a wɔn anidaso no wɔ. Ɔkaa sɛ ɛyɛ ‘anidaso a Onyankopɔn de asie ama wɔn wɔ ɔsoro.’ (Kol. 1:​4, 5) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no anidaso ne sɛ, wɔbenyan wɔn akɔ soro na wɔne Kristo akodi ade.—1 Tes. 4:​13-17; Adi. 20:6. w23.12 9 ¶4-5

Yawda, November 27

‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.’—Filip. 4:7.

Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘bɔ ho ban’ no, asraafo a tete no na wɔwɛn kurow bi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo remmɛto nhyɛ so no, wɔn na na wɔde ka wɔn ho asɛm. Nnipa a wɔte kurow a ɛte saa mu no, wɔda a na wɔada efisɛ wɔnim sɛ asraafo rewɛn kurow no. Yɛn nso, sɛ Onyankopɔn asomdwoe bɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban a, ɛma yenya akomatɔyam efisɛ yenim sɛ biribiara rentumi nyɛ yɛn. (Dw. 4:8) Sɛnea ɛtoo Hanah no, sɛ yɛn tebea no ansesa amonom hɔ ara mpo a, yebetumi anya asomdwoe. (1 Sam. 1:​16-18) Sɛ yɛwɔ akomatɔyam a, mpɛn pii no, ɛnyɛ den sɛ yebedwen yiye na yɛasisi gyinae pa. Dɛn na yebetumi ayɛ? Sɛ ɔhaw bi to wo a, hwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ. Wobɛyɛ no sɛn? Bɔ mpae ara kosi sɛ wobɛte nka sɛ woanya Onyankopɔn asomdwoe. (Luka 11:9; 1 Tes. 5:17) Sɛ wowɔ ɔhaw bi mu a, nnyae mpaebɔ da, na wubehu sɛ Yehowa asomdwoe rebɔ wo koma ne w’adwene ho ban.—Rom. 12:12. w24.01 21 ¶5-6

Fida, November 28

Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.—Mat. 6:9.

Nkurɔfo yɛɛ Yesu ayayade, wɔdidii no atɛm, na wɔtwaa atoro too no so. Nanso omiaa n’ani gyinaa wei nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtew n’Agya din ho. Ná onim sɛ wayɛ osetie ama n’Agya wɔ biribiara mu, enti na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma n’ani wu. (Heb. 12:2) Ná onim nso sɛ saa mmere bɔne no mu no, Satan ankasa na na ɔde ɔhaw a ɛtete saa nyinaa reba no so. (Luka 22:​2-4; 23:​33, 34) Nea na esi Satan ani so paa ne sɛ ɔbɛma Yesu adan n’akyi akyerɛ Yehowa, nanso odii nkogu pɔtɔɔ! Yesu ma ɛdaa adi pefee sɛ Satan yɛ kontomponi dabrabani na Yehowa wɔ asomfo anokwafo a sɛ wɔhyia sɔhwɛ a emu yɛ den mpo a, wɔrennan wɔn akyi nkyerɛ no. Wopɛ sɛ woma wo Hene a ɔredi tumi no ani gye anaa? Ɛnde, kɔ so yi Yehowa din no ayɛ, na boa afoforo ma wɔnhu sɛnea yɛn Nyankopɔn no te ankasa. Woyɛ saa a, na woredi Yesu anammɔn akyi. (1 Pet. 2:21) Sɛnea Yesu yɛe no, wobɛma Yehowa ani agye, na woama ada adi sɛ ne tamfo Satan yɛ ɔtorofo ankasa! w24.02 11-12 ¶11-13

Memeneda, November 29

Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me nyinaa, dɛn na mede betua no ka? —Dw. 116:12.

Mfe nnum a atwam no, nnipa bɛboro ɔpepem baako na abɔ asu abɛyɛ Yehowa Adansefo. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ woasi gyinae sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo suani, na wode Onyankopɔn apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. Ɛnde dɛn na ebehia sɛ woyɛ? Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio.” (Mat. 16:24) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, biribiara a ɔmpɛ no, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi ho. (2 Kor. 5:​14, 15) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wokwati “ɔhonam nnwuma” a ebi ne aguamammɔ no. (Gal. 5:​19-21; 1 Kor. 6:18) Wudi saa ahyɛde no so a, ɛbɛma wo ho akyere wo anaa? Sɛ wodɔ Yehowa na wugye di sɛ ne mmara bɔ wo ho ban a, worennya saa adwene no.—Dw. 119:97; Yes. 48:​17, 18. w24.03 2 ¶1; 3 ¶4

Kwasida, November 30

Magye wo atom.—Luka 3:22.

Wɔn a Yehowa gye wɔn tom no, wɔn na ɔde ne honhom kronkron no ma wɔn. (Mat. 12:18) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Honhom aba no, matumi ada emu bi adi wɔ m’asetena mu anaa?’ Abotare a na wowɔ ansa na worebehu Yehowa no, seesei wuhu sɛ ebi abɛka ho anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wutumi da honhom aba no bi adi paa wɔ w’asetena mu a, ɛbɛma woahu paa nso sɛ Yehowa gye wo tom! Yehowa de mfaso a ɛwɔ agyede no so no boa wɔn a ogye wɔn tom no. (1 Tim. 2:​5, 6) Sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi na yɛabɔ asu na yɛn adwene da so ara yɛ yɛn sɛ Yehowa nnye yɛn ntom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Kae sɛ, yɛn koma betumi adaadaa yɛn, nanso Yehowa de, sɛ ɔka sɛ ogye yɛn tom a, yebetumi agye no adi. Wɔn a wɔwɔ agyede no mu gyidi no, obu wɔn sɛ atreneefo, na wahyɛ bɔ sɛ obehyira wɔn.—Dw. 5:12; Rom. 3:26. w24.03 30 ¶15; 31 ¶17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena