Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 12/1 kr. 4-6
  • So Wubetie Nyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetie Nyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • EBINOM TE NANSO WONTIE
  • TIE A WOTIE NA WODI SO
  • SƐ ONYANKOPƆN KASA A, SO NNIPA BI TIE?
  • NEA ONYANKOPƆN KÁ
  • Yɛyɛ Dɛn Tie Onyankopɔn?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Ɔdɔ Mu a Wofi Tie Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yehowa a Yebetie No Bere a Awiei no Rebɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Suasua Nea Waben Wɔ Asuafoyɛ Mu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 12/1 kr. 4-6

So Wubetie Nyankopɔn

‘NANSO, ampa, yɛn nsa kaa Bible no akyɛ, na wiase no wɔ tebea a asɛe kyɛn biara mu!’ Eyi yɛ nokware, na nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a Onyankopɔn akasa no nnipa ntie. Dɛn nti na wontie?

Ɛtɔ mmere bi a, wɔn ani ara kwa na ennye ho. Nnansa yi mpaemuka bi a Wiase Abakɔsɛm ho Abenfo kuw bi yɛe no ka sɛ: “[Yɛpow] adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee abakɔsɛm mu anwonwa kwan so, anaasɛ ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nnipa kakraa bi a wapaw wɔn, anaasɛ, sɛ obetumi agye nkwa anaasɛ obegye abɔnefo no.” Ampa, Onyankopɔn nkasa nnɛ nkyerɛ “nnipa kakraa bi a wapaw,” na mmom wɔn a wobetie nyinaa. “Onyankopɔn . . . hyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.” (Aso. 17:30, Twi Bible Foforo) Nanso, wɔn a wɔpow asɛm a Onyankopɔn ka no, ɛda adi sɛ wɔrentie no. Wɔn daakye beduru sum kabii.

Ampa, wiase mpanyimfo pii aka sɛ wogye Onyankopɔn di. Nanso wɔmmoa mmaa nneɛma nyɛɛ yiye biara. Dɛn nti na eyi te saa? Titiriw no esiane sɛ, sɛnea Franseni nyansapɛfo Voltaire kae bere bi no, “Nnipa akɛse a wɔwɔ wiase yi mu dodow ara tra ase te sɛnea wɔyɛ wɔn a wonnye Onyankopɔn nni.” Ka a wɔkeka sɛ wɔsom Onyankopɔn no mma wonnyaee nnipa kum, akodi ahorow, nhyɛso ahorow, ayayade ahorow ne atorodi a ayɛ nneɛma a akɔ so wɔ abakɔsɛm mu no. Ɛda adi sɛ, bere a Onyankopɔn kasa no wontie nso.

EBINOM TE NANSO WONTIE

‘So ɛnyɛ nokware sɛ nyamesom ahorow pii de Bible no di dwuma wɔ wɔn som mu, na nkurɔfo te emu nsɛm Kwasida biara?’ Eyi te saa. Nanso bere a wɔte no, so wotie ampa, kyerɛ sɛ, wɔyɛ aso ma nea wɔte no?

Sɛ nhwɛso no, asɔre horow pii de “Yɛn Agya a ɔwɔ Soro” (anaasɛ, “Awurade Mpae” no) di dwuma wɔ wɔn Kwasida som ahorow mu. Saa mpaebɔ yi yɛ Bible no fã bi. Wɔ Katolekfo nkyerɛase biako mu no, mpaebɔ no mu nsɛm a edi kan ne: “Yɛn Agya a wowɔ soro. Wo din ho ntew. W’ahenni mmra. Wopɛ nyɛ asase so sɛnea ɛte wɔ ɔsoro.”​—Mat. 6:9, 10, Douay.

Dɛn ne Onyankopɔn pɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asase so? Wɔda ne fã bi adi wɔ saa bɔhyɛ yi mu: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dw. 37:11) Saa asomdwoe yi, sɛnea “Yɛn Agya a ɔwɔ Soro” mpaebɔ no kyerɛ no, yɛ nea ɛnam Onyankopɔn “ahenni,” ne nniso no so bɛba.

Enti ná ɛyɛ anigye saa bere no wɔ 1965 mu, bere a Pope Paul VI kɔsraa Amanaman Nkabom no akyi, sɛ wɔbɛkenkan wɔ atesɛm nkrataa mu sɛ waka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ asase so dan kɔ Amanaman Nkabom no so sɛ biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a etwa to.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi) Akyinnye biara nni ho sɛ saa asɛm yi boaa Amanaman Nkabom no mufo ma wɔtee nka sɛ wɔn adwuma no ho hia na ɛfata. Nanso sɛ na wɔne asomdwoe ho anidaso a etwa to a, ɛnde Onyankopɔn ahenni no nso ɛ? Ɛda adi sɛ ná Pope Paul VI ntie “Yɛn Agya a ɔwɔ Soro” mpaebɔ no mu nsɛm no nokwarem.

Nhwɛso afoforo pii wɔ hɔ a ɛrekyerɛ sɛ, bere a nkurɔfo te sɛ wɔkenkan Bible no mpo no, wɔ wɔn fam no, ɛtaa yɛ amanne kɛkɛ bi a wɔyɛ, na wɔnnyɛ asõ na wɔate nea ɛreka no ase.

TIE A WOTIE NA WODI SO

“Sɛ́ wubetie” kyerɛ nso sɛ “wubesusuw ho anibere so.” Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara te nea Onyankopɔn reka wɔ nneɛma binom ho no ase, nanso wɔmmfa ne nsɛm no aniberesɛm. Wodi wɔn ankasa adwene akyi. Enti, bere a Onyankopɔn kasa no wontie.

Eyi ho nhwɛso biako ne abrabɔ pa ho asɛm no. Onyankopɔn de abrabɔ pa ho gyinapɛn a emu da hɔ ma. Ose: “Nguaman, ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.”​—1 Kor. 6:9, 10.

Nnipa a wokura nnɛmmafo adwene, a nyamesom mu mpanyimfo pii ka ho, pow saa gyinapɛn yi. Wɔfrɛ no nea ne bere atwam na wɔhyɛ asetra kwan a “ahofadi” pii wom ho nkuran. Dɛn na afi mu aba? Mmeawa nyinsɛn horow, yafunu a wotu gu, mmaninyare ahorow, awaregu ahorow, ne adwenemhaw a abu so.

Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. “Onyankopɔn, wonsi no atwetwe, efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Gal. 6:7) Onyankopɔn abrabɔ ho mmara horow, te sɛ n’abɔde ho mmara ahorow no yɛ nea ɛwɔ hɔ ma yɛn ahobammɔ ne yiyedi. Wogu asoɔden aba a etia Onyankopɔn a, ɛyɛ nokware sɛ wobetwa aba bɔne ahorow. Sɛ́ wobɛpow Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow no te sɛ nea worepow tumi a ɛwɔ asase mu ho mmara horow. Sɛnea yɛn mu biara adwane te biara no, sɛ yɛsɔre tia a ɛde ɔhaw ba yɛn ankasa so!

SƐ ONYANKOPƆN KASA A, SO NNIPA BI TIE?

Ebia wubebisa sɛ, ‘Enti afei sɛ anyamesomfo pii ne wiase mpanyimfo ntie bere a Onyankopɔn kasa a, so obi tie anaa?’ Yiw, ebinom tie. Yesu kae bere bi sɛ: “Obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” Esiane sɛ ɔkyerɛe sɛ biribiara a ɔkae fi Onyankopɔn hɔ ampa nti, Yesu a wobetie no no te sɛ nea woretie Onyankopɔn. Enti wɔn a ‘wofi nokware no mu no’ tie Onyankopɔn ampa.​—Yoh. 18:37, 7:16,17.

Eyinom yɛ nea ɛkyɛn otie ara kwa. Wɔkɔ kɔboa afoforo nso ma wotie. Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo: mommɔ wɔn asu . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat 28:19, 20) So nnipa bi reyɛ saa nnɛ?

Ná saa asemmisa yi wɔ ababaa bi adwenem mfe bi a abetwam no mu. Na wayɛ basaa esiane basabasayɛ ne abirabɔ ahorow a ɛwɔ nyamesom ahorow a na onim no mu no nti, na na wabɛyɛ obi a onhu sɛ nea nnipa no ka fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware anaasɛ dabi. Bere a na onnim no, na ɔrehwehwɛ su a Yesu aka sɛ ɛbɛma wɔn a ‘wofi nokware no mu no’ ada nsow no: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” Esiane sɛ na onnim nyamesom kuw biara a ɛresow aba a wonim sɛ ɛyɛ aba a nyamesuro wom nti, ɔtee nka sɛ Onyankopɔn nkasa nnɛ.​—Mat. 7:16.

Bere bi, sɛnea ɔbɛsɔ adamfo bi ani nti, ababaa no kɔsraa nyamesom kuw bi a ɔne wɔn mmɔɔ da. Esiane sɛ na wɔda adamfofa su adi nti, obisaa wɔn mu biako asɛm a ɔde rehwɛ nea ɛbɛba ara kwa. Ɛyɛɛ no nwonwa bere a ɔmaa no mmuae tẽe fii Bible mu no. Afei ɔkɔɔ kuw no muni foforo hɔ na obisaa asɛm koro no ara. Obuee Bible no na ɔmaa no mmuae koro no ara, ɛyɛɛ no ahodwiriw. Ɔkɔɔ so yɛɛ nhwehwɛmu no na ohui sɛ, wɔ nyamesom mu no, saa nnipa yi yɛ biako, wɔn mu mpaapaee.

Eyi maa ɔbea no ani gyei. Bere a na onnim no, wakohu su foforo a nnipa a ‘wofi nokware no mu no’ wɔ: wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛsesɛw wɔn ho wɔ adwenkoro ne tirim asɛnkoro mu.’ (1 Kor. 1:10) Wogye tom sɛ “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” Enti wonsua, na wɔnkyerɛkyerɛ nnipa adwene na mmom nea Onyankopɔn ka wɔ Bible no mu.​—2 Tim. 3:16.

Ababaa no de nkakrankakra gyaw gye a na onnye nni sɛ nnipa anokwafo bi wɔ hɔ nnɛ no. N’ani gyei sɛ bere a Onyankopɔn kasae no otiei. Na ɔde anigye de ne ho kɔbɔɔ nnipa a ‘wofi nokware no mu’ a wofi adi na wɔkenkan Bible no kyerɛ afoforo, na enti wɔreboa dodow biara a wobetumi ma wɔatie Onyankopɔn kasa a ɔrekasa no. Awiei no, ɔbɛyɛɛ saa Yehowa Adansefo asafo no muni a ɔbɔ mmɔden.

NEA ONYANKOPƆN KÁ

So ‘wufi nokware no mu’? Ɛnde wobɛpɛ sɛ wutie​—wutie nokware mu, wɔ adwene a ɛne sɛ wobɛyɛ aso atie na wode nea Onyankopɔn ka no ahyɛ wo komam. Eyi a wobɛyɛ no de wo bɛba abɛka nnipa kuw ketewaa bi ho, Esiane sɛ nnɛ nnipa dodow no ara ntie Onyankopɔn. Nea ɛyɛ awerɛhow no, te sɛ tete Israelfo no, ‘wɔabu wɔn ani agu Yehowa kwan so.’

Nanso, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubetie Onyankopɔn nyansa. “Na nea otie [nokware nyansa] no bɛtra hɔ komm na ne ho adwo no afi bɔne suro ho.” (Mme.1:20-33) Ɛnnɛ, wɔn a wotie Onyankopɔn no ɔbɔ wɔn ho ban ma wokwati asiane ahorow a wiase bɔne yi mu tra de ba no. Enti wɔkwati amanehunu biara a ɛho nhia. Na ɛrenkyɛ, sɛ wodi nokware a wɔbɛtra wiase bi a ‘amanehunu ahorow’ biara nni mu mu. Saa bere no Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio.”​—Adi. 21:4.

Eyi ne wiase a Onyankopɔn besiesie ama wɔn a ‘wofi nokware no mu no.’ So wobɛpɛ sɛ wotra mu bi anaa? Ɛnde fa yɛ wo botae sɛ bere a Onyankopɔn kasa no wubetie. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.

[Kratafa 4 adaka]

Mfaso horow a efi tie a wotie Onyankopɔn bere a ɔkasa mu ba

● Paradise asase ho anidaso

● Ahotoso wɔ daakye mu

● Abusua asetra a anigye wom mprempren

● Biakoyɛ wɔ nokware som mu

● Gyidi wɔ Onyankopɔn ahenni denam Kristo so mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena