So Onyankopɔn Kasa Nnɛ Ampa?
NTOASO SUKUU kyerɛkyerɛfo bi kogyinaa sukuufo no anim, a wasiesie ne ho a ɔrebefi n’adekyerɛ ase. Afei ohui sɛ sukuuni biako akyerɛw biribi agu kyerɛwpon no so sɛ: “BISA NEA ƆWƆ TUMI ASƐM!” Ɔkyerɛkyerɛfo no annkasa, na ɔkyerɛw wɔ ase sɛ: “Sɛ nea ɔwɔ tumi no ma mmuae a, so wubetie?”
Ɛno yɛ asemmisa pa. Na ɛfa tumi a ɛkyɛn ne nyinaa no ho, Yehowa Nyankopɔn. Dodow no ara begye atom sɛ, nnɛ, adesamma hia mmoa. Nneɛma pii ayɛ basaa na wontumi nyɛ ho hwee—efĩ, dɔ a nnipa redɔɔso mmoroso, ɔkɔm a ɛretrɛw kɛse, nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den ne nuklea, mframa bɔne anaasɛ mmoawa a wɔde nyarewa ba ho akodi ho ahunahuna kɛse no. Ebia wobɛte nka sɛ: ‘Ampa ara, sɛ Onyankopɔn wɔ biribi ka kyerɛ adesamma a, mprempren ne bere pa a ɛsɛ sɛ ɔka!’
Eyi yɛ nokware. Nanso ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: Sɛ Onyankopɔn kasa ampa a, hena na obetie? Bere a ɛda adi sɛ onipa hia akwankyerɛ no, sɛ wɔde ma a, so obegye atom?
ONYANKOPƆN KASA
Nea edi kan koraa no, susuw asemmisa, so Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn nnɛ no ho? Sɛ ɔnyɛ saa a, ɛnde anka yɛn daakye yɛ awerɛhow. Nea ɛyɛ anigye no, adanse no ne sɛ ɔyɛ saa. Ɔkwan bɛn so?
Wiɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ asɛm bi a ɛho hia ma adesamma ampa a, dɛn na ɛbɛyɛ ɔkwan pa a ɔnam so de bɛma? ‘Ɛdenam ɛnne a efi soro so,’ ebia saa na wobɛka. Ampa, ɛno yɛ ɔkwan a obetumi afa so. Nanso so ɛno bɛyɛ ɔkwan a ɛho wɔ mfaso sen biara?
Ɔbarima bi a ɔde bere tenten anya adwuma so hwɛ mu osuahu kae sɛ: “Bere a mewɔ asɛm a ɛho hia ma wɔn no memfa m’ano nka. Bere nyinaa mekyerɛw. Wɔ saa kwan no so no, ɛmfa basabasayɛ mma akyiri yi.”
Eyi yɛ nea nyansa wom. Sɛ Onyankopɔn kasae fi soro a, anka akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛyɛ nwonwa dodo. Nanso sɛ nnipa 1,000,000 te nea ɔkae no a, ɛrenkyɛ na wɔaka no akwan horow 1,000,000 so. Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔma wɔkyerɛw n’asɛm no to hɔ a, akyinnyegye biara rensɔre akyiri yi wɔ n’asɛm a ɔkae no ho.
Nanso, ebehia sɛ asɛm a wɔakyerɛw a efi Onyankopɔn hɔ no yɛ nhoma soronko. Ɛsɛ sɛ enya nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn ho adanse, na ebehia sɛ ɛyɛ nea ɛdɔɔso, sɛnea ɛbɛyɛ na obiara a ɔpɛ atumi anya bi akenkan. Bio nso, wɔ ɔkwan bi so no, ɛsɛ sɛ edi wiase kasa mpaapaemu ahorow bebree no so nkonim.
So nhoma bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ efi Onyankopɔn hɔ na ɛyɛ saa nneɛma yi anaa? Yiw, ebi wɔ hɔ, na ɛyɛ biako pɛ. Ɛyɛ nhoma a wɔakyekyɛ sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, a wɔde ɔpepem pii amema. Na mprempren wubetumi anya ne fã bi anaasɛ nhoma mũ no wɔ kasa horow 1,710 mu, a ɛkame ayɛ sɛ, anyɛ yiye koraa no, obiara a onim nhoma a ɔpɛ no betumi akan fã bi wɔ n’ankasa kasa mu. Dɛn ne saa nhoma yi? Ɛyɛ Bible no.
SO EYI YƐ ONYANKOPƆN NA ƆREKASA AMPA?
Woyɛ w’ade dɛn wɔ saa asɛm no ho? So wote nka sɛ: ‘O, dabi, ɛnyɛ Bible no! Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi akasa nnɛ denam nhoma a ne bere atwam yi so?’
Wiɛ, ɛyɛ nokware sɛ Bible no akyɛ, efisɛ adesamma abusua no akyɛ, na Onyankopɔn akɔ so akasa akyerɛ adesamma bere tenten ni. Nanso so ne bere atwam ampa? Dabi!
So wobɛka nhoma a aka tebea a adesamma wom nnɛ, daakye a adesamma suro, asase yi nyinaa a wɔbɛsɛe no, ne mpo ahunahuna denam akode ahorow a wɔde ahyehyɛ po ase ne nea ɛwɔ ahunmu so no ho asɛm ato hɔ mfe mpempem pii a atwam no ho asɛm sɛ ne bere atwam? Nanso Bible no yɛ eyi.—Luka 21:25-28; 2 Tim. 3:1-5; Adi. 6:3-8; 11:18.
Wɔ nna a awaregu ne aware a emu apaapae yɛ nea abu so no, so wobɛka sɛ nhoma bi bere atwam, sɛ ɛwɔ nea abɛda adi sɛ ɛne aware ho afotu a eye kyɛn so a wɔde ama pɛn no? Ebia ɛrenyɛ afotu a nnɛ awo ntoatoaso a wɔyɛ “pɛsɛmenkominya” no ani gye ho, nanso wɔde yɛ adwuma a ɛyɛ yiye. Na wɔakyerɛw wɔ Bible mu.—Efe. 5:21-33.
Ampa, nnɛ ɛyɛ nea wobu no sɛ nyansa wom wɔ mmeae ahorow sɛ wubesusuw sɛ Bible no yɛ anansesɛm ahorow ne atetesɛm a wɔaboaboa ano ara kwa. Nanso so eyinom na ɛwɔ Bible no mu ampa? Mfe mpempem pii a atwam, bere a na wɔreboaboa ano no, na nhoma ahorow a ɛyɛ anansesɛm ne atetesɛm wɔ hɔ. Nanso werɛ fii dodow no ara bere a bere twaam no. Nnansa yi ara na wɔagye binom atom denam fam tutufo so. Dɛn nti na Bible no traa hɔ bere a ɛwom sɛ nea aka no anyɛ saa no?
Bible no adi ɔsɔretia a ano yɛ den so nkonim wɔ bere tenten a ɛde atra ase no mu. Wɔahyew mfuamfua pii a wontumi nkan. Ankorankoro a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa a wɔba fam no nsa aka bi no, wɔyɛɛ wɔn ayayade ma wowuwui. Na bɛyɛ mfirihyia 200 mu no, na abɛyɛ nea ɛsɛ sɛ egyina wiase nyansa a wɔde sɔre tia denam wɔn a wɔkasa tia denneennen, adannandifo ne wɔn a wokura nnɛmmafo adwene no ano. Nhoma foforo biara nni hɔ a ahyia ɔsɔretia a ɛte sɛɛ pɛn. Nanso wɔakora Bible no so nkonimdi mu na akɔ so ara anya nnipa ɔpepem pii asetra so tumi. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ nhoma bi ara kwa a anansesɛm ne atetesɛm na ɛwom. Ɛyɛ Onyankopɔn asɛm ma yɛn ampa.
Ababaa bi a onnye Onyankopɔn nni kae sɛ: “Metee nka sɛ ɛyɛ nea ɛho nhia, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ o, sɛ onni hɔ o, efisɛ na mintumi nhu sɛ ɔreyɛ biribi ama adesamma.” Afei ɛbae sɛ na ɛsɛ sɛ ɔkenkan Bible no ne nhoma ahorow bi na aboa no ma wate emu nsɛm no ase. Dɛn na efii mu bae? “M’ani gyei, sɛ mɛka no kakraa bi a, ná biribiara . . . yɛ nea nyansa wom.” Yiw, bere a Onyankopɔn kasae no otiei, na nea ɔka yɛ nea nyansa wom.
Ɛrekɔ afeha dunkron no awiei no, Bible mu onimdefo bi a wagye din kyerɛwee sɛ: “Bere a Columbus kohuu asubɔnten Orinoco no, obi kae sɛ wakohu supɔw bi. Obuae se: ‘Asubɔnten biara nni hɔ a ɛte saa a ɛtene fi supɔw bi so. Ɛsɛ sɛ asubɔnten kɛse yi twe asasepɔn bi so nsu.’ Enti Bible no adanse a emu dɔ, tumi a ɛwɔ, nyansa ne atirimpɔw a ekura no ma yegye tom sɛ ɛnyɛ onipa, na mmom Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ne emu nhyehyɛe horow ne adiyisɛm ahorow no kyerɛwfo.”
Yɛto nsa frɛ wo ma woankasa woasua Bible no. Hwɛ sɛ ebia wurennye ntom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ankasa adwene ampa.