Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 11/1 kr. 20-24
  • “Hwɛ, Ayeforokunu No Ni Oo!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Hwɛ, Ayeforokunu No Ni Oo!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • “MMERE NSON”​—“AMANAMAN NO MMERE”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 11/1 kr. 20-24

“Hwɛ, Ayeforokunu No Ni Oo!”

1. Wɔ saa “mmabaa du” no nná a wonnim ne tenten no mu no, henanom fam na ɛbɛyɛ nkanyan, ne titiriw no wɔ nyamesom mu ɔsɔre bɛn akyi?

WƆ SAA nna a wonnim ne tenten sɛnea wɔka siei wɔ Yesu bɛ no mu no, na ebetumi aba sɛ ɛyɛ nkanyan bi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “mmabaa” no fam, titiriw wɔ mmabaa a wɔyɛ “mmadwemma” a wɔfaa ngo foforo kurae wɔ wɔn ngo ntoaa mu no fam. Ná eyi te saa titiriw wɔ afeha dunsia Y.B. mfiase hɔ nyamesom mu ɔsɔre no akyi, na wɔbɔɔ mmɔden pii wɔ Europa sɛ wɔbɛsan akɔ Kyerɛw Kronkron a efi honhom mu no mu sɛ Onyankopɔn nokware nhoma koro, honhom mu nokware akwankyerɛ ma Ayeforokunu Kristo akyidifo no. Kristo bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛsan aba bio no bɛyɛɛ anigyesɛm kɛse maa Bible akenkanfo ne asuafo anokwafo. Wohui sɛ na ne ba a ɛtɔ so abien yi bɛyɛ nea edi mfirihyia apem no kan, a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛba ansa na Mfirihyia Apem a wahyɛ ho bɔ no afi ase, nea ɛbɛhyɛ mfirihyia apem yi agyirae ne Satan a wɔbɛkyekyere no na wɔde no ato afiase wɔ “bun” no mu no.

2. Ɔkwan bɛn so na Lutheran sɔfo J. A. Bengel nyaa afã wɔ saa nkanyan wɔ nyamesom mu no mu?

2 Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha dunwɔtwe no fã a edi kan mu no Lutheran sɔfo bi sɔree a ne din de Johann Albreht Bengel a wɔwoo no Winnenden wɔ Wuerttemberg, Germane, wɔ 1687 mu na owui wɔ 1752 Y.B. mu. Ɔkyerɛw nhoma ahorow faa Kyerɛw Kronkron no ho. Encyclopedia Britannica (nea ɛto so dubiako) ka wɔ ho sɛ: Nea ɛyɛ titiriw paa no ne: Ordo Temporum [Mmere no Hyehyɛ] no, Kyerɛwnsɛm no mmerebu a emu da hɔ, a emu nna onyaa nsusui a ɛfa wiase no awiei ho no, ne Exposition of the Apocalypse a egyee din kɛse bere bi wɔ Germane, na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa horow pii mu no.​—Po

3. (a) Dɛn nti na saa Bengel nhoma ahorow a wotintimii no anna edi sɛ ɛne ɔdasu mu nteɛm a ɛfa Ayeforokunu no ho no? (b) Ɔkwan bɛn so na nkanyan foforo a efi William Miller a ofi Pittsfield, Massachusetts hɔ bae?

3 krat. 737. M’Clintock ne Strong Cyclopedia no ka fa Bengel ho sɛ: Ne mmerebu adwuma, mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔde “aboa no akontaahyɛde” no besi hɔ, “mfirihyia apem” bere no (na ɛyɛ adwempa na okura bere a ɔde afe 1836 sii hɔ sɛ mfirihyia apem no mfitiase no) , ne nea ɛkeka ho no mmom hũan din pa a ɔwɔ wɔ gyinaesi a ɛyɛ den mu no so.​—Po 1 krat. 749, 750.

Nanso, Bengel nhoma ahorow a ɔkyerɛwee a wotintim wɔ afeha dunwɔtwe no fa a edi kan mu no antumi anna adi sɛ ɛne ɔdasu mu nteɛm: “Hwɛ ayeforokunu no ni oo! Mumfi nkohyia no” no. (Mat. 25:6, Twi Bible Foforo) Wɔn a wodii Bengel nhoma ahorow no akyi na wɔyɛɛ sɛnea ɛkyerɛ no anhyia ɔsoro Ayeforokunu no wɔ afe 1836 mu wɔ honam mu a wasan aba a wohu No no. Bere kɔɔ so no, ade foforo bekanyan saa Kristofo a wɔkyerɛ sɛ wɔne “ababaa a ne ho tew” kuw no, titiriw no nea ɛfa ɔbarima bi a wɔwoo no wɔ Pittsfield, Massachusetts, U.S.A., wɔ afe 1781 mu ho no. Na saa ɔbarima yi ne William Miller a ɔbɛyɛɛ kuw a wɔfrɛ no Millerfo anaasɛ Adventfo no hyehyɛfo no. M’Clintock ne Strong Cyclopedia, no, Po 6, krat. 271 ka sɛ: Bɛyɛ 1833, bere a ɔte Low Hampton, N.Y. no, ofii n’adwuma sɛ nkyerɛkyerɛ foforo yi a ɛkyerɛkyerɛ sɛ wiase no bɛba awiei wɔ 1843 mu no somafo no ase. Na asɛm titiriw a ne gyidi no gyina so ne nea ɛfa nnafua 2300 a ɛwɔ Daniel 8:14 no awiei ho, a obuu no sɛ mfe no. Afei ɔresusuw adapɛn aduɔson a ɛwɔ Daniel 9:24 no ho sɛ nnafua aduɔson a ɛwɔ ti a edi ɛno kan no ano safe no, na ɔrekyerɛ bere horow 457 A.Y.B., a Persia hene Artasasta somaa Esra fii nnommumfa mu sɛ ɔnsan mfa Yudafo nhyehyɛe no nkosi hɔ bio wɔ Yerusalem (Esra 1) , na ɔde adapɛn aduɔson no baa awiei sɛnea wɔn a wɔkyerɛkyerɛ mu nyinaa yɛe wɔ 33 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Kristo asɛndua mu no, ohui sɛ na nnafua 2300 no mu nea aka a ɛyɛ 1810 no bɛba awiei 1843. Okuraa saa ntease yi mu ara mfe du, na otumi boaboaa akyidifo pii a wɔkyerɛ sɛ eduu mpem aduonum wɔ akwanhwɛ a enni nnyinaso pa mu a, wɔtwɛnee da a wahyɛ no ano. Nanso, nea efii mu bae yɛ nea ɛbɔ wɔn somafo no nkyerɛkyerɛ abira. Adventfo, sɛnea ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn no de nkakrankakra gyaw Miller. Owui wɔ Low Hampton, Washington County N.Y., December 20, 1849.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Miller kuw no anna ne ho adi sɛ ɛne ɔdasu mu nteɛm no? (b) Mfirihyia aduasa akyi no dɛn na Bible asuafo kuw bi a atew ne ho hui wɔ Kristo ba a ɛto so abien no ho?

4 Ɛnde ɛda adi sɛ, Millerfo kuw a wɔde sii hɔ no antumi ammɛyɛ ɔdasu mu nteɛm, “Hwɛ ayeforokunu no ni oo!” no. Ɔsoro Ayeforokunu no amma honam mu a ani tuae amma Adventfo no na wɔamfa wɔn anigye so ankɔ wɔn ɔsoro fie a wɔpɛ no, wɔ 1843 mu. Nanso Bible no sua kɔɔ so ara. Mfe aduasa akyi na wohuu nnipakuw kakraa bi a ɛnyɛ wɔne Adventfo no anaasɛ Kristoman nyamesom kuw bi mufo na ɛbɔ, sɛ wɔresua Kyerɛw Kronkron no wɔ Pittsburgh (Allegheny) , Pennsylvania, U.S.A. Sɛnea ɛbɛyɛ a nyamesom akuw a ɛwɔ hɔ no biara rennya wɔn Bible sua so tumi nti wɔtew wɔn ho yɛɛ wɔn adesua. Nnipa yi mu biako ne Charles Taze Russell, a na afei na ɔwɔ mfe aduonu mu no. Nanso, na wɔn ani gye ɔsoro Ayeforokunu, Yesu Kristo; ba a ɛto so abien no ho kɛse. Nanso wɔn Bible adesua horow no ma wobehui sɛ Kristo sanba no bɛyɛ honhom mu de, a ɛnyɛ nea wotumi hu wɔ honam mu te sɛ nea wasakra abɛyɛ onipa, na mmom wɔ honhom mu a wontumi nhu, esiane sɛ onni honam ne mogya mu bio nti. Enti na ne ba no bɛyɛ nea nnipa aniwa nhu, na ne ba yi wɔ ne fam no befi ne ba a waba anaasɛ parousia wɔ honhom mu no ase. Nanso na wɔbɛma ada adi denam adanse ahorow so.

“MMERE NSON”​—“AMANAMAN NO MMERE”

5. Berɛ a wɔn adesua horow no rekɔ so no, bere bɛn a Yesu kaa ho asɛm na wosusuw no, na wɔ 1876 mu no dɛn na Russell kyerɛw faa saa bere no awiei ho?

5 Bere a wɔn Bible adesua horow no rekɔ so no, saa asuafo a wɔreyɛ nhwehwɛmu no fii ase susuw “Amanaman no mmere” ho sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ Luka 21:24 no, na wɔde saa Amanaman Mmere no ne “mmere nson” a wɔbɔɔ din mpɛn anan wɔ Daniel ti anan nkyekyem 16, 23, 25, 32 no kaa ho. Dɛn na saa Bible asuafo no kyerɛe sɛ ɛyɛ bere a saa “mmere nson” a Amanaman no de bedi asase so tumi no awiei ankasa wɔ Onyankopɔn anim? Wiɛ, saa bere no na nsɛmma nhoma bi a ɛba daa ɔsram a obi a wɔfrɛ no George Storrs na otintim wɔ Brooklyn, New York, a wɔfrɛɛ no “Bible Examiner” (Bible Nhwehwɛmufo) no wɔ hɔ. Wɔ afe 1876 mu no Russell a na wadi mfe aduonu anan no kyerɛw biribi faa asɛm no ho wɔ nsɛmma nhoma no mu. Wotintim no wɔ Po 21, Nea edi kan a na ɛne October, 1876 de no mu. Wɔ ne nkratafa 27, 28 na wotintim Russell asɛm no a ekura asɛmti “Amanaman Mmere: Bere Bɛn Na Ɛba Awiei?” Wɔ Saa asɛm no mu (kratafa 27) no Russell kae sɛ: “Mmere nson no bɛba awiei wɔ 1914 Y.B. mu.”

6. (a) Wɔ 1877 mu no, nhoma bɛn na Russell kɔkaa ne kyerɛw ho na dɛn na ɛkã faa Amanaman Mmere no awie no? (b) Bere ben na mmerebu a wodii akyi saa bere no de mfirihyia mpem nsia a onipa de atra ase no baa awiei, nanso afe bɛn na wɔkyerɛe sɛ mfirihyia apem a ɛto so ason no befi ase?

6 Wɔ afe a edi hɔ (1877) mu no Russell ne obi a wɔfrɛ no Nelson H. Barbour a ofi Rochester, New York ka boom kyerɛw nhoma bi a wɔato din wɔ Engiresi mu sɛ “Three Worlds, and the Harvest of This World.” Wɔ nhoma yi mu no wɔkyerɛɛ mu sɛ nea ebedi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 anim ne mfirihyia aduanan bere a mfe abiɛsa ne fã otwa adwuma no hyɛɛ ne mfiase agyirae, a efii ase wɔ 1874 Y.B. mu no. Wɔtee ase sɛ otwa adwuma yi wɔ Awurade Yesu Kristo honhom mu akwankyerɛ ase, a ne ba a waba anaasɛ parousia no fii ase wɔ afe 1874 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no wɔtee ase sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so Ahosɛpɛw kɛse ma adesamma no mfiase, a ɛno na wodii kan de tete “ahosɛpɛw” afahyɛ horow a Yudafo no dii wɔ Mose mmara no ase yɛɛ ho mfonini no. (Leviticus ti aduonu anum) Sɛnea Bible mmerebu a ɛno akyi wɔde dii dwuma kyerɛ no, mfirihyia mpem nsia a onipa de atra asase so no baa awiei 1872 mu, nanso Awurade Yesu amma wɔ saa mfirihyia mpem nsia a nnipa de atra asase so no awiei, na mmom, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so Ahosɛpɛw wɔ October 1874 mu no mfiase. Wobuu akontaa sɛ afe 1874 ne mfirihyia mpem nsia a bɔne atra adesamma mu no awiei. Fi saa afe a wɔkaa ho asɛm akyiri yi mu no wɔtee ase sɛ adesamma wɔ mfirihyia apem a ɛto so ason no mu.​—Adi. 20:4.

7. (a) Dɛn nti na Russell nyamesom nsɛmma nhoma a wotintim no 1879 mu no de asɛm “Ne Kristo ba a waba ho Kaseɛbɔ” no kaa ne din no ho? (b) Na dɛn na ɛsɛ sɛ esi bere a saa “ba a waba” no du Amanaman Mmere no awiei 1914 mu no?

7 Wɔ sɛnea wɔtee nneɛma ase no nti, “ababaa a ne ho tew” kuw no fii ase sɛ wɔrefi adi akohyia ɔsoro Ayeforokunu no wɔ 1874 mu, sɛnea wonyaa gyidi sɛ waba wɔ saa afe no mu a efi saa bere no rekɔ no ɔwɔ hɔ honhom mu no. Wɔtee nka sɛ wɔwɔ Ayeforokunu no ba a waba honhom mu no mu dedaw. Saa nokwasɛm yi nti, bere a Charles T. Russell fii ase tintim n’ankasa ne nyamesom nsɛmma nhoma wɔ July 1879 mu no, otintimii a ekura atifi nsɛm “Sion Ɔwɛn Aban ne Kristo ba a Waba ho Kaseɛbɔ.” Ná onim Wilson The Emphatic Diaglott no mu nsɛm a ɛkyerɛɛ Hela asɛmfua pa.rou.si’a no ase sɛ “ba a waba” na ɛnyɛ “ba a ɔreba” mmom no wɔ Mateo 24:3 ne mmeae afoforo no nso dedaw. Ná nsɛmma nhoma foforo yi rebɔ Kristo ba a waba honhom mu a efii ase 1874 mu no ho dawuru. Na ba a waba yi bɛkɔ so ara akosi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu, bere a wɔbɛsɛe Amanaman no na wɔahyɛ “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo anuonyam aka wɔn ayeforokunu no ho wɔ ɔsoro denam owu ne owusɔre a wobenya akɔ honhom mu asetra mu so. Enti na kuw a wɔde mmabaa anyansafo anum no yɛɛ wɔn ho mfonini no nam ɔpon no ano bɛkɔ ayeforohyia no ase.

8. (a) Dɛn na “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo no de ahopere hwɛɛ kwan, na dɛn ntia? (b) Dɛn na Russell ka kyerɛɛ adwumayɛfo a wɔwɔ asafo no ti wɔ Brooklyn, N. Y. saa da no anɔpa?

8 Bere a mfe pii twaam na bere no bɛnee no, “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo no de anigye kɛse hwɛɛ saa bere soronko, October 1, 1914 yi kwan. Na eyinom yɛ Kristofo kuw a atwe ne ho afi wiase a ɛho ntew no ho na ɛdenam Kristo so “wɔahyira wɔn ho so” nyinaa ama Onyankopɔn, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn “ahosohyira” ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Wɔrebɛn bere a wɔhwɛɛ kwan sɛ wobehyia Ayeforokunu no wɔ soro no, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn. Awiei koraa no bere no dui, October 1, 1914, na saa da no anɔpa Charles T. Russell sɛ́ Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani no, ɔka kyerɛɛ adwumayɛfo a wɔwɔ asafo no ti wɔ Brooklyn, New York no sɛ: “Amanaman Mmere no aba awiei na wɔn ahemfo adi wɔn bere.”

9. Nanso, bere bɛn na Russell ankasa wui, na yɛde asɛm no ba awiei dɛn wɔ eyi ho?

9 Nanso, saa Amanaman Mmere no awiei no amfa anuonyam a wɔhyɛ asafo no mufo nkaefo wɔ ɔsoro a wɔde ahopere hwɛɛ kwan no nso amma. Nea edii kan bae October 31, 1916, mu ne sɛ Russell ankasa wu gyaw Asafo no titrani a ɔyɛ no hɔ maa onipa foforo. Akontaabu bi ankɔ yiye.

10. (a) Dɛn na “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo a wɔwɔ asase so no hui sɛ wɔasiesie de reba wɔn so wɔ October 1, 1914 mu? (b) Bere bɛn na ɔtaa no mu bɛyɛɛ den, na krataa bɛn na ɛkyerɛ wɔn koma pɛ a ɛpɛ sɛ wɔne ɔsoro Ayeforokunu no bɛbom?

10 Sɛ́ wobehu hyɛ a wɔhyɛ Kristofo asafo no anuonyam wɔ soro mmom no, October 1, 1914, de ɔhaw kɛse a wɔasiesie a wɔde reba wɔn a na wɔrehwɛ kwan sɛ wobehyia ɔsoro Ayeforokunu no so na ɛbae. Bere a Wiase Ko I mfe no kɔɔ so wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so no, ɛma ɔtaa a ɛkɔɔ so baa “ababaa a ne ho tew” kuw no so no mu bɛyɛɛ den. Eyi bae 1918 ahohuru bere mu, bere a wobuu Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo, Joseph F. Rutherford, ne saa bere no ɔkyerɛwfo ne ɔfotosanfo, W. E. Van Amburgh, ne Kristofo mmarima baasia foforo a wɔka asafo no ti adwumayɛfo no ho wɔ Brooklyn New York no atɛn sɛnea ɛmfata wɔ ɔman asennibea bi na wɔde wɔn koguu Ɔman afiase wɔ Atlanta, Georgia no. Afiase hɔ na Otitrani Rutherford fi kyerɛw krataa kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ ɔtaa ase wɔ fie no. Wotintim krataa yi mu nsɛm fã bi wɔ Amanaman ntam Bible Asuafo Kuw no nna anan nhyiam a wɔyɛɛ no August 30 kosi September 2, 1918 wɔ Milwaukee, Wisconsin no ho nhyehyɛe nhomawa no kratafa anan. Saa krataa yi daa “ababaa a ne ho tew” kuw no koma pɛ a ɛpɛ sɛ wɔne Ayeforokunu no bedi kan abom wɔ ɔsoro no adi, ne titiriw ne faako a yɛafi reka n’asɛm yi: DE KƆMA ONYANKOPƆN ISRAEL “Kristo mu Adɔfo Pa:​—“Ɛte sɛ nea afiasenna yɛ nwonwa; nanso yɛde anigye gye nea ɛba yɛn so biara; esiane sɛ yɛde ɔsoro adwene na ɛhwɛ nneɛma yi nyinaa nti. Afei yebetumi ato dwom yi nokwarem sɛ: ‘Apopa, apopa, asase so anigye biara, Yesu yɛ mede!’ “Nokwarem no, yenni asase so anigye bi mprempren; mmom yɛde anigye pere hwehwɛ hyia a yebehyia wɔ fie. . . . Yɛte nka mpɛn pii sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn ntanta​—ebia sɛ yɛbɛpaw sɛ yɛbɛkɔ anaasɛ yɛbɛsom mo kakra ansa na yɛakɔ fie. Ne pɛ nyɛ hɔ! Megye di sɛ saa osuahu ahorow yi nyinaa rema asafo no ayɛ den wɔ ahosiesie a ɔreyɛ ama awiei hyia a yebehyiam no. Nkrataa a efi adɔfonom hɔ wɔ mmeae afoforo kyerɛ mfaso a ɛyɛ anigye a ɛrefi ogya a ɛrehyew afɔre no mu aba. . . . ”Monyɛ nea mobɛtumi nyinaa mfa nhyɛ adɔfo a wɔyɛ nguankuw no mufo nkuran. Momfa fie ba a anuonyam wom a ɛyɛ ntɛm ho bɔhyɛ horow a ɛyɛ anigye no nkyekye wɔn werɛ. Minnyaa ɔdɔ a ɛyɛ den mmaa mo sɛnea manya ama mo nyinaa mprempren yi. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehyia atwa Agya no ahengua ho ahyia na yɛde anigye a enni kabea atra hɔ daa daa! . . . ”Meda yɛn Agya pa no ase wɔ papa a wayɛ sɛ ɔde anuanom baason aka me ho, na yɛabom anya saa hokwan ahorow yi. . . . ”Munhu nokwasɛm yi sɛ, yɛdɔ mo nyinaa yiye. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo nyinaa. “Mo nua ne ɔsomfo nam ne dom so, “J. F. RUTHERFORD.”

11. (a) Wɔ saa ɔtaa no mu no, dɛn na “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo no anhu amfa 1874 ho? (b) Bere tenten ahe na Asafo no ananmusifo no dii wɔ afiase hɔ, na hokwan bɛn na ebuei bere a wogyaa wɔn no?

11 Wɔ tebea horow a emu yɛ den yi nyinaa mu wɔ Wiase Ko I sum no mu no, “ababaa a ne ho tew” kuw no nkaefo a wɔrehu amane no anhu sɛ afe 1874 a na saa bere no atwam bɛboro mfe aduanan no nyɛ bere a Ayeforokunu no bɛsan aba, ne bere a wɔde bɔ dawuru sɛ: “Hwɛ, ayeforokunu no ni oo! Mumfi nkohyia no.” Na ɔdasu mu bere a wɔde bɛteɛm no da so ara wɔ wɔn anim nanso na abɛn. Nna dodow a Otitrani Rutherford dii wɔ afiase no anyɛ mfe aduonu, sɛnea wobuu no atɛn wɔ asennibea June 21, 1918 no, na mmom ɛbɛyɛɛ asram akron pɛ. Wɔ March 25, 1919 no, woyii ɔno ne n’ahokafo baason no fii Atlanta Afiase ma wɔsan kɔɔ Brooklyn, New York, na ɛhɔ na wɔ March 26 no, wogyaa wɔn na wɔmaa wɔn kwan sɛ wobetumi de asɛm no akɔ asennibea bio. Wonyaa kwan bio sɛ wɔne “ababaa a ne ho tew” kuw no mufo nkaefo afoforo nyinaa befi wɔn ɔko no akyi adwuma no ase. Saa nkaefo yi amfi wiase bɔne yi a kɔ ara na ɛkɔ so duru sum no mu ankohyia wɔ wɔn soro Agya no ahengua ho. Na Kristofo adwuma foforo bere ano rebue wɔ asase so!

12. Yesu bɛ a ɛfa “mmabaa du” ho no fã bɛn na wohui afei?

12 Ɛyɛ bere a ɛyɛɛ den yi mu na wohuu nea ɔsoro Ayeforokunu no ka too hɔ wɔ ne bɛ a ɛfa “mmabaa du” no ho no mu wɔ saa nsɛm yi mu: “Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ ayeforokunu no ni oo! Mumfi nkohyia no! Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea.”​—Mat. 25:6, 7, Twi Bible Foforo.

13, 14. (a) Wɔ bɛ no mu no, henanom so na wɔnam bɔɔ ayeforokunu no ba a wabɔ no ho amanneɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi nyaa mmamu? (b) Adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ fi 1914 a ɛda no adi sɛ na ɔsoro Ayeforokunu no aba ampa?

13 Wɔ ɛbɛ no mu no, ɛnyɛ “mmabaa du” no na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ayeforokunu no aba. Ɛda adi sɛ ɛyɛ ayeforokunu no asomfo no. Nteɛm no ara kwa na mmabaa no tee. Saa ara na wɔ afe 1919 Y.B. mu no, nokwasɛm a ɛfa ɔsoro Ayeforokunu no ba a waba wɔ honhom mu ho no baa mpofirim maa wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔte sɛ mmabaa no a wɔretwɛn Ayeforokunu no ba a ɔbɛba na wadi wɔn anim akɔ honhom mu ayeforohyia no ase wɔ n’Agya fie no.

14 Enti, afe 1919 bɛyɛɛ nkanyan afe maa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “mmabaa” mmadwemma ne nkwasea no nyinaa. Wiase nyinaa ko a edi kan no baa awiei, na wɔde Amanaman Apam no besii hɔ sɛ aman ne aman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra. Fi bere a wiase nyinaa kõ no pae gui wɔ 1914 mu no, Yesu nkɔmhyɛ no mu nsɛm a ɛfa ne parousia ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no pii anya mmamu ma ayɛ “sɛnkyerɛnne” no fã sɛ Yesu Kristo aba n’ahenni mu wɔ ɔsoro ampa wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu. Enti wɔde Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔhyɛɛ ho bɔ no asi hɔ wɔ soro. Wiase abakɔsɛm ne Asɔre abakɔsɛm da no adi mprempren ampa sɛ Kristo no aba!

December Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena