Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 7/1 kr. 15-19
  • Kristofo Som Adwuma No Honhom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Som Adwuma No Honhom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AKWAMPAE NE KRISTOFO SOM ADWUMA NO
  • YƐN AKYƐDE HOROW A YƐDE BEDI DWUMA
  • AKWAMPAE ADWUMA​—ABUSUA NHYEHYƐE
  • ƆSOM ADWUMA HONHOM NO A WOBƐDA NO ADI
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Nsi!”
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛka Asɛm no Ni!
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 7/1 kr. 15-19

Kristofo Som Adwuma No Honhom

“Monyɛ honhom mu hyew, monsom [Yehowa].”​—ROMAFO 12:11.

1. Ɔkwan bɛn so na obi nam kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔsomfo?

ƆKWAN koro pɛ na obi betumi afa so akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔsomfo Kristoni​—denam ne nneyɛe so. Yehu eyi wɔ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma ɔsomfo, a ɛne di·aʹko·nos no asekyerɛ ankasa no mu. Asekyerɛ biako se: “Di·aʹko·nos kyerɛ ɔsomfo a ogu n’adwuma so . . . Asɛmfua no kyerɛ obi a odi onipa foforo ahyɛde horow ho dwuma, titiriw, owura bi ahyɛde horow.” (Studies in the Vocabulary of the Greek New Testament, a Kenneth S. Wuest yɛe) Ɔkyerɛwfo no si so dua wɔ ha sɛ ɔsomfo a obi yɛ no nyɛ dibea ara kwa, na mmom ɛkyerɛ biribi a ɔbɛyɛ.

2. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Timoteo ne Paulo yɛ Onyankopɔn asomfo ankasa?

2 Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kae wɔ Timoteo ho sɛ: “Na ne fata a ɔfata no, wunim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.” (Filipifo 2:22) Timoteo yɛɛ adwuma denneennen wo ɔsom no mu. Ná obiara a ohuu mmɔdenbɔ a ɔde yɛɛ adwuma no adwene mu rentumi nyɛ no nãa wo Onyankopɔn nokware somfo a ɔyɛ no ho. Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no nso sɛ: “Mone yɛn nkamfo nhoma a wɔakyerɛw yɛn koma mu a nnipa nyinaa hu na wokan, na moda adi sɛ moyɛ Kristo nhoma a wɔnam yɛn som so kyerɛwee; wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom na ɛkyerɛwee.” (2 Korintofo 3:2, 3) Hena na na bere a wahu asafo a ɛrenya nkɔso fɛfɛ yi na onim sɛ Onyankopɔn nam Paulo som adwuma no so na ɔde sii hɔ no, adwene mu betumi ayɛ no nãa wo Onyankopɔn somfo a na Paulo yɛ no ho?

3. Ka Kristoni a ɔyɛ ɔsomfo ampa no honhom ho asɛm.

3 Nanso kae sɛ asomfo a yɛbɛyɛ no nyɛ aniso adeyɛ bi ara kwa. Ɛho hia sɛ yenya Kristofo som adwuma honhom no. Timoteo ne Paulo boom “somee.” Ɔsomafo no ankasa kae sɛ: “Na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue.” (1 Korintofo 9:16) Na ɔkyerɛwee nso sɛ: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu.” Yiw, Paulo daa ahofama, nsiyɛ, anibere ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obegyina biribiara a ɛho hia ano, a ‘biribiara a ɔbɛhwere’ mpo ka ho, na watumi awie ne som adwuma sɛ́ Kristoni. (2 Korintofo 6:3-10; Filipifo 3:8) Ɛsɛ sɛ nokware asomfo Kristofo nyinaa nya adwene a ɛte saa ara.​—Luka 9:23, 24.

4. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayɛ ɔsomfo, sɛ ɔde ne bere no fã kɛse no ara di asɛyɛde afoforo ho dwuma a?

4 Te sɛ asomafo no nna no mu no, asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no binom yɛ agyanom anaa ɛnanom a wɔyɛ honam fam adwuma Afoforo nso yɛ sukuufo. Wɔbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ wɔyɛ asomfo? Wiɛ, wodi wɔn asɛyɛde afoforo ho dwuma, na mpo wogye bere a ɛfata de home. Nanso wɔn som adwuma no nyɛ nea wobu nneɛma afoforo yi sɛ ɛho hia sen no. Na ɛnyɛ sɛ wɔde hyehyɛ wɔn ahomegye bere mu sɛnea wobetumi ara kwa anaasɛ wɔde bere kakraa bi na ɛyɛ saa ɔsram biara de kyerɛ sɛ wɔreyɛ bi. ‘Wɔkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn ahenni no ne ne trenee kan.’​—Mateo 6:33.

AKWAMPAE NE KRISTOFO SOM ADWUMA NO

5. Dɛn ne ɔkwan pa a obi betumi afa so ada Kristofo som adwuma honhom no adi?

5 Wɔn a wɔda honhom a ɛte saa adi no yɛ nokware asomfo Kristofo, sɛ wɔwɔ abusua ho asɛyɛde anaasɛ honam fam asɛyɛde ahorow bi mpo a. Nanso ebinom tumi da ɔsom adwuma honhom no adi wɔ ɔkwan bi a ɛho wɔ mfaso so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam akwampae adwuma a wɔyɛ (wɔn ho a wɔde hyɛ daa asɛnka adwuma mu) no so, sɛ ebia wɔbɛyɛ saa bere tiaa bi sɛ akwampaefo aboafo anaasɛ bere tenten. Ebi mpo a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no biako mu, anaasɛ wobetumi anya kyɛfa wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu anaa wɔ akwantu som adwuma no mu, akɔsrasra asafo horow ahyɛ wɔn den.

6. Dɛn ne ntease horow bi a ɛfata a enti ɛsɛ sɛ Yehowa dansefo biara a obetumi ayɛ saa no yɛ ɔkwampaefo? (Luka 6:46-49)

6 Dɛn nti na Yehowa Adansefo pii yɛ akwampae adwuma, bere a, sɛ wɔde bere a esua kakra som Onyankopɔn a, wobetumi ama wɔn asetra mu anigye adɔɔso? Esiane sɛ wɔpɛ sɛ woyi Yehowa ayɛ na wɔka n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ afoforo nti. Afei nso, wonim sɛ “wiase retwam ne n’akɔnnɔ; na nea ɔyɛ Onyankopɔn ade a ɔpɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Nokware gyidi a wɔwo wɔ eyi mu ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu nti, wɔn ani gye sɛ wɔde bere pii bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo, na wɔn a wogye tom no abɛyɛ Onyankopɔn apɛde na wɔanya daa nkwa. Afei nso, wonim sɛ yɛte bere a “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba” mu. (Mateo 24:14) Wɔkae sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmara ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) Wohu sɛ saa abisade yi ho hia nnɛ mpo sen Yesu nna no mu. Nanso wɔbɛyɛ dɛn atumi abɔ saa mpae yi nokwaredi mu, sɛ wɔn ankasa mfa wɔn ho nhyɛ Kristofo som adwuma no mu yiye sɛnea wobetumi a?

7. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ ɔsomfo Kristoni biara bisa ne ho?

7 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔsomfo Kristoni biara de mpaebɔ susuw ho hwɛ sɛ ebia obetumi ayɛ ɔkwampaefo anaasɛ ɔrentumi. Awarefo bi a wɔwɔ Keseefam Afrika a wɔayɛ akwampaefo mfe dunum kae sɛ: “Dɛn nti na yɛreyɛ akwampae adwuma? Sɛ yɛanyɛ saa a, so yebetumi ayi yɛn ho ano wɔ Yehowa anim da bi?” Pii a wɔnyɛ akwampaefo no betumi abisa asɛm a ɛte saa ara: ‘So metumi ayi me ho ano wɔ Yehowa anim wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ menyɛ ɔkwampaefo no ho anaa?’

YƐN AKYƐDE HOROW A YƐDE BEDI DWUMA

8. Te sɛ Timoteo no, ɔkwan bɛn so na mmerante pii betumi abɛyɛ akwampaefo?

8 Ná Timoteo wɔ honhom mu akyɛde soronko bi a otumi de dii dwuma pa wɔ ɔsom adwuma no mu. (2 Timoteo 1:6) Ɛnnɛ yennya honhom mu akyɛde horow a ɛyɛ soronko, nanso yɛwɔ akyɛde afoforo, na mpɛn pii no akyɛde ahorow yi bue akwampae adwuma ho kwan. Sɛ nhwɛso no, mmerante ne mmabaa a wɔrewie sukuu no wɔ akyɛde ahorow. Wonim nhoma. Afei nso, te sɛ Timoteo no, wɔwɔ wɔn mmerantebere mu. Wɔwɔ akwahosan ne ahoɔden, ne adwene a ɛyɛ foforo. Ebia, akyɛde a ɛsõ sen ne nyinaa ne sɛ wɔwɔ bere. Mpɛn pii no wonni asɛyɛde ahorow pii a ɛyɛ adesoa ma wɔn. Enti mmerantebere yɛ bere pa a ɛsɛ sɛ wosusuw akwampae adwuma ho.​—Ɔsɛnkafo 12:1.

9. Akyɛde ahorow bɛn na ebia nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne afoforo wɔ a ɛbɛma wɔatumi ayɛ akwampae adwuma?

9 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso wɔ akyɛde ahorow. Okunu ne ɔyere a wɔn mma anyinyin na wɔagyae adwuma rehome nso wɔ bere a wobetumi de ayɛ akwampae adwuma. Mpɛn pii no wɔwɔ nea wodi, wɔanya asetra mu osuahu a ɛho hia, na wɔde bere tenten asom nokware mu. (Mmebusɛm 16:31) Wobetumi de eyi nyinaa adi dwuma wɔ akwampae adwuma mu. Ebia afoforo nso wɔ akyɛde ahorow. Ɔyerenom a wɔhwɛ fie no binom bɔ mmɔden yiye wɔ nhyehyɛe yɛ mu, na enti wobetumi adi wɔn abusua asɛyɛde ho dwuma na wɔayɛ akwampaefo nso. Mmarima a wɔwɔ mmusua a wɔwɔ akyɛde a ɛte saa tumi yɛ akwampaefo, na bere koro no ara mu no wɔhwɛ wɔn mmusua honhom fam ne honam fam. So wowɔ ɔkasa, nkyerɛkyerɛ ne afoforo a wɔne wɔn bɔ fekuw ho akyɛde? Wo de susuw mfaso kɛse a ɛbɛba akyɛde horow a ɛte sɛɛ wɔ akwampae adwuma no mu ho.

10. (a) Dɛn nti na ebinom mfa wɔn ho nhyɛ akwampae adwuma no mu, na ɔkwan bɛn so na aberante ne ababaa bi a wɔwaree nkyɛe dii asɛm yi ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no betumi aboa obi a asɛnka adwuma yɛ no den no?

10 Ebinom de akwampae adwuma no ato nkyɛn, efisɛ wontumi nhu sɛ ebia wobetumi ahwɛ wɔn ho wɔ sika fam. Ɔbarima ne ɔbea bi a na wɔayɛ aware nhyehyɛe boom susuw eyi ho. Nea wɔkae ne sɛ: “Yesii gyinae sɛ ɛyɛ tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma yɛanya nea yehia mu ahotoso a yenni. Bere a yesusuw Mateo 6:25-33, faako a Yesu kyerɛe sɛ sɛ yedi kan hwehwɛ ahenni no a wɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia nyinaa no, ho akyi no, yɛde yɛɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ daa akwampaefo.” Bere tiaa bi akyi no wɔwaree na wogyaagyaee wɔn nnwuma a akatua wɔ mu yiye bɛyɛɛ akwampaefo. Asɛnka adwuma no ankasa yɛ ebinom den. So ɛyɛ wo den? Sɛ saa a, akwampae adwuma betumi aboa. Nokwarem no, ade a ebetumi aboa ma afie afie asɛnka adwuma no ayɛ mmerɛw ama wo ne sɛ wubegye bere bi de ayɛ akwampae adwuma ɔsomfo bi a ɔde ne ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu no kae sɛ: “Minyaa nhyira foforo nso. Afie afie asɛnka adwuma no bɛyɛɛ mmerɛw maa me. Sɛ́ anka me koma betu wɔ ɔpon biara ano no, mehwɛɛ kwan mmom sɛ mɛkasa akyerɛ nkurɔfo.”​—Hwɛ Filipifo 4:13.

AKWAMPAE ADWUMA​—ABUSUA NHYEHYƐE

11. Ɔkwan bɛn so na ntetee a Timoteo nya ‘fii mmofraase’ no yɛɛ nhyira maa no?

11 Ná wɔasiesie Timoteo nkakrankakra ama ɔsom adwuma no ‘fi mmofraase.’ (2 Timoteo 3:14, 15) Ɛda adi sɛ na ne maame ne ne nena wɔ Kristofo som adwuma honhom no, na wɔde hyɛɛ no mu. Bere a Paulo koduu Listra no na Timoteo a hwee nsiw no kwan no ayɛ krado sɛ ɔbɛka ne ho wɔ daa asɛmpaka adwuma no mu.​—Asomafo no Nnwuma 16:1-5.

12. Ɔkwan bɛn so na awofo bebree akyerɛ sɛ wɔwɔ Kristofo som adwuma honhom no?

12 Ɛnnɛ, Kristofo pii ani gye sɛ wɔn awofo daa honhom a ɛte saa ara adi. Ɔsomfo Ghanani bi a wɔfrɛ no Alice kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ Adansefo a wɔbɛtraa yɛn fie nyinaa yɛ daa asɛmpakafo. Hokwan bɛn ara na minyae sɛ minyinii wɔ teokrase fie a ɛte saa mu! M’agya de daa asɛmpaka adwuma no ho anigye hyɛɛ ne mma nyinaa mu, na ɔtwee yɛn adwene sii anuanom mmarima ne mmea a wɔreyɛ adwuma a ɛte saa so sɛ nhwɛso. Enti ɛyɛ nea nyansa wom sɛ miwiee sukuu ara na mebɛyɛɛ daa kwampaefo.” Ɔsomfo kumaa bi a ɔwɔ Amerika a wɔfrɛ no Ed kae sɛ: “Migye di sɛ nea ɛboaa me kɛse ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ m’awofo baanu nyinaa de mfe dumien yɛɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Keseefam Amerika, na na wɔadi kan ayɛ akwampaefo. Enti wɔkaa anigye ne hokwan ahorow a ɛwɔ akwampae adwuma no mu ne nhyira horow a Yehowa hwie gu akwampaefo so no ho asɛm kyerɛɛ me. . . . Eyi yɛ ade a ɛsɛ sɛ awofo nyinaa yɛ efisɛ ɛboaa me kɛse. Wobetumi ahyɛ mmofra no nkuran ma wofi wɔn koma nyinaa mu asom Yehowa sɛnea wobetumi.”

13. Ɔkwan bɛn so na wɔboa akwampaefo ma wodi nsɛm a emu yɛ den kɛse so nkonim?

13 Ebia nneɛma ahorow bi a wɔde bɔ afɔre ho behia wɔ akwampae adwuma mu, nanso nokware asomfo ani gye sɛ wɔbɛyɛ eyi esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa nti. Afei nso, akatua no sõ. Michael ne Theresa, awarefo a wɔwɔ Amerika, kaa no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ den honhom mu a, ɛno mu na ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ​—akwampae adwuma no mu. Ɛma wode wo ho to Yehowa so kɛse sen sɛ wode wo ho bɛto wo ankasa wo ho so. Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a sika ho asɛm yɛ den bere a yɛreyɛ akwampae adwuma no, nanso Yehowa ma yenya nea yehia bere nyinaa. Ɛno ne beae a ahobammɔ wɔ sen biara.”

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ da bi a akwampaefo awofo nso de nneɛma bi bɔ afɔre? (b) Eyi ho nhwɛso bɛn na yɛwɔ wɔ Bible mmere mu? (d) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ada Kristofo som adwuma honhom no adi nnɛ?

14 Ebia ebehia sɛ awofo a wɔn mma yɛ akwampaefo no nso de nneɛma ahorow bi bɔ afɔre. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobehu se wɔn mma refi “wɔn ntaban ase” akɔyɛ akwampae adwuma wɔ baabi foforo, ebia wɔ asase foforo koraa so mpo. Akwan horow bi so no saa awofo yi te sɛ Hana ne Elkana a wɔde wɔn abakan, Samuel, kɔe sɛ ɔnkɔsom Yehowa wɔ ntamadan no mu wɔ Silo no. (1 Samuel 1:1-3, 24-28) Anaasɛ yebetumi de wɔn ato Yefta a ɔde ne babea koro pɛ maa Yehowa som, na ɔde hokwan biara a ɛwɔ hɔ sɛ obenya mmanana daakye no bɔɔ afɔre no ho. (Atemmufo 11:36-40) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa kae na otua saa awofo yi ayamye no so ka.

15 Sika fam afɔrebɔ mpo betumi abam. Nsase horow bi so no awofo de wɔn ho to wɔn mma so ma wɔahwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakorabere anaa mmerewabere mu. Nanso, eyi mma awofo a wɔwɔ Kristofo som adwuma honhom no ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mma nkuran ma wɔayɛ akwampae adwuma. Bere a Ghanani aberante bi a wɔfrɛ no Justice pɛe sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo no, ne nã gye toom na ɔpenee so sɛ ɔde n’ani bɛto Yehowa so ma waboa no. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ ne babarima no sɛ efi bere a osii saa gyinae no Yehowa aboa no kɛse. Eyi nso yɛ ɔkwan a wɔnam so ‘hwehwɛ Onyankopɔn ahenni no kan,’ na Yehowa nnyaw wɔn a wɔyɛ saa no.​—Mateo 6:33, 34.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔwɔ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ mu no nkuran ma wɔkɔ so bere tenten a wɔn nsɛm tebea ma kwan?

16 Bere ne bere mu no, ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛte awofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mma agyae akwampae adwuma no ho asɛm​—ɛnyɛ sɛ ebia wohia wɔn mmoa nti, na mmom efisɛ wɔte nka sɛ wɔn mma no akyɛ wɔ faako a wɔde wɔn kɔe no, na bere adu sɛ wɔba fie, bɛwo mma na wonya asetra a “ɛfata.” Nanso eyi nyɛ mmere a ɛfata, na bere a nhyehyɛe yi rebɛn n’awiei no, obiara asetra bɛkɔ so asakra a ɛrenyɛ sɛnea ɛte daa no. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ akwampaefo, Betel mmusua mufo, asomfo akwantufo ne asɛmpatrɛwfo nkuran ma wɔkɔ so.​—Tito 2:12.

ƆSOM ADWUMA HONHOM NO A WOBƐDA NO ADI

17. (a) Ɔkwan bɛn so na akwampaefo ne asomfo afoforo a wɔde wɔn bere nyinaa ma no dwumadi ho ba asafo horow no mfaso? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn nyinaa betumi ada no adi sɛ wɔwɔ Kristofo som adwuma honhom no? (Hebrifo 13:15, 16)

17 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] ama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so.” (Efesofo 4:11, 12) Ɛnnɛ, asomfo akwantufo, akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo wɔ hɔ a wɔde wɔn bere fã kɛse no ara yɛ ‘asɛmpaka adwuma,’ ne Betel mmusua horow mufo a, nea ɛka wɔn som adwuma no ho ne sɛ wɔsom asafo horow no wɔ akwan afoforo so. Eyinom boa ma asafo horow no nya nkɔso. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:4, 5 ho.) Enti, ɛsɛ sɛ asomfo Kristofo nyinaa ani gye ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no ho. Sɛ wɔwɔ ho kwan sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo a, ɛsɛ sa wɔyɛ saa. Sɛ wɔn ankasa antumi anyɛ akwampaefo a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ afoforo a wobetumi nkuran.​—Romafo 12:11.

18. Dɛn nti na Kristofo som adwuma no ho hia kɛse nnɛ?

18 Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ honhom a ɛte saa ho hia pii. Mpempem pii da so regye asɛmpa a wɔka kyerɛ no tom, wɔ mmeae a wɔadi adanse mpɛn pii wɔ mfe no mu mpo no. Saa asoɔmmerɛwfo yi fam no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔsomfo Kristoni bi gyee bere kɔsraa wɔn na ɔkaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛɛ wɔn no buee daa nkwa a wobenya ho kwan maa wɔn. (Romafo 10:13, 14; 1 Timoteo 4:16) Baahe nso na wɔda so retwɛn na wɔatie? Sɛ yebetumi anya akwampae adwuma no mu kyɛfa oo, yɛrentumi oo, momma yenhu anibere a ɛwɔ asɛm no mu na yennya ahofama honhom. Momma yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ adwuma denneennen wɔ Kristofo som adwuma no mu.​—Galatifo 6:10.

So wote ase yiye

□ Nea Kristofo som adwuma honhom a obi benya no kyerɛ?

□ Nea ‘aniso’ som yɛ, ne nea enye wɔ ho?

□ Nea enti a ɛsɛ sɛ asomfo Kristofo nyinaa nya akwampae adwuma ho anigye?

□ Ɔkwan a Adansefo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa betumi afa so ada akwampae honhom adi?

□ Nea enti a Kristofo som adwuma no ho hia nnɛ?

[Kratafa 16 mfoni]

Nokware asomfo Kristofo nyinaa wɔ Paulo ne Timoteo honhom no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena