Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Ɔhene Bi Kasa
ƐHYƐ nkuran sɛ wobehu sɛ nnipa a wokura dibea wɔ wiase yi mu a wɔpɛ nokwaredi ne atɛntrenee na wɔka nsɛm de gyina su horow yi akyi no da so ara wɔ hɔ. Eyi ho nhwɛso ne ɔhene bi a ɔwɔ Afrika ɔman bi a wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ hɔ no. Ma amanneɛbɔ no nka nkyerɛ yɛn:
“Nnansa yi asɔre ahorow boom yɛɛ nhyiam wɔ yɛn kurom, na na Presbyterianfo, Katolekfo, Pentekostfo ne afoforo ka ho. Wɔtoo nsa frɛɛ Ɔmanhene no sɛ ɔmmɛkasa nkyerɛ nhyiamfo no wɔ ɛrekɔ dwumadi no awiei. Nea ɛyɛɛ wɔn a na wɔahyiam wɔ hɔ nyinaa nwonwa no, ɔka kaa ho sɛ wonsuasua Yehowa Adansefo nokwaredi ne wɔn abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn no, ne sɛ, sɛ wɔn nyinaa te sɛ Yehowa Adansefo a, anka asomdwoe bɛba ɔman no mu.
“Ade kyee no, asɔre ahorow a wɔn ananmusifo baa nhyiam no ase no mpanyimfo baa Ɔhene no ahemfie na wɔkae sɛ wɔmpene ne kasa no fã a ɛkamfo Yehowa Adansefo no so na wobisaa no sɛ ebia onnim sɛ wɔabara Yehowa Adansefo wɔ ɔman no mu anaa. Ɔhene no buae sɛ onim nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ onhu Yehowa Adansefo ho mfomso biara. Ɔtoaa so kae sɛ: ‘Wɔ mfe nyinaa a mede ayɛ Ɔmanhene no mu no, wɔmfaa Yehowa Adansefo mu biako mmaa m’ahemfie sɛ wayɛ bɔne a anibere wom da. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wowia bankye fi afuw bi mu a, ɛtaa da adi sɛ Katolekni bi ne ɔkorɔnfo no. Sɛ wowia bayerɛ a, ɛyɛ Presbyterianni bi na ɔyɛɛ saa. Mo asɔre no mufo de nyinsɛn a woyi gu agu m’asase no ho fĩ, nanso wɔmfaa Yehowa Adansefo no mu biako mmaa m’asennibea sɛ wayɛ bɔne a ɛte saa. So ɛnyɛ nea Onyankopɔn mmara bara bɔne ahorow a ɛte sɛɛ, anaasɛ Onyankopɔn mmara nkyekyere asɔre ahorow no bio?’ Asɔfo no annya mmuae biara amma.
“Akyiri yi, Ɔmanhene no frɛɛ Yehowa Adansefo ananmusifo na otuu wɔn fo sɛ wɔnhwɛ wɔn ho so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ahohorabɔ biara remma wɔn Nyankopɔn no din ne n’ankasa din sɛ Ɔmanhene a wakasa ama Yehowa Adansefo no so.”
Amanneɛbɔ no ka sɛ mprempren afoforofo reba nokware no afã. Ɔdansefo biako ka sɛ nnansa yi watumi ne ahemfo baasa a wɔwɔ mpɔtam hɔ a Ɔmanhene no yɛ wɔn mu biako afi Bible adesua ase na wɔn baasa nyinaa ba Yehowa Adansefo nhyiam horow ase!
Yehowa Nyankopɔn hu wɔn a wɔdɔ nokware ne trenee na wɔkasa ma ne nkoa no.—Mateo 10:42.