So Akodi Bɛkɔ So Daa?
SOMME Ɔsa a Edi Kan no fii ase July 1, 1916 wɔ Picardy afuw asase pa a ɛwɔ France kusuu fam no so. Bere a Britania ne Fransefo asraafo atotow aprɛm ne atopae a efi wimhyɛn mu pii akyi no, wofii adeyɛ a wɔhwɛɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ nea etwa to a ɛbɛma wɔatwiw afa Germanfo asraafo a wɔne wɔn reko a wɔdeda amoa mu no so no ase. Nanso wɔantumi antwiw amfa wɔn so. Na mmom wokunkum Britaniafo asraafo 20,000 da a edi kan no. Bere a adapɛn pii twaam no, ɔsa no kɔɔ so a na wontumi ntwiw mfa wɔn so. Wɔ October mu no, nsu a ehwie na ɛsram so a ɛtɔe no maa akono hɔ dan atɛkyɛ nkutoo. Eduu November mfinimfini no, na Nnamfo no atumi akɔ wɔn anim akwansin anum pɛ. Saa bere no na Germanfo 450,000, Fransefo 200,000 ne Britaniafo 420,000 ahwere wɔn nkwa. Asraafo bɛboro ɔpepem biako a na wɔn mu pii yɛ mmerante wuwui wɔ saa ɔsa no mu!
Na eyi yɛ wiase nyinaa ko a edi kan no mu ade biako pɛ. Na wiase nyinaa ko a edi kan no yɛ—ako pii a wɔadi wɔ abakɔsɛm mu no mu biako pɛ—ɛwom sɛ na ɛno ne ɔko a de besi saa bere no ɛsɛee nneɛma pii. Hwɛ sɛnea wɔsɛe nnipa nkwa a nyansa biara nnim!
Dɛn nti na nnipa kɔ so kunkum wɔn ho wɔn ho wɔ ɔkwan yi so? Nneɛma pii na ɛma wɔyɛ saa, nea ɛka ho a yebetumi abobɔ din ne pɛsɛmenkominya, anuonyampɛ, adifudepɛ ne tumi ne anuonyam ho akɔnnɔ bɔne nso. Ade foforo a ɛde ɔko ba ne ɔmampɛ. Nokwarem no, akodi da sɛnea asɛm a wɔaka afa adesamma abakɔsɛm ho a ɛwɔ Bible mu no yɛ pɛpɛɛpɛ no adi: ‘Onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9.
Nyamesom nso ama ɔko aba mpɛn pii. Aman a wɔyɛ nyamesomfo na wɔkoo mmeamudua ho ako no wɔ Mfinimfini Mmere no mu esiane ɔsom mu atirimpɔw bi nti: sɛ wɔbɛsan agye Palestina ama Kristoman. Wɔ afeha yi mu wiase nyinaa ako abien no mu no, asɔre ahorow ahorow mu asɔfo abɔ mmɔden sɛ wɔde asraafo nyamesom ho nkate bedi dwuma na ama wɔanya ɔpɛ kɛse sɛ wobekunkum wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔfã foforo no. Na ako ahorow a ɛrekɔ so mprempren no mu bi fi nyamesom.
Anidaso ho Nsɛnkyerɛnne
So anidaso bi wɔ hɔ sɛ akodi begyae da bi? Yiw, bi wɔ hɔ. Wɔfrɛ Yesu Kristo sɛ “Asomdwoe Hene.” Bere a ɔbaa asase so no, ɔtraa ase sɛnea ne din kyerɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ankasa ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo. (Yesaia 9:6; Mateo 5:44; 22:39) Esiane eyi nti, wɔn a wotiee ne nkyerɛkyerɛ wɔ afeha a edi kan no mu no bɛyɛɛ amanaman ntam anuanom a wɔwɔ asomdwoe. Na ntease nnim mma wɔn sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛko. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔtraa saa Kristofo a wodi kan yi gyidi kronkron no mu sɛee no. Ankyɛ biara asɔre ahorow de wɔn ho hyehyɛɛ amammuisɛm mu na amanaman no akodi ahorow mu mogya yɛɛ wɔn nsa ho nyinaa.
Akyiri yi nsakrae bi fii ase baa Europa. Na ɛte sɛ nea akodi ntoatoaso no reyɛ afono adesamma. Wɔ 1899 ne afei 1907 mu no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam wɔ The Hague, Netherlands. Wɔ 1899 nhyiam no ase no, wogyee apam bi toom maa “Pasifik Amanaman Ntam Akameakame [asomdwoe] Nsiesiei.” Enti bere a afeha 20 fii ase no, nnipa pii hwɛɛ kwan sɛ wiase no begyae ɔpɛ a ɛwɔ sɛ ebedi ako no nkakrankakra. Nanso, wiase nyinaa ko a edi kan no atuo sɛee saa anidaso ahorow no. So na eyi kyerɛ sɛ asomdwoe ho anidaso a adesamma wɔ no rennya mmamu?