Aguaman No Ne ‘Asase So Ahene’
NNEƐMA mu a Kristoman de ne ho hyehyɛ na ama anya tumi ne ne ho a ɔde hyehyɛ tumidi mu no ayɛ n’abakɔsɛm mu ma. Momma yensusuw emu kakraa bi ho. Na Charlemagne (742-814 Y.B.) yɛ sodifo a ohui sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛfa nyamesom adamfo na wɔanya Katolek Asɔre no asɔfo nhyira.
The New Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ paapa no sraa Charlemagne, ne ne papa, ne ne nuabarima sɛ ade a wobegyina so ahyehyɛ ahene abusua foforo bere a ‘wɔayi’ abusua a kan wodi tumi no ‘afi hɔ’ no. Afei ɛde ka ho sɛ: “Wosii Frankfo [Charlemagne nkurɔfo] ne Paapa no ntam amammui mu adamfofa a na ɛsɔre tia Lombardfo no so dua wɔ saa bere koro no ara mu. . . . Charles [a ɔbɛyɛɛ Charlemagne] huu bere tiaa mu tumidi ne asɔre no ntam abusuabɔ a emu yɛ den no ntɛm ara.”
Paapa Leo III a na “wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ Charles Ɔhempɔn” wɔ Roma Atɔe Fam Ahemman no so no sii no hene wɔ Buronya mu Mass bi a ɔbɔe wɔ St. Peter’s, Rome wɔ afe 800 Y.B. mu.
Aguaman Difudepɛfo
Nanso aguaman hwehwɛ akatua. Na dɛn na Charlemagne betumi de atua Babilon nanmusifo, Roma ka? “Charles . . . san tĩĩ ne papa bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛma paapanom adi Italy fã kɛse so tumi no mu wɔ St. Peter’s Basillica.” Nhoma koro no de ka ho sɛ: “Wɔ n’amammui a na ɛhyɛ nyamesom ase mu no, Ahemman no ne asɔre no yɛɛ kɛse ma ɛdan amammui ne honhom mu nneɛma ahyehyɛde.”
Tumidi so nkɛntɛnso a ano yɛ den a nyamesom nyae wɔ tete no nhwɛso foforo ne Ɔsɔfo Panyin Wolsey a ofi England (1475-1530) no. Britannica ka sɛ na ɔyɛ “ɔsɔfo panyin ne ɔmanyɛfo a odii England Hene Henry VIII aban no mu akoten. . . . Wɔ December 1515 mu no, Wolsey bɛyɛɛ England atemmu nhyehyɛe no panyin. . . . Wolsey de aban ne asɔfodi mu tumi a na ɔwɔ no dii dwuma de boaboaa ahode ano a na Ɔhene no nkutoo na na ɔwɔ ahode kyɛn no.” Sɛ yɛde Adiyisɛm nhoma no mu sɛnkyerɛnne kwan so kasa no di dwuma a, ɛkyerɛ sɛ aguamammɔ kɛse hwehwɛ akatua kɛse.
Nyamesom nkɛntɛnso wɔ amansɛm mu ho nhwɛso bɔne foforo fa Richelieu ɔsɔfo panyin ne amrado (1585-1642) a na ɔwɔ tumi kɛse wɔ France na ɔboaboaa ahode pii nso ano ma Britannica ka sɛ, “sɛ wɔhwɛ saa bere no mu asetra gyinapɛn a, na ahode no dɔɔso dodo” no ho.
Ɔsɔfo panyin foforo a ne din de Jules Mazarin (1602-61) a ɔbɛyɛɛ France ɔsoafo panyin wɔ Ɔhene Louis XIV nniso ase no na odii Richelieu ade. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ obi a wɔhyɛɛ da hyɛɛ no sɔfo de, nanso Paapa Urban VIII yɛɛ no ɔsɔfo panyin wɔ 1641 mu. Ɔsɔfo Panyin Mazarin nso ani beree ahode. Nhoma no ka sɛ: “Marazin atamfo bɔɔ no ahohora wɔ n’adifudepɛ ho. Na wafa dibea ahorow a asɔfodi mu de ka ho de ato ne ho so na ɛtɔ bere bi a obu aban sika sɛ ɛyɛ ne de.”
Nnɛ bere yi mu no, atoro som da so ara boaboa ahode pii ano na ɛbɔ mmɔden sɛ ebenya amammuifo so nkɛntɛnso, na sɛ ebetumi a, adi wɔn so. Nhwɛso titiriw biako ne Katolekfo sum ase ahyehyɛde a wɔfrɛ no Opus Dei [Latin, Onyankopɔn Adwuma] a mprempren no anya paapa no anim dom a sɛnea ɔkyerɛwfo Lawrence Lader kyerɛ no, “ɛyɛ nea wɔde sɔre tia komunism ne amammuifo a wɔnyɛ katee no.” Ayɛ nhyehyɛe sɛ ɛde Katolekfo mmofra a wonim nhoma yiye bɛkɔ ne sukuupɔn ahorow na afei ama wɔde ne nnipa atuatua dibea a ekura tumi ne nkɛntɛnso wɔ aban mu, sikasɛm ne nsɛm ho amanneɛbɔ mu no ano. Wɔ Spain no, wodii wɔn mmere wɔ Katolekfo Fasistni kankabi Franco nniso ase bere a na wɔ bere bi mu no, na n’aban no asoafo 19 no mu 10 yɛ Opus Dei a ɛwɔ tumi no mufo.a
Wɔ United States no wonim sɛ TV so asɛnkafo wɔ ahode ne afɛfɛde pii wɔ asetra mu. Protestantfo asɔfo bi abɛyɛ amammuifo na wɔpɛ sɛ wɔyɛ aban mpanyimfo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛwom sɛ aguaman dedaw no ahwe ase de, nanso esiane sɛ ɔsakra ne ho mpɛn pii nti, ɔda so ara wɔ tumi mu ahokekade ne nneɛma a ɛma ahotɔ na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi nnipa no so—Adiyisɛm 17:4.
Na aguaman no din Babilon Kɛse no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na ɛno boa ma wosi onii ko a ɔbea a wɔka ne ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no yɛ no so dua?
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ Opus Dei ne asɔre ho a ɛde hyehyɛ amammuisɛm mu no ho nsɛm pii a, hwɛ Hot Money and the Politics of Debt, nhoma a R. T. Naylor kyerɛwee ne Politics, Power, and the Church nhoma a L. Lader kyerɛwee no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Asɔfo mpanyin, Wolsey, Richelieu, ne Marazin boaboaa ahode pii ano bere a na wɔresom ɔman no
[Mfonini Fibea]
Photos: Culver Pictures