Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/1 kr. 21-23
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gilead Ntetee Mu Nhyira Horow Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/1 kr. 21-23

Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No

SEPTEMBER yɛ twabere ɔsram ma akuafo, nanso otwa adwuma bi a ɛho hia kɛse maa nnipakuw kɛse bi baa Jersey City Yehowa Adansefo Nhyiam Asa, a sɛ wowɔ New York City a, ɛwɔ Hudson Asubɔnten no agya pɛɛ no so wɔ September 8, 1991 mu. Na Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no adesuakuw a ɛto so 91 no awie wɔn adesua. Na Betel abusua no mufo ne ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn bɛyɛ 4,263 aba hɔ, na afoforo 1,151 nso retie dwumadi no wɔ telefon so wɔ Brooklyn adwumayɛbea ti ne mfuw a ɛwɔ Wallkill ne Patterson no.

Gilead Sukuu no titrani, Frederick W. Franz, a ɛrenkyɛ na wadi mfe 98 no de mpaebɔ a ɛka koma na ɛda obu kɛse adi buee dwumadi no ano. Albert D. Schroeder, a ɔyɛ Sodikuw no muni a anka ɔyɛ sukuu no panyin ne ɔkyerɛkyerɛfo no, somee sɛ adesuawie dwumadi no guamtrani. Ɔkaee atiefo no Dwom 2:1, 2 ne nkɔmhyɛ afoforo a ɛkaa sɛnea amanaman no bɛwosow na wɔayɛ gyegyeegye wɔ bere yi mu no ho asɛm siei no. Saa basaayɛ tebea yi abue hokwan afoforo wɔ otwa adwuma no mu.

George M. Couch a ɔyɛ Betel Boayikuw no muni na ɔmaa ɛda no mu ɔkasa a edi kan. Na n’sɛmti ne “Bu Wo Nhyira Horow ho Akontaa.” Ɔkaee Gilead adesuafo no sɛ ɛnyɛ ntɛm dodo sɛ wobefi ase ayɛ saa. Ɔkae sɛ nokwarem no, wɔahyira adesuafo no ankasa, nanso nhyira yi bae wɔ bere a wɔayɛ adwumaden akyi nkutoo. Saara na Yakob a na wadi mfe 97 no ne ɔbɔfo bi koe anadwo mũ nyinaa​—sɛnea ɛbɛyɛ na wanya nhyira. (Genesis 32:24-32) Onua Couch hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ so susuw nneɛma a ɛnhyɛ nkuran ho, na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyira ma afoforo denam asomdwoe adwene a wɔnam mpaebɔ ne wɔn bo a wobesi so benya no so.

John E. Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni ne nea odi hɔ a ɔkaa asɛmti a ɛne “Monnodɔ mo Ho” ho asɛm. Na Yesu asuafo no wɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn ho wɔn ho. Obisaa adesuafo no sɛ: “So mote ɔdɔ a ɛte sɛɛ nka wɔ mo komam anaa?” Ɔkae sɛ ‘sɛ yenni ɔdɔ yi a, yɛnsɛ hwee. Nokwasɛm no ara nen.’ (1 Korintofo 13:3) Onua Barr bobɔɔ akwan pa a wɔnam so bɛda ɔdɔ adi sɛnea ɛfata no bi din. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔnna obu adi nkyerɛ wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo, nhwehwɛ anifere kwan a wɔbɛfa so aka nsɛm bere nyinaa. Otuu wɔn fo sɛ, ‘Mummu mo ani ngu nsɛm nketenkete a ɛho nhia so,’ na ɔtwee adwene kɔɔ 1 Petro 4:8 so. Ɔkae sɛ nna a ebedu asɛmpatrɛwfo no so sɛ wɔbɛnoa aduan no yɛ mmere a wobetumi ada ɔdɔ adi denam adwuma no a wɔrenyɛ no sɛ adwuma bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara kɛkɛ no so. Ɔkaee adesuafo no sɛ: “Ɔdɔ ho ka a yɛde yɛn nuanom mmarima ne mmea no nsa da.”​—Romafo 13:8.

“Wowɔ Ahotoso Dɛn?” ne asɛmti a ɛyɛ anigye a David A. Olson a ɔyɛ Ɔsom Dwumadibea Boayikuw no muni kaa ho asɛm. Osii nneɛma abien a ɛsɛ sɛ yenya mu ahotoso no so dua: Yehowa ne n’ahyehyɛde no, a yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa (Mmebusɛm 14:6; Yeremia 17:8); ne yɛn ankasa ho mu. Asɛmpatrɛwfo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wonya wɔn ho mu ahotoso kakra, te sɛ asomfo a wɔyɛ ne awerɛhyem a Yehowa ne n’ahyehyɛde no wɔ wɔ wɔn mu no sɛɛ. Ɔsomafo Paulo daa ahotoso a ɛte saa ara adi wɔ nneɛma a ɛte sɛ eyinom ara ho. (1 Korintofo 16:13; Filipifo 4:13) Nanso, Onua Olson bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ahotoso ntraso a wiase no hyɛ ho nkuran no ho, sɛnea ɔkyerɛwfo bi a wagye din asɛm bi a wose ɔkae a edi so yi yɛ ho nhwɛso no: “Metaa fa m’ankasa nsɛm de ka asɛm. Ɛma me nkɔmmɔbɔ yɛ anigye pii.” Nanso, ahotoso a ahobrɛase ka ho no ma afoforo nya ahotoso. Na eyi yɛ nokware wɔ Paulo fam ampa.​—Filipifo 1:12-14.

Lyman A. Swingle a ɔyɛ Sodikuw no muni ne nea odi hɔ a otuu adesuafo no fo sɛ: “Mo Gilead Adesuafo, Monkɔyɛ Mfuw a Ahoa Ama Otwa no mu Adwuma!” Ɔkae sɛ saa da no yɛ twabere da ma Gilead Sukuu ne wiase nyinaa onuayɛ kuw no, esiane sɛ wɔn a wɔawie adesua no bɛkɔ akɔka afoforo mpempem pii a wɔawie adesua mmere a atwam mu a wɔda so ara yɛ asɛmpatrɛwfo ho nti​—ebinom fi 1940 mfe no mu adesua akuw a edi kan, nea ɛto so abien, ne nea ɛto so abiɛsa mu! Onua Swingle kae sɛ saa bere no na obiara nnim sɛ asɛmpatrɛwfo adwuma no bɛkɔ so mfe 50 bio aka ho, anaasɛ Nasifo, Fasistfo, ne aban afoforo a wɔtoo asɛmpaka adwuma no ano hye no begu. Obisae sɛ: “Sɛ nea Yehowa ayɛ mmere a atwam mu no yɛ yɛn nwonwa a, ɛnde nea ɔbɛyɛ no daakye no nso ɛ?” Ɔde ɔfrɛ a ɛkanyan yi too adesuafo no anim de wiei sɛ: “Monkɔ afuw no so!”

Afei Gilead Sukuu akyerɛkyerɛfo atitiriw no kasa kyerɛɛ adesuakuw a ɛto so 91 no nea etwa to. Jack D. Redford kaa asɛmti “Hwehwɛ Nyansa” ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ Gilead Sukuu kyerɛkyerɛ nimdeɛ ne ntease, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nyansa, a ɛne sɛnea wɔde wɔn nimdeɛ bedi dwuma ɔkwan pa so no. Ɔhyɛɛ asuafo no nkuran sɛ wɔmpow nnaadaasɛm a ɛne sɛ wɔasua nea ɛsɛ sɛ wohu nyinaa wɔ Gilead no. “Ɛyɛ nea wusua bere a woawie sukuu no akyi no na ehia.” Nea aka a ɛsɛ sɛ wosua no bi ni: afoforo a wɔne wɔn bedi no asomdwoe so, sɛ wobetumi aka sɛ “mepa wo kyɛw” akyerɛ wɔn hokafo, wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo, ne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ faako a wɔbɛkɔ; sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho yiye na wɔamfa wɔn ho anto nea wodi kan hu so na mmom wobehu sɛ ɔhaw biara ho dwumadi nna fam, na ehia sɛ obi nya nsɛm tebea ho ntease a emu dɔ ansa na ɔde afotu a nyansa wom ama; na wɔakyerɛ obu ama anuanom a wɔwɔ faako a wɔbɛkɔ no wɔ sɛnea wotumi di nsɛm tebea a emu yɛ den ho dwuma ho.​—Mmebusɛm 15:28; 16:23; Yakobo 1:19.

Ulysses V. Glass, a ɔyɛ Gilead Sukuu no panyin no de Filipifo 3:16 yɛɛ ne kasa no asɛmti. Ɔkamfoo adesuakuw no wɔ nkɔanim a wɔanya no ho, na otuu wɔn fo sɛ wɔnkɔ so nyɛ nea ɛne saa kyerɛwsɛm no hyia. Ɔkae sɛ bere a ɛsɛ sɛ adesuafo no kɔ so hwehwɛ nokware nimdeɛ no, wɔrentumi nhu biribiara. Ɔde wɔɔkye yɛɛ asɛm no ho mfatoho. Ebia ne wura no behu sɛnea obemiamia ho nneɛma ma ayɛ adwuma wɔ bere a onnim ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma no ankasa. Saara na ɛnsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo bu wɔn a ebia wɔn nimdeɛ nnu wɔn de ho nanso wonim nea ɛho hia​—a ɛne sɛnea wobesuro Yehowa no​—animtiaa. (Mmebusɛm 1:7) Ɔkaee adesuakuw no hia a ɛho hia sɛ wɔbɛkɔ so akura ‘ani a eye’ mu. (Mateo 6:22) Nneɛma betumi asiw honhom fam ani no anim te sɛ nea ebetumi ayɛ honam fam ani no ara pɛ. Sɛ nhwɛso no, ebinom adehu nkɔ akyiri​—esiane sɛ wɔhwɛ nneɛma kakraa bi nkutoo nti, wonhu biribi ho nsɛm nyinaa​—bere a ɔkwan foforo so no, nea afoforo hu ne nsɛm a ɛho nhia nkutoo na bere nyinaa no eyi wɔn adwene fi nsɛntitiriw a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma no so.

Ɔkasa a etwa to a wɔmaa anɔpa no asɛmti ne “Yehowa Ahyehyɛde no a Yebehu na Yɛne no Ayɛ Adwuma,” na Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmae. Onua Jaracz kae sɛ bere a ahyehyɛde ne akuw mpempem pii na ɛwɔ wiase no mu no, eyinom mu biako pɛ na emfi wiase. Wɔyɛ dɛn hu nea egyina Yehowa ananmu no? Onyankopɔn Asɛm no ma yehu agyiraehyɛde ahorow no. Bible no kyerɛ sɛ wahyehyɛ ne soro abɔde no yiye. (Dwom 103:20, 21; Yesaia 40:26) Yetumi de sɛnea wɔyɛ biribiara wɔ ano wɔ ano ne ɛho a atew afi wiase no ho, Bible nnyinasosɛm a ɛde di dwuma pɛpɛɛpɛ, abrabɔ mu ahotew a ɛkorɔn, ne ɔdɔ a ɛwɔ emufo no ntam no hu Yehowa asase so ahyehyɛde no. Onua Jaracz hyɛɛ Gilead adesuafo no sɛ wɔmmoa nnipa dodow biara a wobetumi wɔ faako a wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma no ma wɔmfa Kyerɛwnsɛm no so nhu Yehowa ahyehyɛde no. Ɛdefa ɛno ho no, ɔde amanneɛbɔ bi a ɛyɛ anigye yiye mae: Wɔrebɛtrɛw wɔn a wɔba Gilead Sukuu no dodow mu nnansa yi ara akodu bɛyɛ adesuafo 50 wɔ adesuakuw a ɛto so 93 no mu! Bio nso Gilead Sukuu Fã Foforo befi adesua ase wɔ Germany bɛyɛ bere koro no ara mu. Wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen kyɛe!

Sɛ́ nea wɔde wie anɔpa dwumadi no, wɔde Gilead adesuafo 24 no nyinaa adansedi nkrataa maa wɔn. Ɛrenkyɛ na wɔasi kwan so akɔ aman ahorow 12 a ɛwɔ wiase mmeae ahorow mu. Adesuakuw no de tirimbɔ bi a efi komam mae, na wɔdaa Sodikuw no ne Betel abusua no ase. Awia adidi akyi no, Onua Charles J. Rice a ɔyɛ Watchtower Farms Boayikuw no muni hwɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔtew bere a wɔde yɛe so no so. Afei wɔn a wɔawie adesua no yɛɛ dwumadi bi a ɛyɛ anigye, yɛɛ osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka adwuma mu wɔ wɔn asram anum adesua wɔ Wallkill, New York mu no mu binom ho ɔyɛkyerɛ. Ɛno akyi no, adawurubɔfo a wofi ɛhɔnom asafo ahorow binom mu yɛɛ drama bi a wɔato din Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo Mprempren.

Onua George Gangas, Sodikuw no muni a wadi mfe 95 no bɔɔ Yehowa mpae a emu yɛ hyew, sɛnea ɔtaa yɛ no, na ɛno de dwumadi no baa awiei. Wɔn a wɔbaa hɔ no de anigye fii hɔ kɔe, a akyinnye biara nni ho sɛ aka wɔn mu biara koma sɛ obenya asase so nyinaa otwa adwuma no mu kyɛfã kɛse pii.

[Adaka wɔ kratafa 22]

Adesuakuw no ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 12

Adesuafo no dodow: 24

Wɔn nyinaa yɛ awarefo

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33.4

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16.13

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma: 11.3

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 91 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi ne kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.

(1) McDowell, A.; Youngquist, L.; Skokan, B.; Wargnier, N.; Miller, Y.; Muñoz, M. (2) Bales, M.; Perez, D.; Attick, E.; Vainikainen, A.; Mostberg, K. (3) DePriest, D.; DePriest, T.; Perez, R.; Wargnier, J.; Muñoz, J.; Miller, J. (4) McDowell, S.; Bales, D.; Skokan, M.; Attick, C.; Youngquist, W.; Vainikainen, J.; Mostberg, S.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena