Amanneɛbɔ
Mmoa Ma Sodikuw Boayifo
Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo a mprempren wɔn dodow yɛ 12 no kɔ so de nokwaredi yɛ wɔn nnwuma a wɔde ama wɔn no. Wɔde aseda ma “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso no mu anokwafo no daa wɔ nnamyɛ a wɔde boa wɔn no ho. (Adiyisɛm 7:9, 15) Esiane nkɔanim kɛse a aba wɔ wiase nyinaa no nti, ɛte sɛ nea ɛfata wɔ bere yi mu sɛ wɔde mmoa foforo bi bɛma Sodikuw no. Enti wɔasi gyinae sɛ wɔbɛto nsa afrɛ aboafo pii, a wofi nnipakuw kɛse no mu titiriw, ma wɔanya Sodikuw Boayifo, kyerɛ sɛ Adwumayɛfo Yiyedi, Nhoma Tintim, Ɔsom, Ɔkyerɛkyerɛ, ne Akyerɛw Boayifo nhyiam biara mu kyɛfa. Enti, wɔbɛma wɔn a wɔkɔ boayifo biara nhyiam yi dodow ayɛ baason anaasɛ baawɔtwe. Wɔ Sodikuw boayifo no akwankyerɛ ase no, aboafo yi benya nsɛm a wobesusuw ho no mu kyɛfa, na wobɛyɛ nnwuma ahorow a boayifo no de bɛma wɔn no. Nhyehyɛe yi befi ase May 1, 1992.
Mfe pii ni no, Adansefo a wɔasra wɔn nkaefo no dodow so retew, bere a nnipakuw kɛse no redɔɔso asen sɛnea yɛhwɛɛ kwan koraa no. (Yesaia 60:22) Hwɛ aseda a yɛde ma Yehowa wɔ ntrɛwmu a ɛyɛ nwonwa yi ho! Bere a yɛde anisɔ gyee edin foforo, Yehowa Adansefo, no toom wɔ 1931 mu no, na Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara no yɛ 39,372, na na wɔn mu fã kɛse no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo nuanom a wɔasra wɔn. (Yesaia 43:10-12; Hebrifo 2:11) Mfe aduosia akyi wɔ 1991 mu no, na wiase nyinaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara no yɛ 4,278,820, na na wɔn mu 8,850 pɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nkaefo a wɔasra wɔn. Sɛnea yegyinaa Kyerɛwnsɛm no so hwɛɛ kwan no, mprempren “nnipakuw kɛse” no dɔɔso sen “kuw ketewa” no nkaefo no mpɛn 480 ne akyi. (Luka 12:32; Adiyisɛm 7:4-9) Sɛ wobedi Ahenni nneɛma a emu trɛw no ho dwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ nkaefo no hia nnipakuw kɛse no biakoyɛ ne mmoa na wɔkyerɛ ɛho anisɔ.
Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, kuw bi wɔ hɔ a wɔne honhom mu Israel som nnɛ a wɔte sɛ Nethinim ne Salomo nkoa mma a wɔne Yudafo nkaefo no san fii Babilon nnommumfa mu bae no; na wɔn a wɔnyɛ Israelfo yi dɔɔso sen Lewifo a na wɔresan aba no mpo. (Esra 2:40-58; 8:15-20) ‘Wɔn a wɔde wɔn ama’ a wofi nnɛ nnipakuw kɛse no mu no yɛ Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ osuahu kɛse esiane nneɛma a wɔhwɛ so wɔ baa dwumadibea ahorow, akwantu adwuma no mu, ne asafo ahorow 66,000 a wɔahyehyɛ wɔ asase so nyinaa no mu nti.
Nnansa yi ara wɔyɛɛ Ahenni Ɔsom Sukuu ahorow wɔ wiase nyinaa de kyerɛkyerɛɛ ahwɛfo ne asafo mu asomfo a wɔboa wɔn no. Wɔ United States nkutoo no, ahwɛfo 59,420 na wɔkɔe. Enti wosiesie “mpanyimfo” yi na wɔatumi adi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so.—1 Petro 5:1-3; fa toto Efesofo 4:8, 11 ho.
Wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no, ‘wɔn a wɔde wɔn ama’ binom asom mfe bebree. Eyinom mu binom ne nnipakuw kɛse no mu ahwɛfo a wɔn ho akokwaw na wɔanya osuahu kɛse no. Enti, Sodikuw no apaw ahwɛfo a wɔte sɛɛ no mu kakra sɛ wɔmmoa wɔ Sodikuw no boayifo nhyiam horow ase. Eyinom nyɛ mmarima a wɔasom akyɛ sen biara ankasa. Mmom no. wɔyɛ mmarima a wɔn ho akokwaw, wɔwɔ osuahu ne ahwehwɛde ahorow a ɛma wɔfata sɛ wɔde mmoa ma wɔ dwumadi pɔtee bi mu. Paw a wɔpaw wɔn sɛ wɔne boayifo bi nyɛ adwuma no mma wonnya dibea soronko bi. Sɛnea Yesu ka faa n’asuafo ho no, “mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Nanso, wɔde pii bɛhyɛ mmarima yi nsa, na awiei koraa no, “wɔbɛhwehwɛ pii” afi wɔn nkyɛn.—Luka 12:48.
Yedi kɔ a Yehowa ahyehyɛde no kɔ n’anim nnɛ no ho ahurusi. Wɔ mfe du a atwam no mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no dodow abu abɔ ho ma ɛne nkɔmhyɛ a ɛfa Dawid Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, ho no hyia: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:7) Sɛnea Nethinim no ne asɔfo no yɛɛ adwuma de siesiee Yerusalem afasu no, saa ara na nnɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yehowa ahyehyɛde no ho renya mmamu: “Na ananafo bɛto w’afasu.” (Yesaia 60:10; Nehemia 3:22, 26) Ɛsɛ sɛ wɔkamfo nnɛyi Nethinim no wɔ nnamyɛ a wɔda no adi de hyehyɛ nokware som, na wɔboa “[Yehowa] asɔfo” wɔ adwuma anaasɛ ɔsom biara a ebia wɔde bɛma wɔn wɔ Yehowa wiase nyinaa ahyehyɛde mu no ho.—Yesaia 61:5, 6.