Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/1 kr. 3-4
  • So Ɔsom Biara Sɔ Onyankopɔn Ani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔsom Biara Sɔ Onyankopɔn Ani?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom a na Ɛho Wɔ Asɛm Wɔ Tete Mmere Mu
  • Wɔfra Ɔsom Kronn Mu
  • Baalsom—Ade a Ɛne Israelfo Koma Dii Aperepere
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ogyinaa Nokware Som Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ogyinaa Nokware Som Akyi
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/1 kr. 3-4

So Ɔsom Biara Sɔ Onyankopɔn Ani?

ONYANKOPƆN de honhom fam ahiade bi bɔɔ onipa—hia a ohia sɛ ɔsom. Ɛnyɛ ade a ɛba nkakrankakra. Ná ɛka onipa ho fi mfiase.

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, adesamma ahyehyɛ akwan horow pii a wɔfa so som, na emu dodow no ara mfaa adesamma abusua a wɔwɔ anigye ne biakoyɛ mmae. Mmom no, wɔda so ara di ako ka mogya gu wɔ nyamesom din mu. Eyi ma asɛmmisa titiriw yi sɔre: Sɛnea obi som Onyankopɔn no fa ho?

Ɔsom a na Ɛho Wɔ Asɛm Wɔ Tete Mmere Mu

Tete aman a na ɛwɔ Mediterranea Supɔw so no ma yɛn abakɔsɛm mu nhwɛsode a ɛboa yɛn ma yebua saa asɛmmisa no. Ná wɔn mu pii som nyame bi a wɔfrɛ no Baal. Afei nso na wɔsom anyamewa a wɔyɛ Baal ahokafo te sɛ Asera. Ná wɔde asera nnua a na wose ɛyɛ nna ho sɛnkyerɛnnede no di dwuma wɔ Asera som mu. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu a wɔyɛ adwuma wɔ saa beae hɔ no atutu mmea a wɔdeda adagyaw ahoni pii. The Encyclopedia of Religion ka sɛ “nyamewa bi a wɔayɛ ne bɔbeasu kɛse, na wɔamoma ne nufu so,” a “ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma . . . Asera” ka saa ahoni yi ho. Ade biako da adi, ná Baalsom yɛ nea ɔbrasɛe taa wom yiye.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na nna ho adapaade ho apontow ka Baalsom ho. (Numeri 25:1-3) Sekem, a na ɔyɛ Kanaanni no too Dina mmonnaa. Nanso eyi mfa ho no, na wobu no sɛ nea ɔwɔ anuonyam sen biara wɔ n’abusua mu. (Genesis 34:1, 2, 19) Ná abusuafo ntam nna, ɔbarima ne ɔbarima ntam nna, ne nnipa ne mmoa ntam nna abu so. (Leviticus 18:6, 22-24, 27) Engiresi asɛmfua “sodomy,” a egyina hɔ ma ɔbarima ne ɔbarima ntam nna, no mpo fi kurow bi a na ɛwɔ wiase no fã hɔ bere bi a atwam din mu. (Genesis 19:4, 5, 28) Na mogyahwiegu nso ka Baalsom ho. Hwɛ, na Baal asomfo tow wɔn mma animono so gu ogya a ɛrefram mu de bɔ afɔre ma wɔn anyame! (Yeremia 19:5) Ná nneyɛe yi nyinaa fi nyamesom nkyerɛkyerɛ mu. Ɔkwan bɛn so?

Ɔbenfo Merrill Unger kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Archaeology and the Old Testament mu sɛ: “Kanaanfo anansesɛm mu atirimɔdensɛm, akɔnnɔ bɔne, ne ahonisɛm nye koraa sen baabiara a na ɛbɛn Mediterranea Supɔw no saa bere no. Ɛbɛyɛ sɛ Kanaanfo anyame su a na ɛyɛ nwonwa a ɛne ɔbrasɛe no na ɛmaa wɔn asomfo no daa su a enye koraa adi, a saa bere no mu nneyɛe a na ɛyɛ ahobow te sɛ ɔsom mu tuutuusi, [ne] mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ka ho.”

Nyankopɔn ani sɔɔ Kanaanfo no som no? Dabida. Ɔkyerɛkyerɛɛ Israelfo no ɔkwan a wɔmfa so mfa ɔsom kronn mma no. Ɛdefa nneyɛe a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no ho no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fĩ, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fĩ, na asase no so agu fĩ, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no.”—Leviticus 18:24, 25.

Wɔfra Ɔsom Kronn Mu

Israelfo pii annye sɛnea Onyankopɔn bu ɔsom kronn no antom. Mmom no, wɔmaa Baalsom kɔɔ so wɔ wɔn asase so. Ankyɛ na wɔdaadaa Israelfo ma wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde Baalsom bɛfrafra Yehowa som mu. So Onyankopɔn ani sɔɔ ɔsom a wɔafra mu yi? Susuw nea esii bere a Ɔhene Manase dii ade no ho. Osisii afɔremuka maa Baal, hyew n’ankasa babarima de bɔɔ afɔre, na oyii nkonyaa. “Na ɔde Asera ohoni [ʼashe·rahʹ wɔ Hebri mu] a ɔyɛe no sii ofi no mu, ofi a Awurade kaa ho asɛm . . . sɛ: Ofi yi . . . mu na mede me din mɛto daa” no.—2 Ahene 21:3-7.

Wɔn a na wɔhyɛ Manase tumidi ase no dii wɔn hene no nhwɛso akyi. Nokwarem no, ɔde “wɔn yerae ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a Awurade sɛee wɔn fii Israel anim no.” (2 Ahene 21:9) Sɛ anka obetie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn adiyifo kɔɔ so de mae no, Manase dii awu kosii sɛ ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛwom sɛ akyiri yi Manase sesae de, nanso ne babarima a obedii n’ade, Ɔhene Amon san de Baalsom sii hɔ bio.—2 Ahene 21:16, 19, 20.

Bere kɔɔ so no, mmarima tuutuusi fii ase kɔɔ so wɔ asɔrefie hɔ. Onyankopɔn buu Baalsom mu adeyɛ yi dɛn? Ná ɔnam Mose so abɔ kɔkɔ sɛ: “Mfa aguaman apɛde anaa ɔkraman apaade [ebetumi ayɛ mmarima a wɔne mmarimaa da] mma Awurade wo Nyankopɔn fi wo bɔhyɛ biara mu, na n’abien no yɛ Awurade wo Nyankopɔn akyide.”—Deuteronomium 23:17, 18, NW, ase hɔ asɛm.

Manase nena, Ɔhene Yosia, yii Baalsom a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma no fii asɔrefie hɔ. (2 Ahene 23:6, 7) Nanso na nneɛma asɛe kɔ akyiri dodo. Ɔhene Yosia wu akyi bere tiaa bi no, ahonisom kɔɔ so wɔ Yehowa asɔrefie bio. (Hesekiel 8:3, 5-17) Enti Yehowa maa Babilon hene bɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow yi di adanse sɛ ɔsom ahorow bi nsɔ Onyankopɔn ani. Yɛn bere yi so nso ɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena