Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/1 kr. 4-7
  • Onyankopɔn Bu Kristoman Som Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bu Kristoman Som Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogyahwiegu
  • Aguamammɔ ne Awaresɛe
  • “Wosiw Aware Kwan”
  • So Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo Asomfo Di Sigya?
    Nyan!—1998
  • Bible No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Nsɛm Mu
    Nyan!—1986
  • Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Mu A Yebekura
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/1 kr. 4-7

Onyankopɔn Bu Kristoman Som Dɛn?

“ƐNYƐ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu,” Yesu Kristo na ɔkae, “na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa . . . wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”—Mateo 7:21-23.

Ɛdenam n’Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible so no, Onyankopɔn ama n’apɛde ada adi. So Kristoman asɔre horow no reyɛ Onyankopɔn apɛde? Anaasɛ wɔyɛ wɔn a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “mo a moyɛ nea ɛnteɛ” no?

Mogyahwiegu

Anadwo ansa na ne Wura rebewu no, anka Petro reyɛ ne asraafo dɔm a wɔsomaa wɔn sɛ wɔmmɛkyere Yesu no adi ako. (Yohane 18:3, 10) Nanso Yesu patae na ɔbɔɔ Petro kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Wɔsan ti kɔkɔbɔ a emu da hɔ yi mu wɔ Adiyisɛm 13:10. Kristoman asɔre ahorow no atie? Anaasɛ wɔka ho bi na akodi rekɔ so wɔ asase so mmeae mmeae no?

Wɔ Wiase Ko II mu no, wokunkum Serbfo ne Croatfo ɔpehaha pii wɔ nyamesom din mu. The New Encyclopædia Britannica bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Croatia no, kuromma fasistfo nniso no yɛɛ ‘abusua asetɔre’ ho nhyehyɛe a ɛboroo Nasi nneyɛe mpo so. . . . Wɔkae sɛ wobetwa Serbfo mu nkyekyem abiɛsa mu biako asu, wɔbɛma nkyekyem abiɛsa mu biako abɛyɛ Roma Katolekfo, na wɔatɔre nkyekyem abiɛsa mu biako ase. . . . Katolek asɔfo no ho a wɔde gyee nneyɛe yi mu no sɛee asɔre no ne ɔman ntam ayɔnkofa no kɛse wɔ ɔko no akyi.” Wɔhyɛɛ nnipa a wɔn dodow nni ano sɛ wɔmmɛyɛ Katolekfo anyɛ saa a wobekunkum wɔn; wɔamma ɔpepem pii kwan amma wɔampaw nea wɔpɛ mpo. Wɔhyɛɛ nkuraa mu nnipa nyinaa—mmarima, mmea, ne mmofra—ma wɔkɔɔ wɔn Ortodɔks asɔre ahorow no mu na wokunkum wɔn. Komunist asraafo a na wɔsɔre tia no nso ɛ? Na wɔn nso wɔwɔ nyamesom mu akyitaafo anaa?

History of Yugoslavia nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Asɔfo no bi mpo de wɔn ho hyɛɛ akodi no mu wɔ ɔman anidanfo asraafo no afã.” Yugoslavia and the New Communism nhoma no ka sɛ: “Asɔfo a wofi Serbfo Ortodɔks ne Roma Katolekfo asɔre horow mu mpo bɛkaa Anidanfo asraafo no ho.” Nyamesom mu adwene a enhyia gu so ma akodi kɔ so kɛse wɔ Balkan man mu.

Na Rwanda nso ɛ? Katolekfo Amanaman Ntam Nkitahodi Asoɛe no soafo panyin, Ian Linden fii ne pɛ mu kaa nea edi so yi wɔ nsɛmma nhoma The Month mu sɛ: “Nhwehwɛmu bi a African Rights a ɛwɔ London no yɛe no de nhwɛso biako anaa abien a ɛkyerɛ sɛ Katolek, Anglikan, ne Baptist Asɔre mpanyimfo ka ho bi na asraafo kunkum nkurɔfo esiane wɔn asɛyɛde a wɔnyɛ ne tumi a wɔde ma nkurɔfo nti no mae. . . . Akyinnye biara nni ho sɛ na Kristofo mu atitiriw a wɔwɔ asɔrefie ahorow mu no ka nnipakum no ho.” Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo ntam akodi da so ara resɛe Afrika mfinimfini fam.

Aguamammɔ ne Awaresɛe

Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, nna ho nhyehyɛe a nidi wom biako pɛ na ɛwɔ hɔ, na ɛno ne awarefo ntam de nkutoo. Bible ka sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Asɔre mpanyimfo de Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yi redi dwuma?

Wɔ 1989 mu no, Anglikan Asɔre a ɛwɔ Australia no daa asɔre no adwene wɔ nna ho adi na ɛkyerɛe sɛ sɛ nnipa baanu no pene so sɛ wɔbɛtra nkutoo a, nna a edi aware anim nyɛ bɔne. Nnansa yi ara ɔpanyin a ɔda Anglikan Asɔre ano wɔ Scotland kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Asɔre no bu nkitahodi a ɛte saa sɛ ɛyɛ bɔne na enye. Ɛsɛ sɛ Asɔre no gye tom sɛ yɛn awosu na ɛma yɛsɛe aware.”

Wɔ South Africa no, asɔfo pii aka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔpene ɔbarima ne ɔbarima nna so. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1990 mu no, South Afrikafo nsɛmma nhoma You, faa Anglikan sɔfo bi a wagye din asɛm kae sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na Kyerɛwnsɛm no yɛ adwuma. . . . Migye di sɛ Asɔre no bɛyɛ nsakrae wɔ ne su ne nhyehyɛe ahorow a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da ho.”—Fa toto Romafo 1:26, 27 ho.

Sɛnea 1994 Britannica Book of the Year ka no, nna ho asɛm abɛyɛ ɔsɛmpɔw titiriw wɔ Amerika asɔre ahorow mu, titiriw nsɛm te sɛ “mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da a wɔayi wɔn anim a wɔhyɛ wɔn asɔfo, nyamesom ntease wɔ ɔbarima ne ɔbarima ntam nna hokwan horow ho, ‘mmarima ne mmarima ntam aware’ a wohyira so, ne ɔbarima ne ɔbarima ntam nna ho abrabɔ a wɔbɛma ho kwan anaa wɔbɛbara.” Asɔre akɛse no dodow no ara pene asɔfo a wɔka sɛ wɔmma nna ho kwan no so. Sɛnea 1995 Britannica Book of the Year ka no, Episkopal asɔfo mpanyimfo 55 de wɔn nsa hyɛɛ mpaemuka bi a “egyee mmarima a wɔne mmarima da a wɔhyɛ wɔn asɔfo ne wɔn nneyɛe ahorow toom” ase.

Asɔfo bi kaa sɛ wɔpene ɔbarima ne ɔbarima nna so, a wɔkyerɛ sɛ Yesu ankasa antia da. Nanso ɛte saa ankasa? Yesu Kristo kae sɛ Onyankopɔn asɛm yɛ nokware. (Yohane 17:17) Ɛno kyerɛ sɛ na ɔfoa Onyankopɔn adwene wɔ ɔbarima ne ɔbarima nna ho sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Leviticus 18:22, a ɛkenkan sɛnea edi so yi so: “Na wo ne ɔbarima nnna ɔbea nna; ɛyɛ akyide.” Bio nso, Yesu de aguamammɔ ne awaresɛe kaa ‘nnebɔne a efi nnipa mu a egu ne ho fi’ no ho. (Marko 7:21-23) Hela asɛmfua ma aguamammɔ no wɔ ntease a ɛkɔ akyiri sen awaresɛe de no. Sɛ aware da nkyɛn a, ɛkyerɛ nna ho nneyɛe biara a ɛmfata a ɔbarima ne ɔbarima nna ka ho. (Yuda 7) Yesu Kristo nso bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wonnnye Kristoni biara a obu anibere a aguamammɔ yɛ no adewa nntom.—Adiyisɛm 1:1; 2:14, 20.

Nyamesom akannifo ka sɛ wɔpene mmarima a wɔne mmarima da ne Mmea a wɔne mmea da a wɔbɛhyɛ wɔn asɔfo so a, nkɛntɛnso bɛn na eyi nya wɔ wɔn asɔremma, titiriw mmofra so? Ɛnyɛ wɔn a wɔnyɛ awarefo nna na wɔrehyɛ ho nkuran? Nea ɛne no bɔ abira no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonguan aguamammɔ.’ (1 Korintofo 6:18) Sɛ yɔnko gyidini bi hwe bɔne a ɛte saa mu a, wofi ɔdɔ mu yɛ no mmoa a adwene no ne sɛ wɔbɛma onii no anya Onyankopɔn anim dom bio. (Yakobo 5:16, 19, 20) Sɛ ɛba sɛ ɔpow mmoa a ɛte saa nso ɛ? Bible ka sɛ sɛ saafo no ansakra a, ‘wɔrennya Onyankopɔn ahenni no.’—1 Korintofo 6:9, 10.

“Wosiw Aware Kwan”

Esiane “aguamammɔ nti,” Bible ka sɛ “aware ye sen ɔhyew.” (1 Korintofo 7:2, 9) Wɔ afotu a nyansa wom yi nyinaa akyi no, wɔhwehwɛ sɛ asɔfo pii kɔ so di sigya, kyerɛ sɛ, wɔnnware. Nino Lo Bello kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Vatican Papers mu sɛ: “Sɛ ɔsɔfo, ɔbarima anaa ɔbea kokorani bi de ne ho hyɛ nna mu a, ɛnsɛe sigyadi ntanka no. . . . Wobetumi anya fafiri wɔ nna mu nneyɛe ho denam komam a obi fi da no adi wɔ bɔneka mu so, nanso Asɔre no mpene ɔsɔfo biara a ɔware so.” Nkyerɛkyerɛ yi asow aba pa anaa aba bɔne?—Mateo 7:15-19.

Akyinnye biara nni ho sɛ asɔfo pii bu bra pa nanso wɔn mu pii nyɛ saa. Sɛnea 1992 Britannica Book of the Year ka no, “Roma Katolek Asɔre no yɛ nea wɔbɔɔ amanneɛ sɛ etuaa dɔla ɔpepem 300 de siesiee nsɛm a ɛfa asɔfo a wɔde wɔn ho hyɛɛ mmonnaato mu ho.” Akyiri yi, nea ɛbae wɔ 1994 mu no kae sɛ: “Asɔfo dodow a AIDS kunkum wɔn no maa mmarima a wɔne mmarima da no ho bɛdaa hɔ na ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ nokwasɛm sɛ mmarima a wɔne mmarima da pii . . . na wɔyɛ asɔfo.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ ‘aware hokwan a wosiw’ yɛ ‘ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ.’ (1 Timoteo 4:1-3) Peter de Rosa kyerɛw wɔ ne nhoma Vicars of Christ mu sɛ: “Wɔ abakɔsɛm akyerɛwfo bi fam no, [asɔfo sigyadi] asɛe abrabɔ pa sen Atɔe fam nhyehyɛe biara, a tuutuusi ka ho. . . . [Ɛno] na ɛsɛe Kristosom din kɛse mpɛn pii. . . . Sigyadi a wɔhyɛ wɔn katee wɔ ho no akowie nyaatwomyɛ wɔ asɔfo mu bere nyinaa. . . . Ɔsɔfo betumi abu bra bɔne mpɛn apem nanso asɔre mmara mma no kwan sɛ ɔnware pɛnkoro.”

Sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn buu Baalsom no ho a, ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea obu Kristoman asɔre ahorow a emu apaapae no. Bible nhoma a etwa to no ka atoro som nyinaa bom frɛ no, “Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.” Bible no de ka ho sɛ: “Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.”—Adiyisɛm 17:5; 18:24.

Enti Onyankopɔn hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ne nokware asomfo nyinaa nkuran sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. . . . Ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”—Adiyisɛm 18:4, 8.

Asɛmmisa a ɛsɔre seesei ne sɛ: Bere a obi afi atoro som mu awie no, ɛhe na ɛsɛ sɛ ɔkɔ? Ɔsom bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani?

[Kratafa 5 adaka/mfonini]

Abosonsom

Ná wɔde ahoni di dwuma wɔ Baalsom mu. Israelfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde Baalsom bɛfrafra Yehowa de mu. Wɔde ahoni baa Yehowa asɔrefie mpo. Sɛnea Onyankopɔn bu ahonisom no daa adi bere a ɔde ɔsɛe baa Yerusalem ne n’asɔrefie so no.

Ahoni ahyɛ Kristoman asɔre pii mu ma, sɛ́ ɛyɛ mmeamudua, mfonini, anaa Maria honi ahorow. Bio nso, wɔakyerɛkyerɛ asɔrekɔfo pii sɛ wɔmmɔ wɔn mu ase, wɔnkotow, anaa wɔnyɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne wɔ ahoni yi anim. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔhyɛ nokware Kristofo sɛ ‘wonguan abosonsom.’ (1 Korintofo 10:14) Wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa nneɛma a wohu so asom Onyankopɔn.—Yohane 4:24.

[Asɛm Fibea]

Musée du Louvre, Paris

[Kratafa 7 adaka]

“Ɛnsɛ sɛ Wonya Asɔre Panyin ho Asɛm Bi”

SAA asɛm yi fi Tito 1:7 wɔ Today’s English Version no mu. The King James Version kenkan sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo panyin ho ba asɛm bi.” Asɛmfua “ɔsɔfo panyin” no fi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔhwɛfo” mu. Enti ɛsɛ sɛ mmarima a wɔpaw wɔn sɛ wonni nokware Kristofo asafo no anim no du Bible gyinapɛn atitiriw ho. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wogye wɔn dibea sɛ ahwɛfo no fi wɔn nsam esiane sɛ wɔnyɛ “nhwɛso mma nguankuw no” bio nti. (1 Petro 5:2, 3) Kristoman asɔre ahorow no bu saa ahwehwɛde yi aniberesɛm dɛn?

Wɔ ne nhoma I Care About Your Marriage mu no, Ɔbenfo Everett Worthington ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ asɔfo 100 ho wɔ Virginia mantam mu wɔ U.S.A. ho asɛm. Bɛboro ɔha mu 40 na wogye toom sɛ wɔne obi a ɔnyɛ wɔn aware mu hokafo de wɔn ho ahyɛ biribi a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne mu. Wɔn mu bebree asɛe aware.

Christianity Today ka sɛ: “Mfe du a atwam ni no, ɔbrasɛe a ada adi a ɛfa asɔre mpanyimfo a wobu wɔn paa no bi ho ama asɔre no ayɛ basaa mpɛn pii.” Asɛm a ɛne sɛ “Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔsan Gye Asɔfo a Wɔsɛe Aware” no kasa tiaa adeyɛ a abu so wɔ Kristoman mu a ɛne sɛ wɔsan de asɔfo bi dibea ma wɔn ntɛm bere a “wɔabu wɔn fɔ wɔ nna ho ɔbrasɛe ho no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena