M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
SƐNEA EDITH MICHAEL KA KYERƐE
Ná yɛte bɛn St. Louis, Missouri, U.S.A. wɔ 1930 mfe no mfiase mu bere a Yehowa Adansefo no mu biako baa yɛn fie. Saa bere no ara na hama a yɛhata so nneɛma no tewee maa Maame ntade fitaa fɛfɛ no fi guu atɛkyɛ mu. Ogyee nhoma horow a ɔde kyerɛɛ no no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea no bɛkɔ kɛkɛ, na ɔde kɔhyɛɛ beae a wɔkora nhoma no yii n’adwene fii so.
NÁ ƐYƐ ahokyere mmere, na na Paapa nni adwuma. Da bi obisae sɛ ebia obenya biribi wɔ fie akenkan anaa. Maame kaa nhoma no ho asɛm kyerɛɛ no. Ofii ase kenkanee, na bere tiaa bi akyi no, ɔteɛɛm sɛ: “Maame, nokware no ni!”
Ɔkae sɛ: “Oo, ɛyɛ ɔsom bi a wɔpɛ sika te sɛ wɔn a aka no nyinaa ara.” Nanso Paapa hyɛɛ no sɛ ɔntra ase na ɔne no nhwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu. Bere a ɔyɛɛ saa no, ɔno nso gye toom. Ɛno akyi no, wofii ase hwehwɛɛ Adansefo no akyi kwan, na wobehui sɛ wohyiam wɔ asa bi a wotua ho ka a ɛbɛn St. Louis kurom, asa a na wɔde di dwuma sɛ beae a wɔgoru saw na wɔyɛ dwumadi afoforo.
Paapa ne Maame de me kɔe—na madi bɛyɛ mfe abiɛsa—na wokohuu asa no, nanso na agoru bi rekɔ so. Paapa huu bere a wɔde yɛ nhyiam no, na yɛsan kɔe. Afei nso, yefii ase kɔɔ dapɛn dapɛn Bible adesua a na ɛbɛn baabi a yɛte hɔ no. Ná wɔyɛ wɔ ɔbea a ɔbaa yɛn nkyɛn bere a edi kan no fie. Obisae sɛ: “Dɛn nti na momfa mo mma mmarima no nso mma?” Ná Maame fɛre sɛ ɔbɛka sɛ wonni mpaboa. Bere a awiei koraa no ɔkae no, wɔmaa wɔn mpaboa, na me nua mmarima no fii ase ne yɛn kɔɔ nhyiam horow no.
Wɔde asɛnka asasesin bi a ɛbɛn yɛn fie maa Maame, na ofii afie afie ɔsom adwuma no ase. Me ne no kɔe a na metetɛw n’akyi. Ansa na ɔresua kar ka no, na yɛnantew bɛboro kilomita biako kɔfa bɔs a ɛde yɛn kɔɔ nhyiam horow wɔ St. Louis no. Yɛanto nhyiam mu da, sɛ mpo sukyerɛma tɔ ma wim yɛ wiridudu a.
Wɔbɔɔ Maame ne Paapa asu wɔ 1934 mu. Na me nso mepɛ sɛ wɔbɔ me asu, na mekɔɔ so kaa ho asɛm kosii sɛ Maame ka kyerɛɛ Ɔdansefo panyin bi sɛ ɔne me nka ho asɛm. Obisaa me nsɛm pii wɔ ɔkwan a metumi ate ase so. Afei ɔka kyerɛɛ m’awofo sɛ ɛnsɛ sɛ wosiw me asubɔ ho kwan; ebetumi asɛe me honhom fam onyin. Enti wɔbɔɔ me asu ahohuru bere a edi hɔ no mu, bere a na madi mfe asia pɛ no.
Ná m’ani gye Home and Happiness nhomawa no ho, na bere nyinaa na ɛwɔ me ho, na mede hyɛ me sumii ase bere a mada mpo. Mekɔɔ so srɛɛ Maame ma ɔkenkan kyerɛɛ me kosii sɛ mekyeree ne nyinaa guu me tirim. Abeawa ketewaa bi a ɔne gyata wɔ Paradise ho mfonini wɔ akyi. Mekae sɛ mene abeawa no. Saa mfonini no aboa me ma makɔ so de m’ani asi botae a ɛne asetra wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no so.
Ná mefɛre ade yiye, nanso ɛmfa ho sɛ na me ho popo no, bere nyinaa na mema mmuae wɔ asafo Ɔwɛn-Aban Adesua no ase.
Awerɛhosɛm ne sɛ, na Paapa suro sɛ n’adwuma befi ne nsa, enti ogyaee ɔne Adansefo no fekubɔ. Me nua mmarima no nso gyaee.
Bere Nyinaa Som Adwuma
Ná maame ma akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo, de wɔn dan a esi lɔre so no besi yɛn mfikyiri, na sɛ mepɔn sukuu a na mebɛka wɔn ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Ankyɛ na mepɛe sɛ meyɛ akwampae adwuma, nanso Paapa sɔre tiae, a na osusuw sɛ ɛsɛ sɛ metoa me nhomasua so. Awiei koraa no, Maame tumi maa ɔtee ase, na ɔmaa me kwan sɛ menyɛ akwampae adwuma. Enti wɔ June 1943 mu, bere a na madi mfe 14 no, mifii bere nyinaa som adwuma no ase. Sɛnea ɛbɛyɛ na mɛboa ofie ka tua no, meyɛɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ, na ɛtɔ mmere bi a, na mede bere nyinaa yɛ adwuma. Nanso na mitumi du ɔsram biara botae a ɛyɛ nnɔnhwerew 150 wɔ asɛnka adwuma mu no ho.
Bere kɔɔ so no, minyaa ɔkwampaefo hokafo, Dorothy Craden a ofii akwampae adwuma ase bere a na wadi mfe 17, wɔ January 1943 mu. Ná ɔyɛ Katolekni mmɔdenbɔfo, nanso osuaa Bible asram asia akyi no, wɔbɔɔ no asu. Minyaa nkuranhyɛ ne ahoɔden fii ne hɔ mfe pii, na ɔno nso nyaa bi fii me hɔ saa ara. Yebenyaa abusuabɔ a emu yɛ den sen honam fam nua mmea.
Efi 1945 mu no, yɛyɛɛ akwampae adwuma boom wɔ nkurow nketewa a ɛwowɔ Missouri a na asafo horow nni hɔ no mu. Yesiesiee asa bi a yɛbɛyɛ nhyiam hɔ wɔ Bowling Green; Maame ba bɛboaa yɛn. Afei dapɛn biara na yɛkɔ afie a ɛwɔ kurow no mu nyinaa mu kɔto nsa frɛ nkurɔfo ba baguam ɔkasa a na yɛyɛ nhyehyɛe ma anuanom mmarima fi St. Louis bɛma no ase. Ná dapɛn biara nnipa fi 40 kosi 50 ba. Akyiri yi yɛyɛɛ saa ara wɔ Louisiana, beae a yegyee Masonfo asɔredan bi tuaa ho ka no. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatua asa no ho ka no, yɛde ntoboa nnaka sisii hɔ, na dapɛn biara na yetua aka no nyinaa.
Afei yɛkɔɔ Mexico, Missouri, beae a yegyee aguadidan bi tuaa ho ka. Yesiesie maa asafo ketewa a na ɛwɔ hɔ no. Ná mpia wowɔ dan no mu, na yɛtraa hɔ. Yɛboae ma wɔyɛɛ baguam ɔkasa horow ho nhyehyɛe wɔ Mexico nso. Afei yɛkɔɔ ɔman ahenkurow, Jefferson Kuropɔn mu, beae a dapɛn no mu nna a wɔde yɛ adwuma no anɔpa biara na yɛkɔ adwuma mpanyimfo nkyɛn wɔ wɔn adwumayɛbea. Ná yɛne Stella Willie a na wɔayɛ sɛ yɛn maame na ɛte ɔdan bi a ɛwɔ Ahenni Asa no soro no mu.
Ná yɛn baasa nyinaa fi hɔ kɔ Festus ne Crystal Kuropɔn ne nkurow a na ɛbemmɛn ho no mu. Yɛtraa nkokɔbuw bi a na wɔde ayɛ ɔdan a nnipa tra mu mu wɔ abusua bi a na wɔyɛ anigyefo fie akyi. Esiane sɛ na mmarima a wɔabɔ wɔn asu nni hɔ nti, yɛn na yɛyɛɛ nhyiam horow no nyinaa. Yɛde yɛn bere fã tɔnee sradehuam ahorow. Ná yenni ahode pii. Nokwarem no, na yenni sika a yɛde betuatua ntokuru a ɛdeda yɛn mpaboa mu no, enti anɔpa biara na yɛde krataa a ɛyɛ den foforo hyehyɛ mu, na na yɛn mu biara horo n’atade biako pɛ a ɔwɔ no anadwo.
Bere a na madi mfe 19 wɔ 1948 afe no mfiase mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Dorothy ma yɛkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔyɛ ma asɛmpatrɛwfo no adesuakuw a ɛto so 12 no. Asram anum adesua no akyi no, adesuafo ɔha no wiei wɔ February 6, 1949 mu. Ná ɛyɛ anigye bere kɛse. Ná m’awofo atu kɔ California, na Maame fi hɔ tɔnn bae.
Wɔma Yɛn Dwumadi
Wɔmaa adesuafo a wɔawie no mu aduonu awotwe dwumadi wɔ Italy—asia, a na me ne Dorothy ka ho kɔɔ Milan kurow mu. Yɛfaa Italifo po so hyɛn Vulcania fii New York wɔ March 4, 1949 mu. Yedii nnafua 11 wɔ akwantu no mu, na ɛpo a ayɛ biribiri no maa yɛn mu dodow no ara pii fefee. Onua Benanti baa Genoa hyɛn gyinabea hɔ behyiaa yɛn na ɔde yɛn faa keteke san kɔɔ Milan.
Bere a yeduu asɛmpatrɛwfo fie wɔ Milan no, yehuu nhwiren a Italini abeawa bi de ato yɛn mu biara dan mu. Mfe bi akyi no, saa abeawa yi, Maria Merafina, kɔɔ Gilead na ɔsan baa Italy, na ɔne me somee wɔ asɛmpatrɛwfo fie boom!
Yeduu Milan no, anɔpa a edi hɔ no, yegyinaa aguaree mfɛnsere no mu hwɛɛ abɔnten. Yehuu fie kɛse bi a wɔde ɔtopae adwiriw agu wɔ yɛn fie no akyi. Na ɔtopae bi a wanhyɛ da antow afi Amerikafo akohyɛn bi mu abɛtɔ fam ma ebekunkum mmusua 80 a na wɔte hɔ no nyinaa. Bere foforo wɔ ɔko no mu no, ɔtopae bi fom adwinnan bi kɔtɔɔ sukuu bi mu ma ekunkum mmofra 500. Enti na nkurɔfo no ani nnye nnipa a wofi Amerika ho.
Ná ɔko afono nkurɔfo. Pii kae sɛ sɛ ɔko foforo sɔre a, anka wɔrenkɔ guankɔbea a topae ntumi no biara mu, na mmom wɔbɛtra fie na wɔabue wɔn gas akunkum wɔn ho wɔ hɔ. Yɛmaa wɔn awerɛhyem sɛ ɛnyɛ United States anaa nnipa nniso biara, na mmom Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛma akodi ne amanehunu a efi mu ba no to atwa nti na yɛwɔ hɔ.
Wɔ Milan kuropɔn kɛse no mu no, asafo biako pɛ a ɛwɔ hɔ a na emufo bɛyɛ 20 anaa nea ɛte saa no hyiaam wɔ asɛmpatrɛw fie hɔ. Ná yennya nyaa asɛnka asasesin biara, enti yefii ase dii adanse wɔ abansoro dan kɛse bi mu. Wɔ pon a edi kan no ano no, yehyiaa Owura Giandinotti a na ɔpɛ sɛ ne yere gyae asɔre no, enti ogyee yɛn nhoma no biako. Ná Owurayere Giandinotti yɛ ɔbea a na ɔwɔ adwempa, na ɔwɔ nsɛmmisa pii. Ɔkae sɛ: “M’ani begye sɛ mubesua Italy kasa sɛnea ɛbɛyɛ na moatumi akyerɛkyerɛ me Bible no mu.”
Ná wɔn dan no mu ware, na na wɔn kanea no nso ano nyɛ den, enti edu anadwo a, na ɔde agua si pon so sɛnea ɛbɛma wabɛn kanea na wakenkan Bible. Obisae sɛ: “Sɛ me ne mo sua Bible no a, metumi asan akɔ asɔre?” Yɛka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ n’ankasa gyinaesi. Ná ɔkɔ asɔre Kwasida anɔpa na waba yɛn nhyiam awiabere. Afei da bi ɔkae sɛ, “Menkɔ asɔre bio.”
Yebisae sɛ: “Adɛn?”
“Efisɛ wɔnkyerɛkyerɛ Bible no, na mahu nokware no denam Bible a me ne mo asua no so.” Wɔbɔɔ no asu na ɔne mmea pii a na wɔkɔ asɔre da biara suaa ade. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnkɔ asɔre a, anka ɔne yɛn gyaee adesua na anka ebia ɔrenhu nokware no da.
Dwumadi Afoforo
Bere bi akyi no, wɔmaa me ne Dorothy ne asɛmpatrɛwfo foforo baanan dwumadi wɔ Italy kurow Trieste, a na Britania ne Amerika asraafo agye hɔ afa saa bere no mu. Ná Adansefo bɛyɛ du pɛ na ɛwɔ hɔ, nanso wɔn dodow kɔɔ anim. Yɛkaa asɛm wɔ Trieste mfe abiɛsa, na bere a yefii hɔ no, na Ahenni adawurubɔfo 40 na ɛwɔ hɔ na na wɔn mu 10 yɛ akwampaefo.
Yɛn dwumadi a edii hɔ ne Verona kurow mu, beae a na asafo biara nni. Nanso bere a asɔre no hyɛɛ atumfo no, wɔpamoo yɛn. Wɔmaa me ne Dorothy dwumadi wɔ Rome. Yegyee dan a wɔasiesie mu tuaa ho ka wɔ hɔ, na yɛyɛɛ asasesin a ɛbɛn Vatican no mu adwuma. Ɛhɔ na na yɛwɔ a Dorothy kɔɔ Lebanon kɔwaree John Chimiklis. Ná yɛatra bɛyɛ mfirihyia 12, enti m’ani gyinaa no yiye.
Wobuee asɛmpatrɛwfo fie foforo wɔ 1955 mu wɔ Rome fã foforo wɔ ɔkwan a na wɔfrɛ no New Appian Way so. Nea na ɔka nnipa baanan a yɛte fie hɔ no ho ne Maria Merafina, abeawa a ɔde nhwiren totoo yɛn adan mu anadwo a yeduu Milan no. Wɔhyehyɛɛ asafo foforo wɔ kurow no fã ha. Amanaman ntam nhyiam no akyi wɔ Rome wɔ saa ahohoru bere no mu no, minyaa hokwan kɔɔ nhyiam no bi wɔ Nuremberg, Germany. Hwɛ anigye a ɛyɛe sɛ mihuu wɔn a wogyinaa ɔtaa pii ano wɔ Hitler nniso ase no!
Mesan Kɔ United States
Esiane yare a na ɛrehaw me nti, mesan kɔɔ United States kɔhomee wɔ 1956 mu. Nanso manyi m’ani amfi botae a ɛne sɛ mɛsom Yehowa seesei ne daa wɔ ne wiase foforo no mu no so. Meyɛɛ ahoboa sɛ mɛsan akɔ Italy. Nanso, mihyiaa Orville Michael a na ɔsom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York no. Bere a wɔyɛɛ 1958 amanaman ntam nhyiam wɔ New York Kuropɔn mu akyi no, yɛwaree.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, yetu kɔɔ Front Royal wɔ Virginia, beae a yɛne asafo ketewa bi somee wɔ anigye mu. Ná yɛte dan ketewa bi mu wɔ Ahenni Asa no akyi. Awiei koraa no, ɛho behiae sɛ yɛsan kɔ Brooklyn kɔpɛ honam fam adwuma yɛ wɔ March 1960 mu na yɛatumi atuatua yɛn ho aka. Yɛyɛɛ adwuma anadwo wɔ sikakorabea ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no.
Bere a na yɛwɔ Brooklyn no, me papa wui, na me kunu maame fã dwudwoe. Enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebetu akɔ Oregon na ama yɛabɛn yɛn nanom. Yɛn nyinaa nyaa adwuma a wɔde bere fã yɛ na yɛtoaa yɛn som adwuma so wɔ hɔ. Wɔ 1964 otwa bere mu no, yɛne yɛn nanom de kar fii ɔman no fã biako kɔɔ ɔfã foforo kɔɔ Watch Tower Bible and Tract Society no afe afe nhyiam wɔ Pittsburgh, Pennsylvania.
Bere a na yɛresra Rhode Supɔw no, ɔmansin sohwɛfo bi, Arlen Meier ne ne yere hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yentu nkɔ ɔmantam no kuropɔn, Providence, a na Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse wɔ hɔ no mu. Yɛn nanom hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennye dwumadi foforo yi, enti bere a yɛsan kɔɔ Oregon no, yɛtɔn yɛn fie nneɛma dodow no ara na yetu kɔe.
Mesan Kɔ Gilead Sukuu Bio
Wɔ 1965 ahohoru bere mu no, yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Yankee Stadium. Ɛhɔ na yebisaa Gilead Sukuu hokwan sɛ okunu ne ɔyere. Yɛn ho dwiriw yɛn sɛ bɛyɛ ɔsram akyi no, yɛn nsa kaa akwammisa nkrataa a na ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ na yɛsan de kɔ, nnafua 30 ntam. Esiane sɛ na Maame yare nti, na ɛhaw me sɛ yɛbɛkɔ ɔman a ɛwɔ akyirikyiri so. Nanso ɔhyɛɛ me nkuran sɛ: “Monhyehyɛ akwammisa nkrataa no. Wunim sɛ ɛnsɛ sɛ mopow ɔsom hokwan biara a Yehowa de bɛma mo da!”
Ɛno maa biribiara to twae. Yɛhyehyɛɛ akwammisa nkrataa no wiei na yɛde kɔe. Hwɛ ahodwiriw a ɛyɛe sɛ yɛn nsa kaa nsato krataa sɛ yɛnkɔ adesuakuw a ɛto so 42 a efii ase wɔ April 25, 1966 mu no! Saa bere no na Brooklyn, New York na Gilead Sukuu wɔ. Nea ennu asram anum akyi no, nnipa a yɛn dodow si 106 no wiee adesua no wɔ September 11, 1966 mu.
Wɔma Yɛn Dwumadi Wɔ Argentina
Yewiee adesua no akyi nnanu no, yɛtraa Peruvia Wimhyɛn mu sɛ yɛrekɔ Argentina. Bere a yeduu Buenos Aires no, baa dwumadibea sohwɛfo, Charles Eisenhower, behyiaa yɛn wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ. Ɔboaa yɛn maa yetuaa yɛn nneɛma ho tow na afei ɔde yɛn kɔɔ baa dwumadibea hɔ. Wɔmaa yɛn da koro sɛ yɛmfa nyiyi yɛn nneɛma nhyehyɛ; afei yefii Spania kasa sua ase. Ɔsram a edi kan no, yɛde nnɔnhwerew 11 suaa Spania kasa da biara da. Ɔsram a ɛto so abien no, yɛde nnɔnhwerew anan suaa kasa da biara, na yefii ase nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa.
Yedii asram anum wɔ Buenos Aires na ɛno akyi no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Rosario, kurow kɛse a keteke kɔ kusuu fam bɛyɛ nnɔnhwerew anan na adu hɔ. Bere a yɛsom wɔ hɔ asram 15 akyi no, wɔde yɛn kɔɔ kusuu fam akyi wɔ Santiago del Estero, kurow bi a ɛwɔ anhweatam mansin a ɛhɔ yɛ hyew mu. Bere a yɛwɔ hɔ no, me maame wui wɔ January 1973 mu. Ná mfirihyia anan atwam a minhuu no. Owusɔre anidaso a enni huammɔ no ne afei nim a na minim sɛ na meresom wɔ baabi a Maame ani gye ho no wowaw me wɔ m’awerɛhowdi mu.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.
Ná nnipa a wɔwɔ Santiago del Estero no da adamfofa su adi, na na ɛnyɛ den sɛ wubefi Bible adesua ase. Bere a yeduu hɔ wɔ 1968 mu no, na nnipa bɛyɛ 20 anaa 30 na wɔba nhyiam horow, nanso mfirihyia awɔtwe akyi no, na nnipa bɛboro ɔha na wɔwɔ yɛn asafo no mu. Nea ɛka ho no, na asafo foforo abien a emu adawurubɔfo fi 25 kosi 50 nso wɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu.
United States a Yɛsan Ba Bio
Esiane ɔyare nti, wɔ 1976 mu no, wɔsan maa yɛn dwumadi bio wɔ United States sɛ akwampaefo atitiriw—wɔ Fayetteville, North Carolina. Ná nnipa pii a wɔka Spania kasa a wofi Amerika Mfinimfini fam ne Kesee fam, Dominican Republic, Puerto Rico ne Spain mpo wɔ hɔ. Yenyaa Bible adesua pii, na akyiri yi, wɔhyehyɛɛ Spain kasa mu asafo. Yɛde bɛyɛ mfirihyia awɔtwe na ɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ.
Nanso, na ɛsɛ sɛ yɛbɛn m’asew bea a wanyin yiye na ontumi nyɛ hwee no. Ná ɔte Portland, Oregon, enti yenyaa dwumadi foforo kɔɔ Spain kasa mu asafo a ɛwɔ Vancouver, Washington, a ɛbɛn Portland no mu. Ná asafo no sua bere a yɛkɔɔ hɔ wɔ December 1983 mu no, nanso yehu sɛ afoforo pii reba.
Wɔ June 1996 mu no, na mayɛ bere nyinaa som adwuma mfirihyia 53, wɔ January 1, 1996 no, na me kunu ayɛ no mfirihyia 55. Wɔ mfe pii yi mu no, manya hokwan aboa nnipa ɔhaha pii ma wɔabehu Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa. Eyinom mu pii som seesei sɛ asafo mu mpanyimfo ne bere nyinaa asomfo.
Ɛtɔ mmere bi a wobisa me sɛ ebia midi yaw sɛ manwo anaa. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa de honhom mu mma ne mmanana pii ahyira me. Yiw, m’asetra ayɛ nea ɛyɛ dɛ na mfaso wɔ so wɔ Yehowa som mu. Metumi de me ho atoto Yefta babea no a ɔde ne nkwa nna nyinaa som wɔ asɔrefie, na ɔsom hokwan kɛse a onyae nti, wanwo no ho.—Atemmufo 11:38-40.
Meda so ara kae me ho so a mihyira maa Yehowa bere a na meyɛ abeawa ketewaa bi no. Paradise ho mfonini no da so wɔ m’adwenem pefee nnɛ sɛnea na ɛte saa bere no ara pɛ. M’ani ne me koma da so ara si botae a ɛne asetra a enni awiei wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no so. Yiw, nea mepɛ ne sɛ mɛsom Yehowa daa, ɛnyɛ mfirihyia 50 pɛ—wɔ N’ahenni nniso no ase.
[Kratafa 23 mfonini]
Dorothy Craden, a ne nsa gu me mmati, ne me mfɛfo akwampaefo wɔ 1943 mu
[Kratafa 23 mfonini]
Me ne me mfɛfo asɛmpatrɛwfo wɔ Rome, Italy, wɔ 1953 mu
[Kratafa 25 mfonini]
Me ne me kunu