Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/1 kr. 24-29
  • Onyankopɔn Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhyɛɛ Me Den Maa Daakye
  • Ɔtamfo no Asotwe—Afiasenna
  • Wɔ Lichtenburg
  • Wɔ Ravensbrück
  • Ɔko Akyi Nna a Emu Yɛ Den
  • Wɔbara Yɛn na Mekɔ Afiase Bio
  • Ahoɔden ne Mmoa a Efi Yehowa Hɔ
  • Yehowa Da So Yɛ Me Guankɔbea ne M’ahoɔden
  • Mudi Mu Kura Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Germany
    Nyan!—1993
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Hwɛ Sɛnea Yehowa Pon Ho Tra Yɛ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/1 kr. 24-29

Onyankopɔn Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden

SƐNEA CHARLOTTE MÜLLER KA KYERƐE

Komunis ɔtemmufo no kae sɛ “eye sɛ Hitler haw wo mfe akron. Na wosɔre tia ɔko ankasa, nanso seesei de, wosɔre tia yɛn asomdwoe kuw no!”

NÁ ƆREKA afiase a Nasifo ne afei sohyialisfo de me toe mfiase no wɔ German Democratic Adehyeman mu no ho asɛm. Mfiase no, metɔɔ mum, nanso afei mibuae sɛ: “Kristoni nni ako mfa nhwehwɛ asomdwoe te sɛ nea nnipa foforo yɛ no. Mebɔ mmɔden sɛ medi Bible ahyɛde a ɛne sɛ mɛdɔ Onyankopɔn ne me mfɛfo no so. Onyankopɔn Asɛm boa me ma mikura asomdwoe mu denam ɔkasa ne nneyɛe mu.”

Wɔ saa da, September 4, 1951 no, Komunisfo no ma wɔde me too afiase mfe awotwe—Nasi nniso no de a wɔatew so afe biako.

Bere a yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo rehyia ɔtaa wɔ Sohyialisfo ne Komunisfo nsam no, minyaa awerɛkyekye wɔ Dwom 46:1 mu: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” Yehowa nkutoo na ɔmaa me ahoɔden a mede gyinae, na dodow a mede N’asɛm yɛɛ m’ankasa me de no, dodow no ara na me ho yɛɛ me den.

Wɔhyɛɛ Me Den Maa Daakye

Wɔwoo me 1912 wɔ Gotha-Siebleben wɔ Thuringia, Germany. Ɛwom sɛ na m’awofo yɛ Protestantfo de, nanso na m’agya rehwehwɛ Bible mu nokware ne trenee nniso akyi kwan. Bere a m’awofo hwɛɛ “Photo-Drama of Creation” sini no, wɔn ani gyee yiye.a Paapa nyaa nea na ɔrehwehwɛ—Onyankopɔn Ahenni no.

Paapa ne Maame, ne yɛn mmofra baasia no twaa yɛn din mu fii asɔre no mu wɔ March 2, 1923. Ná yɛte Chemnitz wɔ Saxony, na yɛne Bible Asuafo a wɔwɔ hɔ no bɔe. (Me nuabarimanom ne nuabeanom no mu baasa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.)

Wɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow ase no, Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ne nokware horow a ɛsom bo no nyaa me so nkɛntɛnso, na eyinom hyɛɛ me mmofraberem koma no anigye. Nea edi kan koraa no, na wɔkyerɛkyerɛ yɛn Kristofo mmofra a na yɛbɛboro 50 no Kwasida, na ɛno na me ne me nuabea Käthe dii kan kɔe. Ná aberante Konrad Franke a ɔyɛ mpasatu ho nhyehyɛe na ɔne yɛn sua nnwom no, ka yɛn kuw no ho. Akyiri yi, efi 1955 kosi 1969 mu no, Onua Franke som sɛ Ɔwɛn Aban baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no, so ɔhwɛfo.

Na 1920 mfe no mu yɛ den yiye, ɛtɔ mmere bi a, wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu mpo. Ebinom a na wonnye Ɔwɛn-Aban no ntom bio sɛ ‘aduan a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu’ no, sɔre tiaa afie afie asɛnka adwuma no. (Mateo 24:45) Eyi de ɔwae bae. Nanso, ɛyɛ “aduan” koro yi ara na ɛde ahoɔden a na yehia no denneennen saa bere no mae. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm bi te sɛ “Nhyira Ne Akokodurufo” (1919, Engiresi de) ne “Henanom na Wobedi Yehowa Ni?” (1926, Engiresi de) puei. Ná mepɛ sɛ mede akokoduru yɛ adwuma di Yehowa ni, enti mekyekyɛɛ Onua Rutherford nhoma ne nhomawa pii.

Wɔ March 1933 mu no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Saa afe no ara mu no, wɔbaraa yɛn asɛnka adwuma no wɔ Germany. Wɔde Adiyisɛm 2:10 tuu yɛn fo siesiee yɛn maa daakye bere a na wɔrekɔbɔ yɛn asu no: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” Mede nkyekyem yi siee me komam, bere a na minim yiye sɛ ɔtaa a emu yɛ den da m’anim no. Eyi bɛyɛɛ nokware.

Esiane sɛ yɛannyina ɔfã biara wɔ amammuisɛm mu nti, yɛn mpɔtamfo pii annya yɛn ho adwempa. Bere bi a amammuifo too aba wiei no, Nasifo asraafo kuw bi begyinaa yɛn fie anim teɛɛm sɛ, “Afatwafo te ha!” Asɛm a epuee wɔ German Ɔwɛn-Aban mu wɔ December 1933 mu, “Nsuro Wɔn” no hyɛɛ me nkuran titiriw. Ná mepɛ sɛ mekɔ so yɛ Yehowa Ɔdansefo nokwafo wɔ tebea a ano yɛ den sen biara mpo mu.

Ɔtamfo no Asotwe—Afiasenna

Ɛde besi 1935 twabere mu no, na yetumi tintim Ɔwɛn-Aban no wɔ sum ase wɔ Chemnitz. Ɛno akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛde afiri a wɔde twa nea wɔatintim dedaw no bi no kɔ Beierfeld wɔ Ore Mountains, baabi a wɔde tintim nhoma kosii August 1936 mu no. Me ne Käthe de bi menaa anuanom a Paapa de wɔn address maa yɛn no. Biribiara kɔɔ so yiye saa bere no mu. Nanso ankyɛ na Gestapofo no tuu wɔn ani sii me so, na wɔ August 1936 mu no, wɔbɛfaa me wɔ fie de me kɔtoo afiase, baabi a metra twɛn kosii bere a na wobedi m’asɛm.

Wɔ February 1937 mu no, anuanom mmarima 25 ne mmea 2—a m’ankasa meka ho—kɔɔ asɛnnibea titiriw bi wɔ Saxony. Ná wɔkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no tutu ɔman ase. Wɔde anuanom mmarima a wɔhwɛɛ Ɔwɛn-Aban so yɛɛ bi no guu afiase mfe anum. Wɔde me toom mfe abien.

Sɛ́ anka wobegyae me bere a na madi m’afiasenna awie no, Gestapofo no bɛfaa me. Ná wɔhwɛ kwan sɛ mede me nsa bɛhyɛ asɛm bi a wɔakyerɛw ase aka sɛ merenyɛ Yehowa Ɔdansefo bio. Migyinaa pintinn poe, na ɛmaa ɔpanyin no bo fuwii, ɔsɔre gyinae maa wɔn krataa sɛ wɔmfa me nkɔto afiase. Krataa no na ɛwɔ mfonini no mu no. Bere a wɔamma me kwan amma manhu m’awofo no, ntɛm ara, wɔde me kɔɔ mmea nneduaban bi mu wɔ Lichtenburg wɔ asubɔnten Elbe ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihyiaa Käthe. Ná wɔatra nneduaban a ɛwɔ Moringen no mu fi December 1936 mu, nanso bere a wɔtoo saa nneduaban no mu no, wɔde ɔne anuanom mmea foforo baa Lichtenburg. Ná me papa nso da afiase, na manhu no da kosii 1945 mu.

Wɔ Lichtenburg

Wɔamma me kwan amma mankɔka Adansefo a wɔyɛ mmea no ho ntɛm ara, esiane sɛ na wɔretwe wɔn aso wɔ biribi a ebia na wɔayɛ ho nti. Wɔ asa no biako so no, mihuu nneduafo akuw abien—mmea a na wɔtaa tra pon ho ne Adansefo a na wɔtra agua so da mũ nyinaa a na wɔmma wɔn hwee nni.b

Esiane sɛ na mehwɛ kwan sɛ ebia mehyia Käthe nti, mampo adwuma biara a wɔde maa me. Na saa ara na ɛbae. Yehyiaam bere a na ɔne nneduafo baanu rekɔyɛ adwuma no. M’ani a na agye dodow nti, meyɛɛ no atuu kɛse bi. Nanso, ɔbea a ɔhwɛ yɛn so no kɔbɔɔ amanneɛ ntɛm pa ara. Wobisabisaa yɛn nsɛm, na efi saa bere no, wɔhyɛɛ da tetee yɛn ntam. Ná ɛno yɛ den yiye.

Me werɛ remfi nsɛm abien bi a esisii wɔ Lichtenburg no da. Bere bi, na ɛsɛ sɛ nneduafo no nyinaa behyiam abangua no so tie Hitler amansɛm kasa wɔ radio so. Yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no poe, esiane sɛ na ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ ka ho nti. Enti, awɛmfo no danee rɔba dorobɛn no hwɛɛ yɛn so, na wɔde nsu a ano yɛ den no guu yɛn so pamoo mmea a na yenni ahobammɔ biara no fii abansoro dan a ɛto so anan no so besii abangua no so wɔ fam. Ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho a afɔw twɔnn no gyina hɔ.

Bere foforo no, wɔhyɛɛ me ne Gertrud Oehme ne Gertel Bürlen sɛ yɛmfa akanea nkosiesie mpanyimfo adwumayɛbea ti hɔ efisɛ na aka kakra ma wɔadi Hitler awoda. Bere a yehui sɛ ɛyɛ Satan akwan a ɔnam so pɛ sɛ yegyaa nneɛma nketenkete mu siesie na yegyae yɛn mudi mu no, yɛanyɛ. Asotwe a wɔde maa yɛn mmabaa no mu biara ne sɛ, wɔmaa yɛn mu biara dii adapɛn abiɛsa a edi hɔ no wɔ afiase dan a emu sum kabii mu. Nanso, Yehowa annyaw yɛn, na wɔ beae a ɛyɛ hu yi mu mpo no, ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ guankɔbea ampa.

Wɔ Ravensbrück

Wɔ May 1939 mu no, wɔde nneduafo a wɔwɔ Lichtenburg no kɔɔ Ravensbrück nneduaban mu. Wɔmaa me ne Adansefo mmea foforo kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wosi nneɛma. Ɔko no fii ase bere tiaa bi no, yɛpoe sɛ yɛbɛkɔ akɔfa swastika frankaa a na wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no. Ne saa nti, wɔde yɛn mu baanu, me ne Mielchen Ernst, koguu adwumayɛban bi mu. Ná ɛno ne asotwe a ano yɛ den sen biara no mu biako, na na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwumaden da biara da, a wim tebea biara mfa ho, a Kwasida mpo ka ho. Mpɛn pii no, na wɔde obi atom akyɛ ara ne asram abiɛsa, nanso yedii hɔ afe. Sɛ ɛnyɛ Yehowa mmoa so a, anka miwui.

Wɔ 1942 mu no, nneɛma mu yɛɛ mmerɛw kakra maa nneduafo a yɛwɔ hɔ no, na wɔmaa me kɔyɛɛ ofie adwuma wɔ SS abusua bi a na wɔte bɛn nsraban no mu. Abusua no maa me ahofadi kakra. Sɛ nhwɛso no, bere bi a na mede mmofra no retu mpase no, mihyiaa Josef Rehwald ne Gottfried Mehlhorn, nneduafo baanu a na afasebiri ahinasa ahyɛnsode bobɔ wɔn koko so no, na yetumi hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.c

Ɔko Akyi Nna a Emu Yɛ Den

Bere a aman a wɔko tiaa Germany no asraafo bɔ pinii wɔ 1945 mu no, abusua a na meyɛ adwuma ma wɔn no guanee, na na ɛsɛ sɛ me ne wɔn kɔ. Bere a wɔne SS mmusua foforo boom no, wɔbɛyɛɛ akwantu fekuw kɛse a wɔrekɔ atɔe fam.

Ná ɔko no nna kakra a edi akyiri no yɛ hu yiye. Awiei koraa no, yehyiaa Amerikafo asraafo bi a wɔmaa me kwan ma mekyerɛw me din wɔ kurow a edi hɔ no mu sɛ obi a ɔwɔ ahofadi. Henanom na mihyiaa wɔn wɔ hɔ? Josef Rehwald ne Gottfried Mehlhorn. Ná wɔate sɛ owu aperententu no de Adansefo a wɔwɔ Sachsenhausen nneduaban mu no nyinaa akodu Schwerin. Enti yɛn nnipa baasa no siim kɔɔ kurow yi a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 75 no mu. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ yehyiaa saa anuanom anokwafo yi nyinaa wɔ Schwerin, wɔn a na wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ nneduaban ahorow mu a na Konrad Franke ka ho no.

Ebeduu December 1945 no, ɔman no mu tebea sakrae araa ma mitumi de keteke tuu kwan. Enti na masi fie kwan so! Nanso wɔ akwantu no mu no, medaa keteke no atifi, san bɔɔ ho. Miduu Chemnitz no, mifii keteke gyinabea hɔ kɔɔ baabi a na yɛatra sɛ abusua no. Nanso, anka ofie biara wɔ ɔkwan a Nasi asraafo gyinaa so kae sɛ “Afatwafo te ha!” no so. Ná wɔde ɔtopae asɛe hɔ nyinaa ma obiara nte hɔ bio. Nanso, me koma tɔɔ me yam sɛ mihuu Maame, Paapa, Käthe, ne me nuanom mmarima ne mmea no sɛ wɔda so ara te ase.

Wɔ ɔko no akyi no, na Germany sikasɛm nye koraa. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo asafo horow no nyaa nkɔso wɔ Germany baabiara. Ɔwɛn Aban Asafo no yɛɛ nea ebetumi biara maa yɛn nsa kaa nea yehia ma asɛnka adwuma no nyinaa. Wɔsan fii adwuma a na wɔyɛ wɔ Magdeburg Betel a Nasifo no toom no ase. Wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ wɔ 1946 fefɛw bere mu, na wɔmaa me dwumadi wɔ gyaade.

Wɔbara Yɛn na Mekɔ Afiase Bio

Magdeburg wɔ Germany fã a ɛbɛhyɛɛ Komunisfo ase no. Wɔbaraa yɛn adwuma no wɔ August 31, 1950 mu, na wɔtoo Magdeburg Betel no mu. Enti, me som adwuma a minyaa ntetee a ɛsom bo fii mu wɔ Betel no, baa awiei. Mesan kɔɔ Chemnitz, na na masi me bo sɛ mekura nokware no mu denneennen na mabɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru sɛ adesamma a wɔahaw no anidaso koro pɛ wɔ Komunisfo no ase.

Wɔ April 1951 mu no, me ne onua bi tuu kwan kɔɔ Berlin kogyee Ɔwɛn-Aban. Bere a yɛsan bae no, yɛn ho dwiriw yɛn sɛ yebehuu sɛ polisifo abetwa Chemnitz keteke gyinabea hɔ ahyia. Ɛda adi sɛ na wɔrehwɛ yɛn kwan, enti wɔkyeree yɛn ntɛm pa ara.

Bere a yeduu afiase a na yɛretwɛn sɛ wobedi yɛn asɛm no, na mikura nkrataa a ɛkyerɛ sɛ Nasifo de me ato afiase pɛn. Ne saa nti, awɛmfo no anyɛ me basabasa. Mmea awɛmfo no mu panyin biako kae sɛ: “Mo Yehowa Adansefo, monyɛ nsɛmmɔnedifo; monsɛ afiase.”

Bere bi ɔbaa afiase dan a na me ne anuanom mmea baanu da mu no mu, na ɔde biribi bɛhyɛɛ mpa no biako ase kodɛɛ. Ná ɛyɛ dɛn? N’ankasa Bible a ɔde maa yɛn no. Bere foforo no, ɔkɔsraa m’awofo wɔ fie esiane sɛ na wɔte bɛn afiase hɔ nti. Ne nsa kaa Ɔwɛn-Aban no ne nnuan bi, na ɔde ne nyinaa hyɛɛ ne ho wiaa ne ho de baa afiase dan a na meda mu no mu.

Biribi foforo nso wɔ hɔ a mepɛ sɛ meka ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a na yɛto teokrase nnwom denneennen Kwasida anɔpa ma sɛ ebiara si a, nneduafo afoforo no de anigye bɔ wɔn nsam.

Ahoɔden ne Mmoa a Efi Yehowa Hɔ

Bere a na wɔredi asɛm no wɔ asɛnnibea hɔ wɔ September 4, 1951 no na ɔtemmufo no kaa asɛm a ɛwɔ asɛm yi mfiase no. Midii m’afiasenna wɔ Waldheim, ne afei wɔ Halle, ne nea etwa to, wɔ Hoheneck. Nsɛm kakraa bi a esisii bɛkyerɛ sɛnea na Onyankopɔn yɛ guankɔbea ne ahoɔden ma Yehowa Adansefo ne sɛnea N’asɛm hyɛɛ yɛn den no.

Wɔ Waldheim afiase hɔ no, na Adansefo mmea no nyinaa taa hyiam wɔ asa biako so, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ Kristofo nhyiam ahorow. Ná yɛmfa kyerɛwdua anaa krataa nkɔ hɔ, nanso anuanom mmea binom nyaa ntama asinasin bi keka boom, na wotumi kyerɛw 1953 afe asɛm a na ɛkenkan sɛ: “Monsom Yehowa wɔ ahokeka kronkron mu” no guu so.—Dwom 29:2, American Standard Version.

Mmea awɛmfo no mu biako bɛkyeree yɛn a na yɛn ani nna yɛn ho so, na ɔde yɛn ho amanneɛbɔ kɔe ntɛm ara. Afiase panyin no bae, na ɔka kyerɛɛ yɛn mu baanu sɛ yɛmma ntama no so. Obisae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ eyi? Ase ne dɛn?”

Ná anuanom mmea no mu biako pɛ sɛ ogye asodi no to ne ho so, nanso ntɛm ara, yebuu yɛn ani kyerɛɛ yɛn ho yɛn ho penee so sɛ ɛsɛ sɛ asodi no da yɛn nyinaa so. Enti yebuae sɛ: “Yɛn na yɛyɛe, na ahyɛ yɛn gyidi den.” Wogyee ntama no fii yɛn nsɛm, na sɛ́ asotwe no, wɔamma yɛn aduan anni. Bere a na wɔrebisabisa yɛn nsam nyinaa no, na anuanom mmea no ama so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde kyerɛwsɛm a ɛhyɛ nkuran no bɛhyɛ yɛn adwenem.

Bere a wɔtoo mmea afiase a ɛwɔ Waldheim mu no, wɔde yɛn mmea no kɔɔ Halle. Wɔ ha no, wɔmaa yɛn kwan maa yegyee amenade ahorow, na wunim ade a me papa de pam mpaboa brɛɛ me? Ɔwɛn-Aban mu nsɛm! Meda so ara kae nea na ekura asɛmti “Nokware Dɔ So Wɔ Mfaso” ne “Atorodi De Owu na Ɛba.” Ná nsɛm yi ne afoforo yɛ aduan a ɛsom bo ankasa, na bere a yɛdan maa ɔfoforo nnidiso nnidiso no, obiara yɛɛ n’ankasa kyerɛwtohɔ.

Bere bi a wɔbɛhwehwɛɛ yɛn nneɛma mu no, awɛmfo no mu biako huu me kyerɛwtohɔ a na mede asie me pikyi mu no. Akyiri yi, ɔfrɛɛ me bisabisaa me nsɛm, na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔte asɛm “Anidaso Ma Wɔn a Wosuro Yehowa wɔ 1955 Mu” no ase. Sɛ́ Komunisni no, na ne kannifo, Stalin, wu wɔ 1953 no ho asɛm hia no yiye, na na onnim nea ɛbɛba daakye. Yɛn de, yebenya daakye a eye sen afiase tebea yi, nanso na minnim ɛno ho hwee. Mede ahotoso kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yehowa Adansefo anidaso ne nea eye sen biara. Dɛn ntia? Mefaa asɛmti no kyerɛwsɛm, Dwom 112:7: “Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, ne koma si hɔ pintinn da Yehowa so” de kaa asɛm.—AS.

Yehowa Da So Yɛ Me Guankɔbea ne M’ahoɔden

Ɔyare denneennen bi a ɛbɔɔ me akyi no, wogyaee me wɔ March 1957 mu bere a na aka mfe abien ma wɔayi me afi afiase no. Esiane me dwumadi wɔ Yehowa som adwuma mu nti, East Germany mpanyimfo no hyɛɛ me so. Enti wɔ May 6, 1957 no, mede hokwan no guan kɔɔ West Berlin, na mifii hɔ kɔɔ West Germany.

Edii mfe pii ansa na me ho retɔ me. Nanso ɛde besi nnɛ, meda so ara wɔ honhom fam nneɛma ho anigye, na mehwɛ Ɔwɛn-Aban foforo biara kwan. Bere ne bere mu no, mehwehwɛ me ho mu hwɛ. So meda so ara susuw honhom mu nneɛma ho? So manya su horow a eye? So me gyidi a wɔasɔ ahwɛ no ma miyi Yehowa ayɛ hyɛ no anuonyam? Me botae ne sɛ, mɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ biribiara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so ayɛ me guankɔbea ne m’ahoɔden daa.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Photo-Drama” no yɛ mfonini a wɔatwa a kasa di akyi ne nea nnipa a wɔwom no ankasa kasa, na efi 1914 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo yii wɔ mmeae pii.

b Trost (Awerɛkyekye), nsɛmma nhoma a Bern, Switzerland, Watch Tower Society tintimii wɔ May 1, 1940 mu no bɔɔ amanneɛ wɔ kratafa 10 sɛ bere bi, wamma mmea a wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Lichtenburg no awiaduan nnafua 14 esiane sɛ wɔpoo sɛ wɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ nidi bere a na wɔrebɔ Nasi nnwom no nti. Ná Yehowa Adansefo 300 na wɔwɔ hɔ.

c Josef Rehwald ho asɛm puei wɔ April 8, 1993 Nyan! mu, nkratafa 20-3.

[Kratafa 26 mfonini]

SS adwumayɛbea wɔ Ravensbrück

[Asɛm Fibea]

Atifi hɔ: Stiftung Brandenburgische Gedenkstätten

[Kratafa 26 mfonini]

Tumi krataa a mede yɛɛ adwuma wɔ nsraban no akyi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena