Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 10/1 kr. 19
  • Nkurɔfo a Wɔn Ho Yɛ Na a Yebenya Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo a Wɔn Ho Yɛ Na a Yebenya Wɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nnwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ, Ɛhyɛ Nkuran, na Ɛma Denhyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 10/1 kr. 19

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nkurɔfo a Wɔn Ho Yɛ Na a Yebenya Wɔn

YEHOWA ADANSEFO bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛm no akyerɛ obiara a wobetumi anya no. Ɛtɔ da a, egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na wɔatumi anya nkurɔfo a wɔntaa ntra fie no. (Marko 13:10) Ɔkwampaefo titiriw bi a ɔwɔ Amerika Anafo fam man bi mu ka osuahu a edi so yi ho asɛm fa obi a ɔte saa ho.

“Da bi metee sɛ ɔmantam soafo a ɔhwɛ asasesin a me ne me yere yɛ asɛnka adwuma wom no rebɛsra hɔ. Esiane sɛ ɔka wɔn a ɛyɛ den sɛ yɛbɛto wɔn fie no ho nti, mekyerɛw krataa na mede Bible nhoma pii te sɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? ne Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu kaa ho kɔmaa no. Mekyerɛkyerɛɛ atirimpɔw a nhoma yi mu biara kura mu wɔ krataa no mu.

“Esiane sɛ na mepɛ sɛ mihu nea ɔwɔ ka wɔ nhoma ahorow yi ho no nti, mesrɛe sɛ ɔmma me ne no nhyia. Nnawɔtwe bi akyi no, ɔpenee nhyiam yi so, na mefaa Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no bi kɔe. Nhyiam no dii bɛyɛ nnɔnhwerew abien. Bere a me ne ɔsoafo no hwɛɛ video no wiei no, mibisaa n’adwene wɔ ho. Obuae sɛ: ‘Ahyehyɛde biara nni asase so a ɛte sɛ mo de no. Ɛkaa me nko a, anka mewɔ nnipa a wɔte sɛ mo a wobetumi aboa dwumadi a aban de ahyɛ me nsa no!’ Afei obisae sɛ ebia makɔ yɛn ahyehyɛde no adwumayɛbea ti hɔ pɛn anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ midii mfe 14 na mepɛe sɛ mɛkɔ akɔsra yɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, nanso mintumi nkɔɔ hɔ. Na ɛka me botae horow a mintumi nnuu ho no ho. Ɔhwɛɛ me dinn kakra. Na afei ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa me ma mekɔ hɔ. Ɔyɛɛ ho nkrataa nyinaa na ɔtɔɔ tekiti a yɛde bɛforo wimhyɛn kyɛɛ yɛn!

“Seesei, ɔsoafo no nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! daa. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛnkyɛ yɛne no befi Bible adesua ase.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena