Emu Nsɛm
May 15, 2012
© 2012 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Ɛho Kwan Nyinaa Yɛ Yɛn De.
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM
JULY 2-8, 2012
Aware Yɛ Onyankopɔn Akyɛde—Wokyerɛ Ho Anisɔ?
KRATAFA 3 • NNWOM: 87, 75
JULY 9-15, 2012
Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina
KRATAFA 8 • NNWOM: 36, 69
JULY 16-22, 2012
Fa Wo Ho To Yehowa So—Ɔno na Ɔhyɛ “Bere ne Nna”
KRATAFA 17 • NNWOM: 116, 135
JULY 23-29, 2012
So Woreda Yehowa Anuonyam Adi?
KRATAFA 23 • NNWOM: 93, 89
ADESUA NSƐM NO ATIRIMPƆW
ADESUA NSƐM 1, 2 KRATAFA 3-12
Adesua nsɛm yi bɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa afotu a ɛfa aware ho di dwuma. Ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama aware a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no. Bio nso, ɛbɛma yɛahu nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma yɛn aware gyina, na ɛbɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛyɛ adwuma ma yɛn ani agye wɔ yɛn aware mu.
ADESUA ASƐM 3 KRATAFA 17-21
Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a yebetumi aka sɛ Yehowa di bere so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma yɛanya Yehowa ne n’Asɛm Bible mu gyidi kɛse. Afei ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn bere adi dwuma yiye bere a yɛretwɛn Yehowa nkwagye no.
ADESUA ASƐM 4 KRATAFA 23-27
Yɛnyɛ pɛ de, nanso yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛpɛ sɛ yɛda n’anuonyam adi. Adesua yi kyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa. Ɛbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi asuasua Onyankopɔn na yɛasɔ n’ani. (Efe. 5:1) Bio nso, ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi akɔ so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
13 Me ne Anyansafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Bɔe
22 Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
28 ‘Monhwɛ Yiye Wɔ Farisifo Mmɔkaw Ho’
ANIM: Lɔre gyinabea wɔ Toulouse, France. Akwampaefo awarefo bi redi ahyɛnkafo bi adanse. Lɔre bɛboro 1,800 fi Europa aman so twam wɔ kurow yi so da biara da
FRANCE
NNIPA DODOW
62,787,000
ADAWURUBƆFO
120,172
AKWAMPAEFO NKƆANIM—MFE ANUM A ATWAM:
119%