Dwom 93
“Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
Nea Yɛaprente
1. Yesu ahyɛ yɛn sɛ Yɛn kanea nhyerɛn
Na obiara nhu hann Te sɛ awia b’re.
Nyankopɔn Ky’rɛw Kronkron Ma yehu nyansa.
Momma yɛnyɛ nnwuma pa; Yɛn kanea bɛhy’rɛn.
2. Nyankopɔn asɛm no Hyerɛn koma mu.
Ɛde anidaso Ma nnipa nyinaa.
Bible no mu hann no Ky’rɛ yɛn n’apɛde.
Ɛma yɛn kasa yɛ dɛ Ma hann no hyerɛn.
3. Nnwuma pa ho hann no Ma wiase hyerɛn.
Yɛn kwan so bɛyɛ fɛ Te sɛ ahwehwɛ.
Sɛ yɛyɛ adepa, Yɛn kanea bɛhy’rɛn.
Nyankopɔn ani bɛsɔ Yɛn nnwuma pa no.
(Hwɛ Dw. 119:130; Mat. 5:14, 15, 45; Kol. 4:6 nso.)